2018
Berɛ a Yɛreka Abɔ Mu Akɔ Anim
April 2018


Titenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Oforisuo 2018

Berɛ a Yɛreka Abɔ Mu Akɔ Anim

Anuanom mmarima ne mmaa, ɛyɛ me ahohoahoa sɛ meka mo ho anɔpa yi. Nna nnan a atwam yi yɛkɔsiee ɔbarima titire bi, Onyankopɔn nkɔmhyɛni—Titenani Thomas S. Monson. Nsɛm biara ntumi nkyerɛ n’abrabɔ kɛseyɛ, ne ne fɛ mu pɛpɛɛpɛ. Yɛn ayɔnkofa bɛkɔso asom me boɔ daa na m’ani sɔ deɛ ɔkyerɛkyerɛɛ me. Afei ɛsɛ sɛ yɛde gyedie a ɛsi pi hwɛ deɛ ɛwɔ daakye wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu, deɛ N’asɔre nie no.

Nnaanu a atwam yi Asomafoɔ a wɔte aseɛ no nyinaa hyiaa mu wɔ Salt Lake Tɛmpol abansoro dan no mu. Ɛhɔ na wɔn nyinaa yɛɛ adwene baako, deɛ ɛdi kan, sɛ wɔbɛgye Titenafoɔ a Wɔdi Kan seesei no ato mu na, deɛ ɛtɔ so mmienu, sɛ mensom sɛ Asɔre no Titenani. Nsɛm ntumi nka sɛdeɛ ɛteɛ sɛ mɛnya me Nuanom—Anuanom a wɔkuta asɔfodietumi nsafoa a ɛnam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so asan aba saa berɛ yi mu nyinaa—de wɔn nsa gu me tiri so hyɛ me sɔfoɔ, yi me si hɔ sɛ Asɔre no Titenani. Na ɛyɛ ahodwiri a ɛyɛ kronkron.

Afei ɛbɛyɛɛ m’asɛdeɛ sɛ mɛhunu wɔn a Awurade asiesie sɛ wɔmmɛyɛ m’afotufoɔ. Nka mɛyɛ dɛn apaw Asomafoɔ Dummienu a wɔaka, a medɔ wɔn mu biara no mu baanu pɛ? Meda Awurade ase yie sɛ ɔmaa me m’akoma mu mpaebɔ ho mmuaeɛ. Meda Titenani Dallin Harris Oaks ne Titenani Henry Bennion Eyring ase paa sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne me bɛsom sɛ Fotufoɔ a Ɔdi Kan ne deɛ Ɔtɔ so Mmienu, ne nnidisoɔ so. Titenani Dieter F. Uchtdorf asan akɔfa ne dibea wɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu. Ne nsa adi kan aka dwumadie akɛseɛ bi dada a ɔwɔ ho nimdeɛ sononko.

Mede obuo ne nidie kɛseɛ ma ɔne Titenani Eyring wɔ wɔn som nwanwasoɔ sɛ afotufoɔ ma Titenani Monson. Wɔayɛ animdefoɔ, atuhoakyɛ ne nkuranhyɛ ankasa. Yɛde aseda kɛseɛ ma wɔn. Wɔn mu biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsom wɔ baabi a wɔbɛhia no kɛse.

Sɛ Ɔsomafoɔ a ɔtɔ so mmienu wɔ mpaninyɛ mu no, Titenani Oaks nso bɛyɛ Titenani wɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu. Nanso, esiane ne frɛ wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan mu ɛne Asɔre no nnidisoɔ nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ dada nti, Titenani M. Russell Ballard, a ɔno na ɔdi so wɔ mpaninyɛ mu no, bɛgyina mu sɛ kuo no Titenani. Titenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Dummienu no bɛkɔ apam ahunu Awurade apɛdeɛ na yɛapia N’adwuma kronkron no akɔ anim.

Yɛda mo ase ne mo mpaebɔ. Wɔbɔ ma yɛn wɔ wiase nyinaa. Da a ɛdi Titenani Monson wuda no akyi anɔpa, mfeɛ-nnan-abarimaa bi a ne din de Benson bɔɔ saa mpaeɛ yi bi. Merekan ne maame krataa a ɔtwerɛ brɛɛ me yere Wendy fa baabi. Benson bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘‘Ɔsoro Agya, meda wo ase sɛ Titenani Thomas S. Monson tumi hunuu ne yere bio. Meda wo ase ma yɛn nkɔmhyɛni foforɔ. Boa no ma ɔnnya akokoduro na wɔammɔ hu sɛ ɔyɛ foforɔ. Boa no ma ɔnnyini, nnya apɔmudene ne ahoɔden. Boa no ma ɔnnya tumi ɛfiri sɛ ɔwɔ asɔfodietumi. Na boa yɛn ma yɛnnyɛ deɛ ɛyɛ.’’

Meda Onyankopɔn ase ma mmɔfra a wɔtete sei ne awofoɔ a wɔn ani bere, tu wɔn ho si hɔ wɔ tenenee mu, nya mmerɛ ma wɔn mma—sɛ ɔwofoɔ, ɔkyerɛkyerɛni, ne asɔreba biara so adesoa duruduru, nso ɔfiri ɔpɛ mu som. Mekyerɛ sɛ, mede ahobrɛaseɛ da mo mu biara ase.

Awurade Di Kan

Berɛ a yɛrebɔ mu akɔ anim yi, mesrɛ sɛ dwene kwan fɛɛfɛ a Awurade fa so di N’Asɔre so ho. Sɛ Asɔre no Titenani bi wu a, akyinnyeɛ biara nni deɛ aduru ne so sɛ wɔfrɛ no ma ɔsom wɔ saa dibea no mu. Abatoɔ ne ntoabɔ biara nni mu, na mmom ɛnam ɔsoro nhyehyɛeɛ nnidisoɔ kwan bi a ɛyɛ komm, a Awurade Ankasa de asi hɔ.

Adekyeɛ biara wɔ Ɔsomafoɔ som mu yɛ adesua da ne ahosiesie ma asɛdeɛ bebree a ɛwɔ n’anim. Ɔsomafoɔ som mfeɛ pii ansa na wafiri akonnwa kumaa so akɔ mpanin akonnwa so wɔ kanko no mu. Wɔ saa berɛ no mu, ɔno ara nya suahunu wɔ Asɔre no adwuma fa biara mu. Ɔsan bɛhunu nnipa ahodoɔ a wɔwɔ asaase so yie, wɔn abakɔsɛm, amammerɛ, ne kasa, berɛ a dwumadie de no taa kɔ wiase nyinaa. Asɔre no mu mpaninnie nhyehyɛeɛ kwan yɛ sononko. Mennim biribi foforɔ a ɛne no sɛ. Ɛnni sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa, ɛfiri sɛ wei yɛ Awurade Asɔre. Ɔnnyɛ nneɛma wɔ nnipa akwan so.

Masom wɔ Dummienu Kuo no mu wɔ Titenafoɔ baanum a wɔatwam ase. Mahunu sɛ Titenani biara nya adiyisɛm na ɔdi saa adiyisɛm no so. Awurade hyɛ, na ɔkanyan Ne nkɔmhyɛfoɔ berebiara, na Ɔbɛkɔso ayɛ saa. Awurade Di Kan Yɛn a wɔahyɛ yɛn asɔfoɔ sɛ yɛnni Ne din kronkron no ho danseɛ wɔ wiase nyinaa bɛkɔso ahwehwɛ na yɛahunu Ne pɛ, na yɛadi so.

Nante Apam Kwan no so

Afei, meka kyerɛ Asɔreba biara sɛ, nante apam kwan no so. Ahofama a wode bɛdi Agyenkwa no akyi berɛ a wo ne No yɛ apam na wodi saa apam no so, bɛbue pono ama honhom mu nhyira biara, ne akwanya a ɛwɔ hɔ ma mmarima, mmaa, ne mmofra a wɔwɔ baabiara.

Sɛ Titenanfoɔ a Wɔdi Kan foforɔ no, yɛpɛ sɛ yɛfiri aseɛ, a awieɛ no wɔ yɛn adwene mu. Ne saa nti, yɛne wo rekasa nnɛ firi tɛmpol mu. Awieɛ a ɛno nti na yɛn mu biara pere no, ne sɛ yɛbɛnya tumi wɔ Awurade fie, asɔ yɛn abusua ano, adi nokorɛ ama apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol a ɛma yɛn kwan wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ kɛseɛ no ho—a ɛyɛ daa nkwa. Ayɛyɛdeɛ ne apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol no boa hyɛ yɛn abrabɔ, yɛn awareɛ ne yɛn abusua den, ɛne sɛdeɛ yɛtumi gyina berɛ a ɔtamfo no ba yɛn so. Wo sɔreɛ wɔ tɛmpol ne asɛdeɛ a woyɛ wɔ hɔ ma wo nkorɔfoɔ a wɔawuwuo bɛhyira wo, ama wo nkutahodie ne asomdwoeɛ a ɛkɔ nkan, na abɔ w’ahofama a wode nante apam kwan no so ho ban.

Afei, sɛ woafiri kwan no so a, mede anidasoɔ a ɛwɔ m’akoma mu nyinaa srɛ wo sɛ san bra. Sɛdeɛ wo kɔdanna ne wo haw teɛ biara, bea bi wɔ hɔ ma wo wɔ mu, Awurade Asɔre. Wo ne awoɔntoatoasoɔ a wɔnwoo wɔn mpo bɛnya nhyira berɛ a wodane wo ho san fa apam kwan no so. Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro dɔ Ne mma, na Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara san ba Ne nkyɛn wɔ fie. Wei yɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ botaeɛ titire—sɛ yɛbɛboa ma yɛn mu biara asan aba fie.

Medɔ mo ankasa—ɔdɔ a awɔ hɔ mfeɛ pii a me ne mo rehyia, ne mo resom, na meresom mo. Yɛn soro ahyɛdeɛ ne sɛ yɛbɛkɔ aman, mmusuakuo, kasa, ne nkorɔfoɔ nyinaa mu, aboa asiesie wiase ama Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Yɛbɛyɛ wei wɔ Awurade Yesu Kristo mu gyedie mu, yɛnim sɛ Ɔdi yɛn kan. Wei yɛ N’adwuma ne N’Asɔre. Yɛyɛ N’asomfoɔ.

Mepae mu ka atuhoakyɛ a mewɔ ma Onyankopɔn, yɛn Ɔnniawieɛ Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo. Menim Wɔn, dɔ Wɔn, na mehyɛbɔ sɛ mɛsom Wɔn—ɛne mo—mede me nkwa nna a aka nyinaa. Wɔ Yesu Kristo din Kronkron no mu, amen.