2010–2019
Apam Asehyɛ
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Apam Asehyɛ

Sɛ yɛbɛyɛ Nyankopɔn dea na yɛne yɛn ho yɛn ho bɛnante abom wɔ N’apam kwan so yɛ sɛ wɔbɛhyira yɛn wɔ apam ase hyɛ mu.

Anuanom adɔfoɔ, abasɛm bi wɔ hɔ a ɛfa abofra bi a ɔresua mpaeɛbɔ. “Meda wase ma atwerɛ A, atwerɛ B, atwerɛ G.” Abofra no mpaeɛ no toa so, “Meda wase ma ntwereɛ X,Y, Y. Soro Agya, meda wase ma aba 1, aba 2.” Na ɛha Mmofra kyerɛkerɛni no nanso ɔtwɛn yɛ. Abofra no kaa sɛ, “meda wase ma aba 5, aba 6--na meda wase ma me kyerɛkyerɛni. Ɔno pɛ ne nipa a ɔma me wie me mpaeɛ.”

Soro Agya tie abofra biara mpaeɛ. Wɔ ɔdɔ a ɛni awieiɛ mu, Ɔsrɛ sɛ yɛmmra, nya gyidie na yɛnhyɛ apam aseɛ.

Nnaadaa, anisoɔ ne adanedenee pii wɔ wiase mu. Nneɛma pii ayɛ anisoɔ kɛkɛ, ɛbɛtwam. Sɛ yɛyi nkatanim no to nkyɛn, nnaadaa, mepɛ wei ne mempɛ wei, yɛbɛhu sɛ yɛhia biribi a ɛboro anisoɔ ahuhudeɛ, honam mu twaka anaa pɛsɛmenkomenya a yɛwa ma wiase nneɛma. Asɛmpa ne sɛ, ɛkwan wɔ hɔ a yɛde yi saa asɛm yi ano.

Sɛ yɛkɔ Nyankopɔn mmrasɛm sɛ yɛn nnɔ No ne wɔn a atwa yɛn ho a wɔ apam mu a, yɛnnni so sɛ ahɔhoɔ anaa ananafoɔ, mmom, sɛ Ne mma wɔ fie.1 Tete nyansasɛm no gu so yɛ nokorɛ. Sɛ yɛhwere wiase wɔ apam aseɛ hyɛ mu a, ɛma yɛhu yɛn ho na yɛde yɛn ho daapem kwanpa so2fahodie, nkwa ankasa--na ɛkyerɛ twaka a ɛsomboɔ. Apam asehyɛ yɛ sɛ yɛnam ayɛyɛdeɛ kronkron so bɛhyɛ Nyankopɔn ne yɛn ho bɔ ma ɛde tumi a ɛwɔ nyame mu aba yabrabɔ mu.3 Sɛ yɛde yɛn ho nyinaa hyɛ apam aseɛ a, yɛbɛtumi abɛboro sɛdeɛ na yɛteɛ so. Apam ase hyɛ ma yɛn kwan, kasakyerɛ, ne ahoɔden ma yɛabɛyɛ. Ɛde gyedia a ɛma nkwa ne ɔgyeɛ ba.4

Apam kronkron de ɔdɔ ma, firi Nyankopɔn hɔ ba, ne yɛnho-yɛnho. Nyankopɔn yɛn Soro Agya dɔ yɛn, nim yɛn kyɛn sɛdeɛ yɛdɔ yɛn ho anaa yɛnim yɛn ho. Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne nsakraeɛ (nnuho) de adom, ahummɔborɔ ne bɔnefakyɛ ba. Weinom kyekye yɛn werɛ wɔ ɔyeaa, ankonam ne ntɛnkyea a yɛfa mu wɔ asaase so. Sɛ Ɔyɛ Nyankopɔn, yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ kɛseɛ paa—N’anigyeɛ, Ne daa nkwa.5

Yɛn Nyankopɔn yɛ apam Nyankopɔn. Wɔ Ne bɔbea mu, Ɔde apam so na Ɔkyerɛ ahummɔborɔ”6 N’apam te hɔ “mmerɛ tentene a mmerɛ bɛkɔ akɔduru, anaa sɛ asaase bɛtena hɔ, anaa sɛ nipa baako pɛ bɛka asaase so ama wagye ne nkwa.”7 Wammmɔ yɛn sɛ yɛn nenam wiase a nnyinasoɔ biara nni mu, mmom, sɛ yɛnni ahurusie wɔ apam mu twaka a “ɛyɛ den kyɛn owuo ahoma.”8

Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ ne apam ho nhyehyɛɛ wɔ kɔ ma adasamma nyinaa na akwanya wɔ hɔ ma ankorɛankorɛ biara. Wɔ Nyankopɔn nokorɛ mu, onipa biara wɔ baabiara bɛtumi anya nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ. Ɔpɛ wɔ mu--obiara yi sɛ ɔbɛgye ayɛyɛdeɛ no anaa sɛ ɔnnnye. Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ ma yɛn akwankyerɛ wɔ N’apam kwan so. Yɛfrɛ Nyankopɔn nhyehyeɛ a ɛde Ne mma ba fie no sɛ nkwagyeɛ nhyehyeɛ, anigyeɛ nhyehyeɛ, ɔgyeɛ nhyehyeɛ. Ɔgyeɛ, nkwagyeɛ,soro anigyeɛ wɔ hɔ esiane sɛ Yesu Kristo “yɛɛ mpata mapa.”9

Sɛ yɛbɛyɛ Nyankopɔn dea na yɛne yɛn ho yɛn ho bɛnante abom wɔ N’apam kwan so yɛ sɛ wɔbɛhyira yɛn wɔ apam ase hyɛ mu.

Ɛdikan, apam ase hyɛ gyina Yesu Kristo so sɛ “ntamgyinafoɔ wɔ apam foforɔ no mu.”10 Adeɛ nyinaa bɛtumi adi aboa yɛn yieyɔ berɛ a “yɛate yɛn ho wɔ Kristo mu wɔ Agya no apam mu.”11 Nhyira pa ne bɔhyɛ nyinaa ba wɔn a wɔtumi gyina kɔ si awieɛ. “Anigyeɛ tebea a wɔn a wɔdi Nyankopɔn mmransɛm so no” ne sɛ “wɔbɛhyira wɔn adeɛ nyinaa mu, honhom ne honam mu,” na wɔne Nyankopɔn bɛtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieɛ.”12

Sɛ yɛyere yɛn ho di yɛn apam so a, ɛtɔda a yɛbɛte nka sɛ asoro abɔfoɔ ka yɛn ho. Na yɛbɛwɔ--wɔn a wɔdɔ yɛn na wɔhyira yɛn wɔ nkatanim no fa ha, ne wɔn a wɔdɔ yɛn na wɔhyira yɛn wɔ nkatanim no akyi.

Ɛnkyɛree na me ne onuabaa Gong hunuu apamaseni mapa bi wɔ ayaresabea dan bi mu. Na agya bi a ɔnnyiniiɛ hia sɛ wɔbɛma no dwonsɔtwaa akwaa foforɔ. Na n’abusuafoɔ asu, akyere kɔm, abɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛnya bi. Berɛ a nteeɛ baaɛ sɛ wɔn anya dwonsɔtwaa akwaa no bi, ne yere kaa bɔkɔɔ sɛ” megyedi sɛ abusua korɔ no ama ho kwan.” Sɛ yɛbɛhyɛ apam aseɛ, wɔ Ɔsomafoɔ Paul nsɛm mu no, ɛyɛ “sɛ me ne wo bɛnya awerɛkyekyerɛ abom wɔ gyedie mu.”13

Wɔ ɔbra akwantuo mu no, yɛtumi hwere gyedie wɔ Nyankopɔn mu, nanso Ɔnhwere gyedie wɔ yɛn mu. Sɛdeɛ ɛteɛ no, Ne kanea no si so mmerɛ nyinaa. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra N’apam kwan no so. Wayɛ krado retwɛn ayɛ yɛn atuu, mpo sɛ yɛwɔ akyirikyiri a.”14 Sɛ yɛde gyedie aniwa hwɛ akwankyerɛ, anaa keka yɛn suahunu sisi ani a, yɛbɛtumi ahunu N’ahummɔborɔ mapa ne nkanyan, titire wɔ yɛn nsɔhwɛ mu, awerɛhoɔ, ne akwansideɛ ne yɛn anigyeɛ mu. Ɛmfa ho ne mpɛn dodoɔ a yɛbɛhwe ase, sɛ yɛpem kɔ Ne nkyɛn a, Ɔbɛboa yɛn nkakrakakra.

Ɛtɔ so mmienu, Mormon nwoma no yɛ adanseɛ a yɛbɛtumi akuta no yɛn nsa mu ahyɛ apam aseɛ. Mormon Nwoma no yɛ bɔhyɛ akadeɛ a yɛde boaboa Nyankopɔn mma a wɔahyɛ ho nkɔm sɛ ɛno ne apam foforɔ.15 Berɛ a yɛrekenkan Mormon Nwoma no, yɛn ne afoforɔ, ɛmfa ho sɛ yɛbɛkan no wɔ yɛn ano anaa yɛn tirim, yɛbɛtumi abisa Nyankopɔn, wɔ akoma pa mu, wɔ gyedie wɔ Kristo mu” na ɛnam Honhom Kronkron no tumi mu wobɛnya ahotɔsoɔ sɛ Mormon nwoma no yɛ nokorɛ.16 Ahotɔsoɔ sɛ Yesu Kristo ne yɛn Agyenkwa, Joseph Smith ne Sanfama no mu nkɔmhyɛni, na Awurde Asɔre no Ne din na ɛda so--Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ.17

Mormon Nwoma no kasa fa apam dada ne foforɔ so kyerɛ yɛn a yɛyɛ Lehi mma, “nkɔmhyɛfoɔ no mma.”18 Mo agyanom gyee apam mu bɔhyɛ sɛ mo, wɔn asefoɔ, mobɛte wɔn nne te sɛ ɛfiri fam wɔ Mormon Nwoma no mu.19 Saa ɛne a mote berɛ a morekenkan no di adanseɛ sɛ moyɛ “apam ase mma”20 na Yesu yɛ wo dwanhwɛfoɔ papa.

Mormon Nwoma no to nsa frɛ yɛn mu biara, wɔ Alma nsɛm mu, sɛ “yɛne Awurade nkɔ apam, sɛ yɛbɛsom no na yɛadi ne mmransɛm so, sɛdeɛ ɔde ne honhom bɛgu [yɛn] so mmorosoɔ.”21 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsesa yɛ papa—sɛdeɛ obi aka no sɛ, “yɛbɛfiri ateetee mu akɔ anigyeɛ mu sɛdeɛ yɛn ani bɛgye a”—yɛma yɛn ho kwan ma akwankyerɛ, mmoa, ne ahoɔden. Sɛ yɛnam apam so ba Nyankopɔn nkyɛn ne agyidifoɔ nokorɛdiefoɔ mu a, yɛbɛtumi anya bɔhyɛ nhyira a ɛwɔ Kristo nkyerɛkyerɛ mu22seesei ara.

Asɔfodie tumi a wasan-de-aba a ɛhyira Ne mma nyinaa yɛ ɔfa a ɛtɔ so mmeɛnsa wɔ apam asehyɛ mu. Wɔ saa berɛ yi mu, Osubɔni Yohane, Asomafoɔ Petro, Yakobo ne Yohane aba wɔ animuonyam mu sɛ abɔfoɔ de asɔfodie tumi no aba.23 Nyankopɔn asɔfodie tumi ne N’ayɛyɛdeɛ ma ayɔnkofa wɔ asaase so yɛ dɛ na ɛma apam mu twaka tene yɛ adwuma wɔ soro.24

Asɔfodie tumi no bɛtumi ahyira yɛn firi awoɔ kɔ owuo mu—firi abadintoɔ ne nhyira dekɔsi nnaso nteho. Asɔfodie tumi nhyira ma ayaresa, awerɛkyekyerɛ ne afotuo. Na agya bi bo afu ne babarima, kɔsii sɛ bɔnefakyɛ baeɛ berɛ a agya no maa ne ba no asɔfo nhyira. Ɔno pɛ na ɔyɛ asɔreba wɔ n’abusua mu, abaayewa bi a na ɔnsi pi wɔ ɔdɔ a Nyankopɔn wɔ ma no ho kɔsii sɛ ɔnyaa nkanyan asɔfoɔ nhyira. Wɔ wiase afanan nyinaa, agyapanin animuonyamfoɔ siesie wɔn ho honhom mu de ma nhyira. Berɛ a agyapanin de ne nsa bɛgu wo ti so no, ɔte nka na ɔka Nyankopɔn nhyira ma wo. Ɔka abusua a wohyɛ aseɛ wɔ Israel fie. Ɔkyerɛ nhyira firi Awurade no hɔ. Wɔ adwene pa mu, patriarch bi yere kakyerɛɛ me kwan a ɔne n’abusua frɛ Honhom no wɔ da a wɔn agya bɛma agyapanyin nhyira.

Ne korakora no, nhyira a ɛwɔ apam asehyɛ ba berɛ a yɛbɛdi Awurade nkɔmhyeni akyi na yɛbɛdi ahurusie wɔ apam abrabɔ mu a awareɛ ka ho. Apam awareɛ bɛyɛ nyameama na ɛtena hɔ daa berɛ a dabiara yɛhwehwɛ yɛn abusua ne yɛn hokani anigyeɛ kane. Berɛ a “me” bɛdane “yɛn,” yɛnyini bom. Yɛyɛ mpanimfoɔ bom, yɛyɛ mmɔfra bom. Berɛ a yɛrehyira yɛn-ho-yɛn-ho wɔ abrabɔ mu wɔ ahofama mu no, yɛnya yɛn adaeɛso wɔ ahoteɛ mu anigyeɛ ne anidasoɔ mu, wɔ mmerɛ ne daapem mu.

Ɛwom sɛ tebea biara da nso, sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara nyinaa, na sɛ yɛbisa hwehwɛ Ne mmoa wɔ kwan no so a, Awurade no bɛboa yɛn, wɔ Ne berɛ mu afa Honhom Kronkron no so.25 Wɔn a wɔte wɔn ho aseɛ na wɔhyɛ awareɛ apam— nkaeɛ a ɛkyerɛ Nyankopɔn ne yɛn nnidie a yɛwɔ ma ɔpɛ ne Ne mmoa nhyira berɛ a yɛkabom hwehwɛ .

Apam ase hyɛ so mfasoɔ wɔ abusua awoɔntoatoasoɔ mu ba wɔ yɛn fie mu ne akoma mu. Mesrɛ momma memfa me nhwɛsoɔ nkyerɛ mu.

Berɛ a na Onuabaa Gong ne me atɔ ɔdɔ mu rekɔ awareɛ mu no, mesuaa biribi faa ɔpɛ ne agyinasie ho. Wɔ berɛ kakra bi mu no, na yɛte aman ahodoɔ mmienu so. Mɛtumi aka nokorɛ mu sɛ ɛno na ɛma menyaa PhD wɔ amansan nkitahodie mu.

Berɛ a mebisaeɛ, “Soro Agya sɛ, me nware Susana?” Menyaa asomdwoeɛ atenka. Nanso ɛyɛ berɛ a mesuaa sɛdeɛ yɛbɔ mpaeɛ akoma pa mu, “Soro Agya, Medɔ Susana na mepɛ sɛ meware no. Mehyɛ bɔ sɛ mɛyɛ okunu pa ne agya pa”--berɛ a metuu anammɔn na mesii gyinaeɛ pa no ansa na honhom ahotɔsoɔ kɛseɛ no reba.

Afei, yɛn Gong ne Linsay FamilySearch abusua dua, abasɛm, ne mfoni ahodoɔ boa ma yɛhwehwɛ, hunu, kabom ɛnam awoɔ ntoatoasoɔapam asehyɛ mu.26 Yɛn deɛ, nananom a yɛdi wɔn ni no ne:

Mfoni
Alice Blauer Bangerter

Nana-kansowaa Maria Elizabetha Blauer a dakoro wɔsee no pɛ mprɛnsa, na akyire yi ɔbisaa ne kunu sɛ onwia afidie a yɛde yɛnan tia so pam adeɛ mmra ne nkuto adwuma mu sɛdeɛ ɔbɛtumi ayɛ nkuto na wapam adeɛ abom.

Mfoni
Loy Kuei Char

Nana-nkansoa barima Loy Kuei Char de ne mma hyɛɛ akyire na n’abusua nneɛma kakra guu afuru pɔnkɔ so de twaa lava asaase tam bi wɔ Hawaii asaase so. Char abusua Awoɔntoatoasoɔ ahofama ne afɔreɛbɔ ahyira yɛn abusua ɛnnɛ.

Mfoni
Mary Alice Powell Lindsay

Berɛ a ne kunu ne ne ba panin wuiɛ mpofirim nna kakraa bi ntam no, ɛkaa Gram ne ne mma nketewa num. Okunafoɔ wɔ mfeɛ 47 mu, Gram tetee ne mma wɔ ɔdɔ a asɔre mpaninfoɔ ne asɔre mma de maa wɔn. Wɔ saa mfeɛ dodoɔ no mu no, Gram hyɛɛ Awurade bɔ sɛ sɛ Ɔboa no a, ɔnkasa ntia no. Awurade boaa no. Wankasa antia no da.

Anuanom mma ne mmarima, Honhom Nkronkron di adanseɛ sɛ, ade pa ne deɛ ɛte hɔ daa biara fapem gyina nokorɛ a ɛtease sɛ Nyankopɔn, yɛn Daa Agya no ne Ne ba, Yesu Kristo, ne Ne Mpata no wɔ hɔ ankasa. Yɛn Awurade, Yesu Kristo ne apam foforɔ no Ntamgyinafoɔ. Yesu Kristo ho adanseɛ yɛ apam botaeɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu.27 Ɛnam ntam ne apam so, Nyankopɔn asɔfodie tumi a wasan-de-aba no wɔ hɔ sɛ ɛbɛhyira Nyankopɔn mma nyinaa, ɛwɔ apam awareɛ, abusua ntoatoasoɔ, ne ankorɛnkorɛ nhyira.

Yɛn Agyenkwa aka sɛ, “Me ne Alpha ne Omega, Awurade Kristo; mpo me ne no, mfiaseɛ no ne awieɛ no, ɛwiase Agyenkwa.”28

Ɔka yɛn ho mfiaseɛ, Ɔka yɛn ho wɔ yɛn Apam ase hyɛ mu, kɔsi awieɛ. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.