Player ho nneɛma


Deɛ ɛyi Oyikyerɛ no ho nneɛma
  1. Oyikyerɛ no ho asɛm
    no ma oyikyerɛ a ɔreyi no ho nsɛm
  2. Fa ma
    boa ma wone obi kyɛ oyikyerɛ no berɛ a wɔretwe oyikyerɛ no na worenam email anaa IM so de ama. Wobɛtumi nso afa Facebook ne Twitter so de ama.
  3. Akwankyerɛ
    Ma ho kwan ma wotwe internet akwankyerɛ na wode ma.
  4. Fa hyɛ so
    Boa ma wotwe oyikyerɛ no akontabudeɛ no na wode oyikyerɛ no ne deɛ ɛde bɔ no gu internet anaa blog bi so.
  5. Bɔ/Gyina funuma no
  6. Ahwehwɛdeɛ
    Kyerɛ oyikyerɛ no akontabudeɛ mmerɛ no na ɛma wotumi pia kɔ akyire ne anim kɔ oyikyerɛ no afa hodoɔ.
  7. Anikan DVR Funuma
    Berɛ a worehwɛ oyikyerɛ anikan no wobɛtumi apia akɔ oyikyerɛ no afa bi a woahwɛ dada anaa wobɛmia gyina funuma no so, na anianim funuma no bɛsɔ. Sɛ womia anikan funuma no so a ɛma oyikyerɛ no huri kɔ anikan so na funuma no bɛsan aba ahaban berɛ a wɔrehwɛ anikan oyikyerɛ no. (Sɛ wopɛ sɛ wohwɛ oyikyerɛ no a, anikan funuma no rennyɛ adwuma na wobɛtumi ahwɛ oyikyerɛ no fa biara.)
  8. Ntwerɛeɛ Akɛseɛ
    Mia saa funuma yi so na hwɛ ntwerɛeɛ akɛsɛe no. Sɛ wopɛ sɛ wohwɛ ntwerɛeɛ akɛseɛ wɔ iOS afidie so a di saa akwankyerɛ yi so:

    • Mia “Settings” no so
    • Mia “Oyikyerɛ” so
    • Firi “Ntwerɛeɛ Akɛseɛ” kɔ “Sɔ”
  9. Anim Kɛseɛ
    Mia saa funuma yi so na hwɛ oyikyerɛ no anim kɛseɛ so

  10. Anoden
    Mia saa funuma yi so fa tentene anoden no