Twerɛnsɛm
Mose 4


Ti 4

(Ayɛwohomumɔ–Ahinime 1830)

Sɛdeɛ Satan bɛyɛɛ ɔbonsam—Ɔsɔ Hawa hwɛ—Adam ne Hawa hwe ase, na owuo ba wiase.

1 Na me, Awurade Nyankopɔn, kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Saa Satan no a woahyɛ no wɔ Deɛ Mewoo no Korɔ no din mu no, ɔno ara ne deɛ na ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no, na ɔbaa m’anim, kaa sɛ—Hwɛ, me nie, soma me, mɛyɛ wo ba barima, na mɛgye adasamma nyina ara, sɛdeɛ ɔkra biara rennyera, na ampa ara mɛyɛ; ɛno nti fa wo anidie ma me.

2 Nanso, hwɛ, me Dɔ Ba no, deɛ ɔyɛ me Dɔ Ba na Wɔyii no firii mfitiase no, see me sɛ—Agya, wo pɛ ɛnyɛ hɔ, na animuonyam no nyɛ wo dea afebɔɔ.

3 Ɛno nti ɛsiane sɛ Satan tee me so atua, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛsɛe onipa fahodie a me, Awurade Nyankopɔn mede ama no, na bio, sɛ memfa me ara mankasa tumi mma no no; menam Deɛ Mewoo no Korɔ no tumi so maa wɔtoo no twenee fam;

4 Na ɔbɛyɛɛ Satan, aane, mpo ɔbonsam, atorɔ nyina ara agya no, sɛ ɔbɛdaadaa na wafira nnipa ani, na wadi wɔn anim nnɔmmum mu sɛdeɛ ɔpɛ, mpo dodoɔ no ara a wɔrenntie me nne no.

5 Na afei na ɔwɔ no yɛ aniteɛ pii kyɛne wuram aboa biara a me, Awurade Nyankopɔn, mabɔ.

6 Na Satan de hyɛɛ ɔwɔ no akoma mu, (na na watwe bebree adi n’akyi), na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛdaadaa Hawa nso, ɛfiri sɛ na ɔnnim Onyankopɔn adwene, ɛno nti ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛsɛe wiase.

7 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: So Onyankopɔn aka sɛ—Mma monni turo yi dua biara bi? (Na ɔkasa faa ɔwɔ no ano so.)

8 Na ɔbaa no see ɔwɔ no sɛ: Yɛbɛtumi adi aduaba a ɛwɔ turo no mu nnua no so bi;

9 Nanso dua a wohunu wɔ turo no mfinfini no aduaba no deɛ, Onyankopɔn aka sɛ—Mma monni bi, na mma mommfa mo nsa nnka, anyɛ saa a mobɛwu.

10 Na ɔwɔ no see ɔbaa no sɛ: ampa ara morennwu;

11 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na mobɛyɛ sɛ anyame, na mobɛhunu papa ne bɔne.

12 Na berɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ papa ma aduane, na ɛyɛ aniwa so fɛ, na dua no yɛ akɔnnɔ a ɛbɛte n’ani no, ɔtee aduaba no bi, na ɔdiiɛ, na ɔmaa ne kunu a ɔka ne ho nso bi, na ɔdiiɛ.

13 Na wɔn baanu no ani bueei, na wɔhunuu sɛ na wɔda adagya. Na wɔnwonoo borɔdoma ahahan bɔɔ mu de yɛɛ nsɛneanimu maa wɔn ho.

14 Na wɔtee Awurade Nyankopɔn nne, berɛ a na wɔnenam wɔ turo no mu anwummerɛ no, na Adam ne ne yere de wɔn ho kɔ hintaae firii Awurade Nyankopɔn anim wɔ turo no nnua no ntam.

15 Na, me Awurade Nyankopɔn, mefrɛɛ Adam, na mesee no sɛ: Ɛhe na worekɔ?

16 Na ɔkaa sɛ: Metee wo nne wɔ turo no mu, na mesurooe, esiane sɛ mehunuu sɛ meda adagya, na mede me ho hintaae.

17 Na me, Awurade Nyankopɔn, mesee Adam sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Woadi dua no a mehyɛɛ wo sɛ ɛnni sɛ wodi bie na sɛ ɛyɛ saa a ampa ara wobɛwu no?

18 Na ɔbarima no kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no maa me, na wohyɛɛ sɛ ɔnka me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aduaba no, na mediiɛ.

19 Na me, Awurade Nyankopɔn, mesee ɔbaa no sɛ: Deɛn adeɛ na woayɛ yi? Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, na mediiɛ.

20 Na me, Awurade Nyankopɔn mesee ɔwɔ no sɛ: Esiane sɛ woayɛ yei nti no wɔadome wo boro ntɔteboa nyina ara so, ne wuram mmoa nyina ara mu; wo yafunu so na wobɛnante, na mfuturo na wobɛdi wo nkwa nna nyina ara;

21 Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, w’aseni ne n’aseni ntam; na ɔbɛbɔ wo ti, na wobɛka ne nantini.

22 Na ɔbaa no, me, Awurade Nyankopɔn, mesee no sɛ: Mɛma wo nyinsɛn mu amanehunu adɔɔso kɛse. Yaw mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔbɛdi wo so.

23 Na me, Awurade Nyankopɔn, mesee Adam sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi aduaba a mehyɛɛ wo sɛ—Nni bie no nti, wo nti wɔadome asase no; yaw mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyina ara.

24 Nkasɛe nso, ne nnɛkyɛmse na ɛbɛfifiri ama wo, na wobɛdi wuram mu nhahamma.

25 W’anim mfifire mu na wobɛdidi, kɔsi sɛ wobɛsan akɔ asase mu—ɛfiri sɛ wobɛwu ampa ara—na ɛno mu na wɔyii wo firiiɛ: esiane sɛ woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ.

26 Na Adam too ne yere no din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyina ara na; na saa na me, Awurade Nyankopɔn, mafrɛ deɛ ɔdi kan wɔ mmaa nyina ara mu, na wɔdɔɔ so.

27 Ɛma Adam ne ne yere nso mede nwoma nwonoo atadeɛ maa wɔn, na mede hyɛɛ wɔn.

28 Na me, Awurade Nyankopɔn, mesee Deɛ Mewoo no Korɔ no sɛ: Hwɛ, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn mu baako, ahunu papa ne bɔne; na afei annhwɛ a ɔbɛtene ne nsa na wadi nkwadua no aba no bi nso na watena ase afebɔɔ,

29 Ne saa nti me, Awurade Nyankopɔn, mɛpamo no afiri Eden Turo no mu sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no;

30 Ɛfiri sɛ me, Awurade Nyankopɔn, sɛ mete aseɛ yi, saa ara mpo na me nsɛm nntumi nnsan akyiri kwa, na sɛdeɛ ɛfiri m’ano kɔ adi no ɛwɔ sɛ ɛhyɛ ma.

31 Ɛno nti mepamoo onipa no, na mede Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueɛ fam sɛ wɔmmɔ nkwadua no kwan ho ban.

32 (Na yei ne nsɛm a meka kyerɛɛ m’akoa Mose, na ɛyɛ nokorɛ mpo sɛdeɛ me pɛ teɛ; na maka yeinom akyerɛ wo. Hwɛ na woammfa annkyerɛ onipa biara, kɔsi sɛ mɛhyɛ wo, gye sɛ wɔn a wɔgye die. Amen.)