Twerɛnsɛm
4 Nifae 1


Nifae a ɛtɔ so Nan

Nifae Nwoma No
Ɔno A Ɔyɛ Nifae Babarima—Yesu Kristo Akyidifoɔ No Mu Baako.

Nifae nkurɔfoɔ no ho nsɛm, sɛdeɛ ne twerɛtohɔsɛm teɛ.

Ti 1

Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ no nyina ara dane ba Awurade hɔ—Na wɔn nneɛma nyina ara bɛyɛɛ wɔn nyina ara dea, wɔyi nkɔnyaa, na wɔyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so—Mfie ahanu akyiri no mpaepaemuu, bɔne, atorɔ asɔreasɔre ne ɔtaataa sɔre wɔ wɔn mu—Mfie ahasa akyiri no, Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ nyina ara bɛyɛ atirimuɔdenfoɔ—Amaron de twerɛtohɔsɛm kronkron no sie. Bɛyɛ mfinhyia 35–321 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ mfie aduasa nan no twaa mu kɔɔe, ne aduasa num no nso, na monhwɛ na Yesu akyidifoɔ no ate Kristo asɔre wɔ nsaase a atwa ahyia wɔ hɔ no nyina ara so, na wɔn mu dodoɔ ara a wɔbaa wɔn nkyɛn, na wɔsakyera firii wɔn bɔne ho nokware mu no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu; na wɔn nsa kaa Honhom Kronkron no nso.

2 Na ɛbaa sɛ mfie aduasa nsia mu no, nkurɔfoɔ no nyina ara dane baa Awurade hɔ, wɔ asaase no ani so nyina ara, Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ nyina ara, na apereapereɛ ne akasakasa biara amma wɔn mu, na obiara ne ne yɔnko dii no yie.

3 Na nneɛma nyina ara bɛyɛɛ wɔn nyina ara dea; ɛno nti na wɔnni sikani ne ohianii, deɛ mmra kyekyere no ne ɔdehyeɛ, mmom wɔmaa wɔn nyina ara nyaa wɔn fawohodie, na wɔn nyina ara bɛnyaa ɔsoro akyɛdeɛ no bi.

4 Na ɛbaa sɛ mfie aduasa nson nso twaa mu kɔɔe a na asomdwoeɛ da so wɔ asaase no so.

5 Na Yesu akyidifoɔ no yɛɛ anwanwa nwuma akɛseɛ ara maa wɔsaa ayarefoɔ yareɛ, na wɔnyanee awufoɔ, na wɔmaa abubuafoɔ nantee, na anifirafoɔ hunuu adeɛ, asosifoɔ tee asɛm; na wɔyɛɛ nkɔnyaa ahodoɔ bebree wɔ nnipa mma mu; na biribiara nni hɔ a wɔyɛɛ nkɔnyaa wɔ mu, gye sɛ Yesu din mu.

6 Na sei na mfie aduasa nwɔtwe no twaa mu kɔɔɛ, ne aduasa nkron no nso, ne aduanan baako, ne aduanan mmienu, aane, mpo kosi sɛ mfie aduanan nkoron no twaa mu kɔɔɛ, ne aduonum baako, ne aduonum mmienu; aane, kɔsi sɛ mpo mfie aduonum nkron bɛtwaa mu kɔɔɛ.

7 Na Awurade maa wɔyɛɛ frɔmfrɔm mmorosoɔ wɔ asaase no so; aane, ara maa wɔkyekyeree nkuropɔn wɔ baabi a nkuropɔn ahyehye no bio.

8 Aane,mpo wɔmaa wɔkyekyeree saa kuropɔn kɛseɛ Sarahɛmla no bio.

9 Na na nkuropɔn bebree wɔ hɔ a na amemem, na nsuo abɛhyɛ wɔn anan mu; ɛno nti wɔantumi ankyekyere saa nkuropɔn yi foforɔ.

10 Na afei monhwɛ, ɛbaa sɛ Nifae nkurɔfoɔ no ho bɛyɛɛ den, na wɔdɔree mmorosoɔ ntɛmntɛm, na wɔbɛyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔn ho yɛ fɛ mmorosoɔ na wɔn ho yɛ anika.

11 Na wɔwarewaree, na wɔde wɔn memaa awareɛ, na wɔhyiraa wɔn sɛdeɛ Awurade bɔhyɛ dodoɔ no a ɔde bɔɔ wɔn no teɛ.

12 Na wɔannante wɔ nhyehyɛeɛ ne ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ Mose mmara mu bio; na mmom wɔnantee mmaransɛm a wɔn nsa ka firii wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn nkyɛn no so, wɔkɔɔ so yɛɛ akɔmkyerɛ ne mpaebɔ, na wɔhyiaa mu mmerɛ bebree baae sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ na wɔatie Awurade asɛm.

13 Na ɛbaa sɛ na apereapereɛ biara nni nkurɔfoɔ no nyina ara mu; na mmom nkɔnyaa akɛseɛ sisii wɔ Yesu akyidifoɔ no mu.

14 Na ɛbaa sɛ mfie aduɔson baako bɛtwaa mu kɔɔe, ne mfie aduɔson mmienu nso, aane, na ne tiawa mu, kɔsi sɛ mfie aduɔson nkron twaa mu kɔɔɛ; aane, mfie ɔha mpo bɛtwaa mu kɔɔe, na Yesu akyidifoɔ no a ɔyii wɔn no nyina ara akɔ Onyankopɔn paradise hɔ, gye sɛ mmiɛnsa no a na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn no; na ɔfrɛɛ akyidifoɔ foforɔ hyɛɛ wɔn anan mu na na saa awoɔntoatoasoɔ no mu bebree atwa mu kɔ.

15 Na ɛbaa sɛ apereapereɛ biara amma asaase no so, ɛnam Onyankopɔn dɔ a ɛte nkurɔfoɔ no akoma mu no nti.

16 Na aniberɛberɛ, anaa akasakasa, anaa sakasakayɛ, anaa adwaamanmmɔ, atorɔsɛm, naadaa, anaa awudie, anaa adwamansɛm ahodoɔ biara ansi; na nokware mu, nnipa biara nni nkurɔfoɔ no nyina ara mu a Onyankopɔn de ne nsa bɔɔ wɔn a wɔn anigyeɛ te sɛ saa nkurɔfoɔ yi.

17 Na dwotwafoɔ, anaa awudifoɔ biara nni wɔn mu, ɛna Lamanfoɔ, anaa nnipakuo foforɔ biara nni wɔn mu; na mmom wɔn nyina ara yɛ adekorɔ, Kristo mma, ne Onyankopɔn ahennie mu adedifoɔ.

18 Na na wɔahyira wɔn yie! Na Awurade hyiraa wɔn wɔ wɔn dwumadie nyina ara mu; aane, ɔhyiraa wɔn na ɔmaa wɔyɛɛ frɔmfrɔm kɔsii sɛ mfie ɔha ne du mpo twaa mu kɔɔɛ; na awoɔntoatoasoɔ a ɛdi kan wɔ Kristo mmaɛ akyiri no nso twaa mu kɔɔe a na apereapereɛ biara nni asaase no so.

19 Na ɛbaa sɛ, Nifae a ɔkoraa saa twerɛtohɔsɛm yi a ɛdi awieɛ yi, (na ɔde guu Nifae mprɛte so) no wuui, na ne babarima Amos de siee maa no; na ɔde guu Nifae mprɛte no nso so.

20 Na ɔde siee mfie aduɔwɔtwe nan, na asomdwoeɛ da so wɔ asaase no so, gye sɛ nnipa no mu kakra ara bi a wɔate atua afiri asɔre no mu no na wɔde Lamanfoɔ din atoto wɔn so no; ɛno nti Lamanfoɔ hyɛɛ aseɛ baa asaase no so bio.

21 Na ɛbaa sɛ Amos nso wuui, (na ɛyɛ Kristo mmaeɛ no akyiri mfie ɔha aduɔkron nan) na ne babarima Amos hyɛɛ n’anan mu de twerɛtohɔsɛm no siee; na ɔno nso de guu Nifae mprɛte no so; na wɔtwerɛɛe ɛno nso wɔ Nifae nwoma no mu, ɛno ne saa nwoma yi.

22 Na ɛbaa sɛ mfie ahaanu twaa mu kɔɔe; na awoɔntoatoasoɔ a ɛtɔso mmienu no nso nyina ara twaa mu kɔɔe, gye sɛ wɔn mu kakra ara bi.

23 Na afei me, Mormon, mepɛ sɛ mohunu sɛ nkurɔfoɔ no ase atrɛ, ara maa wɔkataa asaase no so nyina ara, na wɔabɛyɛ asikafoɔ mmorosoɔ, ɛnam wɔn frɔmfrɔmyɛ wɔ Kristo mu nti.

24 Na afei, saa mfie ahanu ne baako yi mu no, wɔn a wɔmaa wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu baa wɔn mu, maa wɔhyehyɛɛ ntadeɛ a ne boɔ yɛ den, ne bota ahodoɔ a ɛyɛ fɛ nyina ara ne wiase afɛɛfɛɛdeɛ.

25 Na ɛfiri saa mmerɛ no rekɔ no, wɔn nneɛma ne wɔn ahodeɛ anyɛ wɔn nyina ara dea bio.

26 Na wɔn mu hyɛɛ aseɛ kyekyɛɛ wɔ atipɛnsoɔ so; na wɔhyɛɛ aseɛ tetee asɔre asɔre maa wɔn ho, de pɛɛ mfasoɔ, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrepo Kristo nokware asɔre no.

27 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a mfie ahanu ne du twaa mu kɔɔɛ no, na asɔre bebree wɔ asaase no so, aane, na asɔre bebree a wɔgye to mu sɛ wɔnim Kristo, nanso wɔpoo n’asɛmpa no mu dodoɔ no ara, maa wɔmaa atirimuɔden ahodoɔ nyina ara baa wɔn mu, na wɔde deɛ ɛyɛ kronkron no maa deɛ wabra no sɛ ɔmfa mma no, ɛnam ne ho a ɛnteɛ nti.

28 Na saa asɔre yi dɔree mmorosoɔ ɛnam amumuyɛ, ne Satan tumi a ɔnyaa wɔ wɔn akoma so nti.

29 Na bio nso, na asɔre foforɔ nso wɔ hɔ a ɛpo Kristo no, na wɔtaataa Kristo nokware asɔre no, ɛnam wɔn ahobraseɛ ne wɔn gyedie a ɛwɔ Kristo mu no nti; na wɔbuu wɔn animtia ɛnam nkɔnyaa dodoɔ a wɔyɛɛ wɔ wɔn mu no nti.

30 Ɛno nti wɔdii tumi ne akwanyasɛm wɔ Yesu akyidifoɔ no a wɔkaa wɔn nkyɛn no so, na wɔde wɔn guu efiase; na mmom ɛnam tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu a na ɛwɔ wɔn mu no nti; adan a ɛwɔ efiease hɔ no mu paee mmienu, na wɔfirii hɔ kɔyɛɛ nkɔnyaa akɛseɛ wɔ wɔn mu.

31 Nanso, yeinom nyina ara akyiri no, nkɔnyaa yi nyina ara akyiri no, nkurɔfoɔ no yɛɛ wɔn akoma dendennden, na wɔpɛɛ sɛ wɔkum wɔn, sɛdeɛ Yudafoɔ no a wɔwɔ Yerusalem no pɛɛ sɛ mpo wɔkum Yesu no, sɛdeɛ n’asɛm teɛ no nti.

32 Na wɔtoo wɔn guu gyafonono mu, na wɔfirii mu puee a hwee anyɛ wɔn.

33 Na wɔtoo wɔn guu wuram moa a wɔn ho yɛ hu no buo mu, na wɔne wura mu moa akɛseɛ yi dii agorɔ te sɛdeɛ abɔfra ne adwammaa di agorɔ no; na wɔfirii wɔn mu puee a hwee anyɛ wɔn.

34 Nanso, nkurɔfoɔ no yɛɛ wɔn akoma dendennden, na asɔfoɔ bebree ne nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ dii wɔn anim maa wɔtee asɔre bebree, na wɔboaa wɔn maa wɔyɛɛ amumuyɛ ahodoɔ bebree. Na wɔhwee Yesu nkurɔfoɔ no; na mmom Yesu nkurɔfoɔ no ammɔ wɔn bi. Na sei na wɔtɔɔsini wɔ gyedie mu ne atirimuɔden mu, ɛfiri afe baako so de kɔsi afe baako so kɔpem sɛ mfie ahanu ne aduasa twaa mu kɔɔɛ.

35 Na afei ɛbaa sɛ saa afe yi mu no, aane, afe a ɛtɔ so ahanu ne aduasa baako mu no, mpaepaemuu kɛseɛ baa nkurɔfoɔ no mu.

36 Na ɛbaa sɛ saa afe yi mu no nkurɔfoɔ bi sɔree a na wɔfrɛ wɔn Nifaefoɔ, na wɔyɛ agyedifoɔ mapa wɔ Kristo mu; na na wɔn mu bi wɔ hɔ a na Lamanfoɔ no frɛ wɔn—Yakobfoɔ ne Yosefoɔ, ne Soramfoɔ.

37 Ɛno nti Kristo mu agyedifoɔ mapa ne Kristo asomfoɔ, (wɔn mu na Yesu akyidifoɔ mmiɛnsa no a ɔsee wɔn sɛ wɔnka hɔ no ka ho) wɔfrɛ wɔn Nifaefoɔ, ne Yakobfoɔ, ne Yosefoɔ ne Soramfoɔ.

38 Na ɛbaa sɛ wɔn a wɔpoo asɛmpa no na wɔfrɛ wɔn Lamanfoɔ, ne Lemuelfoɔ, ne Ismaelfoɔ; na wɔantɔ sini wɔ gyedie mu, na mmom wɔhyɛɛ da tee atua wɔ Kristo asɛmpa no so; na wɔkyerɛkyerɛɛe wɔn mma sɛ mma wɔnnye nni, sɛdeɛ wɔn agyanom mpo fiti ahyɛaseɛ tɔɔ sini no.

39 Na ɛnam wɔn agyanom atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm a wɔde fiti ahyɛaseɛ no nti. Na wɔkyerɛkyerɛɛe wɔn sɛ wɔtan Onyankopɔn mma, mpo sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛe Lamanfoɔ no sɛ wɔtan Nifae mma firi ahyɛaseɛ no.

40 Na ɛbaa sɛ mfie ahanu ne aduanan nan twaa mu kɔɔe, na sei na nkurɔfoɔ no ho nsɛm teɛ.Na nkurɔfoɔ no mu atirimuɔden paa ara no ho yɛɛ den, na wɔbɛdɔɔso yie kyenee Onyankopɔn nkurɔfoɔ no.

41 Na wɔkɔɔso tetee asɔre maa wɔn ho, na wɔde nneɛma a ɛsombo ahodoɔ bebree siesiee mu. Na sei na mfie ahanu ne aduonum twaa mu kɔɔɛ, ne mfie ahanu ne aduosia no nso twaa mu kɔɔe.

42 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no mu atirimuɔden paa ara no hyɛɛ aseɛ tetee Gadianton kokoa mu ntam ne kuo no bio.

43 Na nkurɔfoɔ no a wɔfrɛ wɔn Nifae nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ yɛɛ ahomasoɔ wɔ wɔn akoma mu, ɛnam wɔn ahonyadeɛ mmorosoɔ no nti, na wɔbɛdanee nnipahunu te sɛ wɔn nuanom Lamanfoɔ no.

44 Na ɛfiri saa mmerɛ yi no akyidifoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔredi awerɛhoɔ ama wiase bɔne no.

45 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a mfie ahasa twaa mu kɔɔɛ no, Nifae nkurɔfoɔ no ne Lamanfoɔ no nyina ara atirimuɔden yie sɛdeɛ obiara yɔnko teɛ no.

46 Na ɛbaa sɛ Gadianton adwotwafoɔ no trɛɛ asaase no ani so nyina ara, na obiara nni hɔ a ɔyɛ tenenee gye sɛ Yesu akyidifoɔ no nko ara. Na sika kɔkɔɔ ne dwetɛ na wɔpɛɛ no dodoɔ, na wɔdii dwa mu akɔneaba wɔ nneɛma ahodoɔ nyina ara mu.

47 Na ɛbaa sɛ mfie ahasa ne num twaa mu kɔɔɛ akyire yi no, (na nkurɔfoɔ no da ho te wɔn atirimuɔdensɛm mu) Amos wuui na ne nuabarima Amaron koraa twerɛtohɔsɛm no maa no.

48 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a mfie ahasa ne aduonu twaa mu kɔɔɛ no, ɛnam sɛ Honhom Kronkron no ahyɛ Amaron ma nti no, ɔde twerɛtohɔnsɛm no a ɛyɛ Kronkron no siee—aane, twerɛtohɔsɛm kronkron no nyina ara mpo a wɔde agya no fiti awoɔntoatoasoɔ so de kɔsi awoɔntoatoasoɔ so no, deɛ ɛyɛ kronkron no—mpo de kɔsi sɛ afe a ɛtɔ so ahasa ne aduonu, fiti mmerɛ a Kristo de baaɛ no.

49 Na ɔde sie maa Awurade, ama asan aba Yakob fiefoɔ nkaaɛ no hɔ bio, sɛdeɛ nkɔmhyɛ ne Awurade bɔhyɛ teɛ no. Na sei na Amaron twerɛtohɔsɛm no baa awieɛ.