Ayɛyɛdeɛ ne Paemuka
Abusua no: Dawubɔ ma Wiase


Abusua no

Dawubɔma Wiase

Atitenafoɔ a Edi Kan ne Agyinatufoɔ a wɔyε Asomafoɔ Dumienu ma “The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints”

Yεn ATITENAFOƆ A Edi Kan ne Agyinatufoɔ a yεyε Asomafoɔ Dumienu ma “The Church of Jesus Christ of Latter-Day Saints”, bɔ dawuro aniberε so sε ɔbarima ne ɔbaa awareε yε Onyankopɔn ahyehyεdeε ne saa nti abusua yε nyinasoɔ wɔ ɔbɔadeε no nhyehyεeε mu wɔ ɔnniawieε hyεberε ma ne mma.

Nnipa nyinaa – ɔbarima ne ɔbaa – Onyankopɔn bɔɔ wɔn sε ne sεso. Wɔn mu biara yε ɔsoro awofoɔ homhom mu dɔba-barima anaa ɔbaa, ne saa nti, wɔn mu biara wɔ bɔsu ne hyεberε a εyε nyamesu. Bɔberε yε su titiriw ma ankorεankorε ansana asaase so asetena,asaase so asetena,ne enniawieε ahyεnso ne botae.

Ansana asaase so asetena tebea mu no, na homhom mu mma mmarima ne mmaa nim na wɔsomm Onyankopɔn sε wɔn ɔnniawieε Agya na wɔgyee ne nhyehyεeε too mu a, εnam so bεma ne mma atumi anya honamdua na wanya asaase yi so suahunu a wɔde bεtu mpɔn akɔ pεpεyɔ mu na ne korakora no wanya nyamesu hyεberε sε daa nkwa diadefoɔ. Nyamesu anigyeε nhyehyεeε boa abusua nkutahodie ma no tra damena. Ayεyεdeε kronkron ne apam wɔ tempols kronkron mu boa ankorεankorε sε wɔbεtumi asan akɔ Onyankopɔn anim na abusua nso anya nkabom a enni awieε.

Mmaransεm a edi kan a Onyankopɔn de maa Adam ne Eve fa wɔn tumi a wɔn wɔ ma awofoyε sε ɔkunu ne ɔyere ho. Yεpae mu ka sε Onyankopɔn mmaransεm ma ne mma sε wɔnnɔre na wɔnhyε asaase so ma no gu so reyε adwuma. Yεkɔ so pae mu ka sε Onyankopɔn ahyε mmara sε tumi kronkron a wɔde woɔ no,εsε sε εyε adwuma wɔ ɔbarima ne ɔbaa a waware mmara kwan so sε ɔkunu ne ɔyere nkoaa ntam.

Yεpae mu ka sε kwan a wɔfa so bɔ nnipadua a εwuo no, mfa nyamesu. Yεsi asetena kronkron so dua, ne ho hia a εhia wɔ Onyankopɔn nhyehyεeε a εnni awieε mu.

Okunu ne ɔyere wɔ asɛdeɛ a ɛmu yɛden sɛ wɔdɔ na wɔhwɛ wɔn ho wɔn ho ne wɔn mma. “Mma yɛ Awurade no agyapadeɛ” (Nwom 127:3). Awofoɔ wɔ asɛdeɛ kronkron sɛ wɔtete wɔn mma ɔdɔ ne trenee mu, ma wɔn deɛ ehia honam ne honhom mu, kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ na wɔsom wɔn ho wɔn ho, di Onyankopɔn mmarasɛm so, na wɔyɛ Ɔman mma pa di mmara so baabiara a wɔbɛtena. Okununom ne yerenom – ɛnanom ne agyanom – bɛbu akonta wɔ Onyankopɔn anim wɔ kwan a, wɔfaa so yɛɛ saa asɛdeɛ yi.

Abusua no yɛ Onyankopɔn ahyehyɛdeɛ. Obarima ne ɔbaa ntam awareɛ yɛ ade titiriw wɔ ne nhyehyɛeɛ a ɛnni awieɛ no mu. Mma wɔ akwanya sɛ wɔwo wɔn wɔ awareɛ mmara mu, na agya ne ɛna a wɔde nokwaredie mmapa di wɔn awareɛ bɔhyɛ ho ni no tete wɔn. Abusua asetena mu anigyeɛ bɛtumi awie pɛyɛ wɔ berɛ a ne fapem gyina Awurade Yesu Kristo no so. Awareɛ ne mmusua mu nkɔsoɔ, ne mmaeɛ ne nyinaeɛ ɛba mu wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnam gyidie, mpaebɔ, adwensakyera, bɔnefakyɛ, obuo, ɔdɔ, tema, adwuma ne agodie ahodoɔ a ɛho teɛ. Nyamesu nhyehyɛeɛ mu no, ɛsɛ sɛ agyanom tena wɔn abusua ti wɔ ɔdɔ ne trenee mu na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔde asetena mu adehiadeɛ ne banbɔ ma wɔn mmusua Ɛnanom asɛdeɛ a edi kan ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma Wɔ saa asɛdeɛ kronkron yi mu no, ɛyɛ ɔhyɛ ma agyanom ne ɛnanom sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho sɛ ahokafoɔ atipɛnfoɔ. Dɛmdie, Owuo, anaa tebea foforɔ bɛtumi de ankorɛankorɛ akɔ yɔbea foforɔ mu. Ɛsɛ sɛ mmusua tɛtrɛtɛ no yɛ mmoa berɛ a ɛhia.

Yɛbɔ kɔkɔ sɛ ankorɛankorɛ a wɔsɛe ɔbra korɔgyee apam, wɔteetee ɔhokani anaasɛ ɔnni abusua ahyɛdeɛ soɔ bɛgyina Onyankopɔn anim abu nkonta da bi. Bio, yɛbɔ kɔkɔ sɛ abusua ntetemu de owene bɛberɛ ankorɛankorɛ, nkuro ne aman sɛnea tete ne nnɛ mmerɛ yi mu nkɔmhyɛfoɔ hunu kaae no.

Yɛse aman mma pa ne aban mu asomfo a ɛwɔ baabiara sɛ wɔmpagya saa nhyehyɛeɛ a wɔahyehyɛ sɛ abusua bɛgyina na ahyɛ den sɛ ɔman kuo ketewa fapem.