Twerɛnsɛm
Mormon 9


Ti 9

Moronae srɛ wɔn a wɔnnye Kristo nni no sɛ wɔn nsakyera—Ɔbɔ Onyankopɔn a ɔyɛ nkɔnyaa no a ɔma adiyisɛm na ɔhwie akyɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnee gu nokwaredifoɔ so no ho dawuro—Nkɔnyaa rensi bio ɛnam sɛ wɔnnye Onyankopɔn nni no nti—Nsɛnkyerɛnee di wɔn a wɔgyedie no akyiri—Ɔtu nnipa fo sɛ wɔnyɛ anyansafoɔ na wɔni mmaransɛm no so. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei mekasa nso fa wɔn a wɔnnye Kristo nnie no ho.

2 Monhwɛ, mo asotweɛ da no mobɛgye adi anaa—monhwɛ, mmerɛ a Awurade bɛba no, aane, saa da kɛseɛ no a asaase no bɛbobɔ aboa ano te sɛ nwoma no, na ɛhyew denden bɛnane emu nneɛma nyina ara, aane, ɛda kɛseɛ no a wɔde mobɛba abɛgyina Onyankopɔn Adwammaa no anim no—saa mmerɛ no na mobɛka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ anaa?

3 Saa mmerɛ no na morempo Kristo no bio anaa, anaa sɛ mobɛtumi ahunu Onyankopɔn Adwammaa no anaa? Mosusu sɛ mone no bɛtena wɔ mmerɛ a mo tiboa bu mo fɔ no anaa? Mosusu sɛ mo ani bɛtumi agye sɛ mone saa Nipa Kronkron no bɛtena wɔ mmerɛ a mo afɔbuo tiboa no ahyɛ mo akra mma no, ama ɛno nti moatoto ne mmara no ase anaa?

4 Monhwɛ, mese mo sɛ mo bɛyɛ mmɔbɔ pii sɛ mone Onyankopɔn kronkron ne atenteneni no bɛtena, mmerɛ a mo tiboa bu mo fɔ wɔ mo fii ho wɔ n’anim, kyɛn sɛ mo ne akra a wɔwɔ asamando a wabu wɔn fɔ bɛtena.

5 Na monhwɛ, mmerɛ a ɔde mo bɛba ama moahunu mo adagya wɔ Onyankopɔn anim, na mo ahunu n’animuonyam nso, ne Yesu Kristo kronkronyɛ no, ɛde egya a ɛredɛre na ennum da no bɛgu mo so.

6 O ɛneɛ mo akyinnyefoɔ no, monnane mo ani mmra Awurade hɔ; monsu dendennden mfrɛ Awurade wɔ Yesu din mu, ama ebia na wahunu mo sɛ nkekaawa biara nni mo ho, ahoteɛ, ahoɔfɛ, ne fitaa, wɔ mmerɛ a Adwammaa no de ne mogya ate mo ho wɔ ɛda kɛseɛ no a ɛdi awieɛ no mu.

7 Na mesan kasa kyerɛ mo bio, mo a mopo Onyankopɔn adiyisɛm no, na moka sɛ atwa mu no, sɛ adiyisɛm biara nni hɔ, ɛna nkɔmhyɛ biara, anaasɛ akyɛdeɛ, anaa sɛ ayaresa anaa sɛ kasa hodoɔ ne kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ biara nni hɔ;

8 Monhwɛ, mese mo sɛ, deɛ ɔpo saa nneɛma yi no nnim Kristo asɛmpa no; aane, ɔnkenkann twerɛsɛm no; sɛ ɛte saa deɛ a, na ɔnte aseɛ.

9 Na yɛnkenkan sɛ, Onyankopɔn te saa ara ɛnora, ɛnnɛ, ne afebɔɔ, na nsonsonoɛ ɛna nsesaɛ sunsum nni ne mu?

10 Na afei, sɛ mosusu ma mo ho sɛ nyame bi a nsonsonoɛ, ne nsesaɛ sunsum wɔ ne mu a, ɛneɛ na moasusu ama mo ho nyame bi a ɔnnyɛ Onyankopɔn nkɔnyaa no.

11 Mmom monhwɛ, mɛkyerɛ mo Nyankopɔn bi a ɔyɛ nkɔnyaa no, Abraham Nyankopɔn no mpo, ne Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn no; na ɛyɛ saa Onyankopɔn no ara na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ne nneɛma a ɛwɔ mu nyina ara no.

12 Monhwɛ, ɔbɔɔ Adam, na ɛnam Adam so na adasamma ahweaseɛ baaɛ. Na ɛnam adasamma ahweaseɛ nti na Yesu Kristo baaɛ, Agya ne ɔba no mpo; na ɛnam Yesu Kristo so na adasamma dima baaɛ.

13 Na ɛnam adasamma dima no a ɛnam Yesu Kristo so baaɛ no nti, ɛde wɔn asan aba Awurade anim; aane, na saa kwan yi so na wadi ama nnipa nyina ara, ɛfiri sɛ Kristo wuo no na ɛde owusɔreɛ aba, deɛ ɛmaa ewuo a ɛnni awieɛ dima no baaɛ, owuo no a ɛnam Onyankopɔn tumi so bɛnyane nnipa nyina ara no, mmerɛ a totorobɛnto no bɛbɔ mu no; na wɔbɛfiri mu aba, nketewa ne akɛseɛ, na wɔn nyina ara bɛba abɛgyina asɛnnipono no anim, wadi ama wɔn na wasane wɔn afiri owuo ahoma a ɛnniawieɛ yi mu, deɛ ɛyɛ honam mu wuo no.

14 Na ɛhɔ na Kronkroni no atɛmmuo bɛba wɔn so; na saa mmerɛ no na deɛ ɔyɛ fii no bɛkɔ so ayɛ fii, na deɛ ɔyɛ teneneeni no bɛkɔ so ayɛ teneneeni; deɛ n’anigyeɛ no bɛkɔ so ama n’anigye; na deɛ n’ani nnyeɛ no ani renye da.

15 Na afei, O mo a mode mo ani abu ama mo ho sɛ nyame biara rentumi nnyɛ nkɔnyaa no, mɛbisa mo sɛ, saa nneɛma yi nyina ara a mekaa ho nsɛm yi atwa mu anaa? awieɛ no aba anaa? Monhwɛ, mese mo sɛ, Daabi; na Onyankopɔn nnyae sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nkɔnyaa no.

16 Monhwɛ, nneɛma a Onyankopɔn ayɛ no nnyɛ nnwanwa wɔ mo ani so anaa? Aane, na hwan na ɔbɛtumi ate Onyankopɔn anwan w’adwuma no ase?

17 Hwan na ɔbɛka sɛ ɛnnyɛ nkɔnyaa sɛ ɛnam n’asɛm so na ɔsoro ne asaase baaɛ; na ɛnam tumi a ɛwɔ n’asɛm mu na ɔde nɛteɛ a ɛwɔ fam bɔɔ nnipa; na ɛnam tumi ɛwɔ n’asɛm mu na ɛmaa nkɔnyaa siiɛ.

18 Na hwan na ɔbɛka sɛ Yesu Kristo anyɛ nkɔnyaa akɛseɛ bebree? Na nkɔnyaa bebree na n’asuafoɔ no de wɔn nsa yɛeɛ.

19 Na sɛ wɔyɛɛ nkɔnyaa deɛ a, ɛnneɛ adɛn nti na Onyankopɔn agyae sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nkɔnyaa na ɔda so yɛ obi a ɔnsesa? Na monhwɛ, mese mo sɛ, ɔnsesa da; sɛ ɛte saa deɛ a na ɔnnyɛ Onyankopɔn bio, na ɔrenyɛ Onyankopɔn bio, na ɔnnyae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn; na ɔyɛ Onyankopɔn nnwanwani.

20 Na deɛ nti a wɔagyae sɛ ɔbɛyi nkɔnyaa wɔ nnipa mma mu no ne sɛ, wɔatɔ sini wɔ gyedie mu, na wɔatwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no ho, na wɔnnim Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn werɛ hyɛ ne mu no.

21 Monhwɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔgye Kristo di a akyinnyeɛ biara nni ho no, adeɛ biara a ɔbɛbisa Agya no wɔ Kristo din mu no, wɔde bɛma no; na saa bɔhyɛ yi wɔ hɔ ma obiara, de kɔsi asaase ano nyina ara.

22 Na monhwɛ, sei na Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no see n’akyidifoɔ no a wɔretwɛn no no, aane, ne n’akyidifoɔ no nyina ara nso, ɔka maa nkurɔfokuo no nyina ara nso tumi teeɛ no: Monkɔ wiase mu nyina ara, na monkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ biara.

23 Na deɛ ɔbɛgye adie na wabɔ no asu no, wɔbɛgye no, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.

24 Na saa nsɛnkyerɛnee yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie no akyiri—me din mu na wɔbɛtutu ahonhom bɔne; wɔbɛka kasa foforɔ; wɔbɛma awɔwɔ so; na sɛ wɔnom awuduro biara a, ɛrennyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so na wɔbɛnya ayaresa;

25 Na obiara a ɔbɛgye me din adi a akyinnyeɛ biara nni ho no, ɔno na mede me nsɛm no nyina ara bɛsi ne soɔ, mpo de kɔsi asaase ano nyina ara.

26 Na afei, monhwɛ, hwan na ɔbɛtumi asi Awurade nwuma ho kwan? Hwan na ɔbɛtumi apo ne nsɛm? Hwan na ɔbɛsɔre atia Awurade tumi kɛseɛ no? Hwan na ɔbɛbu Awurade nwuma animtia? Hwan na ɛbɛbu Kristo mma animtia? Monhwɛ mo a mobu Awurade nwuma animtia no, mobɛnantenante basabasa na mobɛyera.

27 O ɛneɛ mma mo mu no animtia, na mma monnante basabasa, na mmom montie Awurade asɛm, na momisa Agya no deɛ mohia biara wɔ me din mu. Mma monnye akyinnyeɛ, na mmom monye ni, na mo nhyɛ aseɛ nyɛ sɛdeɛ wɔyɛɛ no tete mmerɛ mu no, na momfa mo akoma nyina ara mmra Awurade hɔ, na momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara ankasa mo nkwagyeɛ ho adwuma wɔ n’anim.

28 Monyɛ anyansafoɔ wɔ mo nsɔhwɛ mmerɛ no mu; mompa deɛ ɛho nteɛ biara mfiri mo ho; mma mommisa na moadi no wɔ mo akɔnɔ so, mmom monyina pintinn na mma mo nhinhim na momisa, ama moankɔ nsɔhwɛ biara mu, na mmom ama moasom nokware Nyankopɔn teasefoɔ no.

29 Monhwɛ na wɔammɔ mo asu wɔ mmerɛ a mo ho nteɛ mu; monhwɛ na moamfa Kristo adidie no mmerɛ a mo ho nteɛ mu; na mmom monhwɛ sɛ mobɛyɛ biribiara ahoteɛ mu, na monyɛ no wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ Ba no din mu; na sɛ moyɛ sei a, na mosi apenee kɔsi awieɛ a, ɔkwan biara nni hɔ sɛ ɔbɛyi mo totwene.

30 Monhwɛ, merekasa kyerɛ mo te sɛdeɛ merekasa firi awufoɔ mu; ɛfiri sɛ menim sɛ mobɛfa me nsɛm.

31 Mma mommu me fɔ ɛnam me sintɔ nti, anaa m’agya, ɛnam ne sintɔ nti, anaa wɔn a wɔdii m’anim kan twerɛɛe no mu biara; na mmom momfa aseda ma Onyankopɔn sɛ wada yɛn sintɔ adi akyerɛ mo, ama moasua na moabɛyɛ anyansafoɔ akyɛn yɛn.

32 Na afei, monhwɛ, yatwerɛ saa nsɛm yi wɔ yɛn nimdeɛ a yɛwɔ no wɔ Misraim nsesaɛ kasa su ho, deɛ wɔde gyaa yɛn no a yɛn nso yɛhwɛɛ yɛn kasa ho sesaa no kakra no.

33 Na sɛ yɛn mprɛte no yɛɛ kɛseɛ kakra ara mpo a, anka yɛtwerɛɛ no wɔ Hebri kasa mu; nanso yɛasesa Hebri kasa no nso; na sɛ anka yɛtumi twerɛɛ no wɔ Hebri kasa mu a; hwɛ, anka mo renhunu sintɔ biara wɔ yɛn twerɛtohɔsɛm no mu.

34 Na mmom Awurade nim nneɛma a yɛatwerɛ no, na afei nso nnipa foforɔ biara nte yɛn kasa no; na ɛnam sɛ nnipa foforɔ biara nte yɛn kasa no nti, na wɔasiesie kwan a yɛbɛfa so akyerɛ aseɛ.

35 Na wɔatwerɛ saa nneɛma yi ama yɛatumi ahohoro yɛn nuanom a wɔatɔ sini wɔ gyedie mu no mogya afiri yɛn ntaadeɛ mu.

36 Na monhwɛ, saa nneɛma yi na yɛrehwehwɛ fa yɛn nuanom ho, aane, deɛ ɛde Kristo ho nimdeɛ bɛsan ama yɛn bio mpo, sɛdeɛ ahoteɛfoɔ nyina ara a wɔatena asaase yi so mpaebɔ teɛ no.

37 Na Awurade Yesu Kristo ma wɔnya wɔn mpaebɔ mu abisadeɛ sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ; na Agya Nyankopɔn nkae apam a ɔne Israel fiefoɔ afa no; na ma ɔnhyira wɔn afebɔɔ, wɔ gyedie a wɔwɔ no wɔ Yesu Kristo din mu nti. Amen.