Twerɛnsɛm
Joseph Smith—Abakɔsɛm 1


Joseph Smith—Abakɔsɛm

Nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no abakɔsɛm mu

Ti 1

Joseph Smith kyerɛ n’anatoɔ, n’abusuafoɔ, ne wɔn atenaeɛ kane no—Nhanyan soronko ɛfa nyamesom ho nya nkɛtɛnsoɔ wɔ New York atɔeɛ fam so—Ɔsi nkete sɛ ɔbɛhwehwɛ nyansa sɛdeɛ Yakobo kyerɛ no—Agya no ne Ɔba no yi wɔn ho adi, na wɔfrɛ Joseph kɔ ne nkɔmhyɛ nyamedwuma no mu. (Nkyekyɛmu 1–20.)

1 Ɛnam amaneɛbɔ pii a nnipa a wɔpɛ bɔne na wɔn wɔ tirimpɔ bɔne de ahyeta, ɛfa Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mmaeɛ ne ne kankɔ ho, a ne nyina ara ne farebae no ayɛ sɛ wɔde bɛko atia ne su ne ne kankɔ wɔ wiase yi mu nti—Ahyɛ me sɛ mentwerɛ saa abakɔsɛm yi, sɛdeɛ ɛbɛsesa amansan adwene, na ama wɔn a wɔrehwehwɛ nokorɛ no nyina ara ahunu ɛmu nokorɛ, sɛdeɛ ɛsiiɛ, ɛfa me ankasa me ho ne Asɔre no, sɛdeɛ nokorɛ no a menim no teɛ seesei.

2 Wɔ saa abakɔsɛm yi mu no mede nsɛm ahodoɔ a ɛfa saa Asɔre yi ho no bɛto dwa, wɔ nokorɛ ne tenenee mu, sɛdeɛ ɛsisiiɛ, anaa sɛdeɛ ɛteɛ seesei, ɛnnɛ a ɛyɛ [1838] afe a ɛtɔ so nwɔtwe firi berɛ a wɔhyehyɛɛ Asɔre a maka ho asɛm no.

3 Wɔwoo me wɔ yɛn Awurade afe mu, apem ahanwɔtwe ne num, wɔ Ɔpɛnimma da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa, wɔ Sharon kuropɔn mu, Windsor Mantam mu, Vermon Man mu. … Me papa, Joseph Smith, Panin., tu firii Vermont Man mu, na ɔtu kɔɔ Palmyra, Ontario (seesei Wayne) mantam mu, wɔ New York man mu, berɛ a na mewɔ me mfeɛ du mu, anaa ɛhɔ baabi. Bɛyɛ mfeɛ nan akyi a m’agya bɛduruu Palmyra no, ɔne n’abusua tu kɔɔ Manchester wɔ Ontario man no ara mu—

4 Na n’abusuafoɔ yɛ akra dubaako, a wɔyɛ m’agya, Joseph Smith; me maame, Lucy Smith (ɔno a ansa na ɔreware no na ne din de Mack, Solomon Mack babaa); me nuammarima, Alvin (a ɔwuui wɔ Obubuo 19, 1823, wɔ mmerɛ a na ɔrekɔnya mfeɛ 26 no mu), Hyrum, me ankasa, Samuel Harrison, William, Don Carlos; ne me nuammaa, Sofronia, Catherine ne Lucy.

5 Mfeɛ mmienu akyi a yɛatu akɔ Manchester berɛ no mu no, wɔ baabi a na yɛte no, nhanyan soronko bi baae a ɛfa nyamesom asuadeɛ ho. Ɛhyɛɛ aseɛ firii Methodistfoɔ so, nanso ankyɛre ɛbɛhyetaa nsɔresɔre ahodoɔ a ɛwɔ saa mantam a ɛwɔ ɔman no mu. Ampa, ɛnyaa mansini a ɛwɔ ɔman no mu nyina ara so nkɛntɛnsoɔ, na nnipakuo akɛseɛ akɛseɛ kekaa wɔn ho wɔn ho bɔɔ mu kɔɔ anyamefɛrefoɔ akuoakuo ahodoɔ no mu, a ɛde ahokeka ne mpaepaemu a ɛnnyɛ ketewa baa nkorɔfoɔ no ntam, ebinom teaa mu sɛ, “Hwɛ, ɛha!” ebinom nso se “hwɛ ɛhɔ!” Na ebinom reko ma Methodist gyedie no, ebinom nso reko ma Basel deɛ no, na ebinom reko ma Baptist.

6 Na, ɛmmfa ho ne ɔdɔ kɛseɛ a wɔn a na wɔasakyera kɔ saa gyedie ahodoɔ mu no kyerɛɛe wɔ wɔn nsakyeraeɛ berɛ mu, ne ahoɔden kɛseɛ a asɔfoɔ ahodoɔ no daa no adi, wɔn a wɔde ahoɔden resɔre na wɔrepia saa nyamefɛre ho abasɛm atenka sononko no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsakyera obiara, sɛdeɛ na wɔn ani gye sɛ wɔbɛka no no, na wɔma wɔdɔm ɔsom biara a wɔpɛ; nanso berɛ a wɔn a wɔasakyera no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrefiri mu akɔ kuo baako anaa foforɔ mu no, wɔbɛhunuu sɛ atenka pa a ɛrekame ayɛ sɛ asɔfoɔ ne wɔn a wɔasakyera no wɔ no yɛ boapayɛ na ɛnnyɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ basabasayɛ ho abasɛm kɛseɛ ne atenka bɔne dii akyire—ɔsɔfoɔ reko tia ɔsɔfoɔ, na deɛ wasakyera retia deɛ wasakyera; ne saa nti wɔn atenka pa biara a wɔn wɔ ma wɔn ho wɔn ho no —sɛ wɔnyaa bi da a—yeraae koraa wɔ atɛnnidie ne adwenkyerɛ ho akansie nti.

7 Sa berɛ yi na merekɔnya mfeɛ dunum. M’agya abusua sakyeraae kɔɔ Basel gyedie mu, na wɔn mu nan dɔmm saa asɔre no, wɔn ne me maame, Lucy; me nuanom mmarima Hyrum ne Samuel Harrison; ne me nua baa Sophronia.

8 Wɔ saa nhanyan kɛseɛ berɛ yi mu no m’adwene kanyan kɔɔ adwennwene a ɛmu yɛ den ne ahoyera kɛseɛ mu; ɛwɔ mu sɛ na m’atenka mu dɔ na mpɛn pii no ano yɛ den deɛ, nanso mekɔɔ so ara yii me ho firii saa afekuo yi nyina ara mu, ɛwɔ mu sɛ na mekɔ wɔn ahyiadie ahodoɔ no bi mmerɛ dodoɔ a akwannya ma ho kwan deɛ. Mmerɛ kakra akyi no m’adwene bɛpɛɛ Methodist som no kakra, na menyaa ɔpɛ bi sɛ mɛka wɔn ho; nanso na basabasayɛ ne aperedie a ɛwɔ asafo ahodoɔ no ntam no yɛ kɛse pa ara ma na ɛyɛ den sɛ onipa a ɔsua tesɛ me, a na menni nnipa ne nneɛma ho nimdeɛ yie sɛ mɛnya gyinaeɛsie mmapa a ɛkyerɛ onii a ɔtene ne deɛ wayɛ mfomsoɔ.

9 Ɛtɔ da a ɛhanyan m’adwene kɛse ɛnam nteamu ne nkekamu a ɛtoɔ nntwa da no nti. Na Baselfoɔ no ne Baptistfoɔ ne Methodistfoɔ no nnyɛ adwene kora kora, na wɔde nhumu ne aniteɛ ho tumi nyina ara de da wɔn mfomsoɔ adi, anaa, annyɛ koraa, wɔmaa nkorɔfoɔ no dwenee sɛ wɔayɛ mfomsoɔ. Nanso, Baptistfoɔ ne Methodistfoɔ no nso de nsiyɛ saa ara bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ bɛsi hɔ na wɔakyerɛ sɛ afoforɔ deɛ nyina ara yɛ ntorɔ.

10 Wɔ saa adapaatwa ne adwenkyerɛ ho nkekamu yi mu no, mebisaa me ho daa sɛ: Deɛn na menyɛ? Saa akuo yi nyina ara deɛ ɛwɔ hene na ɛyɛ nokorɛ; anaa, wɔn nyina ara abɔ mu afom? Sɛ wɔn mu bi yɛ nokorɛ a, deɛ ɛwɔ hene, na mɛyɛ dɛn ahunu?

11 Berɛ a na mereteetee wɔ ɔhaw kɛseɛ yi ase a ɛfiri saa nyamesomfoɔ akuo no, da koro bi na merekenkan Yakobo Nwoma no, tire a ɛdi kan ne nkyekyɛmu num, a ɛka sɛ: Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ɔmmɔ ahohoraa, na wɔde bɛma no.

12 Twerɛsɛm no mu asɛm biara nni hɔ a ɛde tumi kɛseɛ pa ara ka onipa akoma kyɛn deɛ yei yɛɛ me deɛ no saa berɛ yi. Ɛkame ayɛ sɛ ɛde ahoɔden kɛseɛ wuraa m’akoma mu atenka biara mu. Medwenee ho mpɛn pii, na na mehunu sɛ onipa bi hia nyansa firi Onyankopɔn hɔ a, ɛyɛ me; esiane sɛ ɛho dwumadie no, na mennim, na gye sɛ menya nyansa a ɛso sene deɛ mewɔ saa berɛ no, merennhunu da; ɛfiri sɛ nyamesom akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn wɔ som ahodoɔ no mu no te twerɛsɛm korɔ no ara mu nsɛm ase sononko, ma wɔsɛe awerɛhyem biara sɛ wɔbɛfa Twerɛ Kronkron no so ayi asɛmmisa no ano.

13 Akyire yi no mesii gyinaeɛ sɛ ɛwɔ sɛ mekɔ so ka esum ne basabasayɛ mu, anaa sɛ ɛwɔ sɛ meyɛ deɛ Yakobo kyerɛ no, ɛne sɛ, mɛbisa Onyankopɔn. Akyire yi no mesii nkete sɛ “mɛbisa Onyankopɔn,” sii gyinae sɛ sɛ ɔma wɔn a ɛka wɔn nyansa no nyansa, na ɔde ma kwa a ɔmmɔ ahohoraa a, mɛtumi asi me bo.

14 Ɛno nti sɛdeɛ na me nketesie sɛ mɛbisa Onyankopɔn teɛ no, metwee me ho kɔɔ kwaeɛ no mu kɔyɛ hwɛɛe. Na ɛyɛ da anɔpa bi a ewiem ayɛ hann fɛfɛɛfɛ, wɔ fefɛ berɛ nhyɛaseɛ wɔ, afe apem ahanwɔtwe ne aduonu. Na ɛyɛ berɛ a ɛdi kan wɔ m’asetena mu a mayɛ saa ahwɛ, ɛfiri sɛ wɔ me dadwen nyina ara mu no na mennya nnyɛ nhwɛɛe da sɛ mɛbue m’ano abɔ mpaeɛ.

15 Metwee me ho kɔɔ saa bea a na mayɛ m’adwene dada sɛ mɛkɔ hɔ akyire yi no, metotoo m’ani hwɛɛ ɛhɔ, na mehunuu sɛ ɛyɛ me nko ara no, mebuu nkotodwe hyɛɛ aseɛ de m’akoma mu apɛdeɛ too Onyankopɔn anim. Meyɛɛ saa ara pɛpɛɛpɛ na, ntɛmpa ara, tumi bi sɔɔ me mu na ɛhyɛɛ me so korakora, na ɛnyaa nkɛntɛnsoɔ nwanwasoɔ bi wɔ me so kyekyeree me tɛkrɛma, na amma manntumi annkasa. Esum kabii twaa me ho hyiaae, na ɛyɛɛ me sɛ deɛ berɛ tiawa bi mu no wɔabu me fɔ akɔ mpofirim sɛeɛ mu.

16 Nanso, mede me tumi nyina ara frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnye me mfiri saa ɔtamfo yi a wasɔ me mu no tumi mu, na wɔ saa berɛ a meyɛɛ sɛ merewura abamubuo mu no na megyae me ho ama ɔsɛeɛ no—ama deɛ ɛnnyɛ nsusuiɛ mu sɛeɛ, na mmom ɔteasefoɔ bi a ɔwɔ wiase a wɔnnhunu, a ɔwɔ tumi nwanwasoɔ pa ara a mentee nka da wɔ ɔteasefoɔ biara mu no—wɔ saa akomatuo kɛseɛ berɛ yi ara mu no, mehunuu hann fadum sɛ ɛwɔ m’atifi pɛpɛɛpɛ, a ɛboro owia hyerɛn so, na ɛsianee fam brɛɛw kɔsii sɛ ɛtɔɔ me so.

17 Ɛpueeɛ ara pɛ na mehunuu me ho sɛ wɔagye me afiri ɔtamfo no a na wasɔ me mu akyekyere me no nsa mu. Berɛ a hann no tɔɔ me so no, mehunuu Nnipasu baanu bi a na wɔn hyerɛn ne wɔn animuonyam boro nkyerɛmu biara so, na wɔgyina mframa mu wɔ m’atifi. Wɔn mu baako de me din frɛɛ me, tenee ne nsa wɔ ɔbaako no so kasa kyerɛɛ me, na ɔsee me sɛ—Yei ne Me Dɔ Ba. Tie No!

18 Botae nti a na merekɔbisa Awurade ne sɛ mɛhunu nsɔrensɔre no mu nyina ara deɛ ɛyɛ nokorɛ, ama mahunu deɛ mɛdɔm. Ɛno nti, menya gyee me ho, a metumi kasaae ara pɛ na mebisaa Nnipasu a na wɔgyina hann mu wɔ me so no sɛ, nsɔresɔre no nyina ara mu deɛ ɛwɔ hene na ɛyɛ nokorɛ (ɛfiri sɛ saa berɛ yi na ɛnnwuraa m’akoma mu da sɛ wɔn nyina ara afom)—na deɛ ɛwɔ sɛ mennɔm.

19 Wɔbuaa me sɛ mma mennɔm ɛmu biara, ɛfiri sɛ wɔn nyina ara afom; na Nipasu a ɔkasa kyerɛɛ me no kaa sɛ wɔn gyidikasɛm nyina ara yɛ akyiwadeɛ wɔ n’ani so; na saa nsɛmpakafoɔ no nyina ara aporɔ; na: “wɔde wɔn anofafa na ɛbɛn me, mmom wɔn akoma deɛ ɛwɔ akyirikyiri, wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nnipa mmaransɛm, a wɔn wɔ deɛ ɛyɛ nyamesu sɛso, nanso wɔpo ɛmu tumi no.”

20 Ɔbaraa me bio sɛ mma me nnɔm ɛmu biara; ɛne nsɛm bebree a ɔka kyerɛɛ me, a merenntumi nntwerɛ no saa berɛ yi. M’ani baa me ho so bio no, mehunuu sɛ meda ayaya a merehwɛ soro. Berɛ a hann no kɔɔeɛ no, na menni ahoɔden biara; nanso, annkyɛre, me ho tɔɔ me kakra no, mekɔɔ fie. Na berɛ a na metwere bokyea no ho no, me maame bisaa me deɛ na ɛreyɛ me. Mebuaae sɛ, “Nnha wo ho, biribiara yɛ—meho yɛ.” Afei mesee me maame sɛ, “Me ara ankasa mahunu sɛ Basel som no nnyɛ nokorɛ.” Ɛrekame ayɛ sɛ na ɔtamfo no nim, wɔ m’abrabɔ ahyɛaseɛ, sɛ ɛyɛ me hyɛberɛ sɛ mɛyɛ ɔhaw ne abufuhyɛfoɔ ama n’ahemman no; sɛ ɛnte saa a, adɛn nti na ɛwɔ sɛ esum tumi bɔ mu tia me? Adɛn nti na asidie ne ɔtaa sɔre tiaa me, firi bɛyɛ me mmɔfraase?

Asɛmpatrɛfoɔ ne nyamesom ho nsɛmpakafoɔ binom po anisoadehunu a ɛdi kan no ho amaneɛbɔ no—Wɔtaataa Joseph Smith pa ara—Ɔdi adanseɛ fa anisoadehunu no nokorɛyɛ ho. (Nkyekyɛmu 21–26.)

21 Menyaa saa anisoadehunu yi nna kakra bi akyi no, ɛbaae sɛ mekɔ hyiaa Methodist asɛmpakafoɔ no mu baako, a ɔdi akotene wɔ nyamefɛre nhanyan a maka ho asɛm no mu; na me ne no redi nkɔmmɔ fa nyamesom asɛm ho no, mefaa saa akwannya no so kaa anisoadehunu a mahunu no ho asɛm kyerɛɛ no. Ne nneyɛɛe yɛɛ me ahodwiri yie; wammfa me nkitahodie no sɛ agorɔ bi kwa, mmom ɔde abufuo kɛseɛ, kaa sɛ ne nyina ara firi ɔbonsam, biribiara nni hɔ saa sɛ anisoadehunu anaa adiyisɛm wɔ saa nna yi mu; na saa nneɛma yi nyina ara ne asomafoɔ no atwa mu, na biribi saa biara nni hɔ bio da.

22 Nanso, annkyɛre, mehunuu sɛ asɛm a mekaae no ahanyan adwemmɔne kɛseɛ atia me wɔ nyamesom asɛmpakafoɔ no ntam, na yei na ɛmaa ɔtaaeɛ kɛseɛ baae, na ɛkɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara; na na ɛwɔ mu sɛ meyɛ abarimaa a mennyee din, a na manya mfeɛ dunan de rekɔ dunum, na m’abrabɔ tebea nnte sɛ deɛ ɛbɛtumi anya nsunsuansoɔ bi wɔ wiase yi mu deɛ, nanso nnipa a wɔn wɔ gyinabea kɛseɛ nyaa me ho adagyeɛ pa ara ma wɔhanyann ɔmanmufoɔ adwene tiaa me, na ɛpagyaa ɔtaaeɛ a ɛmu yɛɛ den; na yei kɔɔ so wɔ anyamesom kuo no nyina ara ntam—wɔn nyina ara bɔɔ mu taataa me.

23 Ɛyɛɛ me adwennwene a ɛmu yɛ den firi saa berɛ no, na mpɛn pii no ɛyɛɛ saa ara; ne nwanwa a ɛyɛ pa ara ne sɛ abarimaa a ɔnnyee din, a ɔboro mfeɛ dunan kakra, ne obi, nso, a ne tebea ahyɛ no ma akɔhia sɛ deɛ ɔnya fa ne daadaa adwumayɛ mu de hwɛ ne ho no sua, wɔbɛdwene ne ho sɛ obi a ne ho hia pa ara ma, saa berɛ no mu, akuo a agye din pa ara no anya ne ho adaagyeɛ, wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛtwe ɔtaaeɛ yayaaya pa ara honhom ne nsopa wɔ wɔn mu. Nanso, ɛyɛ nwanwa anaa ɛnnte saa no, saa na na ɛteɛ, na yei yɛ adeɛ a na ɛtaa hyɛ me awerɛhoɔ kɛseɛ.

24 Nanso, sɛdeɛ ɛteɛ biara na ɛyɛ nokorɛ sɛ mahunu anisoadehunu. Madwene ho afiri saa berɛ no ma, menyaa atenka pa ara sɛ Paulo, berɛ a ɔyii n’ano wɔ Ɔhene Agripa anim, na ɔkaa anisoadehunu a ɔnyaae berɛ a ɔhunuu hann bi na ɔtee nne bi no; nanso na nnipa kakraabi na wɔn wɔ hɔ a wɔgyee no diiɛ; ebinom kaa sɛ ɔnni nokorɛ, afoforɔ nso kaa sɛ wabɔ dam; na wɔdii ne ho fɛw na wɔsopaa no. Nanso yei nyina ara annsɛe n’anisoadehunu no nokorɛyɛ. Wahunu anisoadehunu, ɔnim sɛ wahunu, na ɔtaaeɛ biara a ɛwɔ ɔsoro ase no nntumi nnyɛ no ade foforɔ; na wɔbɛtaataa no akɔsi owuo mu deɛ, nanso na ɛwom sɛ ɔnim, na ɔbɛhunu akɔsi n’ahome a ɛtwa toɔ sɛ, wahunu hann bi na ɔtee nne bi sɛ ɛrekasa kyerɛ no, na wiase nyina ara nntumi mma no nnwene anaa nnye biribi foforɔ nni.

25 Saa ara na na ɛteɛ ma me. Ampa ara mahunu hann bi, na wɔ hann no mfinfini no mehunuu Nnipasu baanu, na nokorɛ mu wɔne me kasaae; na ɛwɔ mu sɛ wɔtann me taataa me sɛ maka sɛ manya anisoadehunu deɛ, nanso na ɛyɛ nokorɛ; na berɛ a wɔretaataa me, resopa me, na wɔrekeka nsɛmmɔne ahodoɔ nyina ara tia me a ɛnnyɛ nokorɛ ɛnam sɛ maka saa nti, ɛmaa mekaa no wɔ m’akoma mu sɛ: Adɛn na moretaataa me wɔ nokorɛ a maka nti? Ampa ara mahunu anisoadehunu bi; na mene hwan a mɛtumi ne Onyankopɔn adi asie, anaa adɛn nti na wiase dwene sɛ wɔbɛma mapa deɛ mehunuuiɛ ankasa no akyi? Ɛfiri sɛ mahunu anisoadehunu bi; na menim yei, na menim sɛ Onyankopɔn nim, na merenntumi mmpa yei akyi, anaa merenntumi nnsi me bo nyɛ; anyɛ koraa no, na menim sɛ sɛ meyɛ saa a, mɛfom Onyankopɔn, na maba afɔbuo ase.

26 Afei deɛ m’adwene mu daa me fann ɛfa wiase nyamesom kuo a ate wɔn ho no—Sɛ ɛnnyɛ m’asɛdeɛ sɛ mɛdɔm wɔn mu biara, mmom mɛkɔ so ayɛ deɛ mereyɛ no ara kɔsi sɛ wɔbɛma me akwankyerɛ foforɔ. Mehunuu sɛ Yakobo adanseɛ no yɛ nokorɛ—sɛ onipa biara a ɛka no nyansa no, ɔbɛtumi abisa Onyankopɔn, na wanya, a wɔmmɔ no ahohoraa.

Moronae yi ne ho adi kyerɛ Joseph Smith—Wɔbɛhunu Joseph din wɔ papa ne bɔne mu wɔ aman nyina ara ntam—Moronae ka Mormon Nwoma no ne Awurade atemmuo a ɛreba no ho asɛm kyerɛ no na ɔka twerɛsɛm mu nsɛm pii—Wɔyi sika kɔkɔɔ mprɛte no ahintabea no kyerɛ—Moronae kɔ so kyerɛkyerɛ Nkɔmhyɛni no adeɛ. (Nkyekyɛmu 27–54.)

27 Mekɔɔ so ara yɛɛ me daadaa abrabɔ mu nnwuma kɔsii Ɛbɔ da a ɛtɔ so aduonu baako, afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmiɛnsa, a berɛ yi nyina ara mu na merehunu ɔtaaeɛ a ɛmu yɛ den ho amane wɔ nnipa ahodoɔ nyina ara nsa mu, nyamefɛrefoɔ ne wɔn a wɔnnyɛ nyamefɛrefoɔ, esiane sɛ mekɔɔ so sii so dua sɛ mahunu anisoadehunu bi.

28 Berɛ kakra a ɛtwaam wɔ berɛ a mehunuu anisoadehunu ne afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmiɛnsa ntam no—ɛnam sɛ wɔabara me sɛ mma mennɔm saa berɛ no mu nyamefɛrefoɔ kuo no mu biara, na esiane sɛ mennyiniiɛ koraa, na wɔn a ɛwɔ sɛ wɔyɛ me nnamfo na wɔyɛ me ayamyɛ no retaataa me, na anka wɔsusu sɛ wɔadaadaa me a wɔabɔ mmɔden afa kwan pa ne ɔdɔ so agye me no—ɛgyaee me maa nsɔhwɛ ahodoɔ nyina ara; na berɛ a me ne manmufoɔ ahodoɔ nyina ara. redi afra no, metaa kɔɔ mfomsoɔ a nyansa nni mu bebree mu, na medaa ɔbabunu mmerɛyɛ ne nipa mfomsoɔ su adi; ɛyɛ me ya sɛ mereka sɛ yei de me kɔɔ nsɔhwɛ ahodoɔ mu, a ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn anim. Mereyɛ saa bɔneka yi, ɛnsɛ sɛ obi susu sɛ medii bɔne kɛseɛ anaa deɛ ɛdi dɛm bi ho fɔ. Ɔpɛ bi sɛ mɛyɛ saa nni m’awosuo mu da. Nanso na medi fɔ wɔ nneɛma huhuo ho, na na meka nsɛnkwaa fekuo bi ho, ne deɛ ɛkeka ho, a ɛmfata suban a ɛwɔ sɛ obi a Onyankopɔn afrɛ no tesɛ me, kora. Nanso yei nnyɛ nwanwa mma obibiara a ɔkae me mmerante berɛ mu, na ɔnim m’awosu a ɛyɛ anigyeɛ su no.

29 Ɛnam saa nneɛma yi nti, metaa tee nka sɛ medi fɔ ɛnam me mmerɛyɛ ne sintɔ nti; na afei, wɔ Ɛbɔ da a ɛtɔ so aduonu baako a maka ho asɛm wɔ soro hɔ no anwummerɛ no, akyire yi a makɔda me mpa so anadwo no, mehyɛɛ mpaebɔ ase de nkotosrɛ srɛɛ Otumfoɔ Nyankopɔn sɛ mɛnya me bɔne ne me nkwaseasɛm nyina ara ho bɔnefakyɛ, na ɔmma me adiyie nso, ama matumi ahunu me tebea ne me gyinabea wɔ n’anim; ɛfiri sɛ na mewɔ awerɛhyem kɛseɛ sɛ mɛnya ɔsoro adiyie, sɛdeɛ menyaa bi kane no.

30 Berɛ a na megu so refrɛ Onyankopɔn no, mehunuu sɛ hann bi repue wɔ me dan no mu, yei kɔɔ so trɛɛe kɔsii sɛ dan no mu yɛɛ hann kyɛnn prɛmtoberɛ, na afei amonom hɔ ara nipasu bi puee me mpa no nkyɛn, a ɔgyina mframa mu, ɛfiri sɛ na ne nan nnka fam.

31 Na ɔhyɛ atadeɛ tenten hodwoo a ɛyɛ fitaa boro so. Na ne fitaayɛ kyɛn asase so biribiara a mahunu da; na mennye nni nso sɛ wɔbɛtumi ama asase so biribi apue hyɛnn ne fitaa mmorosoɔ saa. Na ne nsa ho gu hɔ, ne ne basa ho nso, n’abakɔn no soro kakra; saa ara nso na na ne nantabono ho gu hɔ, tesɛ ne nan ho, wɔ ne nanpɔ no soro kakra. Na ne tiri ho ne ne kɔn ho nso gu hɔ. Na metumi hunu sɛ ɔnnhyɛ ataadeɛ foforɔ biara ka ho sɛ saa ataadeɛ tenten yi, ɛfiri sɛ na abue, ma metumi hunu ne koko mu.

32 Nnyɛ n’ataadeɛ tenten no nko ara na ɛyɛ fitaa mmorosoɔ, mmom ne nipadua nyina na ɛyɛ hyerɛnhyerɛn boro nkyerɛkyerɛmu so, na nokorɛ mu n’anim hwɛbea tesɛ ayerɛmo. Dan no mu hyerɛnn mmorosoɔ, nanso na ɛnhyerɛn kɛseɛ tesɛ hann a na ɛwɔ ne nipadua ho pɛɛ no. Berɛ a medii kan hunuu no no, me surooe; nanso annkyɛre ehu no firii me so.

33 Ɔde me din frɛɛ me, na ɔsee me sɛ ɔyɛ ɔsomafoɔ a wɔasoma no afiri Onyankopɔn hɔ aba me nkyɛn, na ne din de Moronae; na Onyankopɔn wɔ adwuma bi ma me; na wɔbɛhunu me din wɔ papa ne bɔne mu wɔ aman, mmusuakuo, ne kasa hodoɔ nyina ara mu, anaa sɛ wɔbɛka papa ne bɔne afa ho wɔ nnipa nyina ara ntam.

34 Ɔkaa sɛ wɔakora nwoma bi, a wɔatwerɛ wɔ sika kɔkɔɔ mprɛte so, a ɛbɔ amanneɛ fa saa asasepɔn no kane sotefoɔ no ho, ne faako a wɔfiri baae. Ɔsan nso kaa sɛ ɛkura daapem Asɛmpa mahyɛ no, sɛdeɛ Agyenkwa no de maa ɛsotefoɔ no wɔ tete no;

35 Na, aboɔ mmienu bi nso wɔ dwetɛ kontɔn bi mu—na saa aboɔ yi, a ɛkyekyere nkataboɔ bi ho no yɛ deɛ wɔfrɛ no Urim ne Tumim—a ɛka mprɛte a wɔakora no ho; na wɔn a wɔnya saa aboɔ yi de di dwuma na wɔyɛ “adehunufoɔ” wɔ tete anaa kane mmerɛ no mu; na botaeɛ a Onyankopɔn de asiesie yeinom ne sɛ wɔmfa nkyerɛ nwoma no ase.

36 Ɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ me wiee no, ɔhyɛɛ aseɛ srɛ kaa Apam Dada no mu nkɔmhyɛ no mu bi. ɔdii kan srɛ kaa Malaki ti mmiɛnsa no fa baabi; na ɔsan nso srɛ kaa nkɔmhyɛ korɔ no a ɛwɔ ti nan anaa ti a ɛtwa toɔ no, mmom nsakyeraeɛ kakra bi wɔ kwan a wɔfa so kenkan firi yɛn Twerɛ Kronkron no mu. Sɛ ɔbɛsrɛ aka nkyekyɛmu a ɛdi kan no sɛdeɛ ɛteɛ wɔ yɛn nwoma mu no, ɔsrɛ kaa no sei mmom:

37 Na hwɛ, da no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyina ara aane, ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm bɛyɛ sɛ ɛserɛ dwaneeɛ; na wɔn a wɔreba no bɛhye wɔn, asafo Awurade na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa mman.

38 Na bio, ɔsan nso srɛ kaa nkyekyɛmu a ɛtɔ so num no sei: Hwɛ, mɛda Asɔfodie no adi akyerɛ mo, nam nkɔmhyɛni Elia nsa so, ansa na Awurade da kɛseɛ, na ɛyɛ hu no aba.

39 Ɔsan nso srɛ kaa nkyekyɛmu a ɛtoa soɔ no kwan foforɔ so: Na ɔbɛdua wɔ mma no akoma mu bɔhyɛsɛm a wɔyɛ maa agyanom no, na mma no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom so. Sɛ anyɛ saa a, asase no nyina ara bɛsɛe korakora wɔne mmaeɛ no.

40 Deɛ ɛka yeinom ho ne sɛ, ɔsrɛ kaa Yesaia nwoma no ti dubaako, sɛ ɛrenkyɛre ɛbɛhyɛ ma. Ɔsan nso srɛ kaa Asomafoɔ Nnwuma no ti mmiɛnsa, nkyekyɛmu aduonu mmienu ne aduonu mmiɛnsa, pɛpɛɛpɛ tesɛ deɛ ɛwɔ yɛn Apam Foforɔ no mu. Ɔkaa sɛ saa nkɔmhyɛni no ne Kristo; nanso ɛda no nnya mmaae a wɔn a “wɔrenntie ne nne no wɔbɛtwa wɔn afiri nkorɔfoɔ no ntam,” nanso ɛrennkyɛre ɛbɛba.

41 Ɔsan nso srɛ kaa Yoel ti mmienu, firi nkyekyɛmu aduonu nwɔtwe kɔsi deɛ ɛtwa toɔ no. Ɔsan nso kaa sɛ yei nnya nhyɛɛ ma, nanso ɛrennkyɛre ɛbɛba. Na ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛrennkyɛre Amanamanmufoɔ mahyɛ no bɛba mu. Ɔsrɛ kaa twerɛsɛm no mu nsɛm afoforɔ pii, na ɔmaa nkyerɛkyerɛmu pii a merenntumi nnka wɔ ha.

42 Bio, Ɔsee me sɛ, sɛ menya mprɛte a waka ho asɛm no a—Ɛfiri sɛ berɛ a ɛwɔ sɛ menya no nnya nsooɛ—ɛnsɛ sɛ mede kyerɛ onipa biara; anaa nkataboɔ ne Urim ne Tumim no; gye sɛ wɔn a wɔbɛhyɛ me sɛ memfa nkyerɛ wɔn no; sɛ meyɛ a wɔbɛsɛe me. Berɛ a na ɔne me redi nkɔmmɔ fa mprɛte no ho no, wɔbuee anisoadehunu no wɔ m’adwene mu ma mehunuu beaeɛ a na wɔakora mprɛte no, na na ɛyɛ pefee ne petee ma mehunuu bea no bio berɛ a mekɔɔ hɔ no.

43 Saa nkitahodie yi akyiri no, mehunuu sɛ hann a ɛwɔ dan no mu hɔ no ahyɛ aseɛ reboa ano wɔ onipa a na ɔne me rekasa no ho pɛɛ, na ɛkɔɔ so yɛɛ saa ara kɔsii sɛ dan no mu yɛɛ sum bio, gye sɛ ne ho pɛ, na afei, amonom mu hɔ ara, mehunuu biribi a ɛte sɛ bɔnka a ɛmu abue kɔ soro, na ɔforo kɔɔe kɔsii sɛ ɔyeraaeɛ, na dan no mu yɛɛ sum tesɛ deɛ na ɛteɛ ansa na saa ɔsoro hann yi reyi ne ho adi.

44 Medaa hɔ dwennwenee adeɛ soronko a asie no ho, na deɛ saa ɔsomafoɔ sononko no aka akyerɛ me no yɛɛ me nwanwa kɛse; na afei wɔ me nsusuho mu no, mpofirim mehunuu sɛ me dan no mu no hɔ ahyɛ aseɛ reyɛ hann, na asɛ amonom mu hɔ ara, saa ɔsoro somafoɔ korɔ no ara bɛgyinaa me mpa no nkyɛn bio.

45 Ɔhyɛɛ aseɛ, na ɔsan kaa nsɛm korɔ no ara sɛdeɛ ɔkaae wɔne nsrahwɛ a ɛdi kan no mu, a nsakyeraeɛ ketekete mpo nni mu; na ɔyɛɛ saa no, ɔkaa atemmuo kɛseɛ a ɛrebɛba asase no so kyerɛɛ me, de amamfoyɛ kɛseɛ nam ɛkɔm, akofena, ne owuyadeɛ so; na saa atemmuo denden yi bɛba asase so saa awoɔntoatoasoɔ yi mu. Ɔkaa saa nsɛm yi no, ɔsan nso foro kɔɔ soro bio sɛdeɛ ɔyɛɛe kane no.

46 Saa berɛ yi, ɛho nsusuiɛ tɔɔ m’adwene so yie, ɛmaa nna firii m’ani so, na medaa hɔ wɔ ahodwiri so a deɛ mahunu ne deɛ mate no bunkam me. Nanso deɛ ɛyɛɛ me nwanwa ne berɛ a mehunuu saa ɔsomafoɔ korɔ no ara bio wɔ me mpa no nkyɛn, na metee sɛ ɔreka nsɛm korɔ no ara kyerɛ me sɛ kane no; na ɔbɔɔ me kɔkɔ kaa ho sɛ Satan bɛbɔ mmɔden asɔ me ahwɛ (ɛnam ohia tebea a ɛyɛ m’agya abusua no nti) sɛ mɛgye mprɛte no sɛ mede bɛpɛ ahonya.Yei ho deɛ ɔbaraa me, kaa sɛ ɛnnsɛ sɛ menya botaeɛ biara wɔ m’adwene mu wɔ mprɛte no gyeɛ ho mmom sɛ mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam, na ɛnsɛ sɛ atirimpɔ foforɔ biara nya me so nkɛntɛnsoɔ ka Onyankopɔn ahemman nkyekyereɛ ho; anyɛ saa a merenntumi nnya yeinom.

47 Saa nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa yi akyiri no, ɔforo kɔɔ soro bio tesɛ kane no, na ɛkaa me nko ara bio sɛ mɛsusu adeɛ nwanwasoɔ a seesei mahunu no; annkyɛre koraa, berɛ a ɔsoro somafoɔ no foro kɔɔe mmerɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa akyiri no, akokɔnini bɔneeɛ, na mehunuu sɛ adeɛ rekye, ɛno nti ɛkame ayɛ sɛ yɛn nkɔmmɔdie no gyee anadwo mu no nyina ara.

48 Ankyɛre, mesɔre firii me mpa so, na sɛdeɛ daa meyɛ no, mekɔɔ ɛda no nnwuma a ɛho hia so; nanso meyɛɛ sɛ merebɔ mmɔden ayɛ adwuma tesɛ deɛ meyɛ daa no, mehunuu sɛ m’ahoɔden asa ma manntumi annyɛ hwee. M’agya, a na ɔka meho reyɛ adwuma no hunuu sɛ na biribi reha me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ fie. Mehyɛɛ aseɛ yɛɛ sɛ merekɔ fie; nanso, mebɔɔ mmɔden sɛ merefa ɛban bi so afiri afuo no mu, faako a na yɛwɔ no, m’ahoɔden dii me hwammɔ korakora, na mehwee ase kagyaa, na mmerɛ kakra ntam no metɔɔ piti a na menhunu hwee.

49 Adeɛ a ɛdi kan a mɛtumi akae ne ɛnne bi a na ɛrekasa kyerɛ me, de me din refrɛ me. Mehwɛɛ soro, na mehunuu ɔsomafoɔ korɔ no ara sɛ ɔgyina m’atifi, a hann atwa ne ho ahyia sɛ kane no. Afei ɔsan kaa deɛ ɔka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu no nyina ara bio, na ɔhyɛɛ me sɛ menkɔ m’agya hɔ ne menka anisoadehunu ne mmaransɛm a manya no nkyerɛ no.

50 Meyɛɛ setie; mesan m’akyi kɔɔ m’agya hɔ wɔ afuo no mu, na mekaa asɛm no nyina ara kyerɛɛ no. Ɔbuaa me sɛ ɛfiri Onyankopɔn, na ɔsee me sɛ menkɔ na menkɔyɛ sɛdeɛ ɔsomafoɔ no ahyɛ no. Mefirii afuo mu hɔ, na mekɔɔ bea a ɔsomafoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ wɔakora mprɛte no; na ɛnam sɛ anisoadehunu a manya afa ho no yɛ petee nti, meduruu hɔ ara pɛ na mehunuu bea no.

51 Wɔ baabi a ɛbɛn Manchester akuraa, Ontario Mantam mu, wɔ New York no, pampa bi a ɛso kakra si hɔ, na ɛno na ɛware pa ara wɔ mpɔtam hɔ. Wɔ saa pampa yi atɔeɛ fam baabi a ɛne ɛsoro no mu nntwe no, ɛwɔ ɛboɔ bi a ɛso kakra bi ase, na mprɛte bi gu a, wɔakora wɔ ɛboɔ adaka mu. Saa boɔ yi yɛ kɛseɛ na ɛyɛ kurukuruwa wɔ mfinfini wɔ ne soro, na ɛyɛ ketewa wɔ ɛrekɔ ano ano no, ɛno nti na mfinfini no ayi adi kɔ soro wɔ fam, nanso ano ano a atwa ahyia no deɛ na nnɛteɛ akata so.

52 Meyiyii nnɛteɛ no, mepɛɛ dua bi, a mede hyɛɛ ɛboɔ no ase, na mede ahoɔden kakra bi maa so. Mehwɛɛ ɛmu, na ampa ɛhɔ no mehunuu mprɛte no, Urim ne Tumim no, ne nkataboɔ no, sɛdeɛ ɔsomafoɔ no kaae no. Adaka no a ɛwɔ mu no wɔde aboɔ a wɔde sɛmɛnte bi akeka abɔ mu na ayɛ. Wɔ adaka no ase no wɔde aboɔ mmienu atoto mu abeabea mu, na wɔ saa aboɔ yi so no na mprɛte no ne nneɛma foforɔ a ɛka ho no guo.

53 Meyɛɛ sɛ mereyi afiri mu, nanso ɔsomafoɔ no baraa me, na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ berɛ a ɛwɔ sɛ wɔde firi adi ba no nnuruuiɛ, na ɛmma, kɔsi mfeɛ nan firi saa berɛ no; nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ memmra saa bea hɔ afe pɛpɛɛpɛ firi saa berɛ no, na ɔbɛhyia me wɔ hɔ, na menkɔ so nyɛ saa ara kɔsi sɛ berɛ no bɛduru sɛ mɛnya mprɛte no.

54 Ɛno nti, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, mekɔɔ afe awieɛ biara, na berɛ biara no mehunuu saa ɔsomafoɔ korɔ no ara wɔ hɔ, na megyee nkyerɛkyerɛ ne nimdeɛ firii ne hɔ wɔ yɛn nkɔmmɔdie biara mu, ɛfa deɛ Awurade rebɛyɛ, ne kwan ne yɔbea a wɔbɛdi n’ahemman ho dwumadie wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu.

Joseph ware Emma Hale—Ɔnya sika kɔkɔɔ mprɛte no firi Moronae hɔ na ɔkyerɛ ntwerɛeɛ no bi ase—Martin Harris de ntwerɛeɛ ne nkyerɛaseɛ no kyerɛ Ɔbenfo Anthon na ɔka sɛ, “Merenntumi nkenkan nwoma a wɔasɔ ano.” (Nkyekyɛmu 55–65.)

55 Ɛnam sɛ m’agya wiase asetena mu tebea nnwie pɛyɛ nti, na ɛho hia sɛ yɛde yɛn nsa yɛ adwuma, yɛkɔdi paa da mu no nyina ara anaa kwan foforɔ so, sɛdeɛ akwannya a na yɛnya no teɛ. Ɛtɔ da a na yɛwɔ fie, na ɛtɔ da bi nso a na yɛafiri fie, na yɛfaa adwuma a yɛyɛɛ no dadaa so no hwɛɛ yɛn ho sɛdeɛ ɛsɛ.

56 Wɔ afe 1823 mu no m’agya abusua kɔɔ amanehunu kɛseɛ mu ɛnam me nuabarima panin pa ara, Alvin wuo nti. Wɔ Ahinime bosome 1825 mu no, mekɔdii paa maa owura-nimuonyamfoɔ panin bi a ne din de Josiah Stoal, a na ɔte Chenango mantam mu, wɔ New York man mu. Na wate biribi sɛ Spainfoɔ no abue dwetɛ nkoron wɔ Harmony, Susquehanna mantam mu, wɔ Pennsylvania man mu; na ansa na ɔrebɛbɔ me paa no, na ɔretutu fam, ama, sɛ ɛbɛtumi a, ɔbɛhunu dwetɛ no anaa. Akyire yi a me ne no kɔtenaae no, ɔfaa me ne n’apaafoɔ afoforɔ no kɔɔe, kɔtutuu fam hwehwɛɛ dwetɛ no, a ɛno no metoaa so yɛɛ adwuma bɛyɛ bosome, a yɛannya nkɔsoɔ biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, na akyire yi no metumi kasa kyerɛɛ owura-nimuonyamfoɔ panin no maa ɔgyaee sɛ ɔdi akyire retutu fam no. Ɛno ne asɛm a ɛhyetaaɛ sɛ na meyɛ sika-hwehwɛfoɔ.

57 Wɔ saa berɛ a na mereyɛ saa adwuma yi no, wɔmaa mekɔsoɛɛ Owura Isaac Hale fie, a ɔfiri saa bea hɔ; ɛhɔ na medii kan hunuu me yere (ne ba baa), Emma Hale. Wɔ Ɔpɛpɔn da 18, 1827 no, yɛwaree, berɛ a na meda so yɛ adwuma ma Owura Stoal.

58 Ɛnam sɛ na mekɔ so si so dua sɛ manya anisoadehunu bi nti, ɔtaaeɛ kɔɔ so dii m’akyi, na me yere agya abusua sɔre tiaa yɛn awareɛ no kɛse pa ara. Ɛno nti ɛho bɛhiaae sɛ mede no kɔ baabi foforɔ; ɛno nti yɛkɔɔe, na yɛwaree wɔ Squire Tarbill fie, wɔ South Bainbridge, Chenango mantam mu, New York. M’awareɛ akyiri no annkyɛre, mefirii Owura Stoal fie, na mekɔɔ m’agya hɔ, na me ne no kɔyɛɛ kuadwuma saa berɛ no.

59 Mmerɛ pii akyiri no berɛ duruui sɛ mɛnya mprɛte no, Urim ne Tumim, ne nkataboɔ no. Wɔ Ɛbɔ da a ɛtɔ so aduonu mmienu, apem ahanwɔtwe ne aduonu nson no, ɛnam sɛ makɔ bea a wɔakora yeinom, sɛdeɛ daa na meyɛ no nti, saa ɔsoro somafoɔ korɔ no ara de maa me na ɔde saa ahyɛdeɛ yi kaa ho: sɛ menhwɛ so yie; na sɛ metoto no apomafo, anaa megyae ma ɛkɔ wɔ anibiannaso a, wɔbɛtwa me atwene; mmom sɛ mede m’ahoɔden nyina ara kora yeinom kɔsi sɛ ɔno, ɔsomafoɔ no, bɛbisa a, wɔbɛbɔ ho ban.

60 Ankyɛre mebɛhunuu aseɛ enti a menyaa ahyɛdeɛ denden sɛ menkora yeinom yie, ne deɛ nti a ɔsomafoɔ no kaa sɛ sɛ meyɛ deɛ wɔhia firi me nsam a ɔbɛba abɛgye yeinom. Ɛfiri sɛ menyaae ara pɛ ankyɛre na wɔde mmɔdemmɔ a ɛmu yɛ den yɛɛ sɛ wɔde bɛgye afiri me nsa mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛtumi biara maa saa botaeɛ yi. Ɔtaaeɛ no bɛyɛɛ nwononwono ne kɛseɛ pa ara, na nnipa akuoakuo yɛɛ krado daa sɛ wɔbɛgye afiri me nsa mu sɛ ɛbɛtumi a. Nanso ɛnam Onyankopɔn nyansa so no, ɛkɔɔso kaa me nsam dwoodwoo. Berɛ a ɔsomafoɔ no bisaa yeinom no, sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no, mede maa no; na ɛwɔ no nkyɛn a ɔrehwɛ so bɛsi nnɛ, a ɛyɛ Kɔtɔnimma da, apem ahanwɔtwe ne aduasa mmiɛnsa.

61 Nanso, nhanyan no kɔɔ so toaa so, na wɔde nsɛnkeka ne ne tɛkrɛma apem dii dwuma de atorosɛm hyeta faa m’agya abusua ne me ho. Sɛ anka mereka ɛmu nkyɛmu apem a, ɛbɛyɛ nwoma pii mu ma. Nanso, ɔtaaeɛ no bɛyɛɛ den pa ara ma ɛbɛhiaa sɛ mefiri Manchester, na me ne me yere kɔ Susquehanna mantam mu, wɔ Pennsylvannia Man mu. Berɛ a yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛhyɛ aseɛ no—ɛnam sɛ na yɛyɛ ahiafoɔ pa ara na ɔtaaeɛ duruduru wɔ yɛn so no nti na ɔkwan biara nni hɔ sɛ yɛbɛyɛ biribi foforɔ da—wɔ yɛn amanehunu mu no yɛnyaa ayɔnkofa wɔ aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Martin Harris mu, ɔbaa yɛn nkyɛn na ɔmaa yɛn dɔla aduonum sɛ yɛmfa mmoa yɛn ho wɔ yɛn akwantuo mu. Na Martin Harris yɛ Palmyra kuropɔn, Wayne mantam, no mutefoɔ, wɔ New York Man no mu, na na ɔyɛ okuafoɔ a wagye din.

62 Saa berɛ yi ɛnam berɛ-a-ɛsɛ-mu mmoa nti metumii duruu bea a na merekɔ wɔ Pennsylvannia; na meduruu hɔ akyi no mehyɛɛ aseɛ twerɛɛ ntwerɛeɛ no firii mprɛte no so. Metwerɛɛ deɛ ɛdɔɔso kakra, na menam Urim ne Tumim no so kyerɛɛ ɛmu bi ase, meyɛɛ yei firi berɛ a meduruu me yere agya fie, wɔ Ɔpɛnimma bosome, ne Ogyefuo a ɛdi soɔ no ntam.

63 Berɛ bi, wɔ Ogyefuo bosome mu no, Owura Martin Harris a maka ne ho asɛm dada yi baa yɛn hɔ bɛgyee ntwerɛeɛ no a matwerɛ afiri mprɛte no so no, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde rekɔ New York ahenkuro mu. Wɔ deɛ ɛsiiɛ ɛfa ɔno ne ntwerɛeɛ no ho no, mɛdane akɔ ɔno ankasa amaneɛbɔ so, wɔ ɛho nsɛm no mu, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ me berɛ a ɔsan baaeɛ no, ɛno ne deɛ ɛtoa soɔ yi:

64 “Mekɔɔ New York ahenkuro mu, na mede ntwerɛeɛ no a wɔakyerɛ aseɛ, ne ne nkyerɛaseɛ, no kyerɛɛ Ɔbenfo Charles Anthon, aberanteɛ a wagye din wɔ kasa ho nimdeɛ mu. Ɔbenfo Anthon kaa sɛ nkyerɛaseɛ no yɛ nokorɛ, pa ara kyɛn deɛ wahunu biara a wɔakyerɛ aseɛ afiri Misraimfoɔ kasa mu. Afei mede deɛ wɔnnya nnkyerɛɛ aseɛ no kyerɛɛ no, na ɔkaa sɛ ɛyɛ Misraim kasa, Kaldaia kasa, Asiriyak kasa, ne Arabik kasa; na ɔkaa sɛ ɛyɛ ntwerɛeɛ mmapa. Ɔmaa me abodin krataa, a ɛdi adanseɛ kyerɛ Palmyra nkorɔfoɔ no sɛ ɛyɛ ntwerɛeɛ mmapa, na ɛmu bi a wɔakyerɛ aseɛ tesɛ deɛ wɔayɛ no nso yɛ nokorɛ. Megyee abodin krataa no hyɛɛ me kotokuo mu, na meyɛɛ sɛ merekɔ no, Owura Anthon frɛɛ me bio, na ɔbisaa me kwan a abarimaa no faa so hunuu sɛ sika kɔkɔɔ mprɛte wɔ bea a ɔhunuuiɛ wɔ no. Mebuaa sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ na ɔyii no adi kyerɛɛ no.

65 “Afei ɔkaa sɛ, ‘Ma menhwɛ abodin krataa no.’ Ɛno nti meyi firii me kotokuo mu na mede maa no, na ɔgyeeɛ na ɔtetee mu nketenkete, na ɔkaa sɛ biribiara nni hɔ sɛ ɔsoro abɔfoɔ som, na sɛ mede mprɛte no bɛba a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Meka kyerɛɛ no sɛ wɔasɔ mprɛte no fa baabi ano, na wɔabara me sɛ mma memmfa mma. Ɔbuaae sɛ, ‘merenntumi nnkenkan nwoma a wɔasɔ ano.’ Megyaa no hɔ na mekɔɔ Ɔbenfo Mitchell hɔ, ɔno foaa deɛ Ɔbenfo Anthon kaae no so ɛfa ntwerɛeɛ ne nkyerɛaseɛ no ho.”

· · · · · · ·

Oliver Cowdery som sɛ ɔtwerɛfoɔ wɔ Mormon Nwoma nkyerɛaseɛ mu—Joseph ne Oliver nya Aaron Asɔfodie no firi Yohane subɔni no hɔ—Wɔbɔ wɔn asu, hyɛ wɔn asɔfoɔ, na wɔnya nkɔmhyɛ honhom. (Nkyekyɛmu 66–75.)

66 Wɔ Oforisuo da ɛtɔ so num, 1829, Oliver Cowdery baa me fie, bɛsi saa berɛ no na mennhunuu no da. Ɔka kyerɛɛ me sɛ na ɔkyerɛ adeɛ wɔ sukuu a ɛwɔ mpɔtam a m’agya teɛ hɔ, na m’agya yɛ wɔn a wɔde wɔn mma kɔ sukuu hɔ bi nti, ɔkɔtenaa ne fie berɛ tiawa bi, na berɛ a na ɔwɔ hɔ no, abusua no ka kyerɛɛ no kwan a menam so nyaa mprɛte no, ɛno nti waba sɛ ɔrebɛbisa me ɛho asɛm.

67 Nna mmienu akyiri a Owura Cowdery bɛduruuiɛ no (ɛyɛ Oforisuo da ɛtɔ so 7) mehyɛɛ aseɛ sɛ merekyerɛ Mormon Nwoma no ase, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔretwerɛ ama me.

· · · · · · ·

68 Yɛkɔɔ so ara yɛɛ nkyerɛaseɛ adwuma no, na wɔ bosome a ɛdi hɔ no (Kɔtɔnimma, 1829), mu da koro bi yɛkɔɔ kwaeɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ na yɛbisaa Awurade asɛm faa bɔne fafiri asubɔ ho, a yɛhunuu sɛ wɔaka ho asɛm wɔ mprɛte no nkyerɛaseɛ no mu. Berɛ a yɛgu so redi saa dwuma yi, rebɔ mpaeɛ na yɛrefrɛ Awurade no, ɔsomafoɔ bi a ɔfiri soro sianee wɔ mununkum hann mu, na ɔde ne nsa guu yɛn so no, ɔhyɛɛ yɛn asɔfoɔ, kaa sɛ:

69 M’ayɔnkofoɔ asomfoɔ, wɔ Mesaia no din mu mema mo Aaron Asɔfodie no, deɛ ɛkura abɔfoɔ som nsafoa ne deɛ ɛyɛ nsakyeraeɛ asɛmpa no, a ɛyɛ nsuomuhyɛ asubɔ ma bɔne fafiri; na wɔrennyi yei mmfiri asase so bio da, kɔsi sɛ Lewi mma mmarima bɛbɔ afɔreɛ bio ama Awurade wɔ tenenee mu.

70 Ɔkaa sɛ saa Aaron Asɔfodie yi nni tumi wɔ nsa a wɔde gu soɔ ma Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, mmom wɔde yei bɛma yɛn akyire yi; na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ nkɔbɔ asu, na ɔmaa yɛn akwankyerɛ sɛ memmɔ Oliver Cowdery asu, na akyire yi no ɔno mmɔ me asu.

71 Ɛno nti yɛkɔɔe na yɛbɔɔ asu. Medii kan bɔɔ no asu, na akyire yi no ɔbɔɔ me asu—ɛno akyi mede me nsa guu ne so na mehyɛɛ no sɔfoɔ wɔ Aaron Asɔfodie no mu, na akyire yi ɔde ne nsa guu me so hyɛɛ me sɔfoɔ wɔ saa Asɔfodie korɔ no ara mu—ɛfiri sɛ saa na wɔhyɛɛ* yɛn.

72 Ɔsomafoɔ a ɔbɛsraa yɛn saa berɛ yi, na ɔmaa yɛn saa Asɔfodie yi kaa sɛ ne din de Yohane, ɔno korɔ no ara a wɔfrɛ no Yohane Suboni wɔ Apam foforɔ no mu, na ɔredi dwuma wɔ Petro, Yakobo ne Yohane akwankyerɛ ase, wɔn a wɔkura Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie nsafoa no; ɔkaa sɛ saa Asɔfodie no, wɔ berɛ a ɛsɛ mu no, wɔde bɛma yɛn, na ɛwɔ sɛ wɔfrɛ me Ɔpanin a ɔdi kan wɔ Asɔre no mu, na ɔno (Oliver Cowdery) deɛ ɔtɔ so mmienu. Kɔtɔnimma da ɛtɔ so dunum, 1829 mu na wɔhyɛɛ yɛn asɔfoɔ wɔ saa ɔsomafoɔ yi nsa ase, na yɛbɔɔ asu.

73 Yɛfirii nsuo no mu pue baa soro berɛ a yɛabɔ asu awie no ara pɛ, na yɛnyaa animuonyam ne nhyira kɛseɛ firii yɛn Soro Agya hɔ. Mebɔɔ Oliver Cowdery asu wieei ara pɛ na Sunsum Kronkron no baa ne so, na ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔhyɛɛ nneɛma pii a ɛrennkyɛre ɛbɛba ho nkɔm. Na bio, ɔno bɔɔ me asu no ara pɛ na me nso menyaa nkɔmhyɛ honhom, na afei, mesɔre gyinaa hɔ no, mehyɛɛ nkɔm faa Asɔre yi nkyekyereɛ, ne nneɛma bebree a ɛfa Asɔre no ho, ne nnipa mma a wɔn wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu. Sunsum Kronkron no hyɛɛ yɛn ma, na yɛdii ahurisie wɔ yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.

74 Ɛnam sɛ seesei yɛn adwene mu ate nti, yɛn nteaseɛ hyɛɛ aseɛ bue e wɔ twerɛsɛm no mu, na ahintasɛm ntwerɛsɛm nteaseɛ ankasa yii adi kyerɛɛ yɛn wɔ kwan a nka kane no yɛrenntumi nnya da, anaa yɛadwene ho da. Saa berɛ yi deɛ ɛkɔyɛɛ nhyɛ sɛ yɛde kwan a yɛfaa so nyaa Asɔfodie no ne yɛn asubɔ no sie, ɛnam ɔtaaeɛ honhom a na ayi ne ho adi dada wɔ mpɔtam hɔ nti.

75 Na wɔabɔ yɛn ntrɛne sɛ wɔbɛboro yɛn, berɛ ano berɛ ano, na yei nso, firii nyamesom nsɛmpakafoɔ hɔ. Na wɔn atirimpɔ sɛ wɔbɛboro yɛn no ano dwooe ɛnam me yere agya abusua nkɛntɛnsoɔ (Onyankopɔn adaworoma nti), wɔkyerɛɛ me ɔdɔ pa ara, na na wɔkyiri akakabensɛmfoɔ, na ɛyɛɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛma me ho kwan na makɔ so ayɛ nkyerɛaseɛ adwuma no wɔ berɛ a mannya akwansideɛ biara; na ne saa nti wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛma yɛn ahobammɔ afiri nneyɛɛ biara a ɛmmfa mmara kwan mu, sɛdeɛ wɔbɛtumi biara.

  • Oliver Cowdery kyerɛɛ saa abasɛm yi mu sei: “Me werɛ remmfiri saa nna no da—metenaa nne bi nnyegyeɛ ase a ɛde ɔsoro nkannyan ne me kasaae no, ɛnyanee aseda kɛseɛ pa ara a ɛfiri akoma mu! Da ne da nyina ara no mekɔɔ so twerɛɛ nsɛm a ɛfirii n’ano, a mannya akwansideɛ, berɛ a na ɔde Urim ne Tumim no, anaa, sɛdeɛ Nifaefoɔ frɛ no no, ‘Asekyerɛdeɛ,’ no rekyerɛ abakɔsɛm anaa twerɛtohɔ a wɔfrɛ no ‘Mormon Nwoma’ no ase.

    “Sɛ meka, wɔ mpo nsɛm kakraabi mu, amaneɛbɔ dɛɛdɛ a Mormon ne ne ba barima nokorɛfoɔ, Moronae, de maae faa nkorɔfoɔ a berɛ bi ɔsoro dɔɔ wɔn yɛɛ wɔn adom a, ɛbɛboro me seesei atirimpɔ so; ɛno nti mɛtu yei ahyɛ da ama berɛ bi daakye, na sɛdeɛ mekaae wɔ nnianim no mu no, maka nsɛnsɛm pɔtee kakraabi a ɛfa saa Asɔre yi sɔreɛ ho ankasa, a ɛbɛyɛ anigyesɛm ama nnipa mpempem binom a wɔatu anammɔn aba wɔ asɔretiafoɔ tan ne nyaatwomfoɔ ntwirie ntam, na wɔde ahopereɛ agye Kristo Asɛmpa no.

    “Nnipa biara nni hɔ a wɔn adwene mu da hɔ a wɔbɛtumi ayɛ nkyeraseɛ anaa wɔatwerɛ akwankyerɛ a ɛfirii Agyenkwa no ano de maa Nifaefoɔ no, ɛfa kwan turodoo a nnipa mfa so nsi N’Asɔre, titiriw wɔ berɛ a porɔeɛ de akyinnyeɛ ahyeta wɔ akuokuo mu ne nhyehyɛeɛ biara a wɔde yɛ adwuma wɔ nnipa ntam, berɛ a wɔnnhwehwɛ hokwan sɛ wɔbɛkyerɛ ɔpɛ bi sɛ wɔbɛma wɔasie wɔn wɔ nsuo damena mu, ama akyerɛ sɛ wɔn wɔ ‘ahonim pa nam Yesu Kristo wusɔreɛ no so.’

    “Yɛtwerɛɛ amaneɛbɔ a wɔde maae faa Agyenkwa no som adwuma ho maa Yakob asefoɔ nkaeɛ no, wɔ saa asasepɔn yi so, sɛdeɛ nkɔmhyɛni no kaae sɛ ɛbɛyɛ no, na ɛyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛhunu sɛ esum kataa asase so na esum kabii kataa nnipa adwene so. Yɛdwenee ho kɔɔ akyire no na ɛyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛhunu sɛ, wɔ aperedie kɛseɛ ne dede a ɛfa nyamesom ho no, na wɔn mu biara nni tumi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a wɔde bɛyɛ Asɛmpa no ayɛyɛdeɛ. Ɛfiri sɛ obi bɛbisa sɛ, so nnipa wɔ tumi a wɔde di dwuma wɔ Kristo din mu, nanso wɔpa adiyisɛm akyi, wɔ berɛ a Ne ho adanseɛ nnyɛ biribiara sɛ nkɔmhyɛ honhom, na wɔsi Ne som fapem wɔ adiyisɛm ankasa so na wɔnam so de kora, wɔ wiase mmerɛ nyina ara a Wanya nnipa wɔ asase so? Nnipa a sɛ wɔma saa nokorɛsɛm yi da adi na ɛhyerɛn wɔ nnipa ani so a wɔn nnaadaa bɛda adi no, sɛ wɔde hyɛ fam, na wɔde sie yie a, yɛn deɛ ɛrennsie yɛn bio; na yɛtwɛnee ara sɛ wɔde mmarasɛm no bɛma sɛ “Monsɔre na mommɔ asu.’

    “Yɛannhwɛ anim annkyɛre na ɛbaa mu. Awurade, a ne mmɔborɔhunu dɔɔso, na ɛyɛ ne pɛ daa sɛ ɔbua ahobrɛaseɛfoɔ mpaebɔ a ɛnntwa no, yɛsu frɛɛ no anibereɛ so akyire yi wɔ bea a ɛmmɛn nnipa atenaeɛ no, Ɔyɛɛ yɛn adom daa Ne pɛ adi kyerɛɛ yɛn. Mpofirim, tesɛ deɛ ɛfiri daapem mfinfini no, Ɔgyefoɔ no nne kaa asomdwoeɛ kyerɛɛ yɛn, berɛ a wɔbuee nkatanim no na Onyankopɔn bɔfoɔ siane baa fam a animuonyam fira no, na ɔde nkransɛm a yɛde ahopepereɛ ahwɛ anim no maa yɛn, ɛne nsakyeraeɛ Asɛmpa nsafoa no. Anigyeɛ bɛn ni! Anwanwadeɛ bɛn ni! Ahodwiri bɛn ni! Berɛ a wiase wɔ ateetee ne ahoyera mu—berɛ a mpempem de wɔn nsa rekeka sɛ onifrani a ɔde ne nsa rekeka ɔfasuo ho, na berɛ a nnipa nyina ara de wɔn ho atwere akyinnyeɛ, sɛ amansan nyina ara no, yɛn aso tee, tesɛ ‘awiaberɛ hann’; aane, deɛ ɛboro saa—a ne hyerɛn boro Kɔtɔnimma awia nsensaneɛ so, deɛ ɛde ne hann hyerɛnn abɔdeɛ ani so no! Afei, ɛwɔ mu sɛ ne nne yɛ bɔkɔɔ deɛ, nanso, ɛwuraa yɛn mu ankasa, na ne nsɛm, ‘Meyɛ wo yɔnko somfoɔ,’ pamoo suro biara. Yɛtiee, yɛhwɛɛe, yɛkamfooe! Na ɛyɛ ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri animuonyam mu nne, na ɛyɛ nkransɛm a ɛfiri Ɔsorosoroni no hɔ! Yɛteeɛ no, yɛdii ahurisie, berɛ a yɛtee Ne dɔ no nka wɔ yɛn akra mu, na Otumfoɔ no anisoadehunu no kyekyeree yɛn no! Kwan bɛn na ɛwɔ hɔ ma akyinnyeɛ! Kwan biara nni hɔ; gyedie a ɛhinhim adwane, akyinnyeɛ amem kɔ a ɛnnsɔre bio, na bɔsremka ne nnaadaa adwane kɔ afebɔɔ!

    “Nanso, onua dɔfoɔ, dwene, dwene kɔ anim berɛ tiawa bi, anigyeɛ a ɛhyɛɛ yɛn akoma ma no ho, ɛne ahodwiri a yɛde buu kotodwe, (ɛfiri sɛ hwan na ɔmmu kotodwe mma nhyira a ɛte saa?), berɛ a yɛgyee Asɔfodie Kronkron no firii ne nsa ase berɛ a ɔkaa sɛ, ‘M’ayɔnkofoɔ asomfoɔ, wɔ Mesaia no din mu mema mo saa Asɔfodie ne tumi yi, a ɛbɛkɔ so atena asase so, ama Lewi mma mmarima no abɔ afɔreɛ ama Awurade wɔ tenenee mu!’

    “Meremmpere sɛ mɛtwa saa akoma yi mu atenka ho mfonini akyerɛ wo, anaa ahoɔfɛ a ɛdi mu ne animuonyam a ɛtwaa yɛn ho hyiaae saa berɛ yi; nanso wobɛgye me adi sɛ meka sɛ, asase, anaa nnipa a wɔagye mmerɛ anya anoteɛ, nntumi mmfa kwan a ɛyɛ anika na ɛgu awɔse mmfira kasa a ɛte sɛ onipa kronkron yi deɛ no. Daabi; na asase yi nni tumi sɛ ɔma anigyeɛ, ma asomdwoeɛ, anaa te nyansa a ɛwɔ ɔkasamu biara mu ase sɛdeɛ ɔnam Honhom Kronkron no so maae no! Onipa bɛtumi adaadaa ne mfɛfoɔ nnipa, nnaadaa bɛtumi adi nnaadaa akyi, na otirimuɔdenfoɔ no mma bɛtumi anya tumi de ato nkwaseafoɔ bradɛ ne wɔn a wɔnnim de, kɔsi sɛ bɔsremka nko ara bɛyɛn dodoɔ no ara, na atosɛm aduaba bɛsoa adwene-sesafoɔ wɔ ne kwan so akɔ damena mu; nanso, sɛ ɔde ne dɔ no nsatea baako ka wo, aane, n’animuonyam hyerɛn baako a ɛfiri wiase a ɛwɔ soro, anaa asɛmfua baako a ɛfiri Agyenkwa no ano mu, firi daapem koko mu a, ɛbɔ ne nyina ara twene a ɛnnsɛ hwee, na ɛpepa no korakora firi adwene mu. Awerɛhyem a na yɛwɔ sɛ yɛwɔ ɔbɔfoɔ bi anim, nim a yɛnim sɛ yɛtee Yesu nne, na nokorɛ a nkekaawa nni ho a ɛsene firii nipasu a ne ho teɛ no hɔ, deɛ ɔnam Onyankopɔn pɛ so kaae no, ɛboro nkyerɛkyerɛmu so ma me, na mɛkɔ so daa de ahodwiri ne nnaaseɛ ahwɛ Agyenkwa no papayɛ a ɔdaa no adi no, mmerɛ dodoɔ a mewɔ ho kwan sɛ metena ase; na ɛyɛ m’anidasoɔ sɛ mɛkoto asɔre No wɔ saa afie akɛseɛ a pɛpɛyɛ te mu na bɔne mma hɔ da no wɔ saa da a ɛtoɔ nntwa da no mu.”—Messenger and Advocate, vol. 1 (October 1834), pp. 14–16.