Twerɛnsɛm
Yarom 1


Yarom Nwoma No

Ti 1

Nifaefoɔ di Mose mmara so, wɔhwehwɛ Kristo mmaeɛ kwan, na wɔyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so—Nkɔmhyɛfoɔ bebree bɔ mmɔden sɛ wɔde nnipa no bɛfa nokware kwan no mu. Bɛyɛ mfinhyia 399–361 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei hwɛ, me, Yarom, meretwerɛ nsɛm kakra yi sɛdeɛ m’agya Enos mmaransɛm teɛ, ama yakora yɛn abusuasantene no.

2 Na ɛnam sɛ mprɛte yi yɛ nketewa nti, na ɛnam sɛ wɔatwerɛ yeinom wɔ yɛn nuanom Lamanfoɔ yiedie ho nti no, ɛno nti ɛho bɛhia sɛ metwerɛ kakraabi; mmom merentwerɛ nneɛma a ɛfa me nkɔmhyɛ, anaa sɛ me yikyerɛ ho. Na ɛdeɛbɛn na mɛtumi atwerɛ akyɛn deɛ m’agyanom atwerɛ? Na wɔnnaa nkwagyeɛ no ho nhyehyɛeɛ adi nkyerɛe anaa? Mese mo sɛ, Aane; na yei ara dɔɔso ma me.

3 Hwɛ, ɛhia sɛ wɔdi dwuma pii wɔ nkurɔfoɔ yi mu, ɛnam wɔn akoma den nti, ne wɔn aso a asi, ne wɔn adwene a ɛso akata, ne wɔn kɔn a asene nti; nanso yei nyina ara akyiri no, Onyankopɔn hu wɔn mmɔbɔ soronko, na ɔnnya ntwaa wɔn mfirii asaase yi aniso.

4 Na yɛn mu dodoɔ no ara na anya yikyerɛ bebree, na ɛnnyɛ wɔn nyina ara na ɛyɛ akɔnseneɛfoɔ. Na dodoɔ no ara a wɔnnyɛ akɔnseneɛfoɔ no na wɔwɔ gyedie, na wɔne Honhom Kronkron no nya ayɔnkofa, ɔno a ɔda nokware adi kyerɛ nnipa mma sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ no.

5 Na afei, hwɛ, mfie ahanu atwa mu, na Nifae nkurɔfoɔ no ho yɛɛ den wɔ asaase no so. Wɔdii Mose mmara no so na wɔyɛɛ homeda no kronkron maa Awurade. Na wɔanka nsɛmhunu; ɛna wɔanka abususɛm. Na asaase no so mmara yɛɛ ɔhyɛ soronko.

6 Na wɔpetee wɔ nsaase no mu dodoɔ no ara so, ɛna Lamanfoɔ no nso. Na wɔdɔɔso kyɛn Nifaefoɔ no; na wɔn anigye awudie ho, na wɔnom mmoa mogya.

7 Na ɛbaa sɛ wɔbaa yɛn so mmerɛ bebree sɛ wɔne yɛn Nifaefoɔ, rebɛko. Mmom yɛn ahemfo ne wɔn a wɔdeda yɛn ano no yɛ marima a wɔn gyedie wɔ Awurade mu no yɛ kɛseɛ; na wɔkyerɛɛ nkurɔfoɔ no Awurade akwan; ɛno nti, yɛtumi ne Lamanfoɔ no gyinaa yɛn nan so na yɛpamoo wɔn firii yɛn nsaase no so, na yɛhyɛɛ aseɛ sɛ yɛrebɔ yɛn nkuro akɛseɛ ho ban, anaa baabi biara a ɛka yɛn agyapadeɛ ho.

8 Na yɛn ase dɔree yie, na yɛpetee asaase no ani so, na yɛnyaa yɛn ho yie ɛfa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, ɛne nneɛma a ɛsombo mu, ɛna yɛnyaa nimdeɛ soronko wɔ nnua sene mu, ɛne adansie mu, ɛne mfididwuma ho, ɛne dadeɛ ne kɔɔbere nso ho, ɛne yaawa ne dadedenden ho, yɛyɛɛ adwennidadeɛ ahodoɔ biara a wɔde dɔ afuo, ɛne akodeɛ—aane agyan a ano yɛ nam na ɛyɛ feafea, ɛne agyan bɔha, ɛne agyan ketewa, ɛne pea, ɛne ahoboa biara a wɔde kɔ ako.

9 Na na ɛnam sɛ yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛ retwɛn Lamanfoɔ no nti no, wɔantumi anni yɛn so nkonim. Mmom yɛhwehwɛɛ Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no mu nokware, kaa sɛ: Mmerɛ dodoɔ a mobɛkɔso adi me mmaransɛm so no, mo bɛyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so.

10 Na ɛbaa sɛ Awurade nkɔmhyɛfoɔ no hunahunaa Nifae nkurɔfoɔ no, sɛdeɛ Nyankopɔn asɛm teɛ, sɛ sɛ wɔanni mmaransɛm no so, na mmom sɛ wɔhwease wɔ mmaratoɔ mu a, wɔbɛsɛe wɔn afiri asaase no ani so.

11 Ɛno nti, nkɔmhyɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no, ɛne akyerɛkyerɛfoɔ no dii dwuma aniberɛso, wɔnam abodwokyerɛ so tuu nkurɔfoɔ no fo, kyerɛkyerɛɛ Mose mmara no aniberɛso; ɛne sɛ nti a wɔde mmera no maaeɛ; wɔmaa wɔn tee aseɛ sɛ ɛtwa sɛ wɔhwɛ Mesaia no kwan, na wɔnya gyedie wɔ ne mu sɛ ɔbɛba bio te sɛdeɛ waba dada no. Na saa kwan yi so na wɔfaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn.

12 Na ɛbaa sɛ saa no a wɔyɛeɛ no gyee wɔn firii ɔsɛeɛ a anka wɔrebɛsɛe wɔn afiri asaase no ani so mu, na wɔde asɛm no wowɔɔ wɔn akoma mu, ma ɛkɔɔ so nunuu wɔn ara de wɔn kɔɔ nsakyeraɛ mu.

13 Na ɛbaa sɛ mfie ahaanu ne aduasa nnwɔtwe bɛtwaa mu kɔɔe—wɔ akokoakoko, ne apereapereɛ, ne mansotwee sisii wɔ saa mmerɛ yi mu dodoɔ no ara.

14 Na me, Yarom, me nntwerɛ bio, ɛfiri sɛ mprɛte yi sua Mmom monhwɛ, me nuanom, mobɛtumi akɔhwɛ Nifae mprɛte nkaeɛ no so; na hwɛ, ɛso na wɔakrukyire yɛn akokoakoko ho nsɛm, sɛdeɛ ahemfo no atwerɛ, anaa sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔn ntwerɛ no teɛ.

15 Na mede saa mprɛte yi rehyɛ me babarima Omnae nsa, ama ɔde asie sɛdeɛ m’agyanom mmaransɛm no teɛ.