2010–2019
Mmammaa Adɔfoɔ
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Mmammaa Adɔfoɔ

Deɛ yɛde akoma nyinaa reyɛ wɔ Maayewa ho yɛ pɛ a ɛbɛboa ama moanya gyedie a ɛnhinhim wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

Me nuammaa, ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛahyiamu! Yɛredi adiyisɛm a wɔrehwiegu yɛn so a ɛka akoma na ano yɛ den ho adanseɛ.

Yɛrehyɛ aseɛ no, mepɛ sɛ mede nnamfoɔ bi kyerɛ mo; wɔyɛ mmaayewa soronko wɔ adom akyɛdeɛ, amanneɛ, ne ankorankorɛ ne abusua tebea mu. Wɔn mu biara, te sɛ mo nyinaa moteɛ, moaka m’akoma.

Mfoni
Bella

Ɛdi kan, hyia Bella. Ɔgyina hɔ pintinn sɛ abaayewa a ɔno nko ara wɔ ne branch wɔ Iceland.

Mfoni
Josephine

Hyia ahofamani Josephine a ɔfiri Afrika, a wahyɛ aseɛ resua Mormon Nwoma no dabiara. Ɔrehunu tumi ne nhyira a ɛfiri saa gyedie tiawa, dwumadie yi mu ba.

Mfoni
Ashtyn

Ne korakora, hyia Ashtyn, abaayewa nwanwasoɔ a ɔfirii mu wɔ kansa yareɛ a ɔkoo no mfeɛ nsia. N’adanseɛ a ɛfa Yesu Kristo Mpata no ho da so ara gyegye wɔ m’akoma mu.

Mo nyinaa yɛ mmaayewa soronko. Moyɛ soronko, obiara wɔ n’akyɛdeɛ ne suahunu nanso moyɛ adekorɔ wɔ akwan a ɛho hia na enniawieɛ mu.

Moyɛ Ɔsoro Awofoɔ honhom mma ankasa, na biribiara ntumi ntete mo ne wɔn dɔ ne Agyenkwa no dɔ mu.1 Berɛ a moretwe bɛn No no, mpo abɔfra anammɔn nketewa a motu kɔ animu no, mohunu asomdwoeɛ a ɛnniawieɛ a ɛbɛtena mo akoma mu sɛ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo akyidifoɔ nokwafoɔ.

President Russell M. Nelson ase me sɛ me ne mo nkyɛ nkanyan nsakyeraeɛ a ɛbɛboa ama [mo] “ankorankorɛ nnepa kronkron no anyini”2 na mo teneneeyɛ nso anyini. Mɛkasa afa nsakyeraeɛ no mu mmea ɛnan anadwo yi.

Mmaayewa Asɛntire

Ɛdi kan, deɛ yɛyɛ no akoma mu nyinaa ɛyɛ yɛn pɛ a ɛbɛboa mo ama moanyagyedie a ɛnhinhim wɔ Awurade Yesu Kristo mu3 ne nimdeɛ kann wɔ mo ahyɛsodeɛ mu sɛ Onyankopɔn mma mmaa.

Anadwo yi, mepɛ sɛ mede Mmaayewa Asɛntire no nsakyeramu to dwa. Mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛte Honhom Kronkron no adanseɛ nka wɔ asɛntire foforɔ a merebɛka yi nokorɛ a ɛyɛ:

Meyɛ ɔsoro awofoɔ dɔ ba baa,4 a mewɔ abɔsuo kronkron ne hyɛbrɛ a ɛnniawieɛ.5

Sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi,6 mepere sɛ mɛyɛ te sɛ Ɔno.7 Mehwehwɛ na meyɛ deɛ me ankasa m’adiyisɛm kyerɛ8 na mesom afoforɔ wɔ Ne din kronkron mu.9

Mɛgyina sɛ Onyankopɔn danseni wɔ mmerɛ nyinaa ne adeɛ nyinaa mu ne baabiara.10

Berɛ a merepere afata mpagya,11 m’ani sɔ adwensakyera akyɛdeɛ no12 na mehwehwɛ atu mpɔ dakoro biara13 Wɔ gyedie mu,14 mɛhyɛ me fie ne abusua den,15 mɛyɛ na madi apam kronkron so,16 na magye ayɛyɛdeɛ17 ne tɛmpol kronkron mu nhyira.18

Hyɛ nsesaeɛ a ɛfiri “yɛn” so akɔ “me” so. Saa nokorɛ kɔ ma mo mu biara. Wo Ɔsoro Awofoɔ dɔba baa. Wo Agyenkwa, Yesu Kristo apam kyidinii. Meto nsa frɛ wo sɛ dwene na sua saa nsɛm yi. Menim sɛ woyɛ a, wobɛnya adansedie wɔ wɔn nokorɛ a wɔyɛ ho. Sɛ wote saa nokorɛ yi nom ase a ɛbɛsesa ɔkwan a wofa so hyia ɔhaw. Wohunu wahyɛnso ne wobataeɛ a ɛbɛboa wo ama wode wo pɛ atoto Agyenkwa no deɛ ho.

Asomdwoeɛ ne akwankyerɛ bɛyɛ wodea berɛ a wodi Yesu Kristo akyi.

Mmaayewa Agyinapɛn

Nsakyeraeɛ no fa a ɛtɔ so mmienu no ka Mmaayewa Agyinapɛn no. Elder Neal A. Maxwell se, “Mpɛn pii deɛ nnipa hia no kɛseɛ ne sɛ wɔbɔnya banbɔ afiri abrabɔm haw mu wɔ dwankɔbea a nyetomu wɔ hɔ.”19 Ɛwɔ sɛ yɛn gyinapɛn no yɛ dwankɔbea firi ɔhaw mu, beaeɛ a ɛdwoɔ na ɔdɔ ne nyetomu wɔ hɔ. Mmɔdemmɔ a yɛde rehyehyɛ koroyɛ a ɛso, ahyɛ ayɔnkofa mu den, na nyetomu atenka no akɔ soro wɔ mmaayewa mu no, na yɛreyɛ nsakyeraeɛ wɔ gyinapɛn nhyehyɛeɛ mu.

Mfeɛ boro 100 nie, wɔakyekyɛ mmaayewa agyinapɛn mu mmeɛnsa. Yɛrehyɛ aseɛ prɛko pɛ yi, yɛto nsa frɛ Mmaayewa akandifoɔ ne bishop nom sɛ wɔmmɔ mpaeɛ mfa abaayewa biara ahiasɛm ho na wɔnhyehyɛ wɔn wɔ ward biara tebea pɔtee mu. Sɛdeɛ nhwɛsoɔ no bi bɛyɛ nie.

  • Sɛ wo wɔ mmaayewa kakra bi a, wobtumi anya Mmaayewa Agyinapɛn koro a wɔn nyinaa hyia bom.

  • Ebia na wo wɔ mmaayewa a wɔadi mfeɛ 12 a wɔdɔɔso ne mmaayewa a wɔanyinyini ketewa bi. Wobɛtumi anya gyinapɛn mmienu: Mmaayewa a wɔadi mfeɛ 12 ne Mmaayewa a wɔadi mfeɛ13–18.

  • Anaa sɛ wowɔ ward a ɛso a mmaayewa 60 ɛba a, wobɛtumi anya agyinapɛn nsia, a koro biara wahyehyɛ no wɔ mfeɛ a wɔadie so.

Sɛdeɛ wɔahyehyɛ mo agyinapɛn biara, mo mmaayewa mo ho hia wɔ koroyɛ nkyekyereɛ mu. Yɛ hann ma wɔn a wɔatwa wo ho ahyia. Yɛ ɔdɔ ne tema sɛdeɛ worehwehwɛ afiri afoforɔ hɔ. Ɛnam w’akoma mu mpaebɔ so, kɔ so ara tene wo nsa na yɔ papa. Berɛ a woreyɛ saa no, ayamyɛ bɛhyɛ w’abrabɔ mu ma. Wobɛnya atenka papa afa afoforɔ ho na wobɛhunu sɛ wɔn papa nso aba wo so.

Mmaayewa Agyinapɛn Adin

Ɛtɔ so mmeɛnsa, wɔ saa agyinapɛn akuo foforɔ yi, wɔbɛfrɛ agyinapɛn no nyinaa wɔ koroyɛ din mu “Mmaayewa”20 Yɛbɛyi edin “Beehive,” “Mia Maid,” ne “Laurel” afiri hɔ.

Hyɛ agyinapɛn Atitenafoɔ Den

Deɛ ɛtwa toɔ a mepɛ sɛ meka ho asɛm yɛ agyinapɛn atitenafoɔ no ho mfasoɔ. Ɛmfa ho sɛdeɛ Mmaayewa Agyinapɛn no wɔahyehyɛ no, gyinapɛn biara hia sɛ wɔnya agyinapɛn atitenafoɔ!21 Ɛyɛ nhyehyɛeɛ kronkron sɛ wɔfrɛ mmaayewa sɛ wɔdi kan wɔ wɔn mmabunu berɛ mu.

Gyinapɛn atitenafoɔ asɛdeɛ ne botaeɛ no wɔahyɛ mu den na wɔakyerɛkyerɛ mu pefee. Nkwagyeɛ adwuma no yɛ asɛdeɛ soronko no mu baako, titire ɛsom fa mu, nsɛmpaterɛ adwuma mu, nkanyan ne tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma mu.22 Aane, sei na yɛboaboa Yesrai ano23—mmaayewa nyinaa animuonyam adwuma sɛ Awurade no mmabunu asradɔm.

Sɛdeɛ monim no,wɔ Asɔre no nkyekyɛmu biara mu, Awurade no frɛ atitenafoɔ ma wɔdi Ne nkorɔfoɔ anim. Mmaayewa, sɛ moreyɛ gyinapɛn atitenafoɔ mu bi tumi yɛ akwanya a ɛdi kan wɔ mpanindie nhyehyɛeɛ mu. Mpanimfoɔ akandifoɔ, yɛ gyinapɛn atitenafoɔ frɛ no asɛmhia na wɔdi wɔn nkyɛn mudi wɔn anim, tufo na wɔ kyerɛkyerɛ wɔn sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi nkonim.24 Mpanimfoɔ no suahunu biara a wɔwɔ sɛ gyinapɛn atitenafoɔ no, wɔhyɛ aseɛ firi baabi a wɔwɔ na wɔboa wɔn ma wɔnyini wɔ nimdeɛ ne ahotɔsoɔ a ɛbɛhyira wɔn sɛ akandifoɔ. Twe bɛn wɔn, nanso nnye mfiri wɔn nsam. Honhom no bɛkyerɛ wo kwan berɛ worekyerɛ wɔn kwan.

Mfoni
Chloe

Merekyerɛ awofoɔ ne akandifoɔ asɛdeɛ sɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ma menka abasɛm yi. Wɔfrɛɛ Chloe sɛ ɔnsom sɛ gyinapɛn titenani. Ne sɔfo panin tuu no fo sɛ ɔnhwehwɛ Awurade mmoa wɔ edin a ɔbɛkamfo wɔn ayɛ n’atitenafoɔ no. Chloe bɔɔ mpaeɛ nyaa nkanyan wɔ wɔn a ɔbɛkamfo wɔn ayɛ n’afotufoɔ no ntɛm so. Ɔgu so redwendwen na ɔbɔ mpaeɛ afa twerɛtwerɛfoɔ ho no, honhom no toatoaa so twee n’adwene sii abaayewa bi so a ɛyɛɛ no nwanwa—obi a ɔntaa mma asɔre anaa dwumadie biara.

Ehu a ɛbɔɔ no wɔ atenka no ho nti, Chloe bɔɔ ne maame amaneɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔkwan baako a yɛnam so nya adiyisɛm yɛ adwene a ɛtoa toa so ba. Wɔ ahotɔsoɔ foforɔ mu, Chloe tee nka sɛ ɔbɛtumi akamfo saa abaayewa yi. Bishop no frɛɛ no, na abaayewa yi penee so. Wɔtuu no sii hɔ wieeɛ no, ɔtwerɛtwerɛfoɔ a n’ani agyeɛ yi kaa sɛ, “Wonim, mennwenee da sɛ me wɔ diberɛ bi, anaa me ho bɛhia wɔ baabi. Mannsusu sɛ me fata. Nanso saa ɔfrɛ yi nti, mete nka sɛ Ɔsoro Agya no wɔ botaeɛ ne diberɛ bi ma me.” Chloe ne ne maame firii nhyiamu no ase no, Chloe twaa n’ani hwɛɛ ne maame na ɔde nnisuo kaa sɛ, “Adiyisɛm yɛ nokorɛ! Adiyisɛm yɛ adwuma ampa!”

Gyinapɛn atatenafoɔ, Onyankopɔn na wafrɛ mo na wagye mo adi sɛ monni Ne mmammaa kuo bi anim. “Awurade no nim wo. Wapa wo.”25 Wɔatu wo asi hɔ nam obi a ɔwɔ asɔfodie tumi so; yei kyerɛ sɛ woredi wo frɛ no dwumadie no, na wode asɔfodie tumi no reyɛ adwuma. Wowɔ adwuma a ɛhohia yɛ. Ma w’ani nna hɔ na yɛ deɛ Honhom Kronkron no kakyerɛ woɔ. Berɛ a woreyɛ saa no, wobɛtumi asom wɔ ahotɔsoɔ mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wosom!

Gyinapɛn atitenafoɔ, yɛ hia mo nyansa, mo nne, ne ahoɔden wɔ mmabunu agyinatukuo foforɔ a Elder Quentin L. Cook detoo dwa ɛnnɛ no. Mo ho hia wɔ pomasiberɛ a yɛ hia sɛ sɔ mo nuanom mmaa ne mmarima ahiasɛm ano.26

Saa gyinapɛn akuo ne mpanimfoɔ nsakyeraeɛ yi bɛtumi ahyɛ aseɛ wɔ wards ne branches mu berɛ a wɔayɛ krado nanso ɛwɔ sɛ ɛnuru Ɔpɛpɔn 1, 2020 na ahyɛ aseɛ.

Me nuanom mmaa, medi adanseɛ sɛ saa nsakyeraeɛ yi a maka ho asɛm nnɛ yi yɛ akwankyerɛ a ɛfii Awurade no. Berɛ a yɛrebɔ mmɔden ayɛ saa nsakeraeɛ yi adi dwuma no, mommma yɛn werɛ mfiri yɛn botaeɛ: tirimu pɔ a yɛabɔ sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi na yɛaboa afoforɔ ama wɔn aba Ne nkyɛn. Medi adanseɛ sɛ yei yɛ N’asɔre. Meda No ase sɛ wama yɛn kwan wɔ N’adwuma kronkron no mu.

Mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom korɔ no ara akyerɛ mo kwan wɔ saa nsesaeɛ yi mu bɛkyerɛ mo kwan berɛ a mo repere akɔ mo anim wɔ apam kwan no so. Me di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen