Amansan Nhyiamu
Mobɛnya Fawohodie
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Mobɛnya Fawohodie

Yesu Kristo ne hann a ɛwɔ sɛ yɛma so mpo wɔ berɛ a esum nna aba yɛn asaase so asetena mu.

Me nuanom mmarimma ne mmaa adɔfoɔ, ɛyɛ me anigye wɔ akwanya a manya sɛ mekasa kyerɛ mo fri Abibiremu. Ɛyɛ nhyira sɛ yɛwɔ nfididwuma nimdeɛ ɛnnɛ mmerɛ yi mu sɛ yɛde nam ɔkwan a ɛyɛ adwuma yie pa ara so de ba mo nkyɛn wɔ baabi ara a mo wɔ.

Wɔ Ɛbɔ, 2019 mu, berɛ a me ne Onuabaa Mutombo resom sɛ kandifoɔ wɔ Maryland Baltimore Asɛmpatrɛbea no, nyaa kwan kɔsraa Asɔre no abakɔsɛm mmea a ɛwɔ Palmyra, New York berɛ a yɛrekɔ asɛmpatrɛ akannifoɔ nhyiamu bi. Yɛkɔwiee yɛn nsrahwɛ no wɔ Nnuakuo Kronkron no mu. Na yɛn nsrahwɛ wɔ Nnuakuo Kronkron no mu botaeɛ ɛnyɛ sɛ yɛbɛnya yikyerɛ anaasɛ anisoadehunu soronko bi nti, nanso yɛnyaa Onyankopɔn anim atenka wɔ saa kronkronbea yi mu. Aseda hyɛɛ yɛn akoma mu ma maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith.

Yɛnam kwan so resan yɛn akyi aba no, Onuabaa Mutombo hunuu sɛ m’anim ayɛ sere-sere berɛ a na mereka kaa no, ɛno nti ɔbisaa sɛ, “Deɛ nti na w’ani agye saa?”

Mebuaae sɛ “Me dɔfo Nathaniel, nokorɛ bɛdi mfomsoɔ so nkunim berɛ biara, na ɛsum rentoaso wɔ asaase so ɛnam Yesu Kristo nsɛmpa a wasan de aba bio no nti.”

Onyankopɔn Agya no ne Yesu Kristo sraa Joseph Smith de deɛ na ahinta no baa hann mu, sɛdeɛ yɛbenya “nimdeɛ a ɛfa sɛdeɛ, nneɛma te ara pɛ,sɛdeɛ na ɛte ne sɛdeɛ [ɛbɛyɛ]” (Nkyerɛkyerɛmu ne Apam 93:24).

Bɛyɛ mfeɛ 200 akyiri, bebree da so hwehwɛ nokorɛ a wɔhia ama wɔade wɔn ho afiri amammerɛ ne nnaadaa a ɔbɔnefoɔ no de trɛ kɔ wiase afanan nyinaa so no. “Bebree na onipa nnaadaa afira wɔn ani” (Nkyerɛkyerɛmu ne Apam 123:12). Wɔ ne nwoma a ɔtwerɛ kɔmaa Efesofoɔ mu no, Paulo: kyerɛkyerɛɛ sɛ, Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo” (Efesofoɔ 5:14). Agyenkwa no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ hann ama obiara a ɔtie N’asɛm (hwɛ 2 Nifae 10:14).

Mfeɛ aduasa num a atwam no, na m’awofoɔ nso ani afira a na wɔrepere hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu nokorɛ no, a na wɔn haw ne faako a wɔbɛhu no. Wɔwoo m’awofoɔ wɔ akuraase a na amammerɛ no awuarawura ankorankoro ne mmusua abrabɔ mu. Wɔn mmienu firii wɔn akuraase baa kurom, a na wɔrehwehwɛ asetena pa.

Wɔwareeɛ na wɔhyɛɛ wɔn abusua ase awiemfoɔ kwan so. Na yɛbɛyɛ nipa nwɔtwe na yɛwɔ efie ketewa bi mu—m’awofoɔ, me nuammaa mmienu ɛne yɛn maame nua ba baako a na ɔne yɛn teɛ. Na ɛyɛ me nwanwa sɛ yɛyɛ abusua ampa ara anaa, ɛnam sɛ na wɔmma ho kwan mma yɛ ne yɛn awofoɔ no nnidi mmom wɔ didipono baako ho anwummerɛ. Berɛ biara a yɛn papa bɛfiri adwuma aba fie no, wɔma yɛn nyinaa pue abɔnten. Na yɛn mmerɛ a yɛdeda no yɛ tia ɛfiri sɛ na yɛntumi nna ɛnam koroyɛ ne ɔdɔ kann a ɛnni yɛn awofoɔ awareɛ no mu nti. Na yɛn fie nnyɛ ketewa kɛkɛ, mmom na ɛhɔ yɛ sum. Ansa na yɛrehyia asɛmpatrɛfoɔ no, na obiara kɔ n’asɔre nko Kwasiada biara. Na ɛda adi pefee sɛ na yɛn awofoɔ rehwehwɛ biribi a na ewiase ntumi mfa mma.

Yei kɔɔ so kɔsii sɛ yɛhyiaa Elder ne Onuabaa Hutchings, a na wɔyɛ awarefoɔ asɛmpatrɛ mpanimfoɔ a wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔn mmɛsom wɔ Zaire (a ɛnnɛ wɔfrɛ no Dr Congo anaa Congo-Kinshasha). Berɛ a yɛhyɛɛ aseɛ ne saa asɛmpatrɛfoɔ nwanwasoɔ yi a na wɔte sɛ abɔfoɔ a wɔfiri Onyankopɔn hɔ na aba hyiaaeɛ no, me hunuu sɛ biribi hyɛɛ aseɛ sesaaeɛ wɔ yɛn abusua no mu. Yɛn asubɔ akyiri no, yɛ nam nokorɛ mu hyɛɛ aseɛ nyaa abrabɔsu foforɔ nkakrankakra ɛnam nsɛmpa no a wɔasan de aba no nti. Yesu Kristo nsɛm no hyɛɛ aseɛ honoo yɛn kra. Ɛhyɛɛ aseɛ buee yɛn nteaseɛ mu na ɛbɛyɛɛ dɛ maa yɛn ɛnam nokorɛ a yɛgyeɛ no wɔ nteaseɛ na yɛtumi hunuu hann no, saa hann no kɔɔ so hyerɛɛn dabiara.

Na saa nteaseɛ a ɛfa deɛ nti a ɛwɔ nsɛmpa no mu no reboa yɛn ama yɛabɛyɛ sɛ Agyenkwa no dodo. Yɛn fie kɛseɛ anaa yɛ ne afoforɔ nkitahodie tebea ansesa. Nanso mehunuu akoma mu nsakraeɛ bi wɔ m’awofoɔ mu berɛ a na yɛbɔ mpaeɛ dabiara, wɔ anɔpa ne anwumerɛ no. Yesuaa Mormon Nwoma No; na yɛyɛɛ abusua anwumerɛ nhyiamu; nokorɛ yɛbɛyɛɛ abuasua ampa. Kwasiada biara yɛsɔre anɔpa nnɔnsia siesie yɛn ho kɔ asɔre, na yɛtumi tu kwan nnɔnhwere bebree kɔ asɔre a obiara nkasa ho. Na ɛyɛ suahunu nwanwasoɔ a ɛsɛ sɛ obi hunu. Yɛn, a anka na, yɛnante esum mu, pamoo esum firii yɛn mu. (hwɛ NKyerɛkyerɛ ne Apam 50:25) na yehunuu “hann kɛseɛ” (2 Nifaei 19:2).

Mekae da koro bi, a na mempɛ sɛ mesɔre anɔpahema abɛka abusua mpaebɔ ho no, menwiinwii kyerɛɛ me nuammaa sɛ, “Nokorɛ biribi ara nnihɔ a yɛbetumi ayɛ wɔ fie ha gyesɛ, bɔ paeɛ, bɔ mpaeɛ, bɔ mpaeɛ nko ara.” Me papa tee deɛ mekaeɛ no. Mekae deɛ ɔyɔeɛ sɛ ɔnam ɔdɔ ne anibere so kyerɛkyerɛɛ me sɛ, “kɔsi sɛ wote fie ha yi deɛ, wobɛbɔ mpaeɛ, abɔ mpaeɛ, abɔ mpaeɛ.”

Me papa nsɛm no gyegyee wɔ m’aso mu dabiara. Deɛn na wodwene sɛ me ne onuabaa Mutombo ne yɛn mma bɛyɛ nnɛ yi? Yɛbɔ mpaeɛ, bɔ mpaeɛ na yɛbɔ mpaeɛ. Yei ne yɛn agyapadeɛ.

Ɔbarima no a wɔwoo no anifra na Yesu Kristo saa no yɛreɛ no berɛ a n’ayɔnkofoɔ ne Falasiifoɔ hyɛɛ no ketee akyi no, kaa sɛ:

“Ɔbarima bi a na wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ, de sraa m’ani soɔ na ɔkakyerɛ me sɛ: kɔ ɔtadeɛ Siloam, mu kɔhohoro so, na mekɔ hohoroo so na m“ani teeɛ.

“ Adeɛ baako [a] menim [ne] sɛ na meyɛ onifrani, afei deɛ [metumi] hunu adeɛ” (Yohane 9:11, 25).

Na yɛn nso yɛyɛ anifrafoɔ na seesei yɛtumi hunu adeɛ. Nsɛmpa a asan aba bio no anya yɛn abusua so nsunsuansoɔ pa firi saa berɛ no. Nteaseɛ wɔ deɛ nti a ɛwɔ nsɛmpa no mu ahyira mabusuasantene mmiensa a ɛwɔ mabusua mu na ɛbɛkɔ so ara ahyira abusuasantene bebree a ɛbɛba no.

Yesu Kristo yɛ hann a ɛhyerɛn wɔ esum mu. Obiara a ɔdi N’akyi no rennante “sum mu, na mmom ɔbɛnya nkwa mu hann” (Yohane 8:12

Bɛyɛ afe baako, wɔ 2016 ne 2017 ntam, nkurɔfoɔ a wɔwɔ Kasai mantam mu hyiaa atoyerɛnkyɛm kɛseɛ bi. Na ɛyɛ esum kabisii mmerɛ ma nkurɔfoɔ no ɛnam ntɔkwa a na ɛda amammerɛ kodɔm bi ne aban akofoɔ ntam. Basabasa no trɛ firii nkuro a ɛwɔ Kasai mansini-Mfimfini no kɔɔ Kasai mantam tɛtrɛtɛ no mu. Nkurɔfoɔ bebree dwane firii wɔn afie mu kɔpɛɛ ahobanbɔ na wɔkɔsiee nnwura mu. Na wɔnni aduane anaa nsuo, anaa biribiara ampa, na ebinom a wɔka ho no yɛ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna A Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔremma a wɔn wɔ Kananga beaeɛ hɔ no. Asradɔm no kumkum asɔremma no mu bi.

Onuabarima Honoré Mulumba a na ɔwɔ Nganza Wɔɔd a ɛwɔ Kananga no ne n’abusua ka nkurɔfoɔ kakra a wɔsiee wɔ wɔn fie a na wɔnnim baabi a wɔbɛkɔ ɛnam sɛ na abɔnten so nyinaa adane atutotoɔ. Da koro bi asraafoɔ bi a na wɔn wɔ mmantam hɔ hunuu Onuabarimma Mulumba ne n’abusua anwumerɛ bi, berɛ a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛnya atosodeɛ afiri wɔn abusua afuo no mu abɛdi. Asraafoɔ kuo bi baa wɔn fie bɛtwee wɔn pueeɛ na wɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnyi sɛ wɔbɛdi asraafoɔ amammerɛ so anaasɛ a wɔbɛkum wɔn.

Onuabarimma Mulumba de akokoɔduro kakyerɛɛ wɔn sɛ “Me’ yɛ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no asɔreba. Mene m’abusua agye Yesu Kristo ato mu na yɛwɔ ne mu gyedie. Yɛbɛgyina yɛn gyedie mu wɔ yɛn apam mu na yɛbɛgye ato mu sɛ yɛbɛwu.”

Wɔkakyerɛɛ wɔn sɛ, ”sɛ moafa Yesu Kristo deɛ a, ɛnneɛ nkraman no na ɛbɛwe mo nam” na wɔhyɛɛbɔ sɛ wɔbɛsan aba bio. Nanso wɔannsan amma bio, na abusua no tenaa hɔ abosome mmienu nanso wɔn ansan anhu wɔn bio da. Onuabarimma Mulumba ne n’abusua maa wɔn gyedie kanea no dɛreɛ. Wɔkaae wɔn apam na wɔnyaa ahobanbɔ.

Yesu Kristo ne hann a ɛwɔ sɛ yɛma so mpo wɔ berɛ a esum nna aba yɛn asaase so asetena mu (hwɛ 3 Nifae 18:24). Sɛ yɛfa sɛ yɛbɛdi Kristo akyi a yɛfa sɛ wɔbɛsesa yɛn. Ɔbarima anaa ɔbaa a wasakyera ama Kristo no, Kristo na ɔbɛyɛ ne sahene na yɛbɛbisa , sɛdeɛ Paulo yɛeɛ no, “Awurade, deɛn na wopɛsɛ me nnyɛ Asomafoɔ nnwuma 9:6). Yɛbɛdi “N’anammɔn so” (1 Petro 2:21). Yɛbɛnante mpo “sɛdeɛ, Ɔnanteɛ no” (1 Yohane 2:6). (See Ezra Taft Benson, “Born of God,” Tambuli, Oct. 1989, 2, 6.)

Medi Ɔno a owuiɛ no ho adanseɛ sɛ, wɔsiee no, na ɔsɔree bio ne nansa so, na ɔkɔɔ ɔsoro sɛdeɛ wo ne me bɛnya nhyira a ɛwɔ honam a ɛrenwu da ne mpagya. Ɔno “ne hann no, nkwa no, ɛne nokorɛ no” (Eter 4:12). Ɔno ne wiase ntwɛtwɛdɛ ano aduro ne anoyie. Ɔno ne susudua a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ ma abasobɔ, mpo Yesu Kristo. Wɔ Yesu Kristo din no mu, amen.