2022
Onniawieɛ Apam no
Ahinime 2022


“Onniawieɛ Apam no,” Laehona, Ahinime 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ahinime 2022

Enniawieɛ Apam no

Wɔn a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam no wɔ ɔdɔ ne ahummɔborɔ sononko ho akwanya.

Mfoni
Yesu Kristo mfonin

Awurade Yesu Kristo, ɛfiri Del Parson hɔ

Wɔ ewiase a ako ne ako ho atesɛm atete mu yi, nokorɛ, hann, ne Yesu Kristo dɔ no ho hia a ɛhia no ayɛ kɛse sene berɛ biara. Kristo asɛmpa no yɛ animuonyam, na ɛyɛ nhyira ma yɛn sɛ yɛsua na yɛbɔ yɛn bra sɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ no teɛ. Yɛdi ahurusie wɔ ɔkwan a yɛwɔ sɛ yɛkyɛ—di ho nokorɛ adanseɛ baabi a yɛwɔ biara.

Makasa pii afa Abrahamik apam ne Yesrae anoboaboa ho. Sɛ yɛgye asɛmpa no tom na yɛbɔ asu a, yɛfa Yesu Kristo din kronkron no to yɛn ho so. Asubɔ yɛ aboboano a ɛde kɔ ma yɛbom bɛyɛ sodifoɔ ma bɔhyɛ a tetesɛm mu Awurade de maa Abraham, Isak, Yakɔb ne wɔn asefoɔ no.1

“Apam foforɔ a enniawieɛ no”2 (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:6) ne Abrahamik apam no yɛ adekoro—akwan mmienu a ɛkyerɛ apam a Onyankopɔn ne mmarima ne mma a wɔwuo yɔɔɛ wɔ berɛ ahodoɔ mu.

Nkyerɛmudeɛ ɔnniawieɛ kyerɛ sɛ saa apam yi na ɛwɔ hɔ ansa na wɔreto wiase fapem! Nhyehyɛeɛ a wɔde too hɔ Nhyiamu Kɛseɛ no mu wɔ Ɔsoro no na ahobrɛaseɛ mu yɛhunuu sɛ yɛn nyinaa wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkyɛn. Mmom, Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛma Agyenkwa a ɔbɛdi Ahweaseɛ no so nsunsuansoɔ no so nkonim. Onyankopɔn kakyerɛɛ Adam n’asubɔ no akyi:

“Na woyɛ deɛ ɔnni nna mfitiaseɛ anaa mfeɛ awieɛ, firi ɔnniawieɛ nyinaa so kɔsi ɔnniawieɛ nyinaa so no nsɛso.

“Hwɛ, woyɛ koro wɔ me mu, Onyankopɔn babarima; na saa na obiara mmɛyɛ me mma mmarima ” (Mose 6:67–68).

Adam ne Hawa gyee asubɔ ayɛyɛdeɛ no too mu na wɔhyɛɛ wɔne Onyankopɔn koroyɛ no ase. Na wɔahyɛn apam kwan no mu.

Berɛ a mene wo nso bɛhyɛn ɔkwan no mu no, yɛnya abrabɔ foforɔ. Ɛhɔ no yɛne Onyankopɔn hyɛ ayɔnkofa ase a ɛma No hyira na ɔsesa yɛn. Apam kwan no sane de yɛkɔ Ne nkyɛn. Sɛ yɛma Onyankopɔn di y’abrabɔ anim a, apam no de yɛn bɛbɛn na abɛn No. Apam nyinaa botaeɛ ne sɛ ɛkyekyere yɛn. Wɔde ayɔnkofa a onniawieɛ babom.

Ɔdɔ ne Ahummɔborɔ Sononko

Berɛ a yɛne Onyankopɔn yɛ apam no, yɛtena tebea foforɔ mu afebɔɔ. Onyankopɔn nto N’ayɔnkofa a wɔne wɔn a wɔapere ne no ayɛ no asaworam. Nokwasɛm, wɔn a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam no wɔ ɔdɔ ne ahummɔborɔ sononko ho akwanya. Wɔ Hebrifoɔ kasa mo no, wɔfrɛ saa ɔdɔ apam yi sɛ hesed (חֶסֶד).3

Hesed nni Borɔfokasa asekyerɛ papa biara. Ɛbɛyɛ sɛ King Jame Twerɛkronkron no kyerɛasefoɔ no brɛɛ wɔ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ hesed ase wɔ Brɔfokasa mu. Wɔtaa faa “ɔdɔ-ayamyɛ.” Yei kyerɛ bebree nanso ɛnyɛ nkyerɛaseɛ nyinaa ma hesed. Nkyerɛaseɛ afoforɔ nso baae, te sɛ “ahummɔborɔ” ne “papayɛ.” Hesed yɛ asɛmfua sononko a ɛrekyerɛkyerɛ apam ayɔnkofa a apamfo baanu no nyinaa ɛkyekyere wɔn ma wɔyɛ nokwafoɔ na wɔdi nokorɛ ma wɔn ho wɔn ho.

Sɛlɛtia awareɛ yɛ saa apam ayɔnkofa no mu bi. Okunu ne ɔyere ne Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho yɛ apam sɛ wɔbɛyɛ nokwafoɔ na wɔadi nokorɛ ama wɔn ho wɔn ho.

Hesed yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ sononko bi a Onyankopɔn te ho nka na ɔtrɛmu ma wɔn a wɔne No ayɛ apam. Na yɛn nso yɛde hesed ɔdɔ no ma No.

Mfoni
awarefoɔ foforɔ wɔ tɛmpol abɔntene

Berɛ ko a yɛne Onyankopɔn ayɛ apam no, yɛne N’ayɔnkofa no bɛn ho kɛse sene berɛ a na yɛnyɛɛ apam no. Seesei wɔakyekyere yɛn abɔ mu.

Foto no firi Jerry L. Garns

Ɛsiane sɛ Onyankopɔn wɔ hesed ma wɔn a wɔne No ayɛ apam nti no, Ɔbɛdɔ wɔn. Ɔbɛkɔ so ne wɔn ayɛ adwuma na wama wɔn akwanya a wɔde bɛsakyera. Ɔde bɛkyɛ wɔn berɛ a wɔsakyera. Na sɛ wɔfom kwan a, Ɔbɛboa wɔn ama wɔahunu kwan asane aba ne nkyɛn.

Berɛ ko a yɛne Onyankopɔn ayɛ apam no, yɛne N’ayɔnkofa no bɛn ho kɛse sene berɛ a na yɛnyɛɛ apam no. Seesei wɔakyekyere yɛn abɔ mu. Yɛne Onyankopɔn apam no nti, Ɔmmerɛ wɔ Ne mmɔdemmɔ sɛ ɔboa yɛn, na N’ahummɔborɔ aboterɛ a ɔwɔ ma yɛn no ɛnsa da. Yɛn mu biara wɔ dabrɛ sononko wɔ Onyankopɔn akoma mu. Ɔwɔ ahotosoɔ kɛse ma yɛn.

Monim tete paemuka a Awurade de maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith. Ɛnam adiyisɛm so na ɛbaeɛ. Awurade see Joseph, “Saa bɔhyɛ yi yɛ mo nso mo dea, esiane sɛ mofiri Abraham mu, na wɔde bɔhyɛ no maa Abraham” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:31).

Ɛno nti, saa ɔnniawieɛ apam yi wɔsane de maa sɛ asɛmpa Mmaeɛ bio kɛseɛ no mu fa wɔ ne mahyɛ mu. Dwene ho! Awareɛ apam a wɔyɛ wɔ tɛmpol mu no wɔakyeyere abɔ Abrahamik apam no mu prɛko pɛ. Wɔ tɛmpol mu no wɔkyerɛ awarefoɔ nhyira nyinaa a wɔakora de ma Abraham, Isak, ne Yakɔb asefoɔ nkwafoɔ no.

Sɛ Adam yɔɔe no, wo ne me ankasa wuraa apam kwan on mu wɔ asubɔ berɛ. Afei yɛwura mu kɛseɛ wɔ tɛmpol mu. Wɔde Abrahamik apam no mu nhyira gu yɛn so wɔ tɛmpol kronkron mu. Saa nhyira yi ma yɛn kwan, be yeasɔrɛ are afiri awufoɔ mu ma yɛyɛ “ahennwa, ahemman, tumi, atumfoɔ, ne tumidie, de ma yɛn ‘mpagya ne animuonyam wɔ nneɛma nyinaa mu’. [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:19].”4

Wɔ Apam Dadaa awieɛ ntwereɛ mu, yɛkenkan Malakai bɔ a ɔhyɛɛ Elia sɛ ɔbɛ “dane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so” (Malakae 4:6). Wɔ tete Yesrae berɛ mu, saa ntotoho ma agyanom no na Abraham. Isak, ne Yakɔb ka ho. Saa bɔhyɛ yi nkyerɛmu wɔ berɛ a yɛkenkan afa ahodoɔ wɔ Moroni nkyekyɛmu a wɔkan kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith: “Ɔno [Elia] Na ɔbɛdua wɔ mma no akoma mu bɔhyɛsɛm a wɔyɛ maa agyanom no, na mma no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom so.” (Joseph Smith—History 1:39). Nokorɛ mu saa agyanom no Abraham, isak, ne Yakob ka ho. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 27:9–10

Mfoni
Yesu Kristo mfoni

Wɔn a wɔyɛ apam kronkron na wɔdi soɔ no wɔhyɛ wɔn daa nkwa ne mpagya ho nkɔm. Yesu Kristo yɛ ntamgyinafoɔ ma saa apam no.

Nkyerɛmu firi Kristo ne Ɔbabunu Defoɔ no, a ɛfiri Heinrich Hofmann

Yesu Kristo: Ntamgyinafoɔ ma Apam no.

Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no boaa Agya no ma ɔhyɛɛ bɔhyɛ de ma Ne mma no ma. “Ɔne ɔkwan no, nokorɛ no, ne nkwa no: onipa biara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam Ne so” (Yohane 14:6 Abrahamik apam no mahyɛ da adi ɛnam yɛn Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo Mpata a ɔde ma yɛn no so. Yesu Kristo na ɔyɛ ntamgyinafoɔ ma Abrahamik apam no.

Apam Dada no nyɛ twerɛsɛm nwoma nko ara; ɛsane nso yɛ abakɔsɛm nwoma. Mokae akenkan a ɛfa Sarai ne Abram awareɛ no ho. Esiane sɛ na wɔnni ba nti,Sarai de n’abaawa, Hagar, maae sɛ ɔnyɛ Abram yere nso, wɔ Awurade no akwankyerɛ so. Hagar woo Ishmael.5 Abram dɔɔ Ismael, nanso na ɔnyɛ ɔba a apam no bɛfa ne so. (Hwɛ Gyenesis 11:29–30; 16:1, 3, 11; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:34.)

Sɛ nhyira a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, ne Sarai gyedie mpaeɛ ho mmuaeɛ nti,6 ɔnyinsɛneeɛ berɛ a na ne mfeɛ kɔ anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a apam no bɛfa ne babarima, Isak so (hwɛ Gyenesis 17:19). Wɔwoo no wɔ apam no mu.

Onyankopɔn maa Sarai ne Abram din foforɔ—Sarah ne Abraham (hwɛ Gyenesis 17:5, 15). Saa din foforɔ a wɔde maae no yɛ abrabɔ foforɔ ne hyɛbrɛ foforɔ ahyɛaseɛ ma saa abusua yi.

Abraham dɔɔ Ismael ne Isak baanu. Onyankopɔn kakyerɛɛ Abraham sɛ Ismael ase bɛdɔre na wabɛyɛ ɔman kɛseɛ (hwɛ Gyenesis 17:20). Berɛ korɔ no ara, Onyankopɔn daa no adi pefee sɛ ɔnniawieɛ apam no wɔbɛhyehyɛ no wɔ Isak so (hwɛ Gyenesis 17:19).

Wɔn a wɔgye asɛmpa no nyinaa bɛyɛ Abraham asefoɔ no mu bi. Wɔ Galatifoɔ mu yɛkenkane:

“Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no moahyɛ Kristo.

“Mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.

“Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ,na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ ” (Galatifoɔ 3:27–29).

Saa nti, yɛbɛtumi abɛyɛ adedifoɔ wɔ apam no mu sɛ ɛyɛ awoɔ anaa abayɛn so.

Mfoni
nnipa boaa wɔn ano maa asubɔ som

Berɛ a yɛne Onyankopɔn yɛ apam no, yɛtena tebea foforɔ mu afebɔɔ. Onyankopɔn nto N’ayɔnkofa a wɔne wɔn a wɔapere ne no ayɛ no asaworam.

Wɔwoo Isak ne Rebeka babarima Yakob wɔ apam no mu. Bio, ɔfaa sɛ ɔbɛwura mu wɔ ɔno ara ne pɛ mu. Sɛ monim no, Yakob din sesa kɔɔ Yesrai (hwɛ Gyenesis 32:28), asekyerɛ ne sɛ “ma Onyankopɔn nni anim” anaa “obi a ɔne Onyankopɔn di anim.”7

Wɔ Eksodɔs mu yɛkenkan sɛ “Onyankopɔn kaee ɔne Abraham, Isak, ne Yakob apam no,” (Eksodɔs 2:24). Onyankopɔn kakyerɛɛ Yesrai mma, “Sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ me ahodeɛ” (Eksodɔs 19:5).

Kasasini “ahodeɛ” asekyerɛ firi Hebri kasa segullah, asekyerɛ ne sɛ adeɛ bi a ɛsombo kɛse—“ahodeɛ bi.”8

Deuteronomium nwoma bɔ apam ho hia a ehia so. Apam Foforɔ mu asuafoɔ no hunuu saa apam yi. Petro saa barima bubuani bi yadeɛ wɔ tɛmpol anammɔn ntiasoɔ so akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ bɛhwɛadefoɔ no Yesu ho asɛm. Petro kaa sɛ, “Abraham, ne Isak, ne Yacob, Nyankopɔn, yɛn agyanom, Nyankopɔn ahyɛ ne babarima Yesu animuonyam” (Asomafoɔ 3:13).

Petro wiee n’asɛm no a ɔreka sɛ, “Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, na ɔkakyerɛɛ Abraham sɛ: Na wasefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa” (Asomafoɔ 3:25). Petro daa no adi pefee kyerɛɛ wɔm sɛ Kristo dwumadie no mu bi ne sɛ ɔbɛhyɛ Onyankopɔn apam no ma.

Awurade de saa asɛmpa yi ara maa tete Amerika nkorɔfoɔ no. Ɛhɔ no, Kristo a wasɔre afiri awufoɔ mu no kakyerɛɛ nkorɔfoɔ no nnipa pɔtee a wɔyɛ. Ɔkaa sɛ:

“Moyɛ nkɔmhyɛfoɔ no mma; na moyɛ Israel fiefoɔ; na mo ne apam no a Agya no ne mo Agyanom faaɛ no, na ɔsee Abraham sɛ: Na wo ase mu na wɔbɛhyira asaase so mmusuakuo nyinaa.

“Na Agya no nyanee me baa mo hɔ kane, na ɔsomaa me wɔ mo hɔ sɛ memɛhyira mo ma mo mu biara ntwe ne ho mfiri n’amumuyɛsɛm ho; na ɛfiri sɛ mo na moyɛ apam no mmat” (3 Nifae 20:25–26).

Mo hunu yei ho mfasoɔ anaa? Wɔn a wɔdi wɔne Onyankopɔn apam so no bɛyɛ akraa a wɔasɔne wɔn ho so sɛ wɔnyɛ bɔne! Wɔn a wɔdi wɔn apam so no bɛnya ahoɔden de asi ewiase mu nsunsuansoɔ ano.

Mfoni
ɔbarim refa akronkonneɛ, adidikronkron no

Wɔn a wɔdi wɔne Onyankopɔn apam so no bɛyɛ akraa a wɔasɔne wɔn ho so sɛ wɔnyɛ bɔne! Wɔn a wɔdi wɔn apam so no bɛnya ahoɔden de asi ewiase mu nsunsuansoɔ ano.

AsɛmpatrɛAdwuma: Rekyɛ Apam no

Awurade no ahyɛ sɛ yɛnterɛ asɛmpa no mu na yɛnkyɛ apam no. Ɛno nti na yɛwɔ asɛmpatrɛfoɔ no. Ne pɛ ne sɛ Ne ba biara nya akwanya fa Agyenkwa asɛmpa no na ɔhyɛ aseɛ wɔ apam kwan no so. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde nnipa nyinaa ka apam a ɔne Abraham yɛɛ no tete no.

Saa nti, asɛmpatrɛ adwuma yɛ Yesrai anoboaboa kɛseɛ fa a ɛhia yie. Saa anoboaboa no yɛ adwuma a ɛho hia pa ara a ɛrekɔ so wɔ asase yi so ɛnnɛ yi. Biribiara nni hɔ a ɛso a wobɛtumi de atoto ho. Biribiara nni hɔ a ɛhia a wobɛtumi de atoto ho. Awurade no asɛmpatrɛfoɔ—N’akyidifoɔ—wɔ ɔhaw kɛseɛ mu, botaeɛ kɛseɛ, adwuma kɛseɛ pa ara wɔ asase so ɛnnɛ yi.

Mpo dodoɔ no ara—na ɛwɔ hɔ. Ɛyɛ adehia kɛse sɛ yɛtrɛ asɛmpa no mu ma nnipa a wɔwɔ nkatanim no akyi. Onyankopɔn pɛ sɛ obiara, a ɔwɔ nkatanim no akyi, nya N’apam no mu nhyira. Apam kwan no wɔabue ama obiara. Yɛsrɛ obiara sɛ ɔne yɛn nnante wɔ saa kwan no so. Adwuma biara nni hɔ ewiase nyinaa ka ho saa. Na “Awurade yɛ mmɔborɔhunufoɔ ma obiara a ɔde akoma a nokorɛ wɔ mu bɔ ne din kronkron no.” (Helaman 3:27).

Ɛsiane sɛ Melkisedek Asɔfodie wɔasane de ama nti, apam-sodifoɔ mmaa ne mmarima wɔ ho kwa ma “asɛmpa no honhom mu nhyira nyinaa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:18; nsisoɔ ks ho).

Wɔ Kirtland Tɛmpol anobue berɛ so wɔ1836 mu, Awurade akwankyerɛ so, Elia puee hɔ. Ne botaeɛ? “Sɛ ɔdane nkwadaa no ma agyanom” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:15). Elias nso puee hɔ. Ne botaeɛ? Sɛ wɔde ma Joseph Smith ne Oliver Cowdery “Abraham nsɛmpa berɛ no maa yɛn, na ɔkaa sɛ wɔ yɛn mu ne yɛn mma mu awoɔ ntoatoasoɔ a wɔdi yɛn akyi nyinaa wɔbɛhyira wɔn.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:12). Afei, Awurade no maa Joseph Smith ne Oliver Cowdery asɔfodie tumi ne ɔkwan pa a wɔbɛfa so de Abrahamik apam no nhyira sononko bɛma afoforɛ.9

Wɔ Asɔre no mu, yɛtu kwan fa apam kwan no so wɔ ankorankoro ne mmoano mu Sɛdeɛ awareɛ ne mmusua kyɛ nkyɛmu pokyerɛ a ɛyɛ ɔdɔ sononko no , saa na ayɔnko foforɔ nso sie berɛ a yɛde yɛn ho kyekyere apam no ntentensoɔ ma yɛn Nyankopɔn!

Yei bɛtumi ayɛ deɛ na Nifae rekyerɛ berɛ a ɔkaa sɛ Onyankopɔn “dɔ wɔn a wɔde no bɛyɛ wɔn Nyankopɔn” (1 Nifae 17:40). Yei ne deɛ enti pɛpɛɛpɛ a, sɛ apam no mu bi, ahummɔborɔ ne ɔdɔ sononko—anaa hesed—wɔ hɔ ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ saa Onyankopɔn nkyekyere ne akapimahwɛ ayɔnkofa yi mu, mpo “kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ ” (Deuteronomium 7:9).

Sɛ yɛne Onyankopɔ reyɛ apam no ɛsesa yɛne N’ayɔnkofa afebɔɔ. Ɛhyira yɛn wɔ nkankorɔ mu wɔ ɔdɔ ne ahummɔborɔ mu10 Ɛwɔ nkɛntɛnsoɔ wɔ su a yɛyɛ ne sɛdeɛ Onyakopɔn bɛboa yɛn ama yɛabɛyɛ deɛ yɛbɛtumi ayɛ no so. Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛn, nso, yɛbɛtumi ayɛ “adeyɛ sononko” ama No (Nnwom 135:4).

Bɔhyɛ ne Akwanya

Wɔn a wɔyɛ apam kronkron na wɔdi soɔ no wɔhyɛ wɔn daa nkwa ne mpagya ho nkɔm., “Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu kɛse pa ara” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7). Yesu Kristo yɛ ntamgyinafoɔ ma saa apam no. (hwɛ Hebrifoɔ 7:22; 8:6). Apam sodifoɔ a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔma No di anim wɔ nneɛma afoforɔ nyinaa so wɔn abrabɔ mu no yɛ No nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ wɔ wɔn abrabɔ mu.

Wɔ yɛn mmerɛ yi mu yɛwɔ akwanya sɛ yɛgye agyapanin nhyira na yɛhunu ayɔnkofa ɛda yɛne tete agyapaninom ntam. Saa nhyira yi nso ma nhunumu wɔ deɛ ɛda yɛn anim no mu.

Mfoni
Yesu ne Petro rekasa

Yɛne Onyankopɔn apam no nti, Ɔmmerɛ wɔ Ne mmɔdemmɔ sɛ ɔboa yɛn, na N’ahummɔborɔ aboterɛ a ɔwɔ ma yɛn no ɛnsa da.

Wodɔ Me Sene Yeinom? ɛfiri David Lindsley

Yɛn frɛ sɛ Yesrai apamfo no ne sɛ yɛbɛma Asɔreba biara ahunu anigyeɛ ne akwanya a ɛbata apam a yɛne Onyankpɔn yɛ no ho. Ɛyɛ ɔfrɛ a ɛhyɛ apam sodifoɔ barima ne ɔbaa, abranteɛ ne abaayewa, ma wɔkyɛ asɛmpa ma wɔn a wɔba mu wɔ wɔn nneyɛɛ ne nsunsuasoɔ mu. Ɛsane nso yɛ ɔfrɛ sɛ yɛboa na yɛhyɛ asɛmpatrɛfoɔ nkorane, wɔn a wɔasoma wɔn a wɔwɔ akwankyerɛ de bɔ asu na wɔboa Yesrai anoboa, sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛbom ayɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ na wabɛyɛ yɛn Nyankopɔn (hwɛ Nkerɛkyerɛ ne Apam 42:9).

Ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔdi dwuma wɔ asɔfodie mu na ɔne Onyankopɔn yɛ na ɔkora apam no wɔ kwan wɔ Onyankopɔn tumi no so. Yɛde Awurade no din to yɛn ho so sɛ ankorankoro. Yɛsane nso fa Ne din to yɛn ho so sɛ nnipa. Ahosɛpɛ a yɛde edin Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ di dwuma no yɛ adehia kwan a yɛfa so de Ne din to yɛn ho so sɛ ne nkorɔfoɔ. Nokorɛ, Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no ne asɔremma ayamyɛ adwuma biara a wɔyɛ no kyerɛ Onyankopɔn hesed.

Adɛn nti na Yesrai hweteeɛ? Ɛfiri sɛ nkorɔfoɔ ne sɛee mmaransɛm no na wɔsii nkɔmhyɛfoɔ no aboɔ. Agya dɔfoɔ a ɔdi yeaa buaeɛ hwetee Yesrai kɔɔ akyirikyiri ne bɛnkyɛyɛ.11

Mmom,Ɔhwetee wɔn a na bɔhyɛ ka ho sɛ da bi wɔbɛboaboa Yesrai ano bio wɔ Ne ban mu.

Yuda abbusuakuo no na wɔmaa wɔn asodie sɛ wɔnsiesie wiase mma Awurade no mmaeɛ a ɛdi kan no. Ɛfiri saa abusuakuo no mu, wɔfrɛɛ Mary sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Ba no maame.

The tribe of Yosef abusuakuo no, nam ɔne Asenat babarima, Ephraim ne Manasse, (hwɛ Gyenesis 41:50–52; 46:20), wɔmaa wɔn asodie sɛ wɔnni kan wɔ Yesrai anoboaboa no mu, wɔnsiesie wiase mma Awurade no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu.

Wɔ saa mmerɛ a wɔnntumi nsesa no hesed ayɔnkofa, ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa Yesrai ano. Ɔyɛ yɛn Soro Agya. Ɔpɛ sɛ Ne mma mu biara—wɔ nkatanim no afa nyinaa—te Yesu Kristo asɛmpa a wɔasane de ama no nkransɛm.

Ɔdɔ Kwan so

Apam kwan yɛ ɔdɔ kwan—saa nwanwasoɔ hesed, saa ayamyɛ tema ne nsa a yɛreterɛ mu ama yɛn ho yɛn ho no. Saa ɔdɔ no nkateɛ yɛ ɔgyeɛ ne mmasoɔ. Anigyeɛ kɛseɛ a wobɛnya pɛn no yɛ berɛ a ɔdɔ amene wo ama Nyankopɔn ne Ne mma nyinaa.

Woredɔ Onyankopɔn asene obiara anaa biribiara no yɛ su a ɛde nokorɛ asomdwoeɛ, ahotɔ, awerɛhyɛmu, ne anigyeɛ ba.

Apam kwan no nyinaa fa yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa ho—yɛn hesed ayɔnkofa a yɛne No wɔ. Sɛ yɛne Onyankopɔn kɔ apam a, yɛ ne No ayɛ apam ɔno a berɛ biara ɔbɛdi N’asɛm so. Ɔbɛyɛ deɛ ɔbɛtumi biara, a ɔntiatia yɛn fawohodie so, de aboa yɛn ma yɛadi yɛdeɛ so.

Mormon Nwoma no hyɛ aseɛ na ɛwie wɔ saa onniawiweɛ apam no mu. Ɛfiri ne tiasɛm krataafa kɔsi Mormon ne Moroni awieɛ adansedie no, Mormon Nwoma no ma ntotoho wɔ apam no(hwɛ Mormon 5:20; 9:37). “Book Mormon no mormon Nwoma No mmaeɛ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wiase nyinaa sɛ Awurade no ahyɛ Yesrai anoboaboa ase na wahyɛ apam a ɔyɛ maa Abraham, Isak, ne Yakob no ma.”12

Me nuanom mmarima ne mma adɔfoɔ, wɔafrɛ yɛn wɔ saa mmerɛ a ɛho hia yie wɔ asase so abakɔsɛm mu sɛ yɛnkyerɛkyerɛ ewiase fa onniawieɛ Apam no fɛ ne ne tumi ho asɛm. Yɛn Soro Agya gye yɛn wɔ biribiara mu sɛ yɛbɛyɛ saa adwuma kɛseɛ yi.

Saa nkransɛm yi nso wɔde too dwa wɔ amansan nhyiamu akannifoɔ nhyiamu ase wɔ Ɔbɛnim 31, 2022.

Atwerɛ

  1. Hwɛ Russell M. Nelson, “Apam no Mma,” Ensign, Kɔtɔnima 1995, 34.

  2. Onniawieɛ apam foforɔ no yɛ Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ. Ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛho hia ma yɛn nkwagyeɛ nyinaa ka ho (hwɛ Nkerɛkyerɛ ne Apam 66:2). Ɛyɛ “foforɔ” berɛ biara a Awurade no yɛ no foforɔ anaa sane de ma, na ɛyɛ “onniawieɛ” ɛfiri sɛ ɛnsesa.

  3. Nkutahodie a emu dɔ fa hesed ne ɔnniawieɛ apam no wɔ Kerry Muhlestein, Onyankopɔn Bɛdi Anim: Tete Apam, Abɛɛfo Nyira, ne Yesrai Anoboaboa no mu (2021).

  4. Russell M. Nelson, wɔ “Kristo Adansefoɔ Sononko,” Laehona, Oforisuo 2001, 7.

  5. Hebri asɛm Ishmael kyerɛ sɛ “Onyankopɔn tie” (Twerɛ Kronkron Kasɛsoɔ, “Ishmael”).

  6. “Ɛnam gyedie so nso Sara ankasa nyaa ahoɔden de nyinsɛnee ɛba, na ɔwoo ɔba berɛ a wanyini aboro soɔ, ɛfiri sɛ buu ɔno a na wahyɛ bɔ atɛn ” (Hebrifoɔ 11:11).

  7. Twerɛ Kronkron Kasɛsoɔ, ”Yesrai.”

  8. Hwɛ Twerɛ Kronkron Kasɛsoɔ, “Peculiar”; “Hebrew and Chaldee Dictionary,” Strong’s Exhaustive Concordance of the Bible (1984), 82, word 5459.

  9. Hwɛ Russell M. Nelson, “Thanks for the Covenant” (Brigham Young University devotional, Obubuo 22, 1988), 4, speeches.byu.edu.

  10. “Onyankopɔn apam biara yɛ akwanya ma yɛtwe bɛn no. Ɛkɔ mma obiara a wadwene ho kakra ɛfa deɛ wɔahunu wɔ Onyankopɔn dɔ ho dada, na saa pokyerɛ no mu ayɛ den na saa ayɔnkofa no mu amia yɛ adeɛ a worentumi mpoɔ.” (Henry B. Eyring, “Making Covenants with God” [Brigham Young University fireside, Ɛbɔ 8, 1996], 3, speeches.byu.edu).

  11. “Awurade no nso de Ne nkorɔfoɔ a wayi wɔn afiri amanaman a wɔ wiase mu no hwetee baeɛ sɛ ɛbɛhyira saa aman no” (Guide to the Scriptures, “Israel,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org; see also Jacob 5:1-8, 20).

  12. Russell M. Nelson, “Asɔre no Daakye: Resiesie Ewiase ama Awurade no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu,” Laehona, Oforisuo 2020, 9.