Twerɛnsɛm
Mormon Nwoma no din kratafa


Mormon Nwoma no

Nsɛm A Mormon
De Ne Nsa Twerɛ
Guu Mprɛte So No
Ɔfa Firii Nifae Mprɛte No So

Ɛno nti wɔde Nifae nkurɔfoɔ ho twerɛtohɔsɛm, ɛne Lamanfoɔ nso deɛ abɔ mu atwitwa no ntiatia atwerɛ—Wɔtwerɛɛe de kɔmaa Lamanfoɔ a wɔyɛ Israel fiefoɔ nkaeɛ ɛne Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ nso—Wɔnam mmaransɛm ne nkɔmhyɛ honhom ne yikyerɛ kwan so na wɔtwerɛɛe—ɔtwerɛe na ɔsii ano de sieɛ maa Awurade ama wɔansɛe no—Ama ɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so ayi apue na wɔakyerɛ aseɛ—Moronae de ne nsa sii ano na ɔde siee maa Awurade, ama wɔnam Amanamanmufoɔ so ayi apue wɔ ne mmerɛ mu—Wɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ so bakyerɛ aseɛ.

Ne fa tiawa bi nso a wɔyii firii Eter Nwoma mu no nso yɛ twerɛtohɔsɛm a ɛfa Yared nkurɔfoɔ a wɔtoo wɔn petee wɔ mmerɛ a Awurade maa nkurɔfoɔ no kasa yɛɛ basabasa wɔ mmerɛ a na wɔresi abantentene de akɔ soro no—Na ama wɔde akyerɛ lsrael Fiefoɔ nkaaɛ ama wɔahunu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa wɔn agyanom; ne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu Awurade apam no, sɛ ɔntoo wɔn ntwenee afebɔɔ—Na afei nso ama Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ no nso agye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn a Ɔnniawieɛ no, a ɔreda ne ho adi akyerɛ aman nyina ara—Na sɛ mfomsoɔ bi nso wɔ mu a na ɛfiri nnipa; saa nti mma wɔn ankasa ntia nneɛma a Onyankopɔn ayɛ, ama wɔanya mo ho nkekaawa wɔ Kristo atɛmmuo-adwa no anim.

Joseph Smith, Kumaa na ɔdii kan kyerɛɛ aseɛ
firii mprɛte no so kɔɔ Enyiresi kasa mu.

Nyiyimuu a ɛdi kan a wɔde Enyiresi twerɛe no,
wɔtintimm wɔ Amerikaman mu wɔ Palmyra, New York, USA,
afe 1830 mu.