Twerɛnsɛm
1 Nifae 9


Ti 9

Nifae yɛ twerɛtohɔnsɛm ahodoɔ mmienu—Baako biara din de Nifae mprɛte—Wiase nneɛma ho abakɔsɛm na ɛwɔ mprɛte akɛseɛ no so; na nneɛma kronkron ho nsɛm nso wɔ nketewa no so. Bɛyɛ 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na saa nneɛma yi nyina ara na m’agya hunuui na ɔteeɛ, na ɔkae mmerɛ a na ɔte ntomadan no mu no wɔ Lemuel bɔnhwa no mu, ne nneɛma akɛseakɛseɛ bebree a merentumi ntwerɛ ho nsɛm wɔ mprɛte no so.

2 Na afei sɛdeɛ maka wɔ mprɛte yi ho no, hwɛ ɛnnyɛ mprɛte no a matwerɛ me nkurɔfoɔ ho abakɔsɛm wɔ so no, na saa mprɛte a matwerɛ me nkurɔfoɔ ho nsɛm wɔ so no na mato no din sɛ Nifae, ɛno nti wɔfrɛ no Nifae mprɛte, mede me ara me din ato so, na saa mprɛte yi nso, wɔfrɛ no Nifae mprɛte.

3 Na yeinom nyina ara akyiri no, manya Awurade hɔ mmaransɛm sɛ menyɛ saa mprɛte yi ama makrukyire nsɛm soronko a ɛfa me nkurɔfoɔ dwumadie ho wɔ so.

4 Wɔ mprɛte nkaaɛ no so nso, wɔbɛkrukyire nsɛm a ɛfa ahemfo ahennie ho, ɛne me nkurɔfoɔ akokoako koo ne wɔn apereapereɛ, ɛno nti, saa mprɛte yi so nsɛm no dodoɔ no ara fa nyame dwuma nkyerɛkyerɛ ho, na mprɛte nkaeɛ no nso mu nsɛm dodoɔ no ara fa ahemfo no ahennie ne akokoakoko ne apereapereɛ a ɛsii me nkurɔfoɔ mu no ho.

5 Ɛno nti na Awurade ahyɛ me sɛ menyɛ saa mprɛte yi wɔ ɔno ara ne botaɛ pa so a saa botaee no mennim.

6 Nanso Awurade deɛ ɔnim adeɛ nyina ara fiti ahyɛaseɛ, ɛno nti ɔsiesie kwan a ɔde yɛ ne mmaɛ mu nwuma nyina ara wɔ nnipa mma mu, na hwɛ, ɔwɔ tumi nyina ara sɛ ɔma ne nsɛm nyina ara hyɛ mma. Na sei na ɛteɛ. Amen.