Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3: Adesua 2—Ɔsoro Agya Nkwagyeɛ Ho Nhyehyɛeɛ


“Ti 3: Adesua 2—Ɔsoro Agya Nkwagyeɛ Ho Nhyehyɛeɛ,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Ti 3: Adesua 2,” Ka Me Nsɛmpa

Ti 3: Adesua 2

Ɔsoro Agya Nkwagyeɛ Nhyehyɛeɛ

Mfoni
Christus honi

Nkorɔfoɔ Bɛtumi Adwene ho

  • Asetena botaeɛ ne sɛn?

  • Ɛhe na mefiri baeɛ?

  • Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdwene me ho? Mɛyɛ dɛn ate nka sɛ Ɔdwene me ho?

  • Mɛyɛ dɛn atumi agye Onyankopɔn adi berɛ a nneɛma bɔne pii sisi?

  • Adɛn nti na ɛtɔ da bi a asetena yɛ den saa? Mɛyɛ dɛn anya ahoɔden wɔ mmerɛ sei mu?

  • Mɛyɛ dɛn atumi abɛyɛ onipa papa?

  • Ɛdeɛn na ɛsi wɔ me wuo akyi?

Yesu Kristo asɛmpa a aba bio no boa yɛn ma yɛbua ɔkra no nsɛmmisa a ɛho hia. Yɛnam asɛmpa no so sua fa yɛn soro su ne yɛn daapem tumi sɛ Onyankopɔn mma. Asɛmpa no ma yɛn anidasoɔ na ɛboa ma yɛnya asomdwoeɛ, anigyeɛ, ne nteaseɛ. Sɛ yɛde asɛmpa no bɔ bra a, ɛboa ma yɛnyini na yɛnya ahoɔden berɛ a yɛhyia abrabɔ mu ɔhaw ahodoɔ.

Onyankopɔn pɛ deɛ ɛyɛ pa ara ma Ne mma na ɔpɛ sɛ ɔma yɛn Ne nhyira a ɛso pa ara, a ɛyɛ ɛnwuo tebea ne daa nkwa (hwɛ Mose 1:39; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7 Ɛnam sɛ Ɔdɔ yɛn nti, Wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛma yɛanya saa nhyira yi. Wɔ twerɛnsɛm mu no, wɔfrɛ saa nhyehyɛeɛ yi nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ, anigyeɛ kɛseɛ ho nhyehyɛeɛ, ne ɔgyeɛ ho nhyehyɛeɛ (hwɛ Alma 42:5, 8, 11, 13, 15, 16, 31).

Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, yɛn mu biara fa akwantuo a ɛyɛ ansa na yɛreba asase so asetena, awoɔ, ɛwuo tebea asetena, owuo, ne owuo akyi asetena mu. Onyankopɔn ama deɛ yɛhia wɔ saa akwantuo yi mu sɛdeɛ yɛn wuo akyi no, yɛbɛtumi asan akɔ N’anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma.

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fapem. Ɛnam Ne Mpata ne Wusɔreɛ so, Yesu maa yɛn mu biara ho kwan sɛ yɛbɛnya honama ɛnwuo da ne daa nkwa.

Berɛ a yɛwɔ asase so yi, yɛnkae yɛn asetena ansa na yɛreba. Ɛna yɛnte owuo akyi asetena ase nwie. Nanso, Onyankopɔn ada nokorɛ bebree adi fa saa yɛn daapem akwantuo afa yi ho. Nokorɛ no ma yɛ nimdeɛ a ɛdɔɔso ma yɛte asatena botaeɛ ase, yɛnya anigyeɛ, na yɛnya nneɛma pa a ɛbɛba ho anidasoɔ. Saa nimdeɛ yi yɛ ademudeɛ kronkron a ɛsom boɔ na ɛma yɛn akwankyerɛ berɛ a yɛwɔ asase so.

Adwenkyerɛ ma Adekyerɛ

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛmu nhwɛsoɔ a ɛbɛboa ma woasiesie wo ho akyerɛ adeɛ. Nsɛmmisa ne ɔfrɛ a wobɛtumi de adi dwuma ho nhwɛsoɔ nso ka ho.

Berɛ a woresiesie wo ho akyerɛ adeɛ no, fa mpaebɔ dwene onipa baako biara tebea ne honhom mu ahiadeɛ ho. Si gyinaeɛ wɔ deɛ ɛbɛboa kɛse pa ara sɛ wobɛkyerɛ ho. Yɛ ahoboa sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ebia nkorɔfoɔ nte aseɛ ase. Gyina berɛ dodoɔ a wobɛnya so yɛ nhyehyɛeɛ, na kae sɛ wobɛma adesua ayɛ tiawa.

Yiyi twerɛnsɛm a wode bɛdi dwuma berɛ a worekyerɛ adeɛ. Twerɛnsɛm a ɛboa bebree ka ho wɔ “Nkyerɛkyerɛ Fapem” fa a ɛwɔ adesua no mu.

Dwene nsɛmmisa a worekyerɛ adeɛ a wobɛbisa ho. Hyehyɛ ɔfrɛ a wode bɛma a ɛbɛhyɛ onipa baako biara nkuran ma no ayɛ.

Emphasize God’s promised blessings, and share your testimony of what you teach.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ rekyerɛkyerɛ abusua

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛkyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 15-25 ntam

Yi nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ nnyinasosɛm a ɛdidi soɔ yi mu baako anaa dodoɔ na kyerɛ. Wɔama nnyinasosɛm biara ho nkyerɛkyerɛ fapem wɔ saa nkyerɛkyerɛmu yi kwan so.

Ansa na yɛreba asase so: Onyankopɔn Botaeɛ ne Nhyehyɛeɛ ma yɛn.

  • Yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Ɔbɔɔ yɛn wɔ Ne nsɛso so.

  • Na yɛne Onyankopɔn na ɛte ansa na wɔrewo yɛn aba asase so. Yɛyɛ N’abusuafoɔ. Ɔnim na ɔdɔ yɛn mu biara.

  • Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛeɛ ama yɛn anigyeɛ ne nkɔsoɔ wɔ saa asetena yi mu ne daapem.

  • Wɔ yɛn asetena ansana yɛreba asase so mu no, yɛfaa sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn nhyehyɛeɛ so. Na yei kyerɛ sɛ yɛreba wiase sɛdeɛ yɛbɛtumi atu anammɔn a ɛdi soɔ wɔ yɛn daapem nkɔsoɔ mu.

  • Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fapem. Ɔma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛnya ɛnwuo tebea ne daa nkwa.

Adebɔ

  • Ɛnam Onyankopɔn akwankyerɛ so, Yesu Kristo bɔɔ asase.

Adam ne Hawa Ahweaseɛ

  • Adam ne Hawa yɛ Onyankopɔn honhom mu mma a wɔdii kan baa asase so. Onyankopɔn bɔɔ wɔn honamdua na ɔde wɔn guu Eden Turo mu.

  • Adam ne Hawa yɛɛ bɔne na wɔpamoo wɔn firii turo no mu, na wɔyii wɔn firii Onyankopɔn anim. Wɔfrɛ saa absɛm yi Ahweaseɛ.

  • Ahweaseɛ no akyiri no, Adam ne Hawa bɛyɛɛ deɛ ɛwuo. Sɛ deɛ ɛwuo no, wɔtumi suaa adeɛ, nyaa nkɔsoɔ, na wɔnyaa mma. Wɔhunuu awerɛhoɔ, bɔne, ne owuo nso.

  • Na Ahweaseɛ no yɛ animkɔ anammɔntuo ma adasamma. Ahweaseɛ no maa ɛyɛɛ yie sɛ wɔwo yɛn wɔ asase so na yɛnya nkɔsoɔ wɔ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu.

Yɛn abrabɔ wɔ Asase so

  • Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, na yɛhia sɛ yɛba asase so bɛnya honamdua a ani hunu, sua, na yɛnyini.

  • Asase so no, yɛsua sɛ yɛde gyedie bɛnante. Nanso, Ɔsoro Agya nnyaee yɛn nko ara. Wama akyɛdeɛ ne akwankyerɛ bebree a ɛbɛboa ma yɛasan akɔ N’anim.

Yesu Kristo Mpata no

  • Yɛn mu biara yɛ bɔne, na yɛn mu biara bɛwu. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti, Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, baa asase so sɛ ɔmmɛgye yɛn mfiri bɔne ne owuo mu.

  • Yesu mpata afɔdebɔ no nti, yɛbɛtumi anya bɔnefakyɛ na wɔate yɛn ho afiri yɛn bͻne ho. Sɛ yɛsakyera a, wɔbɛtumi asesa yɛn akoma ma ayɛ papa. Yei ma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛtumi asane akɔ Onyankopɔn anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma.

  • Ɛnam Yesu Wusɔreɛ no nti, yɛn nyinaa bɛsɔre bio wɔ yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne honamdua bɛsane aka abom bio, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ wɔ nipadua wusɔreɛ a ɛwie pɛyɛ mu.

  • Yesu Kristo ma awerɛkyekyerɛ, anidasoɔ, ne ayaresa. Ne mpata afɔdebɔ kyerɛ ɔdɔ Ne dɔ kɛseɛ. Yesu Kristo Mpata no tumi siesie deɛ ɛntene biara a ɛwɔ abrabɔ mu.

Honhom Wiase

  • Sɛ yɛn honamdua wu a, yɛn honhom kɔ so tena ase wɔ honhom wiase. Yei yɛ adesua ne ahosiesie tebea tiawa ansa na Wusɔreɛ aba.

  • Wɔkyerɛkyerɛ Yesu Kristo asεmpa no wɔ honhom wiase, na yɛkɔ so nyini na yɛnya nkɔsoɔ.

Wusɔreɛ, Nkwagyeɛ, ne Mpagya

  • Yɛn berɛ wɔ honhom mu akyiri no, Wusɔreɛ ne anammɔn a ɛdi hɔ wɔ yɛn daapem akwantuo mu.

  • Wusɔreɛ ne sɛ yɛn honhom ne honamdua reka abom bio. Wɔbɛnyane yɛn mu biara na yɛanya honamdua a ɛwie pɛyɛ. Yɛbɛtena ase afebɔɔ. Agyenkwa no Mpata ne Wusɔreɛ ma no yɛ yie.

Atemmuo Animuonyam Aheman ahodoɔ

  • Sɛ yɛsɔre bio a, Yesu Kristo na ɔbɛyɛ yɛn ɔtemmuafoɔ. Kakraa bi firi hɔ a, Onyankopɔn mma nyinaa bɛnya beaeɛ wɔ animuonyam ahemman bi mu.

  • Ɛwom sɛ wɔbɛnyane yɛn nyinaa, nanso yɛn nyinaa rennya daapem animuonyam korɔ no ara. Yesu bɛbu yɛn atɛn sɛdeɛ yɛn gyedie, nnwuma, ne adwensakyera wɔ ɛwuo tebea ne honhom wiase mu teɛ. Sɛ yɛyɛ anokwafoɔ a, yɛbɛtumi asane akɔtena Onyankopɔn anim.

Nsɛmmisa a Wobɛtumi Abisa Nkorɔfoɔ

Nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi yɛ deɛ wobɛtumi abisa nkorɔfoɔ ho nhwɛsoɔ. Saa nsɛmisa yi bɛtumi aboa ma woanya nkitahodie a ɛhia ne nteaseɛ wɔ onipa biara ahiadeɛ ne nhumu ho.

  • Wote nka sɛ asetena botaeɛ ne sɛn?

  • Deɛn na ɛma w’ani gye?

  • Ɔhaw bɛn na wopɛ sɛ Onyankopɔn boa wo wɔ ho?

  • Deɛn na woasua afiri ɔhaw a woafa mu no mu?

  • Deɛn na wonim fa Yesu Kristo ho? Sɛn na N’abrabɔ ne botaeɛ anya nkɛnsoɔ wɔ wo so?

Ɔfrɛ a Wobɛtumi de Ama

  • Wobɛbisa Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu ahunu sɛ deɛ yɛakyerɛ no yɛ nokorɛ? (Hwɛ “Nkyerɛkyerɛ Nhumu: Mpaeɛ” wɔ adesua 1 wɔ ɔfa a ɛtwa toɔ.)

  • Wone yɛn bɛkɔ asɔre saa Kwasiada yi akɔsua bebree afa deɛ yɛakyerɛ no ho?

  • Wobɛkenkan Mormon Nwoma no na woabɔ mpaeɛ ahunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm? (Wobɛtumi asusu ti ahodoɔ anaa nkyekyɛmu pɔtee bi.)

  • Wobɛdi Yesu nhwɛsoɔ so na wɔabɔ wo asu anaa? (Hwɛ “Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ,” a ɛdi saa adesua 1 anim pɛɛ.)

  • Yɛbɛtumi ahyɛ berɛ a yɛbɛsan abɛsra wo bio?

Mfoni
nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ mfonin

Nkyerɛkyerɛ Fapem

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛ ne twerɛnsɛm a wobɛsua na ahyɛ wo nimdeɛ ne asɛmpa no mu adanseɛ den na aboa ma woatumi akyerɛkyerɛ.

Mfoni
nsoroma

Ansa na yɛreba asase so: Onyankopɔn Botaeɛ ne Nhyehyɛeɛ ma yɛn.

Yɛyɛ Onyankopɔn mma, na Yɛne No Tenaeɛ ansa na Wɔrewo Yɛn

Onyankopɔn yɛ yɛn honhom mu Agya. Yɛyɛ ne mma ankasa, a wayɛ yɛnwɔ Ne suban so. Yɛn mu biara wɔ ɔsoro su sɛ Onyankopɔn ba. Saa nimdeɛ yi bɛtumi aboa yɛn wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu, na ɛbɛtumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛabɛyɛ papa pa ara.

Na yɛne Onyankopɔn na ɛte sɛ Ne honhom mu mma ansa na wɔrewo yɛn aba asase so. Yɛka N’abusua ho.

Mfoni
Titenani M. Russell Ballard

“Su baako a ɛho hia wɔ hɔ a yɛn nyinaa wɔ ni seesei ne afebɔɔ, deɛ ɛnni sɛ yɛn werɛ firi da biara da, ne deɛ ɛwɔ sɛ yɛkyerɛ ɛho anisɔ. Ɛno ne sɛ, woyɛ na berɛ biara woayɛ Onyankopɔn babarima anaa babaa wɔ honhom mu abusuabɔ a ɛnni awieeɛ mu.

“… Worete saa nokorɛ yi ase—worete saa nokorɛ yi ase na woregye atom ankasa—sesa abrabɔ. Ɛma wo su sononko a obiara ntumi nnye mfiri wo nsam da. Nanso deɛ ɛkyɛn saa ne sɛ, ɛwɔ sɛ ɛma wo atenka kɛseɛ fa sɛdeɛ wosom boɔ a ɛnni awieeɛ. Ne korakora ne sɛ, ɛma wo botaeɛ a ɛfiri ɔsoro, yɛ animuonyam, na ɛfata wɔ asetena mu” (M. Russell Ballard, “Ɔsoro Agya Mma” [Brigham Young University devotional, Ɔbɛnem 3, 2020], 2, speeches.byu.edu).

Yɛyii sɛ Yɛbɛba Asase so

Yɛn Soro Agya dɔ yɛn na ɔhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno. Ɔyɛ onipa a wɔde animuonyam honamdua apagya no.

Wɔ yɛn asetena ansa na yɛreba asase so no, yɛhunuu sɛ Onyankopɔn wɔ nhyehyɛeɛ ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno. Ne nhyehyɛeɛ no fa baako ne sɛ ɛwɔ sɛ yɛfiri yɛn ɔsoro fie na yɛba asase so bɛnya honamdua. Na yɛhia nso sɛ yɛbɛnya suahunu na yɛanya gyedie wɔ berɛ a yɛafiri Onyankopɔn anim. Yɛrenkae sɛ na yɛne Onyankopɔn na ɛteɛ. Nanso na Ɔbɛma yɛn deɛ yɛhia sɛdeɛ yɛbɛtumi asane ne No akɔtena.

Ɔpɛ, anaa fahodie ne tumi a yɛde yie, yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn no fa a ɛho hia. Wɔ yɛn asetena ansa na yɛreba asase so no, yɛ mu biara yii sɛ ɔbɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ so na waba asase so sɛdeɛ yɛbɛtumi atu anammɔn a ɛdi soɔ wɔ yɛn daapem nkɔsoɔ mu. Yɛtee aseɛ sɛ, berɛ a yɛwɔ ha no, yɛbɛnya akwanya afoforɔ bebree de anyini na yɛanya anigyeɛ. Yɛsane nso tee aseɛ sɛ yɛbɛhyia sɔretia. Yɛbɛkɔ nsɔhwɛ, awerɛhoɔ, ne owuo mu.

Berɛ a yɛreyi sɛ yɛbɛba asase so no, na yɛwɔ awerɛhyem wɔ Onyankopɔn dɔ ne mmoa mu. Na yɛwɔ awerɛhyem wɔ Ne nhyehyɛeɛ mu ma yɛn nkwagyeɛ.

Ɔsoro Agya Yii Yesu Kristo sɛ Ɔmmɛgye Yɛn

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fapem. Ansa na yɛreba wiase mu no, na yɛnim sɛ yɛn ankasa ntumi nsane nkɔ Onyankopɔn anim. Ɔsoro Agya yii N’abakan, Yesu Kristo, sɛ ɔmmoa ma yɛntumi nsane nkɔ Ne nkyɛn na yɛanya daa nkwa.

Yesu firii ne pɛ mu gye too mu. Ɔgye too mu sɛ Ɔbɛba asase so na ɔnam Ne mpata afɔrebɔ no so agye yɛn. Ne Mpata ne Wusɔreɛ no bɛma Onyankopɔn botaeɛ a ɔwɔ ma yɛn no ahyɛ ma.

Twerɛsɛm Sua

Onyankopɔn Mma

Onyankopɔn Botaeɛ

Abrabɔ Ansa na Yɛreba Asase so

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Mfoni
owia kɔtɔ ɛpo so

Adebɔ

Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ maa kwan ma wɔbɔɔ asase, baabi a Ne honhom mu mma bɛnya honamdua a aniwa hunu na wɔanya suahunu. Yɛn asase so asetena hia ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛnya nkɔsoɔ na yɛabɛyɛ te sɛ Onyankopɔn.

Ɛnam Ɔsoro Agya akwankyerɛ so, Yesu Kristo bɔɔ asase ne nneɛma a ɛwɔ nkwa nyinaa. Afei Ɔsoro Agya bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa wɔ Ne suban so. Adebɔ kyerɛ Onyankopɔn dɔ ne Ne pɛ a ɔwɔ ma yɛn sɛ yɛbɛnya akwanya anyini.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Bɔ adeɛ, Adebɔ.”

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Adebɔ

Mfoni
Worefiri Eden Turo mu, ɛfiri Joseph Brickey hɔ

Adam ne Hawa Ahweaseɛ

Ansa na Ahweaseɛ no bɛba

Adam ne Hawa yɛ Ɔsoro Agya honhom mu mma a wɔdii kan baa asase so. Onyankopɔn bɔɔ wɔn honamdua wɔ Ɔno ankasa suban so na ɔde wɔn guu Eden Turo mu. Na wɔnnim hwee wɔ Turo no mu, na Onyankopɔn maa wɔn deɛ wɔhia.

Berɛ a na Adam ne Hawa wɔ turo no mu no, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔnni papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no. Sɛ wɔdii saa mmaransɛm yi so a, anka wɔbɛtumi aka turo no mu. Nanso, anka wɔrentumi nsua mfiri sɔretia ne ɔhaw ahodoɔ a ɛwɔ ɛwuo tebea mu nnya nkɔsoɔ. Anka wɔrenhunu anigyeɛ ɛfiri sɛ wɔrentumi nte awerɛhoɔ ne yea.

Ɔbonsam sɔɔ Adam ne Hawa hwɛeɛ sɛ wɔnni aduaba a wɔabra no, na wɔde wɔn pɛ diiɛ. Wɔ deɛ wɔyiiɛ no nti, wɔpamoo wɔn firii Eden Turom ne Onyankopɔn anim. Wɔfrɛ saa abasɛm yi Ahweaseɛ.

Ahweaseɛ no Akyi

Ahweaseɛ no akyi no, Adam ne Hawa bɛyɛɛ deɛ ɛwuo. Na wɔnni bemdie tebea mu bio nti, wɔtee aseɛ na wɔhunuu papa ne bɔne nyinaa. Na wɔtumi de wɔn pɛ yi deɛ wɔpɛ. Ɛnam sɛ Adam ne Hawa faa sɔretia ne ɔhaw mu nti, wɔtumi suaae na wɔnyaa nkɔsoɔ. Ɛnam sɛ wɔfaa awerɛhoɔ mu nti, wɔtumi nso nyaa anigyeɛ. (Hwɛ 2 Nephi 2:22–25.)

Wɔn amanehunu mu mpo, Adam ne Hawa tee nka sɛ wobɛyɛ deɛ ɛwuo yɛ nhyira kɛseɛ. Nhyira baako ne sɛ wɔtumi nyaa mma. Yei buee kwan maa Onyankopɔn honhom mu mma afoforɔ sɛ wɔbɛba asase so na wɔabɛnya honamdua.

Ɛfa Ahweaseɛ no nhyira ho no, Adam ne Hawa dii ahurisie. Hawa kaa sɛ, “Sɛ ɛnyɛ yɛn mmaratoɔ yi a anka yɛannya [mma], na anka yɛanhunu papa ne bɔne, ne yɛn gyeɛ ho anigyeɛ, ne daa nkwa a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔyɛ setie nyinaa” (Moses 5:11; san hwɛ verse 10).

Twerɛsɛm Sua

Turo no mu

Ahweaseɛ No

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Adam ne Hawa Ahweaseɛ:,” “Ɔpɛ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Adam ne Hawa Ahweaseɛ,” “Ɔpɛ ne Akontabuo

Yɛn abrabɔ wɔ Asase so

Nnipa bebree dwene sɛ, “Adɛn nti na mewɔ asase so?” Yɛn abrabɔ wɔ asase so yɛ ɔfa a ɛho hia wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn nkwagyeɛ nkɔsoɔ. Yɛn botaeɛ titire ne sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho asane akɔ Onyankopɔn anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma. Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ akwan a asase so asetena siesie yɛn ma yei no bi.

Mfoni
abarimaa a ɔrenwenwene

Gye Honamdua

Botaeɛ baako a yɛde ba asase so ne sɛ yɛbɛnya honamdua a yɛn honhom bɛtumi atena mu. Yɛn honamdua yɛ Onyankopɔn abɔdeɛ kronkron a ɛyɛ nwanwa. Yɛwɔ honamdua nti, yɛbɛtumi ayɛ, asua, na yɛanya suahunu wɔ nneɛma bebree mu a honhom no ntumi. Yɛbɛtumi anya nkɔsoɔ wɔ akwan a anka yɛrentumi nyɛ sɛ ahonhom.

Ɛnam sɛ yɛn honamdua yɛ deɛ ɛwuo nti, yɛte yea, yareɛ, ne nsɔhwɛ afoforɔ. Suahunu yeinom bɛtumi aboa ama yɛsua aboterɛ, tema, ne ɔsoro su afoforɔ. Wɔbɛtumi ayɛ yɛn anigyeɛ kwan no fa bi. Woreyi deɛ ɛyɛ berɛ a ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ taa yɛ sɛdeɛ gyedie, anidasoɔ ne ɔdɔ kann bɛka yɛn suban ho.

Sua sɛdeɛ Wode Ɔpɛ Bɛyɛ Adwuma wɔ Nyansa mu

Ɛwuo tebea botaeɛ foforɔ ne sɛ yɛbɛsua yɛde yɛn pɛ bɛyɛ dwuma nyansa wɔ mu—yɛ yɛbɛyi deɛ ɛyɛ. Yɛresua sɛ yɛde yɛn pɛ bɛyɛ adwuma wɔ nyansa mu ho hia ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn.

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo kyerɛkyerɛ yɛn deɛ ɛyɛ na wɔma mmaransɛm a ɛma yɛnya anigyeɛ. Ɔbonsam sɔ yɛ hwɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛnyɛ, pɛ sɛ yɛyɛ mmɔbɔ te sɛ ɔno. Yɛhyia akyinnyeɛ wɔ papa ne bɔne ntam, a ɛho hia ma yɛsua sɛ yɛde yɛn pɛ bɛyɛ adwuma (hwɛ 2 Nephi 2:11).

Sɛ yɛyɛ setie ma Onyankopɔn a, yɛnyini na yɛnya Ne bɔhyɛ nhyira no. Sɛ yɛyɛ asoɔden a, yɛtwe yɛn ho firi Ne ho na yɛnya bɔne ho nsunsuansoɔ. Ɛwom sɛ ɛtɔ dabi a ɛnte saa deɛ, nanso bɔne de yɛn kɔ awerɛhoɔ mu. Setie ho nhyira—ne bɔne ho nsunsuansoɔ—ntaa mma amonom hɔ ara anaa yɛnhunu. Nanso ɛwɔ hɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sisifoɔ.

Mpo berɛ a yɛbɔ mmɔden pa ara no, yɛn nyinaa yɛ bɔne na “Onyankopɔn animuonyam abɔ yɛn” (Romans 3:23). Ɔnim yei nti, Ɔsoro Agya maa kwan a yɛde bɛsakyera sɛdeɛ yɛbɛtumi asane akɔ Ne nkyɛn.

Adwensakyera de yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo tumi ba yɛn abrabɔ mu (hwɛ Helaman 5:11). Sɛ yɛsakyera a, ɛnam Yesu Kristo afɔdebɔ mpata no ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no so yɛn ho te firi bɔne ho (hwɛ 3 Nephi 27:16–20). Ɛnam adwensakyera so yɛnya anigyeɛ. Kwan a ɛsane kɔ Ɔsoro Agya nkyɛn no bue ma yɛn ɛfiri sɛ Ɔyɛ ahummɔborɔ. (Hwɛ “Adwensakyera” wɔ adesua 3.)

Sua sɛ Wode Gyedie Bɛnante

Asetena yei botaeɛ baako nso ne sɛ yɛbɛnya suahunu a ɛnam yɛne Ɔsoro Agya mpaapaemu nko ara so na ɛbɛtumi aba. Ɛnam sɛ yɛhunu No nti, yɛhia sɛ yɛde gyedie na ɛnante (hwɛ 2 Corinthians 5:6–7).

Onyankopɔn nnyaee yɛn nko ara wɔ saa akwantuo yi mu. Wama Honhom Kronkron no sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn kwan, ama yɛn ahoɔden, na ate yɛn ho. Wasane nso ama twerɛnsɛm, nkɔmhyɛfoɔ, mpaeɛ, ne Yesu Kristo asɛmpa no.

Yɛn ɛwuo tebea suahunu fa biara—anigyeɛ ne awerɛhoɔ, nkɔsoɔ ne ntwesane—bɛtumi aboa yɛn ma yɛanyini berɛ a yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsane akɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Twerɛsɛm Sua

Berɛ a Wɔde Nyini nya Nkɔsoɔ

Ɔpɛ

Papa ne Bɔne

Bɔne

Ɛwɔ sɛ Yɛn Ho Te na Yɛne Onyankopɔn Atena

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Yesu Kristo Mpata no

Esiane Adam ne Hawa ahweaseɛ no nti, yɛn nyinaa hyɛ bɔne ne owuo ase. Yɛn ankasa ntumi nni bɔne ne owuo ho nsunsuansoɔ so. Wɔ yɛn Soro Agya nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ mu no, Ɔmaa kwan a yɛbɛtumi adi Ahweaseɛ ho nsunsuansoɔ so sɛdeɛ yɛbɛtumi asane akɔ N’anim bio. Ansa na wɔrebɔ wiase no, Ɔyii Yesu Kristo sɛ ɔnyɛ yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ.

Yesu Kristo nko ara na na ɔbɛtumi agye yɛn firii bɔne ne owuo mu. Ɔyɛ Onyankopɔn Ba ankasa. Wannyɛ bɔne da, na ɔyɛɛ setie biribiara mu maa N’Agya. Wɔsiesiee no a ɔwɔ pɛ sɛ Ɔbɛyɛ N’Agya apɛdeɛ.

Agyenkwa No brɛ wɔ Gethsemane Turom, ne N’amanehunu ne Ne wuo wɔ asɛnnua no so, ne Ne Wusɔreɛ ka Ne Mpata no ho. Ɔhunuu amane traa nteaseɛ—boroo so maa mogya pramm No wɔ honam tokuro biara mu (hwɛ Doctrine and Covenants 19:18).

Yesu Kristo Mpata no ne adeɛ a ɛyɛ animuonyam pa ara wɔ nnipa abakɔsɛm mu nyinaa. Yesu nam Ne mpata afɔrebɔ no so maa N’Agya nhyehyɛeɛ no yɛɛ adwuma. Sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo Mpata no a nka yɛrentumi nyɛ hwee ɛfiri sɛ yɛrentumi nnye yɛn ho mfiri bɔne ne owuo mu (hwɛ Alma 22:12–15).

Yɛn Agyenkwa afɔrebɔ no kyerɛ ɔdɔ kɛseɛ a na Ɔwɔma N’Agya ne yɛn. Kristo dɔ “trɛ, ne tenten, ne mudɔ, ne ne korɔn” boro yɛn nteaseɛ so (Efesofoɔ 3:18; san hwɛ nkyekyɛmu 19).

Mfoni
Asɛnnuamubɔ No, ɛfiri Harry Andersen hɔ

Yesu Kristo Dii Owuo so Nkonim maa Obiara

Berɛ a Yesu Kristo wuu wɔ asɛnnua no so no, Ne honhom ne Ne honamdua dii mpaapaemu. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ne honhom ne Ne honamdua ka bɔɔ mu bio, a ɛnni mpaapaemu bio. Ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nnipa pii, kyerɛɛ wɔn sɛ na Wanya honamdua a ɛwɔ nam ne nnompe a ɛnwu bio. Wɔfrɛ saa honhom ne honamdua nkabom yi Wusɔreɛ.

Sɛ yɛyɛ ateasefoɔ yi, yɛn mu biara bɛwu. Nanso, esiane Yesu nkonimdie wɔ owuo so nti onipa biara a wɔwoo no asase so bɛsane asɔre. Wusɔreɛ no yɛ akyɛdeɛ kronkron ma obiara, a ɛnam Agyenkwa no mmɔborɔhunu ne ɔgyeɛ adom so. Obiara honhom ne ne nipadua bɛka abom, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ wɔ wusɔreɛ nipadua a ɛwie pɛyɛ mu. Sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo a, nka owuo bɛtwa anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma yɛne Ɔsoro Agya daakye asetena so (hwɛ 2 Nephi 9:8–12).

Yesu Kristo Ma Wɔtumi Te Yɛn ho firi Yɛn Bɔne ho

Sɛ yɛbɛte anidasoɔ a yɛbɛtumi afa Kristo so anya ase a, ɛwɔ sɛ yɛte tenenee mmara ase. Yei ne mmara a ɛnsesa a ɛde yɛ nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ ba. Setie ma Onyankopɔn de nsunsuansoɔ pa ba, ɛna asoɔden de nsunsuansoɔ bɔne ba. (Hwɛ Alma 42:14–18.) Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn ho nte wɔ honhom mu, na adeɛ a ɛho nte biara ntumi Onyankopɔn anim (hwɛ 3 Nephi 27:19).

Mfoni
Yesu Rebɔ mpaeɔ wɔ Gethsemane, ɛfiri Harry Anderson hɔ

Yesu Kristo mpata afɔrebɔ berɛ no, Ɔgyina yɛn ananmu, hunuu amane, na Ɔtuaa yɛn bɔne ho ka (hwɛ 3 Nephi 27:16–20). Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no ma Yesu Kristo tumi ma No di ma yɛn—sɛ Ɔbɛgyina yɛne atɛntenenee ntam (hwɛ Mosiah 15:9). Ɛnam Yesu mpata afɔrebɔ no nti, sɛ yɛnya gyedie na yɛsakyera a, Ɔbɛtumi agye Ne mmɔborɔhunu tumi no ama yɛn (hwɛ Moroni 7:27; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:3–5). “Ɛno nti ahumɔborɔ bɛtumi apata atɛntenenee, na ɛgye [yɛn] atuu wɔ banbɔ abasa mu” (Alma 34:16).

Ɛnam Agyenkwa no Mpata akyɛdeɛ no ne yɛn adwensakyera so nko ara na yɛbɛtumi asane akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Sɛ yɛkyera a, yɛnya bɔnefakyɛ na wɔte yɛn ho wɔ honhom mu. Wɔyi yɛn afɔbuo ne bɔne nnesoa firi yɛn so. Yɛn kra a apira nya ayaresa. Anigyeɛ hyɛ yɛn ma (hwɛ Alma 36:24).

Ɛwom sɛ yɛnwie pɛyɛ na yɛbɛtumi ahwe ase bio deɛ, nanso adom, ɔdɔ, ne mmɔborɔhunu bebree wɔ Yesu Kristo mu kyɛn nkoguo, mmrɛyɛ, anaa bɔne a ɛwɔ yɛn mu. Onyankopɔn ayɛ krado berɛbiara na Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ yɛn atuu berɛ a yɛsane kɔ Ne nkyɛn na yɛsakyera (hwɛ Luke 15:11–32). Biribiara ne obiara nni hɔ a “ɛbɛtumi atete yɛne Nyankopɔn dɔ, a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu” (Romafoɔ 08:39,).

Yesu Faa Yԑn Yea, Amanehunu, ne Mmrԑyԑ Too Ne ho so

Wɔ Ne mpata afɔrebɔ mu no, Yesu Kristo faa yɛn yea, amanehunu, ne mmrɛyɛ too Ne ho so. Ɛnam saa nti Ɔnim “sɛdeɛ ɔbɛsi aboa ne nkorɔfoɔ wɔ sɛdeɛ wɔn honam mu mmrɛyɛ teɛ” (Alma 7:12; san hwɛ verse 11). Ɔfrɛ yɛn sɛ, “Mommra me nkyɛn,” na sɛ yɛyɛ a, Ɔma yɛn ahome, anidasoɔ, ahoɔden, nhumu, ne ayaresa (Mateo 11:28; san hwɛ nkyekyɛmu 29–30).

Sɛ yɛde yɛn ho to Yesu Kristo ne Ne Mpata no so a, Ɔbɛtumi aboa yɛn adi nsɔhwɛ, nyarewa, ne yea so. Anigyeɛ, asomdwoeɛ ne awerɛkyekyerɛ bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Yesu Kristo Mpata no tumi siesie kɔntɔnkye biara a ɛwɔ abrabɔ mu.

Twerɛsɛm Sua

Agyenkwa no Mpata

Owusɔreɛ

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Yesu Kristo,” “Pata, Mpata,” “Adom

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Yesu Kristo,” “Yesu Kristo Mpata,” “Adom

Mfoni
abusua resra damena

Honhom Wiase

Nnipa bebree dwene ho sɛ, “Deɛn na ɛsi wɔ me wuo akyi?” Nkwagyeɛ ho nhyehyɛɛ no ma asɛmmisa yi ho mmuaeɛ bi a ɛho hia.

Owuo ka Onyankopɔn “mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ” ma yɛn no ho (2 Nephi 9:6). Sɛ anka ɛbɛyɛ yɛn asetena awieeɛ no, owuo yɛ anammɔn a ɛdi soɔ wɔ yɛn daapem nkɔsoɔ mu. Sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn a, ɛwɔ sɛ yɛhunu owuo na akyire yi yɛnya wusɔreɛ honamdua a ɛwie pɛyɛ.

Sɛ yɛn honamdua wu a, yɛn honhom kɔ so tena ase wɔ honhom wiase. Yei yɛ adesua ne ahosiesie tebea tiawa ansa na Wusɔreɛ ne Atemmuo a Ɛtwa Toɔ aba. Yɛn nimdeɛ a ɛfiri ɛwuo tebea mu ka yɛn ho.

Wɔ honhom wiase no, nnipa a wɔgyee Yesu Kristo asɛmpa na wɔde bɔɔ bra no “wɔgye wɔn kɔ anigyeɛ tebea a wɔfrɛ no paradise mu” (Alma 40:12). Mmɔfra nketewa nso sɛ wɔwu a wɔgye wɔn kɔ paradise.

Ahonhom a wɔwɔ paradise no bɛnya asomdwoeɛ afiri wɔn amanehunu ne awerɛhoɔ mu. Wɔbɛtoa wɔn honhom mu nyini so, ayɛ Onyankopɔn adwuma na wɔaka nsɛmpa no akyerɛ afoforɔ. Wɔbɛka nsɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔannya berɛ a na wɔte ase no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:32–37, 57–59).

Wɔ honhom wiase no, nkorɔfoɔ a wɔantumi annye asɛmpa no wɔ asase so, anaa wɔyii sɛ wɔnni mmaransɛm no so no, bɛnya sintɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:6–37; Alma 40:6–14). Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn tene na ɔwɔ mmɔborɔhunu nti, wɔbɛnya akwanya ate Yesu Kristo asɛmpa no. Sɛ wɔgye tom na wɔsakyera a, wɔbɛgye wɔn afiri wɔn bɔne mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:58; san hwɛ 138:31–35; 128:22). Wɔbɛgye wɔn aba paradise asomdwoeɛ mu. Awieeɛ no wɔbɛnya baabi wɔ animuonyam aheman bi mu a ɛgyina deɛ wɔbɛyie wɔ ɛwuo tebea ne honhom wiase mu.

Yɛtena honhom wiase hɔ kɔsi sɛ wɔbɛnyane yɛn afiri owuo mu.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Paradise

Wusɔreɛ, Nkwagyeɛ, ne Mpagya

Wusɔreɛ

Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛnya ɛnwuo tebea ne daa nkwa. Yɛn berɛ wɔ honhom mu akyiri no, Wusɔreɛ ne yɛn anammɔn a ɛdi hɔ wɔ saa nyini no mu.

Wusɔreɛ no yɛ yɛn honhom ne honamdua nkabom bio. Wɔbɛnyane yɛn mu biara. Agyenkwa no Mpata ne Wusɔreɛ ma yei yɛ yie. (Hwɛ Alma 11:42–44.)

Sɛ wɔnyane yɛn a , yɛn mu biara bɛnya honam dua asɔre na yɛatena ase afebɔɔ a ɔyaw ne yadeɛ biara nni hɔ. Yɛrenwu da, yɛbɛtena ase afebɔɔ.

Nkwagyeɛ

Ɛnam sɛ wɔbɛnyane yɛn nti, wɔbɛgye yɛn nkwa—anaa yɛbɛnya nkwagyeɛ—afiri honam mu wuo mu. Ɛnam Yesu Kristo adom so na wɔde saa akyɛdeɛ yei ma yɛn.

Wɔbɛtumi nso agye yɛn nkwa—anaa yɛbɛnya nkwagyeɛ—afiri nsunsuansoɔ a tenenee mmara hwehwɛ ma yɛn bɔne mu. Wɔsane nam Yesu Kristo fata ne mmɔborɔhunu so ma saa akyɛdeɛ yi berɛ a yɛsakyera. (Hwɛ Alma 42:13–15, 21–25.)

Mpagya

Mpagya, anaa daa nkwa, na ɛyɛ anigyeɛ ne animuonyam tebea a ɛwɔ soro pa ara wɔ sɛlɛtia ahemman no mu. Mpagya yɛ akyɛdeɛ a ɛgyina biribi so. Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Saa nnyinasoɔ a ɛma yɛfata no yɛ gyedie wɔ Awurade mu, adwensakyera, asubɔ, Sunsum Kronkron gyeɛ, na yɛreyɛ anokwafoɔ ama tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam” (“Nkwagyeɛ ne Mpagya,” Ensign anaa Liahona, Kɔtɔnimaa 2008, 9).

Mpagya kyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛtena wɔ daapem mmusua mu. Ɛyɛ sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn ne Yesu Kristo, abɛyɛ te sɛ Wɔn, na yɛanya asetena a Wɔn ani gye wɔ mu.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛsɛm mu: “Wusɔreɛ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Wusɔreɛ,” “Nkwagyeɛ

Mfoni
owua rebɔ fa mununkum mu

Atemmuo ne Animuonyam Ahemman ahodoɔ

Hyɛ no nso: Sɛ worekyerɛkyerɛ afa animuonyam aheman ho berɛ a ɛdi kan a, kyerɛ firi mfitiaseɛ koraa sɛdeɛ onipa no ahiadeɛ ne nteaseɛ teɛ.

Sɛ yɛsɔre a, Yesu Kristo bɛyɛ yɛn tenenee ne mmɔborɔhunu temmuafoɔ. Sɛ kakraabi firi hɔ a, yɛn mu biara bɛnya beaeɛ wɔ animuonyam aheman bi mu. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa bɛsɔre deɛ, nanso yɛn nyinaa rennya daapem animuonyam korɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:22–24, 29–34; 130:20–21; 132:5).

Ankorakoro a wɔannya akwanya ante Onyankopɔn mmara no ase yie na wɔanni so berɛ a na wɔte ase no bɛnya saa akwanya no wɔ honhom wiase. Yesu bɛbu obiara atɛn sɛdeɛ ne gyedie, nnwuma, ɔpɛ, ne nsakyeraeɛ wɔ ɛwuo tebea mu ne honhom wiase teɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:32–34, 57–59).

Twerɛnsɛm kyerɛkyerɛ fa sɛlɛtia, tɛrɛstra, ne tɛlɛtia animuonyam aheman ho. Ɛmu biara kyerɛ Onyankopɔn dɔ, atɛntenenee, ne ahummɔboɔ.

Wɔn a wɔwɔ gyedie wɔ Kristo mu, sakyera firi wɔn bɔne ho, gye asɛmpa no ayɛyɛdeɛ no, di wɔn apam so, gye Sunsum Kronkron no, na wɔgyina kɔduru awieeɛ no bɛnya nkwagyeɛ wɔ sɛlɛtia ahemman no mu. Saa ahemman yi sane wɔ hɔ ma nkorɔfoɔ a wɔannya akwanya annye asɛmpa no berɛ a na wɔte ase nanso “anka wɔde wɔn akoma nyinaa bɛgye” na wɔyɛɛ saa wɔ honhom wiase (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137:8; san hwɛ nkyekyɛmu 7). Mmɔfra a wɔwuui ansa na wɔreduru akontabuo mfeɛ (mfeɛ nwɔtwe) nso bɛnya nkwagyeɛ wɔ sɛlɛtia ahemman no mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137:10).

Wɔ twerɛnsɛm mu no, wɔde sɛlɛtia ahemman no toto owia animuonyam anaa ne hyerɛn ho. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:50–70.)

Nnipa a wɔbɔɔ ahoteɛ bra “na wɔannye Yesu ho adanseɛ no wɔ honam mu, nanso akyire yi wɔgyeeɛ” no bɛnya beaeɛ wɔ tɛrɛstra ahemman no mu (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:74). Saa ara na ɛteɛ ma wɔn a na wɔnnyɛ dɔmmarimma wɔ wɔn adansedie fa Yesu ho mu. Wɔde saa aheman yi toto ɔsrane animuonyam ho. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:71–80.)

Wɔn a wɔkɔɔ so tenaa wɔn bɔne mu na wɔansakyera wɔ asase yi so anaa wɔannye Yesu Kristo asɛmpa no wɔ honhom wiase no bɛnya wɔn akatua wɔ tɛlɛtia aheman no mu. Saa aheman yi, wɔde toto nsroma animuonyam ho. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:81–86.)

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

tiatwa kɔ Adantam Asuadeɛ Nkyekyɛmu mu

Nkyekyɛmu a ɛdidi soɔ yi yɛ deɛ wobɛtumi akyerɛkyerɛ obi ho nhwɛsoɔ berɛ a wowɔ berɛ tiawa bi pɛ. Sɛ wode saa nkyekyɛmu yi reyɛ adwuma a, yi nnyinasosɛm baako anaa dodoɔ kyerɛkyerɛ. Wɔama nnyinasosɛm biara nkyerɛkyerɛ fapem wɔ adesua a ɛdi anim no mu.

Berɛ a worekyerɛkyerɛ no, bisa nsɛm na tie. Ma ɔfrɛ a ɛbɛboa nkorɔfoɔ ma wɔasua sɛdeɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn yie. Ɔfrɛ baako a ɛho hia ne sɛ onipa no ne wo bɛhyia bio. Adesua no tenten bɛgyina nsɛm a wobisa ne sɛdeɛ wotie so.

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛkyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 3-10 ntam

  • Yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Yɛka N’abusua ho. Ɔnim na ɔdɔ yɛn mu biara.

  • Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛeɛ ama yɛn anigyeɛ ne nkɔsoɔ wɔ saa asetena yi mu ne daapem.

  • Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, na yɛhia sɛ yɛba asase so bɛnya honamdua, sua, na yɛnyini.

  • Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fapem. Ɔma yɛnya daa nkwa.

  • Ɛnam Agya no akwankyerɛ so, Yesu bɔɔ asase.

  • Yɛn suahunu wɔ asase so botaeɛ ne sɛ ɛbɛboa ma yɛasiesie yɛn ho asane akɔ Onyankopɔn anim.

  • Yɛn mu biara yɛ bɔne, na yɛn mu biara bɛwu. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti, Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, baa asase so sɛ ɔmmɛgye yɛn mfiri bɔne ne owuo mu.

  • Yesu Kristo Mpata no tumi siesie kɔntɔnkye biara a ɛwɔ abrabɔ mu.

  • Sɛ yɛn honamdua no wu a, yɛn honhom no kɔso tena ase. Awieeɛ no yɛn nyinaa bɛsɔre. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne honamdua bɛsane aka abom bio, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ wɔ nipadua wusɔreɛ a ɛwie pɛyɛ mu.

  • Sɛ yɛsɔre bio a, Yesu Kristo na ɔbɛyɛ yɛn ɔtemmuafoɔ. Kakraa bi firi hɔ a, Onyankopɔn mma nyinaa bɛnya beaeɛ wɔ animuonyam ahemman bi mu. Sɛ yɛyɛ anokwafoɔ a, yɛbɛtumi asane akɔtena Onyankopɔn anim.