Twerɛnsɛm
Nnianim


Nnianim

Ɔbohene a Ɛsom Boɔ yɛ nwoma a ɛdi mu, ɛmu nyiyimu a ɛfa gyedie ne nkyerɛkyerɛ ho nsɛm bebree a ɛho hia wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ. Nkɔmhyɛni Joseph Smith na ɔkyerɛɛ saa nneɛma yi ase de puee dwa so, na wɔtintimm no wɔ Asɔre no dawurubɔ krataa a na ɛwɔ hɔ wɔ ne berɛ so.

Elder Franklin D. Richards na ɔboaboaa nwoma a ɛdi kan a wɔfrɛ no Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no ano wɔ 1851, berɛ a na ɔka Agyinatufoɔ Dumienu no ho na ɔyɛ Enyirensi Asɛmpatrɛ dwuma no titenani no. Na botae no ne sɛ nnipa nsa bɛka nsɛm binom a ɛho hia a anntumi annhyeta wɔ Joseph Smith berɛ so no ntɛm so. Berɛ a na Asɔre no mu nnipa dodoɔ rekɔ soro wɔ Europe ne Amerika aman mu no, ɛho bɛhiaae sɛ wɔma saa nneɛma yi aso nnipa so. Wɔde Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no dii dwuma bebree na akyire yi wɔnam Titenafoɔ a Wɔdi Kan no agyinatuo ne amansan nhyiamu penee so wɔ Salt Lake Ahenkuro mu yɛɛ no Asɔre no nwoma a wɔgye too mu wɔ Ahinime 10, 1880.

Wɔayɛ nsesamu pii wɔ mu sɛdeɛ Asɔre no ahiasɛm teɛ. Wɔ 1878 mu no wɔde Mose nwoma afã bi a na ɛnni nwoma ntintim a ɛdi kan no mu no kaa ho. Wɔ 1902 mu no wɔyii afã bi a wɔasan nso atintim wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no firii Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no mu. Wɔhyehyɛ yɛɛ no etire ne nkyekyɛmu, na wɔde (footnotes) nwoma ase nsɛm kaa ho wɔ 1902mu. Wɔyɛɛ ntintim a ɛdi kan a na ɛyɛ krata-fã a wɔakyɛ mu mmienu no, a nwoma hyehyɛbea hwehwɛeɛ ka ho no wɔ 1921. Wɔannyɛ nsesaeɛ foforɔ biara bio kɔsi Oforisuo 1976 a wɔde adiyisɛm mmienu kaa ho. Wɔ 1979 mu no wɔyii saa nsɛm mmienu yi firii Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no mu na wɔde hyɛɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu, ɛno na seesei ɛyɛ afã 137 ne 138 no. Wɔ saa ntintim yi mu no, wɔayɛ nsesaeɛ bi sɛdeɛ nwoma no ne kane deɛ no bɛyɛ pɛ.

Deɛ ɛdi soɔ yi yɛ nnianim tiawa a ɛda ɛmu nsɛm no adi:

  1. Mose Nwoma no mu Nyiyimu. Nyifirimu nsɛm bi a ɛfiri Mose Nwoma a ɛdi kan a Joseph Smith kyerɛɛ aseɛ firii Twerɛ Kronkron no mu, deɛ ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Ayɛwohomumɔ 1830 no.

  2. Abraham Nwoma no. Nkannyan nkyerɛaseɛ bi a ɛfiri Abraham ntwerɛeɛ mu. Joseph Smith hyɛɛ nkyerɛaseɛ no ase wɔ 1835 mu, akyire yi a ɔnyaa Misraim demmire nwoma binom no. Wɔde nkyerɛaseɛ no puee dwa so nkakrankakra wɔ Times and Seasons mu hyɛɛ aseɛ firii Ɔbɛnem 1, 1842, wɔ Nauvoo, Illinois.

  3. Joseph Smith—Mateo. Nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Mateo adansedie a Joseph Smith kyerɛɛ aseɛ firii Twerɛ Kronkron no mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:60–61 a ɛyɛ ɔsoro akwankyerɛ a ɛhyɛɛ no sɛ ɔnhyɛ aseɛ nkyerɛ Apam Foforɔ no ase).

  4. Joseph Smith—Abakɔsɛm. Nyifirimu nsɛm a ɛfiri Joseph Smith adanseɛ ne n’abakɔsɛm ankasa mu, deɛ ɔne n’atwerɛfoɔ siesiee wɔ 1838–1839 na ɛpuee dwa so nkakrankakra wɔ Times and Seasons mu wɔ Nauvoo, Illinois, a ɛhyɛɛ aseɛ firii Ɔbɛnem 15, 1842.

  5. Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no Gyidikasɛm. Joseph Smith asɛm a waka apue dwa so wɔ Times and Seasons mu wɔ Ɔbɛnem 1, 1842, a na Asɔre no abakɔsɛm tiawa bi ka ho, na dodoɔ no ara nim no sɛ Wentworth Letter.