Amansan Nhyiamu
Ɛdeɛn Na Yɛn Agyenkwa Ayɛ Ama Yɛn?
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Ɛdeɛn Na Yɛn Agyenkwa Ayɛ Ama Yɛn?

Yesu Kristo ayɛ biribiara a ɛhia ma yɛn tebea a ɛwuo akwantuo yi, de kɔ hyɛbea a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ yɛn Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no.

Memeneda anwummerɛ nhyiamu ase wɔ stake bi nhyiamu mfeɛ bebree bi a atwam, mehyiaa ɔbaa bi a ɔkaa sɛ n’ayɔnkofoɔ na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmra asɔre, berɛ a na wagyae asɔrekɔ mfeɛ bebree, nanso na ɔnhunu deɛ nti a ɛwɔ sɛ ɔsan kɔ. Sɛdeɛ mɛhyɛ no nkuran no, mekaa sɛ, “Sɛ wohwɛ nneɛma a Agyenkwa no ayɛ ama wo nyinaa a, wowɔ nnyinasoɔ bebree a ɛwɔ sɛ wosan ba bɛyi No ayɛ na wosom No.” Me ho dwirii me sɛ ɔbuaa sɛ, “Ɛdeɛn na Wayɛ ama me?”

Mfoni
Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu

Ɛdeɛn na Yesu Kristo ayɛ ama yɛn mu biara? Wayɛ biribiara a ɛhia ma yɛn tebea a ɛwuo akwantuo yi, de fa hyɛberɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ yɛn Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no. Mɛkasa afa nneɛma nnan a ɛdi akotene wɔ saa nhyehyeɛeɛ no mu ho. Wɔ yeinom biara mu no, Ne Ba a Ɔwoo No Koro, Yesu Kristo, na ɔyɛ ɔkandifoɔ. Deɛ ɛkanyan yeinom nyinaa ne “Onyankopɔn dɔ, a ɛtrɛ wɔ nnipa mma akoma mu; ɛno nti, ɛyɛ ade pa kyɛn nneɛma nyinaa” (1 Nephi 11:22).

I.

Ɛrebɛduru Yesu Amanehunu Kwasiada yi, ɛyɛ berɛ a ɛsɛ, sɛ yɛdi kan kasa fa Yesu Kristo wusɔreɛ ho. Owusɔreɛ firi owuo mu no yɛ yɛn gyedie awerɛhyɛmu ankasa adum. Ɛde nteaseɛ ka yɛn nkyerɛkyerɛ ho, nkanyan ma yɛn nneyɛɛ, ne anidasoɔ ma yɛn daakye.

Esiane sɛ yɛgye Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no nkyerɛkyerɛmu fa sɛdeɛ Yesu Kristo Wusɔreɛ no teɛ die nti, yɛsan gye twerɛnsɛm nkyerɛkyerɛ bebree sɛ owusɔreɛ nsɛsoɔ bi bɛba ama awufoɔ a wɔatena asase yi so pɛn nyinaa to mu.1 Sɛdeɛ Yesu kyerɛkyerɛɛe no,“Ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase” (Yohane 14:19). Na Ne Somafoɔ kyerɛkyerɛɛ sɛ “wɔbɛnyane awufoɔ sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da” na “deɛ ɛwuo yi bɛfa deɛ ɛnwuo ” (1 Korintofoɔ 15:52, 54

Mfoni
Owusɔreɛ No

Nanso owusɔreɛ no ma yɛn deɛ ɛboro saa ɛnwuo ho awerɛhyɛmu yi. Ɛsesa sɛdeɛ yɛhunu abrabɔ a ɛwuo.

Owusɔreɛ no ma yɛn nhunumu ne ahoɔden a yɛde bɛgyina ɔhaw ahodoɔ a yɛn mu biara ne wɔn a yɛdɔ wɔn hyia wɔ deɛ ɛwuo mu. Ɛma yɛn kwan foforɔ ma yɛhunu honam mu, adwene mu, anaa atenka mu sintɔ a yɛnya wɔ awoeɛ anaasɛ yɛnya no asetena a ɛwuo mu. Ɛma yɛn ahoɔden ma yɛtumi gyina awerɛhoɔ, nkoguo, ne ahohiahia mu. Ɛnam sɛ yɛn mu biara wɔ owusɔreɛ awerɛhyem nti, yɛnim sɛ saa deɛ ɛwuo mu sintɔ ne sɔretia ahodoɔ yinom yɛ deɛ ɛrenkyɛre na atwam.

Owusɔreɛ no san ma yɛn nkanyan ahoɔdenneɛ bi a yɛde bɛkora Onyankopɔn mmaransɛm no wɔ yɛn asetena a ɛwuo berɛ mu. Sɛ yɛsɔre firi owuo mu na yɛtoa so kɔ yɛn Atɛmmuo a Ɛtwa toɔ a wɔahyɛ ho nkɔm no a, yɛpɛ sɛ yɛbɛfata nhyira pa a wɔahyɛ ho bɔ ama nnipa a wɔbɛsɔre no.2

Mfoni
Yɛbɛtumi atena sɛ abusua afebɔɔ.

Bio, bɔhyɛ sɛ owusɔreɛ no bɛtumi ama akwanya ma yɛne yɛn abusuafoɔ—okunu, ɔyere, mma, awofoɔ, ne asefoɔ—yɛ nkuranhyɛ ahoɔdenneɛ a ɛbɛma yɛayɛ yɛn asɛdeɛ wɔ abusua mu, wɔ deɛ ɛwuo tebea yi mu. Ɛsan boa ma yɛtena ɔdɔ mu wɔ abrabɔ yi mu, na ɛkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn adɔfonom wuo ho. Yɛnim sɛ saa deɛ ɛwuo ntetemu yi renka hɔ daa, na yɛhwɛ daakye nkabom ne fekubɔ ho anigyeɛ anim kwan. Owusɔreɛ no ma yɛn anidasoɔ ne ahoɔden a ɛbɛma yɛanya aboterɛ berɛ a yɛretwɛn. Ɛsan siesie yɛn ma yɛnya akokoɔduro ne anidie a yɛde bɛhyia yɛn ankasa wuo—mpo owuo a wɔbɛtumi afrɛ no mpatuwuo.

Saa Owusɔreɛ ho nsunsuansoɔ yinom nyinaa ka mmuaeɛ a ɛdi kan ma asɛmmisa “Ɛdeɛn na Yesu Kristo ayɛ ama me?” ho.

II.

Yɛn mu dodoɔ no ara, akwanya sɛ wɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn ne Yesu Kristo Mpata no nteaseɛ titire. Ɔsɔreɛ mu, yɛde obuo to:

Ɔfirii Ne pɛ mu hwiee ne mogya a ne boɔ yɛ den no guui;

Ɔfirii Ne pɛ mu de ne nkwa maae,

Afɔrebɔdeɛ a bɔne nni ho maa ɛfɔbuo,

De gyee wiase a ɛrewuo nkwa.3

Yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no faa amanehunu a nteaseɛ nnim mu bɛyɛɛ afɔrebɔdeɛ maa nnipa a wɔbɛsakyera nyinaa bɔne. Saa mpata afɔrebɔ yi de papa a ɛsene ebiara, odwammaa kronkron a nkekaeɛ nni ne ho, maa bɔne susudeɛ a ɛsene ebiara, wiase nyinaa bɔne. Ɛmaa ho kwan ma wɔhohoroo yɛn mu biara ankasa bɔne sɛdeɛ ɛbɛma wɔatumi agye yɛn bio wɔ Onyankopɔn, yɛn Ɛnniawieɛ Agya anim. Saa hokwan yi wɔ hɔ ma Onyankopɔn mma nyinaa. Wɔ ɔsɔreɛ mu, yɛto:

Ɛyɛ me nwanwa sɛ ɔbɛsiane afiri n’ahennwa kronkron so

Abɛgye ɔkra a ɔyɛ otuatefoɔ ne ahantan te sɛ me,

Sɛ ɔbɛtrɛ ne dɔ kɛseɛ no na aso obi te sɛ me so.4

Animuonyam a ɛyɛ den sɛ wobɛte aseɛ a ɛfiri Yesu Kristo Mpata no mu ba no gyina Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn mu biara so. Ɛfoa Ne mpaemuka sɛ “akra boɔ a wɔsom”—obiara—“yɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn ani so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:10). Wɔ Twerɛ Kronkron mu, Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ yei mu faa yɛn Ɔsoro Agya dɔ ho: “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa” (Yohane 3:16). Wɔ ɛnnɛ adiyisɛm mu, yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo, paee mu kaa sɛ Ɔno “dɔɔ wiase yie maa ɔde n’ankasa nkwa maaeɛ, sɛdeɛ dodoɔ a wɔbɛgye no adie no bɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 34:3).

Enti ɛyɛ nwanwa bio, sɛ Mormon Nwoma no: Yesu Kristo ho Adanseɛ Baako nso de nkyerɛkyerɛ wie sɛ, sɛ yɛbɛwie “pɛ yɛ” na “wɔate yɛn ho wɔ Kristo mu a” ɛwɔ sɛ “yɛde [yɛn] tumi, adwene ne ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn”? Moronae 10:32–33). Ɛwɔ sɛ yɛde ɔdɔ na ɛgye Ne nhyehyɛeɛ a ɔdɔ na ɛkanyan no.

III.

Ɛdeɛn bio na yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, ayɛ ama yɛn? Yesu nam Ne nkɔmhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ ne Ɔno ankasa som adwuma so kyerɛkyerɛɛ yɛn nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no. Deɛ ɛwɔ nhyehyɛeɛ no mu ne Adebɔ, abrabɔ botaeɛ, sɛdeɛ sɔretia ho hia, ɛne ɔpɛ adom akyɛdeɛ. Ɔsan kyerɛkyerɛɛ yɛn mmaransɛm ne apam ahodoɔ a ɛwɔ sɛ yɛdi so, ne ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a ɛwɔ sɛ yɛfa mu na ɛde yɛn san kɔ yɛn Ɔsoro awofoɔ nkyɛn.

Mfoni
Bepɔ no so Asɛnka

Yɛkenkan Ne nkyerɛkyerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu: “Mene wiase hann: deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu, na ɔbɛnya nkwa hann” (Yohane 8:12). Na ɛnnɛ yi adiyisɛm mu nso yɛkenkan, “Hwɛ, mene Yesu Kristo, hann a ɛrentumi nsie wɔ sum mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:9). Sɛ yɛdi Ne nkyerɛkyerɛ so a, Ɔhyerɛn yɛn kwan wɔ saa abrabɔ yi mu na ɔma yɛn hyɛberɛ ahotɔsoɔ wɔ deɛ ɛbɛba no mu.

Esiane sɛ Ɔdɔ yɛn nti, Ɔhyɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn adwene nkɔ Ne so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ wiase a ɛwuo yi mu. Wɔ N’asɛnka kɛseɛ a ɛfa nkwa aboodoo ho mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛnni sɛ yɛka wɔn a wiase nneɛma twetwe wɔn adwene pa ara no ho—nneɛma a ɛboa abrabɔ nkɔsoɔ wɔ asase so nanso ɛmfa akwanhosam pa mmrɛ nkwa a ɛnniawieɛ.5 Sɛdeɛ Yesu too nsa frɛɛ yɛn bio ne bio ne bio, sɛ, “Di m’akyi.”6

IV.

Awieeɛ no, Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ Ne Mpata no fa bi no, Yesu Kristo “kɔ[ɔ] yea ne amanehunu ne nsɔhwɛ ahodoɔ nyinaa bi mu; na yei na ɛbɛsi ama asɛm no ahyɛ ma, a ɛka sɛ, ɔbɛfa ne nkorɔfoɔ yea ne wɔn yareɛ ato ne ho so” (Alma 7:11).

Adɛn nti na Agyenkwa no kɔɔ saa deɛ ɛwuo haw ahodoɔ yi “nyinaa bi” mu? Alma kyerɛkyerɛɛ mu, “Na ɔbɛfa wɔn ahoɔmmerɛ ato ne ho so, ama ahummɔborɔ ahyɛ ne nsono mu ma, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ honam mu no, ama ɔnam honam mu ahunu sɛdeɛ ɔbɛsi aboa [a ɛkyerɛ sɛ ɔde ahotɔ anaa mmoa bɛma] ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn ahoɔmmerɛ teɛ” (Alma 7:12).

Mfoni
Kristo wɔ Gethsemane

Yɛn Agyenkwa no te nka na ɔnim yɛn nsɔhwɛ ahodoɔ, yɛn aperedie, yɛn akomayadeɛ, ne yɛn amanehunu, ɛfiri sɛ Ɔfirii ne pɛ mu faa ne nyinaa mu sɛ Ne Mpata no fa bi. Twerɛnsɛm afoforɔ si yei so dua. Apam Foforɔ no pae mu ka sɛ,“Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no” (Hebrifoɔ 2:18). Yesaia kyerɛkyerɛ sɛ, “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ: Mehyɛ wo den, nso meboa wo” (Yesaia 41:10). Obiara a ɔkɔ deɛ ɛwuo ahoɔmmerɛ amanehunu biara mu nkae sɛ yɛn Agyenkwa no nso faa saa yea no mu, na Ɔnam Ne Mpata no so ma yɛn mu biara ahoɔden a yɛde bɛgyina.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith bɔɔ yeinom nyinaa tɔfa wɔ yɛn gyedikasɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa: “Yɛgye di sɛ ɛnam Kristo Mpata no so, adasamma nyinaa bɛnya ɔgyeɛ, nam setie wɔ Nsɛmpa no mmara ne n’ayɛyɛdeɛ ho.”

“Ɛdeɛn na Yesu Kristo ayɛ ama me?” Saa na onuabaa no bisaeɛ. Yɛn Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no, “Ɔbɔɔ ɔsoro ne asase” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:9) sɛdeɛ yɛn mu biara bɛtumi anya deɛ ɛwuo suahunu a yɛbɛhia de ahwehwɛ yɛn hyɛberɛ kronkron. Sɛ Agya no nhyehyɛeɛ no fa bi no, Yesu Kristo Wusɔreɛ no dii owuo so nkonim na ama yɛn mu biara deɛ ɛnwuo ho awerɛhyɛmu. Yesu Kristo mpata afɔrebɔ no ma yɛn mu biara akwannya sɛ yɛbɛsakyera afiri yɛn bɔne ho na yɛasan yɛn akyiri akɔ yɛn ɔsoro fie ahoteɛ mu. Ne mmaransɛm ne apam ahodoɔ kyerɛ yɛn ɔkwan no, na N’asɔfodie ma tumi a wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a ɛhia a ɛbɛma yɛaduru saa hyɛberɛ no ho. Na yɛn Agyenkwa no firii ɔpɛ mu faa deɛ ɛwuo yea ne ahoɔmmerɛ nyinaa mu, na ama Wahunu sɛdeɛ Ɔbɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn amanehunu mu.

Mfoni
Yesu Kristo

Yesu Kristo yɛɛ yeinom nyinaa ɛfiri sɛ Ɔdɔ Onyankopɔn mma nyinaa. Ɔdɔ na ɛhyɛ ne nyinaa nkuran, na saa ara na na ɛteɛ fiti ahyɛaseɛ ankasa no. Onyankopɔn aka akyerɛ yɛn wɔ ɛnnɛ yi adiyisɛm mu sɛ “ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, wɔ ɔno ara ne su so; na ɔmaa wɔn mmaransɛm sɛ wɔnnɔ no na wɔnsom no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:18-19).

Medi yei nyinaa ho adanseɛ, na mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛkae deɛ yɛn Agyenkwa ayɛ ama yɛn mu biara, na yɛn nyinaa adɔ na yɛasom No, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.