Adamfoɔ
Liahona No
Ɔgyefuo 2024


“Liahona No,” Adamfoɔ, Ɔgyefuo 2024, 26–27.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔgyefuo 2024

Liahona No

Mfoni
sesa atwerɛ

Nkyerɛkyerɛmu firi Andrew Bosley hɔ

Awurade ka kyerɛɛ Lehi sɛ ɔne n’abusua nkɔ bɔhyɛ asaase no so. Nanso na wɔnnim ɔkwan a wɔbɛfa so aduru hɔ.

Mfoni
sesa atwerɛ

Awurade maa Lehi adwinnadeɛ soronko bi. Na ɛte sɛ kɔmpaase. Ɛkyerɛɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so. Wɔfrɛɛ no Liahona.

Mfoni
sesa atwerɛ

Berɛ a wɔdii mmaransɛm no so no, Liahona no yɛɛ adwuma. Ɛde wɔn kɔɔ aduane bea ne ahobammɔ mu. Nanso berɛ a wɔgyee akyinnyeɛ na wɔyɛɛ asoɔden no, ɛgyaee adwuma yɛ.

Mfoni
sesa atwerɛ

Lehi abusua no dii Liahona no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi aduru bɔhyɛ asaase no so. Sɛ yɛyɛ nea ɛfata a, Ɔsoro Agya bɛkyerɛ yɛn nso kwan.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Wɔbɛtumi Abɔ Me Asu Te sɛ Yesu

Mfoni
Alt text

Nkyerɛkyerɛmu firi Adam Koford hɔ

Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho sɛ wobɛbɔ asu?