Twerɛnsɛm
Moronae 3


Ti 3

Asɔre mpanimfoɔ de wɔn nsa gu tiri so hyɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Ɛkwan a akyidifoɔ no a na wɔfrɛ wɔn asɔre mpanimfoɔ no faa so hyɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ—

2 Mmerɛ a wɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no wɔ Kristo din mu wieeɛ no, wɔde wɔn nsa guu wɔn so kaa sɛ:

3 Wɔ Yesu Kristo din mu mehyɛ wo ɔsɔfo (anaa sɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni a, mehyɛ wo ɔkyerɛkyerɛni), mehyɛ wo ɔkyerɛkyerɛni, ama waka nsakyeraɛ ne bɔnefakyɛ a ɛnam Yesu Kristo so, na ɛnam apenee a wasi no wɔ gyedie mu wɔ ne din mu de akɔsi awieɛ. Amen.

4 Na saa kwan yi na wɔfaa so hyɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ, sɛdeɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ɔfrɛ a ɔde frɛ nnipa no teɛ; na wɔnam Honhom Kronkron tumi a ɛwɔ wɔn mu no so hyɛɛ wɔn asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.