Twerɛnsɛm
Mose 8


Ti 8

(Ogyefuo 1831)

Metusala hyɛ nkɔm—Noa ne ne mma mmarima ka asɛmpa no—Atirimuɔdensɛm kɛseɛ hyeta—Wɔnntie nsakyeraeɛ ho frɛ no—Onyankopɔn hyɛ sɛ wɔbɛsɛe honam nyina ara wɔ Nsuyire no mu.

1 Na Henok nna nyina ara yɛɛ mfeɛ ahanan ne aduasa.

2 Na ɛbaa sɛ wɔammfa Henok babarima Metusala annkɔ, sɛdeɛ Awurade apam no bɛhyɛ ma, deɛ ɔne Henok yɛɛe no; ɛfiri sɛ ampa ɔne Henok kɔɔ apam ara sɛ Noa bɛyɛ n’asene mu aduaba.

3 Na ɛbaa sɛ Metusala hyɛɛ nkɔm sɛ n’asene mu na ahemman biara a ɛwɔ asase so bɛfiri aba (nam Noa so), na ɔfaa animuonyam maa ɔno ara ne ho.

4 Na ɔkɔm kɛseɛ bi baa asase no so, na Awurade de nnome kɛseɛ dome asase no, na ɛsotefoɔ bebree wuwuui.

5 Na ɛbaa sɛ Metusala tenaa ase mfeɛ ɔha ne aduowɔtwe nson, na ɔwoo Lamek;

6 Na Ɔwoo Lamek akyire yi no, Metusala tenaa ase, mfeɛ ahanson ne aduɔwɔtwe mmienu, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa;

7 Na Metusala nna nyina ara yɛɛ mfeɛ ahankron ne aduosia nkron, na ɔwuui.

8 Na Lamek tenaa ase mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu, na ɔwoo ɔbabarima.

9 Na ɔtoo no din Noa, na ɔkaa sɛ: Saa ɔbabarima yi bɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn adwuma ne yɛn nsa ano ɔbrɛ ho, esiane asase a Awurade adome no nti.

10 Na ɔwoo Noa akyire yi no, Lamek tenaa ase mfeɛ ahanum ne aduɔkron num, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa;

11 Na Lamek nna nyina ara yɛɛ aha nson ne aduoson nson, na ɔwuui.

12 Na Noa nyaa mfeɛ ahanan ne aduonum, na ɔwoo Yafet ; na mfeɛ aduanan mmienu akyire no ɔne deɛ ɔyɛ Yafet maame no woo Sem, na berɛ a ɔnyaa mfeɛ ahanum no ɔwoo Ham.

13 Na Noa ne mma mmarima tiee Awurade, na wɔyɛɛ aso, na wɔfrɛɛ wɔn Onyankopɔn mma mmarima.

14 Na berɛ a saa mmarima no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔredɔre wɔ asase so no, na wɔwowoo mma mmaa maa wɔn no, nnipa mma mmarimma no hunuu sɛ saa mma mmaa no ho yɛ fɛ, na wɔfaa wɔn sɛ yerenom, mpo sɛdeɛ wɔpɛ.

15 Na Awurade see Noa sɛ: Wo mma mmarima mma mmaa no atɔn wɔn ho; na hwɛ m’abufuo redɛre tia nnipa mma mmarima, ɛfiri sɛ wɔrenntie me nne.

16 Na ɛbaa sɛ Noa hyɛɛ nkɔm, na ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn mu nneɛma, mpo sɛdeɛ na ɛteɛ firi ahyɛaseɛ no.

17 Na Awurade see Noa sɛ: Me Honhom ne onipa renni apereapereɛ berɛbiara, ɛfiri sɛ ɔbɛhunu sɛ ɔhonam nyina ara bɛwu; nanso ne nna bɛyɛ ɔha ne aduonu; na sɛ nnipa annsakyera a, mɛsoma nsuyire aba wɔn so.

18 Na wɔ saa nna no mu no na agramo wɔ asase no so, na wɔhwehwɛɛ Noa sɛ wɔbɛyi ne nkwa afiri hɔ; nanso na Awurade ka Noa ho, na na Awurade tumi wɔ ne so.

19 Na Awurade hyɛɛ Noa sɔfoɔ wɔ ɔno ara nhyehyɛeɛ so, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔmfiri adi mfa n’Asɛmpa no nkɔto dwa nkyerɛ nnipa mma, mpo te sɛ deɛ wɔde maa Henok no.

20 Na ɛbaa sɛ Noa frɛɛ nnipa mma sɛ wɔnsakyera; nanso wɔanntie ne nsɛm no;

21 Na bio, wɔtiee no wieeɛ no, wɔbaa n’anim, bɛkaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ Onyankopɔn mma; so yɛmmfaa nnipa mma mmaa sɛ yerenom? So yɛnnidi nnonom, na yɛnwareware na yɛn nyegye awareɛ? Na yɛn yerenom wowo mma ma yɛn, na wɔn korɔ no ara yɛ mmarima atumfoɔ, a wɔte sɛ tete nnipa no, nnipa a wɔagye din kɛse. Na wɔanntie Noa nsɛm no.

22 Na Onyankopɔm hunuu sɛ nnipa atirimuɔdensɛm abɛyɛ kɛseɛ wɔ asase so; na onipa biara ama ne ho so wɔ nsusuiɛ a ɔdwennwene ho n’akoma mu, na ɛkɔɔ so yɛɛ bɔne daa.

23 Na ɛbaa sɛ Noa toaa n’asɛmpaka no so kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, na ɔkaa sɛ: Montie, na monyɛ aso mma me nsɛm;

24 Monye nni na monsakyera mfiri mo bɔne ho na mommɔ asu wɔ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no din mu, mpo tesɛ yɛn agyanom, na mobɛnya Sunsum Kronkron no, ama wɔada nneɛma nyina ara adi akyerɛ mo; na sɛ moannyɛ yei a, nsuyire no bɛba mo so; nanso wɔanntie.

25 Na Noa nuu ne ho, na ɛyɛɛ n’akoma ya sɛ Awurade ayɛ onipa wɔ asase so, na ɛhyɛɛ n’akoma awerɛhoɔ.

26 Na Awurade kaa sɛ: Mɛsɛe onipa a mabɔ no, afiri asase so, onipa ne aboa nyina ara, ne mmoa a wɔwea, ne wiem nnomaa; ɛfiri sɛ Noa anu ne ho sɛ mebɔɔ wɔn, na meyɛɛ wɔn; ɛfiri sɛ wasu afrɛ me; na wɔahwehwɛ ne nkwa.

27 Na saa na Noa nyaa adom wɔ Awurade anim; ɛfiri sɛ na Noa yɛ onipa a ɔtene, na ɔyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ so; na ɔne Onyankopɔn nantee, sɛdeɛ ne mma mmarima baasa Sem, Ham, and Yafet nso yɛɛe no.

28 Na asase no aporɔ wɔ Onyankopɔn anim, na na basabasayɛ ahyɛ so ma.

29 Na Onyankopɔn hwɛɛ asase no so, na, hwɛ, na aporɔ, ɛfiri sɛ na honam nyina ara asɛe ne kwan wɔ asase so.

30 Na Onyankopɔn see Noa sɛ: Honam nyina ara awieɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ basabasayɛ ahyɛ asase so ma, na hwɛ mɛsɛe honam biara a mayɛ no afiri asase so.