Twerɛnsɛm
Eter 5


Ti 5

Adansefoɔ mmiɛnsa ne adwuma no ankasa bɛgyina hɔ ayɛ adanseɛ wɔ Mormon Nwoma no nokware a ɛyɛ.

1 Na afei me Moronae, matwerɛ deɛ mekaae sɛ wɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ no; na maka nneɛma a masɔ ano no akyerɛ wo; ɛno nti mfa wo nsa nka sɛ worebɛkyerɛ aseɛ; ɛfiri sɛ wɔabra wo wɔ saa adeɛ no ho, kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛfa ne nyansa so akyerɛ aseɛ.

2 Na hwɛ, wɔbɛma wo kwan ama wode mprɛte no akyerɛ wɔn a wɔbɛboa ama saa dwumadie yi aba;

3 Na wɔde bɛkyerɛ mmiɛnsa wɔ Nyankopɔn tumi mu; ɛno nti wɔbɛhunu sɛ ampa ara saa nneɛma yi yɛ nokware.

4 Na ɛnam adansefoɔ mmiɛnsa ano mu na saa nneɛma yi bɛdi mu; na ɛnam mmiɛnsa no adanseɛ ne saa dwumadie yi so na Onyankopɔn tumi ne n’asɛm nso bɛda adi, na ɛno na Agya no, ne ɔba no, ne Honhom Kronkron di ho adanseɛ—na yei nyina ara bɛgyina hɔ sɛ adansedie atia wiase wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu.

5 Na sɛ ɛba nso sɛ wɔsakyera na wɔba Agya no hɔ wɔ Yesu din mu a, wɔbɛgye wɔn akɔ Onyankopɔn aheman no mu.

6 Na afei, sɛ menni saa nneɛma yi ho kwan a, mo mua, na mobɛhunu sɛ mewɔ ho kwan wɔ mmerɛ a mobɛhunu me no, na yɛbɛgyina Onyankopɔn anim wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu. Amen.