Twerɛnsɛm
3 Nifae 26


Ti 26

Yesu kyerɛkyerɛ nneɛma nyina ara mu fiti mfitiaseɛ kɔsi awieɛ—Nkokoa ne mofra ka nsɛm a ɛyɛ nnwanwa a obi ara ntumi ntwerɛ—Wɔn a wɔwɔ Kristo Asɔre no mu nneɛma nyina ara yɛ wɔn nyina ara deɛ. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nkurɔfokuo no; na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma akɛseɛ ne nketewa nyina ara mu kyerɛɛ wɔn.

2 Na ɔkaa sɛ: Twerɛsɛm no a mo nsa nkaaɛ no, Agya no ahyɛ me sɛ memfa ma na sɛdeɛ ne nyansa teɛ no ɔdebɛma daakye abusuasantene.

3 Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma nyina ara mu, fiti mfitiaseɛ no de kɔpem mmerɛ a ɔbɛba wɔ n’animuonyam mu—aane mpo nneɛma a ɛbɛba asaase so nyina ara mpo dekɔsi sɛ ɛhyew denden bɛnane nneɛma nyina ara, na wɔabobɔ asaase no abɔ mu sɛ nwoma, na ɛsoro ne asaase bɛtwam akɔ;

4 Mpo de kɔsi ɛda kɛseɛ a ɛdi akyire no, a nnipa nyina ara ne abusuakuo, ne aman ne kasa hodoɔ nyina ara bɛgyina Onyankopɔn anim, ama wabu wɔn atɛn wɔ wɔn nwuma ho, sɛ ɛyɛ papa anaa sɛ ɛyɛ bɔne—

5 Sɛ wɔyɛ papa a wɔbɛsɔre afiri owuo mu akɔ nkwa a ɛtehɔ daa mu; na sɛ wɔyɛ bɔne a, wɔbɛsɔre afiri owuo mu akɔ ɛfɔbuo wusɔreɛ mu sɛdeɛ obiara su teɛ, baako wɔ fa na baako nso wɔ fa a wɔrennhyia da no, sɛdeɛ mɔborɔhunu ne atentene teɛ ne kronkronyɛ a ɛwɔ kristo mu no teɛ, deɛ na ɔwɔ hɔ ansaana wiase rebɛhyɛ aseɛ no.

6 Na afei, wɔrentumi ntwerɛ wɔ saa nwoma yi mu, mpo ɔha mu nkyɛmuu baako wɔ nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no nokware no.

7 Mmom monhwɛ wɔatwerɛ deɛ Yesu kyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no mu dodoɔ no ara wɔ Nifae mprɛte no so.

8 Na saa nneɛma yi na matwerɛ, deɛ ɛsua wɔ nneɛma a ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ no mu; na matwerɛ yeinom ama wɔde afiri Amanamanmufoɔ no hɔ asan de abrɛ saa nkurɔfoɔ yi bio; sɛdeɛ Yesu nsɛm a waka no teɛ.

9 Na mmerɛ a wɔn nsa aka yei no, deɛ ɛhia sɛ wɔn nso ka no nkanee, de sɔ wɔn gyedie hwɛ, na sɛ ɛba sɛ wɔbɛgye saa nneɛma yi adi a, ɛnneɛ wɔbɛda nneɛma akɛseɛ adi akyerɛ wɔn.

10 Na sɛ ɛba sɛ wɔanye saa nneɛma yi anni a, ɛnneɛ wɔde nneɛma akɛseɛ no bɛsie wɔn ama wɔabu wɔn fɔ.

11 Monhwɛ, meyɛɛ m’adwene sɛ merebɛtwerɛ deɛ wɔakrukyire agu Nifae mprɛte no so no, na mmom Awurade amma ho kwan, ɔse: Mɛsɔ me nkurɔfoɔ yi gyedie ahwɛ.

12 Ɛno nti me, Mormon, meretwerɛ deɛ Awurade ahyɛ me sɛ mentwerɛ no. Na afei me, Mormon, mede me kasa aba awieɛ, na meretoaso atwerɛ nneɛma a wɔahyɛ me.

13 Ɛno nti, mepɛ sɛ mohunu sɛ Awurade kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ no bɛyɛ sɛ nansa ntam ampa; na ɛno akyire yi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn, na na ɔtaa bubu paanoo mu na ɔhyira so, na ɔde maa wɔn.

14 Na ɛbaa sɛ ɔkyerɛkyerɛeɛ na ɔsomm nkurɔfokuo no mma no a wɔaka wɔn ho asɛm no, na ɔgoo wɔn tɛkyerɛma mu maa wɔkaa nsɛm akɛseɛ ne anwanwasɛm a ɛkyɛn deɛ ɔdaa no adi kyerɛɛ nkurɔfoɔ no de kyerɛɛ wɔn agyanom no; na ɔtee wɔn ano maa wɔtumi kasaae.

15 Na ɛbaa sɛ ɔforo kɔɔ soro akyire yi no—ne mprɛnu so a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ wɔn no, na ɔkɔɔ Agya no hɔ no, mmerɛ a ɔsaa wɔn ayarefoɔ no nyina ara yareɛ ne wɔn abubuafoɔ, na ɔbuee wɔn anifirafoɔ ani, na ɔmaa wɔn asosifoɔ tee asɛm; na ɔsaa yareɛ ahodoɔ nyina ara mpo wɔ wɔn mu, na ɔnyanee ɔbarima bi firii owuo mu no, na ɔdaa ne tumi adi kyerɛɛ wɔn no, ɔforo kɔɔ Agya no hɔ wɔ soro.

16 Monhwɛ, ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no na nkurɔfokuo no boaboa wɔn ano, na wɔhunui na wɔtee saa nkwadaa yi, aane, mmɔfra mpo buee wɔn ano na wɔkaa anwanwasɛm; na wɔamma kwan amma nipa biara antwerɛ nsɛm a ɔkaaɛ no.

17 Na ɛbaa sɛ akyidifoɔ no a Yesu yii wɔn no hyɛɛ aseɛ firii saa mmerɛ no sɛ wɔrebɔ asu na wɔakyerɛkyerɛ dodoɔ no ara a wɔbɛba wɔn hɔ no; na dodoɔ no ara a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu no, Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn ma.

18 Na wɔn mu dodoɔ no ara hunui, na wɔtee nsɛm a yɛnka no a ɛnnyɛ mmara sɛ wɔtwerɛ no.

19 Na wɔkyerɛkyerɛɛe na wɔsomm wɔn ho wɔn ho, na nneɛma wɔnyaaeɛ nyina ara bɛyɛɛ wɔn nyina ara deɛ, na nipa biara ne ne yɔnko dii no yie.

20 Na ɛbaa sɛ wɔyɛɛ nneɛma a Yesu hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyina ara.

21 Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu no, wɔfrɛɛ wɔn Kristo asɔremma.