Twerɛnsɛm
2 Nifae 23


Ti 23

Sɛdeɛ wɔbɛsi asɛe adeɛ wɔ Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no mu no te sɛ Babilon sɛeɛ—Ɛbɛyɛ abufuo ne awerɛtɔ da—Babilon (ewiase) bɛhwease afebɔɔ—Fatoto Yesaia 13 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Babilon adesoa a Amos babarima Yesaia hunuɛ.

2 Monsi frankaa wɔ bepɔ tentene no so, momma mo nne so mma wɔn, mo nhinhim mo nsa, na ama wɔahyɛ ne animuonyam aboboano mu.

3 Mahyɛ me kronkronfoɔ no, mafrɛ me marima akatakyie nso, na m’abufuo nni wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no so.

4 Nnipa kuo dede wɔ mmepɔ no so te sɛ ɔman kɛseɛ bi deɛ, ɛte sɛ aman ahodoɔ a wɔboaboa wɔn ano, ahennie, ne dede gyegyeegye, Asafo Awurade rehwehwɛ ɔsa mu nkurɔfokuo akɔ ko.

5 Wɔfiri ɔman a ɛwɔ akyirikyiri so, ne ɛsoro awieɛ reba, aane, Awurade, ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asaase nyina ara.

6 Montwa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.

7 Ɛnti nsa nyina ara mu bɛgo, nnipa biara akoma bɛnane;

8 Na ɛhuu bɛka wɔn; nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn; obiara ho bɛyɛ ne yɔnko nnwanwa; wɔn anim bɛyɛ sɛ gyamframa.

9 Hwɛ Awurade da no reba, atirimuɔden da, abufuo ne abufuhyeɛ, sɛ ɔrebɛma asaase ada mpan, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

10 Na ɛsoro nsoroma ne ɛmu nsoroma kuo remma wɔn hann, awia bɛduru sum n’adifiri mu na bosome nso remma ne hann nnhyerɛn.

11 Na mɛtwe wiase aso wɔ bɔne ho, ne atirimuɔdenfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛma ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase.

12 Mɛma nipa asombo asene sika kɔkɔɔ; na nipa asene Ofir sika mpɔkoa mpo.

13 Ɛno nti, mɛma ɔsoro awoso, na asaase bɛfiri ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuo mu, ɛne n’abufuhyeɛ da no mu.

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsaase so sɛ ɔwansane a wɔrepamo no no, ɛne nnwan a wɔnni hwɛsofoɔ.

15 Obiara a ɔyɛ ahomasoɔ no wɔbɛhwire ne mu, aane, na obiara a ɔne atirimuɔdenfoɔ bɛbɔ mu no bɛtɔ wɔ nkrantɛ ano.

16 Wɔn mmɔfra nso wɔde wɔn bɛhwehwɛ fam atete wɔn mu wɔ wɔn anim; wɔbɛfom wɔn afie afa, na wɔato wɔn yerenom mmɔnaa.

17 Hwɛ, mɛkanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔremmu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, na wɔn ani rennye ho.

18 Wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, na wɔn yam nnhyehye wɔn wɔ yafunu mma mpo ho; na wɔn ani nnhunu mmɔfra mmɔbɔ.

19 Na Babel, a ɛyɛ ahennie mu kunini no. Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ mmerɛ a Nyankopɔn tuu Sodom ne Gomora so no.

20 Obiara rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so, na Arabiani biara rensi ntomadan hɔ na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu mmutu hɔ.

21 Mmom ɛserɛso mmoa akɛseɛ na wɔbɛdeda hɔ, na mmoa a wɔn werɛ ahoɔ bɛyɛ wɔn adan amaama; na mpatuo bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa wɔ hɔ.

22 Na nsupɔ so mmoa akɛseɛ bɛsu wɔ n’adan a ada pan no mu, na atweaseɛ wɔ anigyeɛ ahemfie; na ne mmerɛ abɛn a ɛreyɛ aba, na ne da renkyɛre bio. Na mɛsɛe no ntɛmntɛm; aane na mɛhunu me nkurɔfoɔ mmɔbɔ, na mmom atirimuɔdenfoɔ bɛsɛe.