Amansan Nhyiamu
Anidaso wɔ Kristo mu
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Anidasoɔ wɔ Kristo mu

Yɛn kɔn dɔ sɛ yɛboa wɔn a wɔyɛ ankonam nyinaa anaa wɔsusu sɛ wɔnka ho bi no. Ma memmɔ titre, wɔn a seesei wɔyɛ asugyafoɔ deɛ so.

Anuanom mmarima ne mmaa, wɔ saa Yesu Amanehunu berɛ yi mu yɛtwe yɛn adwene si yɛn Awurade ne Agyenkwa, Yesu Kristo Wusɔreɛ no so. Yɛkae Ne dɔ frɛ “mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”1

Agyenkawa no frɛ sɛ obiara mmra Ne nkyɛn no nyɛ nsa a wato afrɛ sɛ wɔmmra Ne nkyɛ nko ara mmom sɛ yɛmmɛka N’Asɔre ho.

Wɔ nyiyimu a ɛdi ɔdɔ frɛ yi anim no, Yesu kyerɛkyerɛ sɛdeɛ wɔsi yɛ yei de hwehwɛ di N’akyi. Ɔpaee mu kaeɛ, “Ɔbarima [anaa ɔbaa] biara nnim Ɔba no, gye Agya no; ɔbarima [anaa ɔbaa] biara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi [no] adi kyerɛ no.”2

Yesu pɛ sɛ yɛhunu sɛ Onyankopɔn yɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ.

Yɛhunu sɛ yɛn Soro Agya dɔ yɛn a ɛbɛboa ama yɛahunu nnipa ko a yɛyɛ na yɛahunu sɛ yɛka N’abusua kɛseɛ a ɛnniawieɛ no ho.

Ɛnkyeree Mayo Klinike no kaa sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛnya nteaseɛ sɛ yɛka ho bi. Ɛkame ayɛ sɛ wɔahyehyɛ yɛn abrabɔ ho biribiara sɛ ɛka biribi ho.” Saa amanebɔ yi ka sɛ, “Yɛntumi nte hia a obi nim sɛ ɔka ho bi no mfiri yɛn honam ne adwene mu apɔmuden ho”3—na, mede, yɛn honhom mu apɔmuden bɛka ho.

Anwummerɛ no a ansa na N’Amanehunu ne owuo wɔ asɛnnua no so no, Agyenkwa no ne N’akyidifoɔ no hyiaa mu faa Adidie a Ɛtwa toɔ no. Ɔsee wɔn sɛ, “Wɔ ewiase yi mu mo ho bɛhiahia mo: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; madi wiase so nkonim.”4 Ansa na awia nkɔtɔ da a ɛdi soɔ no, Yesu Kristo hunuu amane na “ yɛn bɔne nti ɔwui [wɔ asɛnnua no so].”5

Ɛyɛ me nwanwa sɛdeɛ agyidifoɔ mmaa ne mmarima a wɔdii N’akyi yɛɛ ankonam faeɛ wɔ Jerusalem berɛ a awia kɔtɔeɛ na esum ne ehu ahyɛ wɔn ma.6

Te sɛ tete akyidifoɔ yi, bɛyɛ mfeɛ 2,000 a atwam no, mo mu dodoɔ no nso ayɛ ankonam brɛ ano brɛ ano. Mayɛ ankonam firi berɛ a me hokani, Barbara, firii mu mfeɛ mmienu ne fa a atwam no. Menim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ abusuafoɔ, nnamfoɔ, ne ayɔnkofoɔ atwa wo ho ahyia nanso wokɔ so te nka sɛ woyɛ ankonam—ɛfiri sɛ wo bra mu dɔfo nni wo nkyɛn.

COVID-19 nsanyadeɛ ahyɛ mate me ho ne ankonamyɛ yi nso wɔ bebree mu. Mmom, ɛmfa ho ne akwansideɛ a ɛba yɛn abrabɔ mu, te sɛ saa Yesu Amanehunu anɔpa a ɛdi kan no, yɛbɛtumi anyane wɔ nkwa foforɔ mu wɔ Kristo mu a akwanya a ɛyɛ nwanwa bɛtumi asi berɛ a yɛde yɛn ho to Awurade no anidasoɔ ne sɛ yɛka ho bi no so.

Me ankasa medi yea wɔ wɔn a wɔnte aseɛ sɛ wɔka ho bi no ho. Sɛ mehwɛ kaseɛ a atwa wiase ho ahyia no a, mehunu bebree a ayɛ sɛ wɔyɛ ankonam. Medwene sɛ, dodoɔ no, ɛfiri sɛ ebia na wɔnnim sɛ Ɔsoro Agya no dɔ wɔn na yɛn nyinaa ka N’abusua a ɛnniawieɛ no ho. Gyedie sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na yɛyɛ Ne mma yɛ awerɛkyekyerɛ ne awerɛhyɛmu.

Ɛsiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti, obiara wɔ soro mfitiaseɛ, bɔbea, ne nnepa. Yɛn mu biara yɛ “ɔsoro awofoɔ dɔ ba barima anaa dɔ ba baa.”7 Yei na ɛhyɛ yɛn nso! Yei ne nnipa su a yɛyɛ!

Yɛn honhom mu ahyɛnso no tu mpɔn berɛ a yɛte yɛn honam mu ahyɛnso bebree ase, a nnipa mmusua, amammerɛ, anaa ɔman agyapade ka ho.

Saa honhom ne amammerɛ ahyɛnso nteaseɛ, ɔdɔ, ne ka a yɛka ho bi yi bɛtumi akanyan yɛn anidasoɔ ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu Kristo.

Mekasa fa anidasoɔ wɔ Kristo mu na ɛnyɛ nsusuiɛ hunu ho. Mmom, mekasa fa anidasoɔ a ɛbɛba mu no ho. Saa anidasoɔ no ho hia ma amanehunu so nkonimdie, na ɛkanyan honhom mu nsiyɛ ne ahoɔden, na ɛma yɛhunu sɛ Agya a Ɔnniawieɛ dɔ yɛn na yɛyɛ Ne mma a yɛka N’abusua no ho.

Sɛ yɛwɔ anidasoɔ wɔ Kristo mu a, yɛbɛhunu sɛ sɛ yɛhia sɛ yɛyɛ na yɛyɛ apam kronkron no, yɛn botaeɛ ne daeɛso bɛtumi aba mu ɛnam Ne nti.

Asomafoɔ Dumienu Kuo no atu fo abɔm wɔ mpaebɔ honhom mu na wɔde anibereɛ pɛ sɛ wɔhunu sɛdeɛ wɔbɛboa wɔn a wɔayɛ ankonam anaa wɔsusu sɛ wɔnka ho bie no. Yɛn kɔn dɔ sɛ yɛboa wɔn a wɔdwene saa. Ma memmɔ titre, wɔn a seesei wɔyɛ asugyafoɔ deɛ so.

Anuanom mmarima ne mmaa, mpanimfoɔ a wɔwɔ Asɔre no mu fa na wɔyɛ akunafoɔ, awaregyaefoɔ, anaa wɔnnya nwareeɛ. Ebinom dwene wɔn akwanya ne daberɛ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne Asɔre no nhyehyɛeɛ mu. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ nkwa a ɛnniawieɛ nyɛ awareɛ gyinabea ho asɛm, mmom akyidieyɛ na yɛbɛyɛ “ahoɔdenfoɔ wɔ Yesu adansedie mu.”8 Nkorɔfoɔ a wɔn mmusua nka wɔn ho no anidasoɔ ne Awurade no Asɔre a wɔasan de ama no mma deɛ yɛ pɛ—akwanya de kɔ Kristo adom mu nam “setie ma mmara no ne Asɛmpa no ayɛyɛdeɛ so.”9

Ma mensusu sɛ nyinasosɛm a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ.

Ɛdi kan, twerɛnsɛm ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ gyetom sɛ obira a ɔdi nokorɛ wɔ asɛmpa no apamyɛ mu bɛnya kwan wɔ mpagya no mu. Titeni Russell M. Nelson kyerɛɛ sɛ: “Wɔ Awurade no ankasa kwan ne berɛ mu, nhyira biara nni hɔ a wɔde hinta N’Ahotefoɔ nokwafoɔ. Awurade no bɛbu atɛn na watua ankorankorɛ biara so ka sɛdeɛ akoma biara akɔnnɔ ne n’adwuma teɛ.”10

Ɛtɔ so mmienu, berɛ pɔtee ne kwan a wɔnam so de mpagya nhyira ma no wɔnna no adi.11 Titeni Dallin H. Oaks kyerɛɛ mu sɛ tebea binom a ɛfa “honam asetena mu no wɔbɛsiesie no yie wɔ Millenium berɛ mu, a mahyɛ berɛ a deɛ atɔ sini nyinaa wɔ yɛn Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ a ɔwɔ ma Ne maa a wɔn ho teɛ no.”12

Yei nkyerɛ sɛ wɔatwe nhyira biara asɛn kɔpem Millennium berɛ; wɔde ebi ama dada na afoforɔ nso bɛkɔ so aba akɔpem saa da no.13

Ɛtɔ so mmiɛnsa, Awurade no anim twɛn kyerɛ sɛ yɛbɛtoa so wɔ setie ne honhom nkankorɔ mu abɛn No. Sɛ yɛtwɛn Awurade anim no nkyerɛ sɛ obi retwɛn ne berɛ. Ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ wowɔ ɔtwɛn dan bi mu.

Awurade anim twɛn hia adwumayɛ. Masua adeɛ mfeɛ bebree mu sɛ yɛn anidasoɔ a ɛwɔ Kristo mu no nyini berɛ a yɛsom afoforɔ. Yɛresom sɛdeɛ Yesu sommeɛ no, na nokorɛmu yɛn anidasoɔ wɔ Ne mu renyini.

Ankasa nyini a obi bɛnya no seesei berɛ a ɔretwɛn Awurade ne Ne bɔhyɛ anim no sombo, ɛyɛ kronkron adeɛ bi wɔ Ne nhyehyɛeɛ mu ma yɛn mu biara. Mmoa a obi bɛtumi ayɛ no seesei de aboa Asɔre no kyekyere wɔ asase so na wɔaboaboa Israel ano no hia pa ara. Awareɛ gyinabea mfa obi mmɔden a ɔde bɛsom ho. Awurade hyɛ wɔn a wɔsom No na wɔtwɛn n’anim aboterɛ ne gyedie mu no animuonyam.14

Ɛtɔ so nan, Onyankopɔn kyɛ nkwa a ɛnniawieɛ ma Ne mma nyinaa. Wɔn a wɔgye Agyenkwa no animuonyam adwensakyera akyɛdeɛ no na wɔdi Ne mmaransɛm so no bɛnya nkwa a ɛnniawieɛ, mpo sɛ wɔannya nneɛma nyinaa pɛpɛyɛ mu wɔ honam a ɛporɔ yi mu a. Wɔn a wɔsakyera no bɛhunu Awurade krado a wayɛ sɛ ɔde bɛkyɛ sɛdeɛ wahyɛ bɔ no, “Aane, na mmerɛ dodoɔ a me nkorɔfoɔ bɛsakyera no mede wɔn mfomsoɔ a wɔafom me no bɛkyɛ wɔn.”15

Ne korakora no, obi ahoɔden, akɔnnɔ, ne akwanya wɔ nneɛma a ɛfa ahofadie ne ɔpɛ, a deɛ ɛma obi fata nhyira a ɛnniawieɛ ka ho no yɛ nneɛma a Onyankopɔn nko ara na ɔtumi bu ho atɛn.

Ɛtɔ so num, yɛn ahotosoɔ a ɛwɔ saa bɔhyɛ yi mu nhini gyina yɛn gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Christo mu, ɔno a n’adom nti honam nneɛma nyinaa wɔyɛ yie.16 Nhyira a wɔahyɛ ho bɔ nyinaa nam Ne so na ɛba mu, ɔno a, ɛnam Ne Mpata no so, “ɔsiane baa nneɛma nyinaa mu”17 na wa “bɛdi wiase so.”18 “Ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so, sɛ ɔregye n’ahummɔborɔ ho kwan a ɔwɔ afiri Agya no hɔ ama nnipa mma; ɛno nti ɔka bi ma nnipa mma.”19 Awieɛ no, “wɔde animuonyam bɛhyɛ ahotefoɔ no ma na wɔbɛnya wɔn apɛgyadeɛ”20 sɛ “adedifoɔ na wɔne Kristo ayɛ pɛ .”21

Deɛ yɛpɛ ne sɛ saa nnyinasosɛm yi bɛboa obiara ama wɔanya anidasoɔ pii wɔ Kristo mu na wɔate nka sɛ wɔka ho bi.

Mma wo werɛ mfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, Agya a Onniawieɛ ba, seesei ne afebɔɔ. Ɔdɔ wo, na Asɔre no pɛ wo na ɔhia wo. Aane, yɛhia wo! Yɛhia wo nne, adomakyɛdeɛ, nyansa, papayɛ, ne teneneeyɛ.

Mfeɛ bebree ni, yɛakasa afa “mmeranteɛ a wɔn mmusua nka wɔn ho,” “mpanimfoɔ a wɔn mmusua nka wɔn ho,” ne “mpanimfoɔ.” Saa dintoɔ no bɛtumi aboa ahwɛfoɔ kwan bi so mmerɛ bi nanso ɛbɛtumi asesa sɛdeɛ yɛhunu afoforɔ berɛ a yɛnnwenee ho.

Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛbɛtumi ayi saa nnipasu yi a ɛbɛtumi atete yɛn ntam yi afiri hɔ?

Titenani Nelson bisaa sɛ yɛfrɛ yɛn ho sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Ɛno kata yɛn nyinaa so, ɛnte saa?

Yesu Kristo asɛmpa no wɔ tumi sɛ ɛka yɛn bɔ mu. Awieɛ no yɛyɛ adekorɔ sene sɛ yɛyɛ nsonoeɛ. Sɛ Onyankopɔn abusua mu mma no, nokorɛ mu yɛyɛ anuanom mmarima ne mmaa. Paul kaa sɛ, “Na [Onyankopɔn] maa nnipa aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa.”22

Ɛkɔ ma mo pɛɛwa atitenafoɔ, ahwɛsofoɔ, ne kuo ne nuamaa akannifoɔ, mese mo sɛ monnwene asɔreba biara ho wɔ mo pɛɛwa, nkorabata, mmarima kuo, anaa ekuo ho sɛ asɔremma a wɔbɛtumi aboa na wɔasom wɔ ɔfrɛ mu na wɔadi dwuma wɔ akwan ahodoɔ so.

Asɔreba biara a ɔwɔ yɛn mmarima akuo, akuo, wɔɔdo, ne mpɛɛwa mu wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne adomakyɛdeɛ a ɛbɛtumi aboa akyekyere N’ahennie seesei.

Momma yɛmfrɛ yɛn asɔremma a wɔn mmusua nka wɔn ho no ma wɔnsom, mmaso na wɔnkyerɛ adeɛ. Mommu mo ani ngu adwene ne nsusuiɛ a mmerɛ bi anhyɛ da ammoa wɔ wɔn atenka mu sɛ wɔyɛ ankonam na wɔnka ho bi anaa wɔntumi nsom no so.

Medi m’adanseɛ wɔ Yesu Amanehunu nawɔtwe awieɛ yi mu fa yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ne ɛnniawieɛ anidasoɔ a Ɔde ma me ne obiara a ɔgye Ne din no die. Na medi saa adanseɛ yi ahobrɛaseɛ mu wɔ Ne din kronkron no mu, mpo Yesu Kristo, amen.