Sɛdeɛ Wobɛhwɛ


LDS Media Player (Oyikyerɛ)

Deɛn akadeɛ na ɛhia ansana woatumi de LDS Media Player no ahwɛ oyikyerɛ yi?

Ɛwɔ sɛ wonya internet browser a ɛdidi soɔ yi mu baako ne Flash deɛ no bi wɔ wo kɔmputa no so.

Kae sɛ: Sɛ wo Flash no taa gyinagyina a, dum flash hadware acceleration no.  Wei bɛma agyinagyina no agyae na ama oyikyerɛ no asan atoa so ayi. Bɔ mmɔden hwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛdeɛ wobɛyɛ wei ho.

 

Windows PC

Mac

Webbläsare

  • Chrome
  • Firefox 3.0.1 anaa deɛ
    ɛboro saa
  • Internet Explorer 6 SP1
  • Internet Explorer 7
  • Internet Explorer 8
  • Safari 3.2.2 anaa deɛ
    ɛboro saa
  • Safari 4 anaa deɛ ɛboro saa
  • Chrome
  • Firefox 3.0.1 anaa deɛ
    ɛboro saa
  • Safari 3.2.1 anaa deɛ
    ɛboro saa
  • Safari 4 anaa deɛ
    ɛboro saa

Flash

  • Flash Player 10
  • Flash Player 10

Hunu sɛ: Ɔhaw kakra wɔ Flash version10.1.85.3. no ho. Sɛ wonntumi mmfa LDS Media Player no nnhwɛ a, bɔ mmɔden twe nansa yi ara Flash deɛ no bi.

Yɛasan nso ahu sɛ ɔhaw wɔ iOS 4.3x nso ho. Sɛ womia bɔ funuma no so wie a, twɛn anibɔ tɛtɛ kakra berɛ a ɛrebue no, na afei ɛbɛbɔ. Berɛ a ɛrebue no, mma mmia bɔ funuma no a ɛwɔ mfimfini no so anaa deɛ ɛbɛba wɔ nkyɛn hɔ no. 4.3x nko ara so na ɛte saa.


Adɛn nti na ɛyɛ a oyikyerɛ no soso anaa agyinagyina berɛ woreyi bio no?

Oyikyerɛ no bɛtumi awosowoso anaa agyinagyina berɛ a worebɔ bio no sɛ wo Internet no nnyɛ ntɛm anaa sɛ wo kɔmputa no processor anaa RAM (adwene) no nnyɛ ntɛm a. Wɔ abɛɛfo Broadband Internet so mpo no, sɛ wotaa bɔ bio anaa wobuebue oyikyerɛ no bio a Internet no keka bɔ so anaa agyinagyina.

Mɛyɛ dɛn de oyikyerɛ akwankyerɛ ama ɔfoforɔ?

Fa Ɔdodoɔ Oyikyerɛ anaa Gye Akwankyerɛ no deɛ a ɛwɔ twaa-wo-ho mfunuma a ɛwɔ player no so no yɛ. Wobɛtumi atwe akwankyerɛ no na wode ato wo e-mail nkratoɔ anaa web page so.

Deɛn na “Gye Code” no yɛ?

Gye Code no ma ho kwan ma wotwe HTML code no a ɛwɔ player no so no na wode to wo web page so. Wobɛtumi de saa kwan yi so ama LDS Media Player abɛka wo web page ho.

LDS Media Player no ma kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ wonya Flash Player foforɔ. Kwan bɛn so na mɛyɛ foforɔ?

Media player no bɛkyerɛ asɛm bi a ɛte sɛ wei:

Wobɛtumi amia nkransɛm no so anya Flash Player foforɔ paa ara afiri Adobe.

LDS Media Player no mma yie anaa ɛreyi oyikyerɛ foforɔ. Kwan bɛn so na mɛsɔ wei ano?

Ɛbɛtumi aba sɛ wo web page no reyi cached anaa nsɛm dada. Sɛ wopepa cached no firi wo browser no so na wohunu kratafa a wowɔ soɔ no foforɔ koraa a, mia CTRL + F5 Windows so anaa COMMAND + SHIFT +wɔ Mac so.

Windows Media Player (Oyikyerɛ anaa Nnyegyeeɛ Nko ara)

ChurchofJesusChrist.org de Windows Media Player a ɛfiri Microsoft na ɛyi oyikyerɛ na ɛde bɔ nnyegyeeɛ no. Sɛ wobɛyi oyikyerɛ no anaa wobɛtie kasa no a, wobɛhia Windows Media Player wɔ wo kɔmputa no so sɛ ebi nni so dada a.

Sɛ wopɛ sɛ wosɔ hwɛ sɛ Windows Media Player wɔ wo kɔmputa no so a, mia Windows Media Player test. Sɛ mpoma ketewa bi yi ne ho adi na wote kasa a, ɛnneɛ wowɔ player no dada. Sɛ browser no kyerɛ sɛ wonni akadeɛ anaa deɛ ɛbɛboa wo a, ɛnneɛ wobɛtumi atwe Windows Media Player a wonntua hwee.