Twerɛnsɛm
Gyidikansɛm 1


Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no
Gyidikansɛm

Ti 1

1 Yɛgye Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya no, ne Ne Ba, Yesu Kristo, ne Sunsum Kronkron no di.

2 Yɛgye di sɛ wɔbɛtwe nnipa aso ɛnam wɔn ankasa bɔne nti, na ɛnnyɛ Adam mmarato nti.

3 Yɛgye di sɛ ɛnam Kristo Mpata no so no, wɔbɛtumi agye adasamma nyina ara nkwa, ɛnam setie a wɔyɛ ma Asɛmpa no mmara ne ayɛyɛdeɛ no nti.

4 Yɛgye di sɛ Asɛmpa no nnyinasosɛm ne ayɛyɛdeɛ a ɛdi kan no ne: deɛ ɛdi kan, Gyedie wɔ Yesu Kristo mu; deɛ ɛtɔ so mmienu, Nsakyeraeɛ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, nsuomuhyɛ Asubɔ a ɛma bɔne fafiri; deɛ ɛtɔ so nan, nsa a wɔde gu soɔ ma Sunsum Kronkron Akyɛdeɛ no.

5 Yɛgye di sɛ ɛwɔ sɛ Onyankopɔn frɛ onipa, nam nkɔmhyɛ, ne nsa a wɔde gu soɔ so nam wɔn a wɔn wɔ tumi so, ama waka Asɛmpa no na wadi dwuma wɔ ɛho ayɛyɛdeɛ no mu.

6 Yɛgye saa nhyehyɛeɛ korɔ no ara a na ɛwɔ Tete Asɔre no mu no di, a ɛyɛ, asomafoɔ, nkɔmhyɛfoɔ, asɔfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, nsɛmpakafoɔ, ne deɛ ɛkeka ho.

7 Yɛgye kasa hodoɔ akyɛdeɛ, nkɔmhyɛ, adiyisɛm, anisoadehunu, ayaresa, kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ no, ne deɛ ɛkeka ho di.

8 Yɛgye Twerɛ Kronkron no di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm mprɛ dodoɔ a nkyerɛaseɛ no yɛ nokorɛ; yɛgye di nso sɛ Mormon Nwoma no yɛ Onyankopɔn asɛm.

9 Yɛgye deɛ Onyankopɔn ayi no adi no nyina ara di, deɛ Ɔyi no adi seesei nyina ara, na yɛgye di nso sɛ Ɔbɛkɔ so ayi nneɛma akɛseɛ bebree a ɛho hia adi a ɛfa Onyankopɔn Ahemman no ho.

10 Yɛgye Israel anoboaboa ankasa ne Mmusuakuo Du no akyiri-san-ba no di; sɛ wɔbɛsi Sion (Yerusalem Foforɔ no) wɔ Amɛrika asasepɔn no so; na Kristo ankasa bɛdi hene wɔ asase so; na wɔbɛyɛ asase no foforɔ na ɛbɛnya ne paradise animuonyam.

11 Yɛpere akwannya sɛ yɛbɛsom Otumfoɔ Nyankopɔn sɛdeɛ yɛn ankasa ahonim ka kyerɛ yɛn, na yɛma nnipa nyina ara saa akwannya korɔ yi ara, ma wɔnsom sɛdeɛ wɔpɛ, baabiara, anaa biribiara a wɔbɛtumi.

12 Yɛgye di sɛ ɛwɔ sɛ yɛhyɛ ahemfo, aman mpaninfoɔ, sodifoɔ, ne asɛnnifoɔ ase, na yɛyɛ setie ma mmara no, di no nni na yɛkora no.

13 Yɛgye di sɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ anokwafoɔ, di nokorɛ, yɛ kronkron, nya ayamyɛ, bɔ bra pa, na yɛyɛ papa ma nnipa nyina ara; ampa, yɛbɛtumi aka sɛ yɛdi Paulo kasakyerɛ no so—Yɛgye nneɛma nyina ara di, yɛwɔ nneɛma nyina ara mu anidasoɔ, yɛagyina nneɛma pii ano, na yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛbɛtumi agyina nneɛma nyina ara ano. Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛho teɛ, ɛwɔ ɔdɔ, anaa ɛwɔ din pa anaa ɛsɛ ayeyie a, yɛhwehwɛ saa nneɛma yi.

Joseph Smith