Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3: Sua na Kyerɛkyerɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no


“Ti 3: Sua na Kyerɛkyerɛ Yesu Kristo Asɛmpa no,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Sua na Kyerɛkyerɛ Yesu Kristo Asɛmpa no,” Ka Me Nsɛmpa

Mfoni
Yesu Kristo Asubɔ, ɛfiri Joseph Brickey hɔ

Ti 3

Sua na Kyerɛkyerɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no

Adesua a ɛwɔ saa ti yi mu kuta Yesu Kristo nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, ne mmaransɛm a ɛho hia. Saa adesua yi ne deɛ nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase ne asomafoɔ ahyɛ sɛ wosua na wokyerɛ. Wɔde ama wɔ ha sɛdeɛ wobɛtumi aboa afoforɔ ma wɔate Kristo nkyerɛkyerɛ no ase yie.

Ɔfa a ɛdi kan wɔ saa ti yi mu ne asubɔ frɛ. Ti no fa a aka no kuta adesua ɛnan a ɛdidi soɔ yi:

Sua twerɛnsɛm no na ma nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ adesua biara mu nsom boɔ mma wo. Sɛ woyɛ a, Honhom no bɛdi nokorɛ a wosua no ho adanseɛ. Ɔbɛboa ma woahunu deɛ wobɛka na woayɛ de aboa afoforɔ ama wɔanya nokorɛ no ho adanseɛ. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:85.)

Nkorɔfoɔ bɛba abɛhunu Agyenkwa no yie berɛ a wɔyɛ deɛ Wafrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Trɛ ɔfrɛ mu wɔ adesua biara mu, na boa nkorɔfoɔ ma wɔnyɛ wɔn asɛdeɛ. Sɛ nkorɔfoɔ yɛ wɔn asɛdeɛ a, wɔhyɛ aseɛ de Yesu Kristo nsɛmpa no bɔ bra na wɔsiesie wɔn ho sɛ wɔne Onyankopɔn bɛkɔ apam.

Kyerɛ adesua a ɛwɔ asubɔ anim ne akyire nyinaa. Asɛmpatrɛfoɔ a wɔsom mmerɛ-nyinaa di adekyerɛ no anim mmerɛ mmienu no nyinaa. Wɔɔd asɛmpatrɛfoɔ anaa asɔremma afoforɔ bɛtumi aka ho berɛ a ɛbɛtumi. Hwɛ ti 10 ne 13 hunu nsɛm a ɛfa wode asɔremma reka adekyerɛ ho.

Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ adeɛ

Berɛ a woresiesie wo ho akyerɛ adeɛ no, san hwɛ nsɛm a ɛfa onipa baako biara ho wɔ Ka Me Nsɛmpa app no mu. Yɛ adesua nhyehyɛeɛ a ɛgyina deɛ onipa no hia so. Dwene deɛ ɛwɔ sɛ ɔhunu na ɔte nka wɔ berɛ a wokyerɛ adeɛ ho. Sɛ wonya berɛ siesie wo ho na woyɛ nhyehyɛeɛ a, Honhom no bɛpagya wo mmɔdemmɔ.

Yeinom yɛ nsɛmmisa bi ma wo ne wo hokafoɔ sɛ mobɛdwene ho wɔ mpaebɔ mu berɛ a mosiesie mo ho ma adekyerɛ.

  • Ɔfrɛ bɛn na yɛde bɛma na aboa ahyɛ onipa no gyedie wɔ Kristo mu den na wanya nkɔsoɔ? Ɔfrɛ yɛ sɛdeɛ woboa ma nkorɔfoɔ sakyera na wɔnya “Dimafoɔ no tumi” atenka (Helaman 5:11). Dwene onipa no nkɔsoɔ, tebea, ne n’ahiadeɛ ho. Afei fa ɔfrɛ baako anaa mmienu ka w’adesua nhyehyɛeɛ ho.

  • Nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa onipa no ama wadi asɛdeɛ a yɛafrɛ no sɛ ɔnyɛ no so? Bɔ mpaeɛ hunu nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm a ɛbɛboa ma nkorɔfoɔ ate deɛ enti a wɔredi wɔn asɛdeɛ so ho hia ma wɔn ɛne Awurade ase.

  • Sɛn na yɛbɛboa onipa no ma wasua nkyerɛkyerɛ no? Woresiesie wo ho akyerɛ nkyerɛkyerɛ no a, hyehyɛ na bɔ deɛ wobɛkyerɛ no mua, fa adesua 1-4. Hunu nsɛmmisa, twerɛnsɛm, nhwɛsoɔ, ne amaneɛbɔ akwan a ɛfata a ɛbɛboa ma onipa no ate deɛ wokyerɛ ase. Hwɛ ti 10 fa nsɛm a ɛfa sɛdeɛ wobɛnya nkɔsoɔ wɔ w’adekyerɛ mu.

  • Nhyira bɛn na Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama asɛdeɛ a yɛgye to mu na yɛyɛ? Berɛ a woresua nkyerɛkyerɛ no, hunu Onyankopɔn bɔhyɛ nyira no. Berɛ a worekyerɛ adeɛ no, hyɛ nhyira ho bɔ na di ho adanseɛ.

  • Asɔremma bɛn na wɔbɛtumi aka ho? Wɔ nnawɔtwe nnawɔtwe denhyɛ nhyiamu mu no, hunu wɔn a wɔbɛtumi aboa wo ma moakyerɛ na moaboa onipa no. Ansa na adesua bɛhyɛ aseɛ no, monsusu wɔn dwumadie ho. Hwɛ ti 10.

  • Ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ de aboa nkorɔfoɔ ma wɔadi wɔn asɛde so berɛ a yɛafiri hɔ? Di akyire berɛ a wodi nkutaho tiawa da biara de boa nkorɔfoɔ ma wɔdi wɔn asɛdeɛ so. Hwehwɛ akwan a wode bɛma asɔremma aka ho bi aboa wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ ma wɔadi wɔn asɛdeɛ so. Saa nkutahodie yi bɛtumi ayɛ worekenkan Mormon Nwoma no fa bi anaa twerɛnsɛm afoforɔ. Sɛ obi nni asɛdeɛ bi a ɛwɔ hɔ dada so a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛboa no wɔ ɛno ho ansa na wode foforɔ ama no. Hwɛ ti 11.

  • Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn yie berɛ foforɔ? Adekyerɛ biara akyiri no, kari wɔn a worekyerɛ wɔn adeɛ no suahunu. Wɔn gyedie wɔ Kristo mu renyini? Wɔrete Honhom no nka? Wɔresakyera na wɔreyɛ wɔn asɛdeɛ? Wɔrebɔ mpaeɛ, resua Mormon Nwoma no, na wɔrekɔ asɔre? Yɛ nhyehyɛeɛ a wode bɛboa wɔn.

Kyerɛ firi W’akoma mu sɛdeɛ Honhom no Kyerɛ wo

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no rekasa akyerɛ asɛmpatrɛfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa no, wɔkaa sɛ:

“Yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛ nkransɛm a ɛwɔ asɛmpa a asan aba no mu wɔ kwan a ɛbɛma Honhom no akyerɛ asɛmpatrɛfoɔ ne wɔn a wɔrekyerɛ wɔn adeɛ no nyinaa. Ɛho hia sɛ yɛsua nimdeɛ a ɛwɔ [adesua] no mu, nanso ɛnni sɛ yɛkyerɛ no hare so biarabiara. Asɛmpatrɛni no wɔ ho kwan sɛ ɔde ɔno ara ne nsɛm ka deɛ Honhom no ahyɛ no sɛ ɔnka no. Ɛnni sɛ ɔsua gu ne tirim ka no kɛkɛ, mmom ɛmfiri akoma mu wɔ ɔno ara ne nsɛm mu. Ɔbɛtumi amane afiri adesua no nhyehyɛeɛ ho, wɔ deɛ ɔbɛnya atenka sɛ ɔnyɛ, sɛdeɛ [onipa] no anigyeɛ ne n’ahiadeɛ teɛ. Ɔkasa firi ɔno ara ne gyedie mu ne ɔno ara ne nsɛm mu a, ɛwɔ sɛ ɔdi adanseɛ wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho sɛ ɛyɛ nokorɛ.”

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ rehyia ɔbarima

Kyerɛ na to nsa Frɛ sɛdeɛ Ankorankorɛ Ahiadeɛ teɛ

Wowɔ akwanya sε wokyerε adesua wɔ kwan papa biara so a εboa nkorɔfoɔ ama wɔsiesie wɔn ho ma asubɔ ne denhyε. Adesua biara a wokyerε, berɛ a wokyerε, ne mmerε dodoɔ a wode ma no gyina onipa a worekyerɛ no no ahiadeε ne akwankyerε a εfiri Honhom no hɔ. Nhwɛsoɔ, sɛ worekyerɛ nkorɔfoɔ a wɔnni Kristosom nnyinasoɔ adeɛ a, mfitiaseɛ no wobɛtumi aboa wɔn ma wɔne Ɔsoro Agya anya nkutahodie kɛseɛ ɛne nteaseɛ wɔ Ne nhyehyɛeɛ ho (hwɛ “Rekyerɛ Nkorɔfoɔ a Wɔnni Kristosom Nnyinasoɔ” wɔ ti 10).

Ma Honhom no nkyerɛkyerɛ wo wɔ deɛ ɛwɔ sɛ wofrɛ ne berɛ a wode bɛfrɛ. Ɔfrɛ papa wɔ berɛ papa mu bɛtumi akanyan nkorɔfoɔ ma wɔayɛ nneɛma a ɛbɛhyɛ wɔn gyedie den. Saa nneyɛɛ yi bɛtumi de nsakraeɛ kɛseɛ aba akoma mu (hwɛ Mosiah 5:2; Alma 5:12–14).

Kyerɛ adesua a ɛnyɛ den, ɛmu da hɔ, na ɛyɛ tiawa. Mpɛn pii no, ɛnni sɛ nsrahwɛ adekyerɛ boro simma 30, ɛna wobɛtumi akyerɛ obi adeɛ bɛyɛ simma 5 ntam.

Wobɛtaa ahia nhyiamu pii de akyerɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ adesua baako mu. Sɛ wokyerɛ adesua ntiantia, taa kyerɛ adeɛ, na wokyerɛ adesuadeɛ no fa kakrabi a, nkorɔfoɔ bɛtaa ate wo nsɛm ase yie.

Twerɛsɛm Sua

Deɛn na wɔhyɛ wo sɛ kyerɛ?

Adɛn nti na ɛho hia sɛ wosua nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ adesua no mu?