Twerɛnsɛm
Alma 16


Ti 16

Lamanfoɔ sɛe Amonaeha nkurɔfoɔ—Soram di Nifaefoɔ anim ma wɔdi Lamanfoɔ so nkonim—Alma ne Amulek ne wɔn mu dodoɔ no ara nso ka asɛmpa no—Wɔkyerɛkyerɛ sɛ ne wusɔreɛ akyiri no Kristo bɛyi ne ho adi akyere Nifaefoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 81–77 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie so afe a ɛtɔ so dubaako wɔ Nifae nkurɔfoɔ so no, wɔ bosome mmienu da a ɛtɔ so num no, asomdwoeɛ baa Sarahɛmla asaase no so a, akokoakoko anaa sɛ apereapereɛ biara ansi ara maa mfie kakra twaa mu de kɔsi bosome mmienu da a ɛtɔ so dumienu mu no, na wɔtee ɛko nka wɔ asaase no so.

2 Na hwɛ, Lamanfoɔ asraafoɔ no baa asaase no fa a ɛne ɛserɛ no bɔ hyeɛ no, na wɔbaa Amonaeha kuropɔn no mu hɔ mpo, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekumkum nkurɔfoɔ no na wɔasɛe kuropɔn no.

3 Na afei ɛbaa sɛ, ansa na Nifaefoɔ bɛtumi aboa asraafoɔ ano ama wɔapamo wɔn afiri asaase no so no, na wɔasɛe nkurɔfoɔ a na wɔwɔ Amonaeha, ne wɔn nso a wɔwɔ nkuro a atwa Noa ho ahyia no, na wɔafa ebinom nso nnɔmum de wɔn kɔ ɛserɛ no so.

4 Afei ɛbaa sɛ na Nifaefoɔ no pɛ sɛ wɔkɔgye wɔn a wɔafa wɔn nnɔmum de wɔn akɔ ɛserɛ no so no.

5 Ɛno nti, deɛ wɔde no asi ɔsahene panin wɔ Nifaefoɔ asraafoɔ no so no, (na ne din de Soram, na ɔwɔ mmammarima mmienu, Lihae ne Aha)—afei Soram ne ne mmammarima mmienu no hunuu sɛ Alma yɛ ɔsɔfo panin wɔ asɔre no mu no, na wɔtee sɛ ɔwɔ nkɔmhyɛ honhom no, ɛno nti wɔkɔɔ ne hɔ kɔsee no sɛ wɔpɛ sɛ wɔhunu sɛ Awurade bɛpɛ sɛ wɔkɔ ɛserɛ no so kɔhwehwɛ wɔn nuanom no a Lamanfoɔ no afa wɔn nnɔmum akɔ ɛserɛ no so no.

6 Na ɛbaa sɛ Alma kɔbisaa Awurade wɔ saa asɛm no ho. Na Alma san bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, Lamanfoɔ no rebɛtwa asubɔntene Sidon wɔ ɛserɛ no anaafoɔ a atra ɛhyeɛ a ɛwɔ Mantae asaase so akyirikyiri no. Na monhwɛ ɛhɔ na mo bɛhyia wɔn, wɔ asubɔntene Sidon apueɛ, na ɛhɔ na Awurade bɛyi mo nuanom no a Lamanfoɔ afa wɔn nnɔmum no ama mo.

7 Na ɛbaa sɛ Soram ne ne mmammarima no ne n’asraafoɔ twaa asubɔntene Sidon, na wɔbɔɔ nsra de faa Mantae ɛhyeɛ so de kɔɔ ɛserɛ no anaafoɔ so, wɔ asubɔntene Sidon apueɛ.

8 Na wɔbɛpuee Lamanfoɔ asraafoɔ no so, na wɔbɔɔ Lamanfoɔ no petee na wɔpamo wɔn kɔɔ ɛserɛ no so; na wɔfaa wɔn nuanom no a Lamanfoɔ afa wɔn nnɔmum no, na akra a wɔfaa wɔn nnɔmum no mu baako mpo anyera. Na wɔn nuanom no de wɔn baae maa wɔbɛtenaa wɔn ankasa nsaase so.

9 Na sei na atɛmmuafoɔ no afe a ɛtɔ so dubaako no de baa awieɛ, na wɔpamoo Lamanfoɔ no firii asaase no so, na wɔsɛee nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amonaeha no; aane, wɔsɛee ɔkra ɔteasefoɔ biara, ne wɔn kuropɔn kɛseɛ no nso a wɔkaa sɛ Onyankopɔn ntumi nsɛe no no, ɛnam ne kɛseɛ a ɛyɛ nti.

10 Na mmom hwɛ, da koro pɛ na ɛyɛɛ amanfo; na nkraman ne mmoa a wɔn ho yɛ hu wɔ ɛserɛ no so tetee wɔn funu.

11 Nanso, nna bebree akyiri no, wɔboaboaa wɔn funu ano wɔ asaase no so, na wɔde nnɛteɛ kakraabi kataa so. Na afei panpan no ano yɛɛ den ara maa nkurɔfoɔ no ankɔtena Amonaeha asaase no so hɔ maa mfie bebree twaa mu. Na wɔfrɛɛ hɔ Nehɔfoɔ Amanfo; ɛfiri sɛ na wɔne Nehɔfoɔ no wɔ ɛsom korɔ mu; na wɔn nsaase no bɛyɛɛ amanfo.

12 Na Lamanfoɔ no ne Nifaefoɔ ammɛko ara bio kɔsi afe a ɛtɔ so dunan mu wɔ atɛmmuafoɔ ahennie mu wɔ Nifae nkurɔfoɔ so. Na yei maa Nifae nkurɔfoɔ no nyaa asomdwoeɛ ara mfinhyia mmiɛnsa wɔ asaase no so nyina ara.

13 Na Alma ne Amulek kɔkaa nsakyeraɛ ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wɔ wɔn tɛmpol no mu, ne wɔn kronkronbea, ne wɔn nhyiadan a wɔsisii sɛ Yudafoɔ deɛ no sɛso no mu.

14 Na dodoɔ no ara a wɔtiee wɔn nsɛm no, wɔn na wɔde Onyankopɔn asɛm no maa wɔn daa a wɔanhwehwɛ ani mu.

15 Na sei na Alma ne Amulek ne dodoɔ nso a wɔyii wɔn sɛ wɔn mmra mmɛyɛ adwuma no bi no nante kaa nsɛmpa no wɔ asaase no so nyina ara. Na asɔre no a ɔteeɛ no bɛgyinaa hɔ pintinn wɔ asaase no so nyina ara, ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia nyina ara so, wɔ Nifaefoɔ nkurɔfoɔ no mu nyina ara.

16 Na nsonsonoɛ biara amma wɔn ntam; Awurade hwiee ne Honhom guu asaase no ani so nyina ara de siesiee nnipa mma adwene, anaa sɛ de siesiee wɔn akoma ama wɔagye asɛm a wɔbɛka akyerɛ wɔn wɔ mmerɛ a ɔbɛba no—

17 Sɛ wɔnyɛ asoɔden ntia asɛm no, na wɔanyɛ akyingyefoɔ, na wɔankɔ ɔsɛee mu, na mmom wɔde ɛdɛ agye asɛm no, na wɔayɛ sɛ mman a wɔde abata nokware bobe dua no ho ama wɔatumi aba Awurade wɔn Nyankopɔn ahomegyeɛ no mu.

18 Afei saa asɔfoɔ no a wɔkɔɔ nkurɔfoɔ no mu no kɔ kaa nsɛmpa tiaa atorɔ nyina ara ne naadaa ne anibereɛ, ne akasakasa, ne adwene bɔne, ɛdinsɛeɛ, ne korɔnoo, ne yere a wɔyere nkurɔfoɔ gye wɔn nneɛma, adefom, awudie, adwamanmmɔ, ne akohwie ahodoɔ nyina ara, na wɔteaa mu kaa sɛ ɛnsɛ sɛ saa nneɛma yi ba—

19 Na wɔdaa nneɛma a ɛrenkyɛ na aba no adi; aane, wɔdaa Onyankopɔn Ba no mmaɛ no, n’amanehunu ne ne wuo, ne awufoɔ wusɔreɛ no nso adi kyerɛɛ wɔn.

20 Na nkurɔfoɔ no mu dodoɔ no ara bisaa baabi a Nyankopɔn Ba no bɛba; na wɔkyerɛɛ wɔn sɛ ne wusɔreɛ akyire yi no ɔbɛba wɔn nkyɛn; na yei na nkurɔfoɔ no, de ɛdɛ ne ahosɛpɛ kɛseɛ tieeɛ.

21 Na afei wɔtee asɔre no wɔ asaase no so nyina ara wieeɛ na wɔdii ɔbonsam so nkonim no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm no wɔ ne korɔgyee mu a nkekaawa nni mu wɔ asaase no so nyina ara, na Awurade hwiee ne nhyira guu nkurɔfoɔ no so—sei na atɛmmuafoɔ no ahennie afe a ɛtɔ so dunan wɔ wɔn ahennie mu wɔ Nifae nkurɔfoɔ so no baa awieɛ.