Twerɛnsɛm
Nnianim


Nnianim

Nkyerɛkyerɛ ne Apam no yɛ adiyisɛm kronkron ne nkannyan so mpaemuka a wɔaboaboa ano a wɔde maae sɛ wɔmfa nkyekyere Onyankopɔn ahemman no ne ɛmu nhyehyɛeɛ wɔ asase yi so nna a ɛtwa toɔ yi mu. Ɛwɔ mu sɛ wɔde afã no mu dodoɔ no ara ma asɔremma a wɔn wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no mu deɛ, nanso ɛmu nkransɛm, kɔkɔbɔ, ne kasakyerɛ no so wɔ mfasoɔ ma adasamma nyina ara, na ɛto nsa frɛ nnipa biara a wɔn wɔ baabiara sɛ wɔntie Awurade Yesu Kristo nne a ɛrekasa kyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛnya honam mu yiedie ne daapem nkwagyeɛ.

Wɔnyaa adiyisɛm no mu pii a ɛwɔ saa nwoma-anoboaboa yi mu nam Joseph Smith Jr. so, deɛ ɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ nkɔmhyɛni a ɔdi kan ne titenani no. Wɔnam n’adedifoɔ binom so wɔ Titenafoɔ no mu de afoforɔ too dwa (hwɛ N&A 135, 136, ne 138 atifiasɛm ne Asɔre no Dawurubɔ 1 ne 2 no mu).

Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma no yɛ ntwerɛeɛ kronkron no mu baako a ɛka Twerɛ Kronkron no, Mormon Nwoma no, ne Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no ho. Nanso Nkyerɛkyerɛ ne Apam no yɛ sononko esiane sɛ ɛnnyɛ tete nwoma bi nkyerɛaseɛ, na mmom ɛyɛ nwoma a afiri adi aba saa berɛ yi mu, na Onyankopɔn de maae nam Ne nkɔmhyɛfoɔ a wayi wɔn so sɛdeɛ ɔde N’adwuma kronkron bɛsan aba bio na wɔde akyekyere Onyankopɔn ahemman wɔ asase so wɔ saa nna yi mu. Wɔ adiyisɛm no mu no, yɛte Yesu Kristo nne bɔkɔɔ a ɛsan nso yɛ duru no sɛ ɛrekasa wɔ asɛmpa berɛ mu wɔ mmerɛ mahyɛ mu bio; na adwuma a wɔayɛ wɔ yei mu no resiesie kwan ama ne mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no, sɛdeɛ ɛbɛhyɛ nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nyina ara nsɛm a wɔkaae firi wiase ahyɛaseɛ no ma na ayɛ saa pɛpɛɛpɛ.

Wɔwoo Joseph Smith Jr. wɔ Ɔpɛnimma 23, 1805, wɔ Sharon, Windsor Mantam, Vermont mu. Berɛ a na ɔsua no, ɔne n’abusua tu kɔtenaa seesei Manchester, wɔ New York atɔeɛ fam. Berɛ a na ɔte hɔ wɔ fefɛ berɛ mu wɔ 1820 mu no, a na wanya mfeɛ dunan no na ɔnyaa n’anisoadehunu a ɛdi kan no; ɛno mu no na Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya no, ne Ne Ba Yesu Kristo ankasa bɛsraa no. Wɔka kyerɛɛ no wɔ saa anisoadehunu yi mu sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛyɛ nokorɛ a wɔkyekyeree no wɔ Apam Foforɔ Mmerɛ mu, a ɛde asɛmpa mahyɛ maae no, nni asase so bio. Adiyie afoforɔ dii akyire a ɛno mu no abɔfoɔ pii kyerɛkyerɛɛ no adeɛ; wɔdaa no adi kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn wɔ adwuma titiriw bi ma no sɛ ɔnyɛ wɔ asase so na ɛnam ɔno so na wɔde Yesu Kristo Asɔre no bɛsan aba asase so bio.

Mmerɛ kakra akyire no, Joseph Smith nam ɔsoro mmoa so tumi kyerɛɛ Mormon Nwoma no ase na ɔtintim de too dwa. Saa berɛ no ara mu no, Yohane subɔni no hyɛɛ ɔno ne Oliver Cowdery sɔfoɔ kɔɔ Aaron asɔfodie no mu wɔ Kɔtɔnimma 1829 (hwɛ N&A 13), na ɛno akyi annkyɛre nso na tete Asomafoɔ Petro, Yakobo, ne Yohane hyɛɛ wɔn sɔfoɔ kɔɔ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no mu (hwɛ N&A 27:12). Asɔfohyɛ afoforɔ nso dii akyire baae a ɛnam Mose, Elia, Elias, ne tete nkɔmhyɛfoɔ bebree so de asɔfodie nsafoa no maae (hwɛ N&A 110; 128:18, 21). Nokorɛ mu, saa asɔfohyɛ yi yɛ ɔsoro tumi a asan aba bio ma wɔde ama onipa wɔ asase so. Wɔ Oforisuo 6, 1830 no, Joseph Smith nam ɔsoro akwankyerɛ so de kyekyeree Asɔre no, ɛno nti Yesu Kristo nokorɛ Asɔre no yɛ adwuma bio wɔ nnipa ntam sɛ ahyehyɛdeɛ, a ɛkura tumi de kyerɛkyerɛ asɛmpa no na wɔde yɛ nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ. (Hwɛ N&A 20 ne Ɔbohene a Ɛsom Boɔ, Joseph Smith—Abakɔsɛm 1.)

Wɔnyaa saa adiyisɛm kronkron yi sɛ mpaebɔ ho mmuaeɛ, wɔ ahokyerɛ mmerɛ mu, a na ɛfiri asetena tebea ankasa mu a ɛfa nnipa ankasa ho. Nkɔmhyɛni no ne n’apamfoɔ hwehwɛɛ ɔsoro akwankyerɛ, na saa adiyisɛm yi di adanseɛ sɛ wɔnyaae. Wɔ saa adiyisɛm yi mu no, yɛhunu sɛ wɔde Yesu Kristo Asɔre no asan aba bio na ayi ne ho adi na ama mmerɛ mahyɛ no mu asɛmpa no ahyɛn mu. Asɔre no akwantuo a wɔtu kɔɔ atɔeɛ fam firii New York ne Pennsylvania kɔɔ Ohio, Missouri, Illinois, na ɛkɔwiee wɔ Great Basin a ɛwɔ Amerika atɔeɛ fam mu no ne Ahoteɛfoɔ no apinisie a wɔsiiɛ berɛ a wɔperee sɛ wɔbɛkyekyere Sion wɔ asase so wɔ nnɛ mmerɛ yi mu no nso no, da adi wɔ saa adiyisɛm yi mu.

Afã a ɛdi kan no mu bebree ka nsɛm a ɛfa Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ ne sɛ ɛpue dwa so ho (hwɛ afã 3, 5, 10, 17, ne 19). Afã a ɛbaa akyire yi binom kyerɛ adwuma a Nkɔmhyɛni Joseph Smith yɛɛe wɔ Twerɛ Kronkron nkannyan so nkyerɛaseɛ no, a berɛ no mu wɔnyaa afa no nkyerɛkyerɛ titiriw bebree (hwɛ, sɛ ebia, afã 37, 45, 73, 76, 77, 86, 91, ne 132, a ɛmu biara ne Twerɛ Kronkron no nkyerɛaseɛ binom wɔ twakadie).

Wɔ adiyisɛm no mu no, wɔde asɛmpa no nkyerɛkyerɛ no ato dwa ama nkyerɛkyerɛmu afa nsɛm a ɛho hia bi te sɛ Anyame Mmiɛnsa no su, faako a onipa firi, sɛ Satan wɔ hɔ ampa, deɛ ɛwuo tebea botaeɛ, hia a ɛhia sɛ yɛyɛ setie, hia a ɛhia sɛ yɛsakyera, Honhom Kronkron no dwumadie, ayɛyɛdeɛ ne adeyɔ a ɛfa nkwagyeɛ ho, asase no hyɛberɛ, nnipa daakye tebea wɔ Owusɔreɛ ne Atemmuo no akyi, daapem awareɛ abusuabɔ, ne abusua a ɛnni awieɛ su. Saa ara nso na wɔada Asɔre no ntotoeɛ a wɔahyehyɛ a ɛrebue nkakrankakra no adi fa ahwɛfoɔ, Titenafoɔ a Wɔdi Kan no, Agyinatufoɔ Dumienu, ne Aduɔson no frɛ no, ne hwɛsofoɔ dibea afoforɔ ne akuoakuo nkyekyereɛ. Deɛ ɛtwa toɔ ne adanseɛ a wɔma fa Yesu Kristo ho—Ne kronkronyɛ, Ne kɛseyɛ, Ne pɛpɛɛpɛyɛ, Ne dɔ, ne Ne gyeɛ tumi—yei ma saa nwoma yi som boɔ kɛse ma adasamma abusua na “ɛdi mu pa ara sene Asase so ahonyadeɛ nyina ara” (hwɛ N&A 70 atifiasɛm).

Joseph Smith atwerɛfoɔ no na wɔdii kan twerɛɛ adiyisɛm no, na asɔremma de anigyeɛ kyekyɛɛ nsaano‐ atwerɛ nkrataa no bi maa wɔn ho wɔn ho. Sɛdeɛ wɔbɛnya twerɛtohɔ a ɛwɔ hɔ daa no, annkyɛre, atwerɛfoɔ twerɛɛ saa adiyisɛm yi yɛɛ no twerɛtohɔ nwoma, ɛno na Asɔre mpanimfoɔ de siesiee adiyisɛm a wɔbɛtintim. Joseph ne kane Ahoteɛfoɔ no hunuu adiyisɛm no sɛdeɛ na wɔhunu Asɔre no pɛpɛɛpɛ: Sɛ ɛte ase, ɛte apɔ, na wɔtumi yɛ mu nsakraeɛ de adiyisɛm foforɔ ka ho. Wɔsan nso hyɛɛ no nso sɛ mfomsoɔ a anidaho nnim baa mu berɛ a wɔretwerɛ adiyisɛm na wɔresiesie akɔ tintim no. Ɛno nti na Asɔre nhyiamu kyerɛɛ Joseph Smith wɔ 1831 sɛ “ɔnsiesie saa sintɔ anaa mfomsoɔ a ɔbɛtumi afa Honhom Kronkron no so bɛhunu no.”

Wɔkɔɔ adiyisɛm no mu na wɔsiesieɛ akyi no, Asɔremma a wɔn wɔ Missouri hyɛɛ aseɛ tintimm nwoma bi a wɔtoo no din A Book of Commandments for the Government of the Church of Christ, (Kristo Asɔre no Sohwɛ Mmaransɛm Nwoma), a na ɛkura Nkɔmhyɛni no adiyisɛm a ɛdi kan no mu pii. Nanso, anammɔn a wɔdii kan tuui no baa awieɛ berɛ a akwasampafoɔ kuo bi sɛee Ahoteɛfoɔ no nwomatintimbea wɔ Jackson County wɔ Kitawonsa 20, 1833 no.

Wɔtee sɛ wɔasɛe Missouri nwomatintimbea no, Joseph Smith ne Asɔre akannifoɔ afoforɔ no hyɛɛ aseɛ yɛɛ ahoboa sɛ wɔde adiyisɛm no bɛba dwa so wɔ Kirtland, Ohio. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie mfomsoɔ no, akyerɛkyerɛ nsɛm no mu no, na wɔahyɛ mpuntuo a ɛwɔ asɔre nkyerɛkyerɛ ne ne nhyehyɛeɛ mu nso no, Joseph Smith hwɛ maa wɔsiesiee atwerɛ a ɛwɔ adiyisɛm no bi mu ama wɔayɛ no krado ama wɔatintim de aba dwa so wɔ 1835 sɛ Doctrine and Covenants of the Church of the Latter Day Saints. (Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ Asɔre Nkyerɛkyerɛ ne Apam). Joseph Smith maa wɔtintimm Nkyerɛkyerɛ ne Apam foforɔ a wɔde baa dwa so abosome kakraabi akyi wɔ Nkɔmhyɛni no mogya dansedie akyi wɔ 1844.

Adiyisɛm no somm bo maa Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no na wɔhunuu no sɛ ɛyɛ nkransɛm a ɛfiri Onyankopɔn. Berɛ bi wɔ ɛde rekɔ 1831 awieɛ no, mpanimfoɔ bebree dii wɔn adanseɛ a ɛmu dɔ sɛ Awurade adi adanseɛ akyerɛ wɔn akra afa adiyisɛm no nokorɛ a ɛyɛ ho. Wɔtintimm saa adanseɛ yi wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam a ɛbaa 1835 no mu sɛ Asomafoɔ Dumienu no adanseɛ a wɔatwerɛ:

Asomafoɔ Dumienu no
Adansedie a ɛkyerɛ sɛ Nkyerɛkyerɛ ne
Apam Nwoma no yɛ Nokorɛ

Awurade Mmaransɛm Nwoma ho Adansefoɔ no Adansedie, Mmaransɛm a Ɔde maa N’Asɔre nam Joseph Smith, Jun., so, deɛ wɔnam Asɔre no nne so frɛɛ no maa saa botaeɛ yi no:

Ne saa nti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛdi adanseɛ kyerɛ adasamma wɔ wiase nyina ara, abɔdeɛ biara a ɛwɔ asase yi so, sɛ Awurade adi adanseɛ akyerɛ yɛn akra, nam Sunsum Kronkron no a wɔde ama yɛn no so, sɛ wɔnam Onyankopɔn nkannyan so na wɔde mmaransɛm yi maae, na ɛso wɔ mfasoɔ ma nnipa nyina ara na ɛyɛ nokorɛ ampa.

Yɛdi saa adanseɛ yi kyerɛ wiase, na Awurade ne yɛn boafoɔ; na ɛnam Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo adom so na ama yɛanya saa akwannya yi sɛ yɛnni saa adanseɛ yi nkyerɛ wiase, na yɛdi ahurisie mmorosoɔ wɔ yei ho, na yɛbɔ Awurade mpaeɛ sɛ nnipa mma bɛnya ɛho mfasoɔ.

Dumienu no din ne:

  • Thomas B. Marsh

  • David W. Patten

  • Brigham Young

  • Heber C. Kimball

  • Orson Hyde

  • William E. McLellin

  • Parley P. Pratt

  • Luke S. Johnson

  • William Smith

  • Orson Pratt

  • John F. Boynton

  • Lyman E. Johnson

Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma tintim no ntoatoasoɔ mu no, wɔde adiyisɛm afoforɔ anaa twerɛtohɔ nsɛm afoforɔ aka ho, sɛdeɛ nimdeɛfoɔ nhyiamu anaa Asɔre no nhyiamu nyaae na wɔgye too mu no teɛ. Deɛ wɔtintimm no 1876, a Panin Orson Pratt siesieɛ wɔ Brigham Young akwankyerɛ so mu no, wɔhyehyɛɛ adiyisɛm no mmerɛ‐ nnidisoɔ mu na wɔde atifiasɛm afoforɔ a abakɔsɛm tiawatwa nnianim ka ho.

Firi 1835 ntintim no so no, onyamekyerɛ adesua ho ntintim nnidisoɔ nson na wɔde kaa ho; wɔtoo yeinom din Lectures on Faith (Gyedie ho Nkyerɛkyerɛ). Wɔhyehyɛɛ yeinom sɛ wɔde bɛdi dwuma wɔ Nkɔmhyɛfoɔ no sukuu mu wɔ Kirtland, Ohio, firi 1834 dekɔ 1835. Ɛwɔ mu sɛ ɛho wɔ mfasoɔ ma nkyerɛkyerɛ ne adekyerɛ deɛ, nanso wɔyi firii Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu wɔ 1921 nwoma tintim no mu esiane sɛ wɔammfa amma anaa wɔammfa annto dwa sɛ adiyisɛm a wɔde ma Asɔre mu no nyina ara.

Wɔ 1981 Nkyerɛkyerɛ ne Apam Borɔfo kasa deɛ mu no, wɔde nwoma mmiɛnsa kaa ho deɛ ɛdi kan. Ɛnonom ne afã 137 ne 138, a ɛkyerɛ awufoɔ nkwagyeɛ fapem; ne Asɔre Dawurubɔ 2, a ɛka sɛ: wɔbɛtumi ahyɛ Asɔremma mmarima a wɔn ho teɛ nyina ara asɔfoɔ ɛmmfa ho ne wɔn abusua anaa wɔn ahosuo.

Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma a ɛpuee dwa biara so no, wɔasiesie mfomsoɔ a ɛwɔ mu na wɔde nsɛm foforɔ aka ho, titiriw wɔ abakɔsɛm afa a ɛwɔ ɔfã atifiasɛm no mu. Deɛ ɛwɔ dwa so seesei nso siesie mmerɛ ne mmea-din na ɛyɛ nsiesie afoforɔ. Wɔayɛ saa nsakraeɛ yi sɛdeɛ wɔbɛma nwoma no ne abakɔsɛm a ɛdi mu pa ara ayɛ pɛ. Afa afoforɔ sononko bi ne asase-mfoni a wɔasakra mu a ɛkyerɛ mmea titire a wɔnyaa adiyisɛm no wɔ, ɛne Asɔre no abakɔsɛm mmeaeɛ a ɛdi mu mfonini, nsɛm-ntotoho, ɔfã atifiasɛm, ne asɛnti tɔfa, na wɔayɛ weinom nyina ara sɛdeɛ ɛbɛboa akenkanfoɔ ma wɔate aseɛ na wɔadi ahurisie wɔ nkrasɛm a Awurade de ama wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu. Nsɛm a ɛwɔ ɔfã atifiasɛm mu no wɔyi firii Asɔre no Abakɔsɛm Nwoma ne History of the Church (Asɔre Abakɔsɛm) a wɔatintim (a wɔfrɛ ne nyina ara wɔ atifiasɛm no mu sɛ Joseph Smith abakɔsɛm) ne Joseph Smith Papers (Joseph Smith Nkrataa).