Twerɛnsɛm
Alma 10


Ti 10

Lihae yɛ Manase aseni—Amulek ka ɔbɔfoɔ no hyɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnhwɛ Alma no—Ateneneefoɔ mpaebɔ ma wɔnsɛe nkurɔfoɔ no—Mmaranimfoɔ ne atɛmmuafoɔ a wɔntene twa fapem to hɔ ma nkurɔfoɔ no sɛee. Bɛyɛ mfinhyia 82 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei yei ne nsɛm a Amulek kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amonaeha asaase so no, ɔse:

2 Me ne Amulek; Me ne Gidona babarima no, ɔno na ɔyɛ Ismael a ɔyɛ Aminadae aseni no babarima no; na saa Aminadae yi na ɔkyerɛɛ ntwerɛeɛ a Onyankopɔn de ne nsatea twerɛe wɔ tɛmpol no afasuo no ho no ase.

3 Na Aminadae yɛ Nifae aseni a ɔyɛ Lihae babarima a ɔfirii Yerusalem asaase so baae no, ɔno a ɔyɛ Yosef a ne nuanom de wɔn nsa tɔnn no maa wɔde no kɔɔ Misraim no babarima Manase aseni.

4 Na monhwɛ, Me nso meyɛ nnipa bi a mewɔ dibrɛ a ɛnnyɛ ketewa wɔ wɔn a wɔnim me nyina ara mu; aane, na monhwɛ, mewɔ mmusuafoɔ ne ayɔnkofoɔ, na menam me nsa ano nwuma so anya ahonyadeɛ pii.

5 Nanso, yei nyina ara akyiri no, na mennim Awurade akwan, ne n’asumasɛm ne ne tumi a ɛyɛ nnwanwa no. Mese na mennim saa nneɛma yei yi da; mmom monhwɛ, sɛ na mereyɛ mfomsoɔ, ɛfiri sɛ m’ahunu n’ahuntasɛm ne ne tumi a ɛyɛ nnwanwa no pii; aane, mpo sɛ wakora nkurɔfoɔ yi nkwa mu.

6 Nanso, meyɛɛ m’akoma den, ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ me mmerɛ bebree na mantie; ɛno nti menim deɛ ɛfa saa nneɛma yi ho, nanso mampɛ sɛ mɛhunu; ɛno nti menam m’akoma atirimuɔdensɛm so tee atua wɔ Onyankopɔn so ara de kɔsii bosome a ɛtɔ so nson yi mu, ɛda a ɛtɔ so nan no a ɛyɛ afe a ɛtɔ so nan a ɛyɛ afe a ɛtɔ so du no mu wɔ atɛmmuafoɔ no ahennie mu.

7 Mmerɛ a meretu kwan akɔhwɛ me busuani bi a ɔbɛn me no, monhwɛ Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ me na ɔkaa sɛ: Amulek, san wakyiri kɔ wo fie, na wo na wo bɛma Awurade nkɔmhyɛni aduane adi; aane nnipa kronkron a Onyankopɔn ahwɛ mu ayi no; na wakyene ɛkɔm nna bebree, ɛnam saa nkurɔfoɔ yi bɔne nti, na ɔkɔm de no, na fa no kɔ wo fie kɔma no biribi ma ɔnni, na ɔbɛhyira wo ne wo fiefoɔ; na Awurade nhyira no bɛba wo ne wo fiefoɔ so.

8 Na ɛbaa sɛ metiee ɔbɔfoɔ no nne, na mesann m’akyiri sɛ merekɔ me fie. Na mmerɛ a merekɔ hɔ no, mehunuu ɔbarima no a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: wode no bɛkɔ wofie no—na hwɛ ɔno ne saa ɔbarima yi a ɔreka nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho kyerɛ wo no.

9 Na ɔbɔfoɔ no see me sɛ ɔyɛ nnipa kronkron, ɛno nti mehunuu sɛ ɔyɛ nnipa kronkron ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ na ɔka kyerɛɛ me.

10 Na menim bio nso sɛ, nneɛma a wadi ho adanseɛ no yɛ nokware; na hwɛ mese mo sɛ, sɛ Awurade te ase yi, saa ara nso na ɔsomaa ne bɔfoɔ maa ɔdaa saa nneɛma yi adi kyerɛɛ me; na ɔyɛe sei wɔ mmerɛ a na Alma te me fie no.

11 Na monhwɛ, wahyira me fie, wahyira me, ne me mmaa, ne me mma, ne m’agya ne m’abusuakuo nyina ara mpo, na Awurade nhyira aba yɛn so sɛdeɛ nsɛm a ɔkaeɛ no teɛ pɛpɛɛpɛ no.

12 Na afei mmerɛ a Amulek kaa saa nsɛm no nkurɔfoɔ no ho hyɛɛ aseɛ dwirii wɔn; mmerɛ a wɔhunuu sɛ nnyɛ ɔdanseni baako pɛ na ɔredi adanseɛ atia wɔn wɔ deɛ wɔayɛ ho, ne nneɛma nso a ɛbɛba ho, sɛdeɛ nkɔmhyɛ honhom a ɛwɔ wɔn mu no teɛ.

13 Nanso, na ebinom wɔ wɔn mu a wɔdwene sɛ wɔbɛbisa wɔn nsɛm, ama wɔafa naadaa pɔ so ama wɔn nsa aka wɔn wɔ wɔn kasaa mu, ama wɔanya biribi de agyina so adi adanseɛ atia wɔn, na wɔde wɔn ama wɔn atɛmmuafoɔ sɛ wɔne wɔnni no sɛdeɛ mmera no teɛ, na wɔakum wɔn anaa sɛ wɔde wɔn ato afiase, sɛdeɛ bɔne a wɔbɛtumi aka ato wɔn so no anaa sɛ wɔbɛdi ho adanseɛ atia wɔn.

14 Afei saa nnipa no a na wɔrehwehwɛ asɛe wɔn no na wɔyɛ mmaranimfoɔ a na nkurɔfoɔ no abɔ wɔn paa anaa sɛ wɔayi wɔn asi hɔ ama wɔn tumi sɛ wɔmfa mmara no nni nkurɔfoɔ a wɔyɛ bɔne no asɛm ansa na wɔde wɔn akɔ atɛmmuafoɔ no anim.

15 Afei saa mmaranimfoɔ yi asua nkurɔfoɔ no abrabɔ ne wɔn nnaadaa nyina ara; na yei bɛma wɔde nyansa adi wɔn dwuma no yie.

16 Na ɛbaa sɛ wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa Amulek nsɛm ama wɔnam yei so ama wadanedane ne nsɛm no anaa sɛ wasesa nsɛm a ɔbɛka no.

17 Afei na wɔnnim sɛ Amulek bɛtumi ahunu wɔn akwan a wɔayɛ no. Na mmom ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebisabisa no nsɛm no, ɔhunuu wɔn adwene, na ɔsee wɔn sɛ: O mo atirimuɔdenfoɔ ne nnɛ mma abɔnefoɔ, mo mmaranimfoɔ ne nyaatwomfoɔ, mo reto fapem ama ɔbonsam, ɛfiri sɛ moresunsum apa ne mfidie na mode abɛkyere Onyankopɔn akronkronfoɔ no.

18 Moreyɛ akwan de asi ateneneefoɔ kwan, na mode atwe Onyankopɔn abufuhyeɛ aba mo tiri so, ama ɔsɛee kɛseɛ aba nkurɔfoɔ yi so.

19 Aane, ne yie mu na Mosaya a na ɔyɛ yɛn hene a ɔdi akyire no kaeɛ, wɔ mmerɛ a na ɔpɛ sɛ ɔde ahennie no ma, ɛnam sɛ ɔnhunu deɛ ɔmfa mma no no, ɔkyerɛɛ sɛ wɔmma nkurɔfoɔ yi ankasa nyi deɛ wɔpɛ sɛ ɔhwɛ wɔn so—aane, ne yie mu na ɔkaa sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ mmerɛ no ba ma nkurɔfoɔ yi fa amumuyɛ a, ɛne sɛ, sɛ mmerɛ no ba ma nkurɔfoɔ yi hwease wɔ mmaratoɔ mu a, na mmerɛ no aso sɛ wɔsɛe wɔn.

20 Na afei mese mo sɛ Awurade abua mo yie wɔ mo amumuyɛ ho; na ɛyɛ sɛ ɔmaa n’abɔfoɔ de nne teaa mu see nkurɔfoɔ yi sɛ: Monsakyera, monsakyera, na ɔsoro aheman no abɛn.

21 Aane, ɛyɛ sɛ ɔmaa n’abɔfoɔ de nne teaa mu sɛ: Mede pɛpɛyɛ ne atentene wɔ me nsa mu reba me nkurɔfoɔ mu.

22 Aane, na mese mo sɛ, sɛ ɛnnyɛ ateneneefoɔ a wɔwɔ asaase yi so no mpaebɔ a, anka saa mmerɛ yi wɔasɛe mo korakora mpo, nanso ɔremfa nsuyire nso, sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ Noa aberɛ so nkurɔfoɔ no, na mmom ɔde ɔkɔm, ne nsaeyareɛ, ne akofena.

23 Mmom ɛnam ateneneefoɔ mpaebɔ so nti na ɔde mo ho akyɛ mo; afei ɛno nti, sɛ mobɛpamo ateneneefoɔ no afiri mo mu a na Awurade remfa ne nsa nto hɔ; na mmom ɔbɛba mo so wɔ n’abufuhyeɛ mu, na ɔkɔm, ne nsaeyareɛ, ne akofena bɛkum mo; na ɛrenkyɛre na mmerɛ no aduru, gye sɛ mosakyera.

24 Na afei ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no bo fuu Amulek yie, na wɔteaa mu kaa sɛ: Saa ɔbarima yi ka asɛm bɔne tia yɛn mmara a ɛtene yi, ne yɛn mmaranimfoɔ a yɛayi wɔn yi.

25 Na mmom Amulek tenee ne nsa, na ɔteaa mu dendennden see wɔn sɛ: O mo atirimuɔdenfoɔ ne nnɛ mma abɔnefoɔ, adɛn nti na ɔbonsam asɔ mo akoma mu dendennden sei? Adɛn nti na moagyae mo ho ama no ama wanya tumi wɔ mo so yi, ama no afira mo ani, ama moante nsɛm a wɔaka yi ase, sɛdeɛ wɔn nokware no teɛ no?

26 Na mo nhwɛ, m’adi adanseɛ atia mo mmara? Monte aseɛ; mose makasa atia mo mmara; mmom m’ankasa antia, na mmom makasa ama mo mmara, de abu mo fɔ.

27 Na afei monhwɛ, Mese mo sɛ, mo mmaranimfoɔ ne mo atɛmmuafoɔ abrabɔ a ɛntene na wɔahyɛ aseɛ reto ɔsɛee fapem de ama nkurɔfoɔ yi.

28 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Amulek kaa saa nsɛm yi wieeɛ no nkurɔfoɔ no teateaa mu guu no so sɛ: Afei yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔbonsam ba, ɛfiri sɛ wadi atorɔ akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ wakasa atia yɛn mmara. Na afei ɔse wɔankasa antia mmara no.

29 Na wakasa bio nso de atia yɛn mmaranimfoɔ, ne yɛn atɛmmuafoɔ.

30 Na ɛbaa sɛ mmaranimfoɔ no de hyɛɛ wɔn akoma mu sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkae saa nsɛm yi de atia no.

31 Na na baako bi wɔ wɔn mu a ne din de Seesrom. Afei ɔno na ɔyii n’anim kɛseɛ kasa tiaa Amulek ne Alma, ɔno na ɔyɛ wɔn a wɔdi akotene pa ara no mu baako, ɔno na ɔwɔ dwumadie kɛseɛ di wɔ nkurɔfoɔ no mu.

32 Afei botaɛ a ɛsi mmaranimfoɔ yi ani so ne sɛ, wɔbɛnya mfasoɔ; na wɔnyaa mfasoɔ sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ.