Twerɛnsɛm
2 Nifae 4


Ti 4

Lihae tu n’asefoɔ fo na ohyira wɔn—Owu na wɔsie no—Nifae hyɛ ne ho animuonyam wɔ Onyankopɔn papayɛ ho—Nifae de ne werɛ hyɛ Awurade mu afebɔɔ. Bɛyɛ mfinhyia 588–570 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, me, Nifae, meka deɛ ɛfa nkɔmhyɛ a m’agya aka ho nsɛm a ɛfa Yosef a wɔde no kɔɔ Misraim no ho.

2 Na hwɛ, ɔhyɛɛ nkɔm a ɛfa n’asefoɔ nyina ara ho ampa. Na nkɔmhyɛ a ɔtwerɛe no, nnyɛ akɛseɛ. Na ɔhyɛɛ yɛn ho nkɔm, ɛna yɛn daakye awoɔntoatoasoɔ nso ho; na wɔatwerɛ no wɔ yaawa mprɛte no so.

3 Ɛno nti, mmerɛ a m’agya de ne kasa a ɛfa Yosef nkɔmhyɛ ho baa awieɛ akyire yi no, ɔfrɛɛ Laman mmammarima ne ne mmammaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, me mmammarima ne me mmammaa, mo a mo yɛ m’abakan no mmammarima ne mma maa, mepɛ sɛ mobɛnya aso ama me nsɛm.

4 Ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn aka sɛ: Mmerɛ dodoɔ biara a mobɛdi me mmaransɛm so no mobɛyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase yi so; na mmerɛ dodoɔ biara a moanni me mmaransɛm so no, wɔbɛtwa mo afiri m’ani so atwene.

5 Mmom monhwɛ, me mmammarima ne me mmammaa, merentumi nkɔ me nna mu, gye sɛ megya me nhyira gu mo so; na hwɛ, menim sɛ sɛ wɔtete mo wɔ ɛkwan a ɛsɛ sɛ mo fa so no so a, morenkwati mfiri ho.

6 Ɛno nti, sɛ wɔdome mo a, hwɛ, megya me nhyira gu mo so, ama wayi nnomee no afiri mo so na wɔde agu mo awofoɔ tiri so.

7 Ɛno nti, ɛnam me nhyira nti, Awurade Nyankopɔn remma kwan mma mo nnsɛe; ɛno nti, ɔbɛhu mo ne mo asefoɔ mmɔbɔ afebɔɔ.

8 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a m’agya kasa kyerɛɛ Laman mmammarima ɛne ne mmammaa wieeɛ no, ɔmaa wɔde Lemuel mmammarima ɛne ne mmammaa baa n’anim.

9 Na ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, me mmammarima ne me mmammaa, mo a moyɛ me ba barima a ɔtɔ so mmienu mmammarima ɛne ne mmammaa; hwɛ, megya mo nhyira a megyaa Laman mmammarima ɛne ne mmammaa no bi; ɛno nti, wɔrensɛe mo korakora; mmom awieɛ no bɛnya nhyira w’asefoɔ.

10 Na ɛbaa sɛ m’agya kasa kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, hwɛ, ɔkasa kyerɛɛ Ismael mmammarima, aane, mpo ɛne ne fidua no nyina ara.

11 Na ɔkasa kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔkasa kyerɛɛ Sam sɛ: Nhyira ne wo ne w’asefoɔ; na wobɛnya asaase no adi sɛdeɛ wo nua Nifae nyaeɛ no. Na wɔbɛkan w’asefoɔ aka n’asefoɔ ho; na wɔbɛhyira wo wɔ wo nna nyina ara mu.

12 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a m’agya, Lihae, kasa kyerɛɛ ne fiefoɔ nyina ara wieeɛ no, sɛdeɛ ɛte wɔ n’akoma mu ne Awurade Honhom a ɛwɔ ne mu teɛ no nti ɔbɛbɔɔ akɔkora. Na ɛbae sɛ ɔwuii na wɔsiee no.

13 Na ɛbaa sɛ ne wuo akyiri no, ankyɛre biara na ɛnam kɔkɔbɔ a Awurade de faa me so nti Laman ne Lemuel ɛna Ismael mmammarima no bo fuu me.

14 Na me, Nifae wɔhyɛɛ me sɛ menkasa nkyerɛ wɔn sɛdeɛ n’asɛm teɛ; ɛnam sɛ maka nsɛm bebree akyerɛ wɔn dada na m’agya nso saa ara, ansa na ɔrewuo; saa abakɔsɛm no mu bebree na wɔatwerɛ wɔ me mprɛte nkae no so.

15 Na yeinom so na metwerɛ nsɛm a me kra pɛ, ɛne twerɛsɛm no mu dodoɔ a wɔkrukyire agu yaawa mprɛte so no. Na me kra anigye twerɛsɛm ho, na m’akoma dwendwene ho, na metwerɛ ma me mma sɛ wɔbɛsua na wɔanya ho mfasoɔ.

16 Hwɛ, me kra anigye wɔ Awurade nneɛma ho; na m’akoma kɔ so dwendwene nneɛma a mahunu na mateɛ ho mmerɛ nyina ara.

17 Nanso, yeinom nyina ara akyiri no, Awurade papayɛ kɛseɛ no ama mahunu ne nwuma akɛseɛ a ɛyɛ nnwanwa no, m’akoma tea mu sɛ: O mmɔborɔwa a ɔte sɛ me! Aane, m’akoma di anibereɛ ɛnam me honam nti; me kra di yea ɛnam m’amumuyɛ nti.

18 Ɛfiri sɛ nsɔhwɛ ne bɔne a atwa me ho ahyia no yɛ ɔhaw ma me.

19 Na sɛ mepɛ sɛ megye m’ani a, m’akoma si apenee ɛnam me bɔne nti; nanso, me nim deɛ mede me werɛ ahyɛ ne mu.

20 Me Nyankopɔn na wayɛ me sɔmuboafoɔ; wɔagye me wɔ m’ahohiahia mu wɔ ɛserɛ no so; na wɔakora me wɔ nsuo no bunu kɛseɛ no mu.

21 Ɔde ne dɔ ahyɛ me ma ama akɔduru sɛ mehonam mpo bɛhyeɛ.

22 Wama animguaseɛ aka m’atamfo ara ama wɔn ho awoso wɔ m’anim.

23 Hwɛ, wate me suu wɔ adekyeɛ mu, na ɔnam yikyerɛ so ma me nimdeɛ adesaɛberɛ mu.

24 Na adekyeɛ duruɛ no, na menya akokoɔduro bɔ mpaebɔ denden mu wɔ n’anim, aane, me maa me nne so kɔɔ ɔsoro; na abɔfoɔ baa ɛfam bɛsomm me.

25 Na ɔnam ne Honhom ataban no so de me nipadua no kɔɔ bepɔ tentene soronko bi so. Na m’ani ahunu nneɛma akɛseɛ, aane, deɛ ɛso ma nipa mpo; ɛno nti wɔabra me sɛ mma me ntwerɛ.

26 O ɛneɛ, sɛ mahunu nneɛma akɛseɛ sei, na Awurade aberɛ ne ho ase ama nnipa mma wɔ ahummɔborɔ pii mu asera nnipa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ m’akoma ɛsu, na me kra kyinkyini wɔ awerɛhoɔ bɔnhwa mu, na mefɔn, na m’ahoɔden so te, ɛnam m’amanehunu nti?

27 Na adɛn nti na ɛwɔ sɛ me gyae me ho ma bɔne, ɛnam me honam nti anaa? Aane, adɛn nti na ɛwɔ sɛ me ma nsɔhwɛ kwan, ma ɔbɔnefoɔ no nya kwan wɔ m’akoma mu sɛe m’asomdwoeɛ na ɔteetee me kra? Adɛn nti na ɛwɔ sɛ me bofu ɛnam me tamfo nti?

28 Sɔre, me kra! Nngo wo ho wɔ bɔne mu bio. Di dɛ, O m’akoma, mma me kra atamfoɔ kwan bio.

29 Mma wo bo mfu bio, ɛnam m’atamfoɔ nti. Mma m’ahoɔden so nte ɛnam m’amanehunu nti.

30 Di dɛ, O m’akoma, na sufrɛ Awurade, na ka sɛ: O Awurade, mɛyi wo ayɛ afebɔɔ; aane, me kra bɛdi dɛ wɔ wo mu, me Nyankopɔn, ne me nkwagyeɛ botan.

31 O Awurade wo bɛdi ama me kra anaa? Wo bɛgye me afiri m’atamfoɔ nsa mu anaa? Aane, sɛ bɔne pue a, wobɛma me ho awoso anaa?

32 Ma asamando pono mu nto wɔ m’anim abrɛ nyina ara, ɛfiri sɛ m’akoma abubu, na me honhom aboto! O Awurade, na worento wo tenenee pono kɛseɛ no mu wɔ m’anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnante wɔ bɔnhwa kwan no so, na manante wɔ ɔkwan pefee no mu.

33 O Awurade, wo de wo tenenee ataadeɛ no bɛtwa me ho ahyia! O Awurade, wobɛtwa ɔkwan ama mede adwane afiri m’atamfo nsa mu! Wobɛma me kwan no ayɛ tee wɔ m’anim! Woremfa biribi ntware me kwan mu—na mmom wo bɛma me kwan mu ada hɔ wɔ m’anim, na worensi me kwan, na mmom me tamfo akwan.

34 O Awurade, Mede me werɛ ahyɛ wo mu, na mede me werɛ bɛhyɛ wo mu afebɔɔ. Meremfa me werɛ nhyɛ honam abasa mu; ɛfiri sɛ menim sɛ Awurade adome deɛ ɔde ne werɛ hyɛ honam abasa mu. Aane, nomee ne deɛ ɔde ne werɛ hyɛ nipa mu anaa ɔde honam yɛ ne basa.

35 Aane, menim sɛdeɛ obiara bɛbisa afiri Onyankopɔn hɔ no, ɔde bɛma no kwa. Aane, sɛ mammisa deɛ ɛnsɛ a, me Nyankopɔn de bɛma me; ɛno nti mɛma me nne so ama wo; aane, mɛsu afrɛ wo, me Nyankopɔn, me tenenee botan. Hwɛ, me nne bɛforo soro aba wo hɔ afebɔɔ, me botan ne me Nyankopɔn a ɛtehɔ daa. Amen.