Amansan Nhyiamu
Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ

Yesu Kristo mu gyedie yɛ tumi kɛseɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ saa abrabɔ yi mu. Nneɛma nyinaa wie yie ma wɔn a wɔgyedie.

Menuanom mmarima ne mmaa, mɛda ase wɔ akwanya a mewɔ sɛ me ne mo kasa wɔ Yesu Amanehunu Kwasiada yi mu.1 Dima aforebɔ no ne Yesu Kristo Wusɔreɛ no sesaa yɛn mu biara abrabɔ afebɔɔ. Yɛdɔ No na yɛde anisɔ som Ɔne yɛn Soro Agya no.

Bosome nsia a atwam no, yɛatoa so ne wiase nsanyareɛ atetare. Mo nsiyɛ ne honhom mu ahoɔden no yɛ me nwanwa wɔ yareɛ, adehwereɛ ne ankonamyɛ anim. Mebɔ mpaeɛ ntoatoasoɔ sɛ, ne nyinaa mu, mobɛte Awurade dɔ a ɔwɔ ma mo a ɛnni hwammɔ no. Sɛ mode akyidiyɛ a ɛmu yɛ den yii mo nsɔhwɛ ano a, saa afe yi a ɛtwaa mu no anyɛ kwa.

Anɔpa yi, yɛatie afiri Asɔre akannifoɔ a wɔfiri asasepɔn biara a nnipa adɔre wɔ so mu. Ampa, asɛmpa no nhyira wɔ hɔ ma abusua, kasa, ne nnipa biara. Yesu Kristo Asɔre no yɛ wiase nyinaa asɔre. Yesu Kristo yɛ yɛn kandifoɔ.

Anigyesɛm ne sɛ, mpo nsanyareɛ bi antumi ammerɛ Ne nokorɛ no nkankorɔ ase. Yesu Kristo asɛmpa no yɛ deɛ ɛhia pɛpɛɛpɛ wɔ saa anisotan, aperedie, ne wiase a abrɛ yi mu.

Onyankopɔn ba biara fata akwanya sɛ ɔte na ɔgye Yesu Kristo yaresa, ɔgyeɛ nkransɛm no tom. Nkrasɛm foforɔ biara ho nhia ma yɛn anigyeɛ—seesei ne afebɔɔ.2 Nkrasɛm biara nni hɔ a anidasoɔ ahyɛ mu ma. Nkrasɛm foforɔ biara ntumi nyi aperedie mfiri yɛn aman mu.

Yesu Kristo mu gyedie yɛ gyedie nyinaa fapem ne ɔsoro tumi nkataho. Sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paul ka no, “Gyedie nni hɔ a ɛyɛ den sɛ yɛsɔ [Onyankopɔ ani]: na deɛ ɔba Onyankopɔn hɔ no ɛwɔ sɛ ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtua wɔn a wɔde nsiyɛ hwehwɛ no no ka.”3

Ade papa biara a ɛwɔ abrabɔ mu—nhyira papa biara a ɛwɔ ɛniawieɛ su—de gyedie na ɛhyɛ aseɛ. Sɛ yɛrema Onyankopɔn adi yɛn abrabɔ so no de gyedie sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan na ɛhyɛ aseɛ. Adwensakyera nokorɛmu de gyedie sɛ Yesu Kristo wɔ tumi a ɔde bɛte, asa yareɛ, na wahyɛ yɛn den na ɛhyɛ aseɛ.4

“Mpa Onyankopɔn tumi no akyi,” nkɔmhyɛni Moronae paee mu kaae, “na ɔde tumi na ɛyɛ adwuma, nam gyedie no so firi nnipa mma so.”5 Ɛyɛ yɛn gyedie na ɛhini Onyankopɔn tumi no wɔ yɛn abrabɔ mu.

Na mpo, gyedie a yɛde yɛ adwuma tumi yɛ ahodwiri. Ɛtɔ da a yɛdwene sɛ yɛbɛtumi anya gyedie dodo agye nhyira a yɛn ani abere rehwehwɛ no. Mmom, Awurade yi saa ehu no firi hɔ wɔ Mormon Nwoma no mu wɔ nkɔmhyɛni Alma nsɛm no mu.

Mfoni
Sinapi aba

Alma se yɛn tiawa sɛ yɛnsɔ nhwɛ wɔ asɛm no so na “yɛnyɛ gyedie aba, aane, mpo sɛ [yɛn] ntumi nnye nni bio a.”6 Asɛnsini “gyedie aba ”kae me Awurade no twerɛnsɛm mu bɔhyɛ sɛ “nya gyedie sɛ sinapi abayɛbɛtumi “aka akyerɛ saa bepɔ yi, Firi ha kɔ baabi a wofiri; na ɛbɛfiri hɔ; na biribiara nni hɔ a ɛnso wo [yɛ].”7

Mfoni
Anomaa a ɔka sinapi aba ho

Awurade no te yɛn honam mmrɛyɛ ase. Yɛn nyinaa fom mmerɛ bi. Nanso Ɔnim yɛn nnepa kɛseɛ no. Sinapi aba no hyɛ aseɛ ketewa bi nanso ɛnyini yɛ kɛse ma nnomaa nwono prebuo wɔ ne mman mu. Sinapi aba no gyina hɔ ma gyedie ketewa nanso onyini gyedie.8

Awurade no nhia pɛpɛyɛ gyedie mma yɛn ansa na yɛanya Ne pɛpɛyɛ tumi no. Nanso Ɔse yɛn sɛ yɛnnye nni.

Me nuanom mmarima ne mmaa, mefrɛ ma mo Yesu Amanehunu anɔpa yi ne sɛ hyɛ aseɛ ɛnnɛ to wo gyedie mu. Ɛnam wogyedie so, Yesu Kristo bɛto wo ahoɔden a wode bɛtutu w’abrabɔ mu mmepɔ,9 mpo sɛ wo ankasa wo haw te sɛ Bepɔ Everest a.

Wo mmepɔ bɛtumi ayɛ ankonam, annye annie, yareɛ, anaa wo ankasa haw foforɔ. Wo mmepɔ bɛtumi adanedane, nanso wo haw no biara mmuaeɛ ne sɛ wobɛto wo gyedie mu. Ɛno hia adwumayɛ. Akyidifoɔ akwadwofoɔ ne anihafoɔ bɛkɔ so abrɛ na wɔanya mpo sinapi aba ketewa bi.

Biribi a ɛyɛ yie biara hia mmɔdemmɔ. Wɔnyi sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo akyidini nokwafoɔ no mfiri mu. Yɛreto yɛn gyedie mu na yɛagye No adie hia mmɔdemmɔ. Mɛma nsusuiɛ num a ɛbɛboa wo atete wo gyedie ne ahotosoɔ no.

Ɛdi kan, sua adeɛ. Bɛyɛ osuani a w’ani abere. Dɔ asukɔ wɔ twerɛnsɛm no mu na te Kristo dwumadie no ase yie na som. Hunu Kristo nkyerɛkyerɛ sɛdeɛ wobɛte ne tumi ase ama w’abrabɔ. Ma nokorɛ sɛ Yesu Kristo Mpata no nni dɛm wɔ womu. Ɔfa too Ne ho so w’a werɛhoɔ, wo mfomsoɔ, wo mmrɛyɛ, ne wo bɔne. Ɔtuaa wo mpata sika na ɔmaa wo tumi a wode tutu bepɔ biara a wobɛhyia. Wode wo gyedie, ahotosoɔ, ne ɔpɛ a wode di N’akyi na nyaa saa tumi no

Wo mmepɔ a wobɛtutu no bɛhia anwanwadeɛ. Sua anwanwasɛm ho adeɛ. Anwanwadeɛ ba ɛnam wo gyedie a wowɔ wɔ Awurade no mu. Deɛ ɛhia pa ara wɔ saa gyedie no mu ne sɛ yɛgye Ne pɛ ne ne nhyehyɛeɛ pono—sɛn ne berɛ a Ɔbɛhyira wo wɔ mmoa nwanwasoɔ a worehwehwɛ. Gye wo anye annie nko ara na ɛbɛsi Onyankopɔn kwan mma ɔnhyira wo nwanwasoɔ mma worentutu mmepɔ wɔ w’ abrabɔ mu.10

Dodoɔ no a wosua Agyenkwa no ho asɛm no, ɛyɛ mmrɛ ma wogye N’ ahummɔborɔ, Ne dɔ a ɛnniawieɛ, ne Ne denhyɛ, ayaresa, ne ɔgyeɛ tumi no di. Awurade no mmɛn wo nsene berɛ a worehyia anaa woreforo bepɔ berɛ a wode gyedie na ɛreforo.

Ɛtɔ so mmienu, fa na gyedi wɔ Yesu Kristo mu. Sɛ w’adwene yɛ wo ntanta wɔ Onyankopɔn ne Ne Dɔ Ba no ho, anaa di a Mmaeɛ bio no di mu, anaa Joseph Smith frɛ sɛ nkɔmhyɛni nokorɛ a ɛyɛ, fa na gyedi11 na yɛ nokwafoɔ. Fa wo nsɛmmisa kɔma Awurade ne gyedie fibea afoforɔ. Fa anibere sua adeɛ na gyedi sene sɛ wode w’ani bɛto sɛ, wobɛtumi ahunu kyemateɛ wɔ nkɔmhyɛni bi abrabɔ mu anaa abirabɔ bi wɔ twerɛnsɛm no mu. Gyae sɛ wode bi reka w’adwene a ɛyɛ wo ntanta no ho berɛ a wo ne adwenetantafoɔ afoforɔ di ho nkɔmmɔ. Ma Awurade no nni w’anim wɔ w’akwantuo a worehwehwɛ honhomyɛ ahunu.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, yɛ adwuma wɔ gyedie mu. Deɛn na wobɛyɛ sɛ wonyaa gyedie kɛseɛ a? Dwene ho. Twerɛ ho asɛm. Afei nya gyedie pii berɛ a woreyɛ biribi a ɛhia gyedie pii.

Ɛtɔ so nam, fa adidikronkron ayɛyɛdeɛ no ahoteɛ mu. Ayɛyɛdeɛ bue Onyankopɔn tumi so wɔ w’abrabɔ mu.12

Ɛtɔ so num, bisa wo Soro Agya, wɔ Yesu Kristo din mu pɛ mmoa.

Gyedie hia adwumayɛ. Adiyisɛm gyeɛ hia adwuma den. Nanso “obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, ɔbue no.”13 Onyankopɔn nim deɛ ɛbɛboa ama wo gyedie anyini. Bisa, na sane bisa bio.

Annyeannieni bɛka sɛ gyedie hia ma deɛ ɔyɛ mmrɛ. Nanso saa nsusuiɛ boro tumi a ɛwɔ gyedie mu. Anka Agyenkwa no Asomafoɔ bɛtoa so akyerɛ Ne nkyerɛkyerɛ no wɔ Ne wuo akyi, berɛ a wɔn nkwa da adwaa mu, sɛ wɔn adwene yɛɛ wɔn naa wɔ Ne ho a?14 Anka Joseph ne Hyrum Smith bɛhunu amane wɔ mogyadansefoɔ wuo mu berɛ a wɔrebɔ Awurade no Asɔre ho ban sɛ wɔnni adanse turodoo a ɛyɛ nokorɛ a? Anka bɛyɛ Ahotefoɔ 2000 wuui wɔ akannifoɔ twerenoo so15 sɛ na wɔwɔ adwene ntanta sɛ Yesu Kristo asɛmpa no wɔasane de aba bio a? Ampa, gyedie yɛ tumi a ɛma deɛ ɛnyɛ nokorɛ wie bɛyɛ nokorɔ.

Mma ɛnte gyedie a wowɔ dada no so. Gyedie na obi de dɔm Asɔre yi na ɔka wɔ gyedie mu. Gyedie na obi de di nkɔmhyɛfoɔ akyi sene abenfoɔ ne adwene a nnipa dodoɔ di akyire. Gyedie na obi de som asɛmpatrɛ adwuma mu wɔ nsanyareɛ berɛ mu. Gyedie na obi de di abrabɔ tenenee mmara no so berɛ a wiase reteam sɛ Onyankopɔn abrabɔ tenenee mmara no atwam. Gyedie na yɛde kyerɛ nkwadaa asɛmpa no wɔ wiase nneɛma mu. Gyedie na na yɛde srɛ nkwa ma ɔdɔfoɔ bi, na mpo gyedie a yɛde gye abamubuo mmuaeɛ.

Mfeɛ mmienu atwam, me ne Onuabaa Nelson kɔsraa Samoa, Tonga, Fiji, ne Tahiti. Saa supɔ aman yi biara ahyia nsutɔ a ɛyɛ den nna bebree. Asɔremma kyenee kɔm bɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn abɔntene nhyiamu ho ban afiri nsutɔ no ho.

Wɔ Samoa, Fiji, ne Tahiti, berɛ a wɔhyɛɛ nhyiamu no ase pɛ na nsuo no gyaeɛ. Nanso wɔ Tonga deɛ, nsuo no an nyae. Nanso Ahotefoɔ agyidifoɔ 13,000 baeɛ nnɔnhwere kakra akyi bɛtenaa ase, twɛnn aboterɛ mu wɔ nsutɔ no mu, na afei wɔtenaa ase nnɔnhwere mmienu wɔ nhyiamu nwunuwnunu mu.

Mfoni
Tonga Ahotefoɔ wɔ nsutɔ mu.

Yɛhunuu gyedie kɛseɛ sɛ a ɛyɛ adwuma wɔ saa supɔfoɔ yi biara mu—gyedie a ɛdɔɔso a ɛtumi ma nsuo gyae tɔ, ne animia gyedie berɛ a nsutɔ annyaeɛ.

Mmepɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu ntaa ntutu sɛdeɛ anaa berɛ yɛbɛpɛ no. Nanso yɛn gyedie bɛtaa apia yɛn akɔ anim. Gyedie taa ma yɛn nyamesu tumi no yɛ bebree.

Mesrɛ hunu yei: sɛ biribiara ne obiara wɔ wiase mu a wo gyedie bɛdi wo hwammɔ a, Yesu Kristo ne N’Asɔre renni wo hwammɔ da. Awurade no ntɔ nko da, anaasɛ ɔda.16 Ɔte “sa ara ɛnnora, ɛnnɛ, ne [ɔkyena].”17 Ɔnto N’apam ntwene,18 Ne bɔhyɛɛ, anaa Ne dɔ a ɔwɔ ma Ne nkorɔfoɔ. Ɔyɛ anwanwadeɛ nnwuma ɛnnɛ na ɔbɛyɛ anwanwadeɛ adwuma ɔkyena.19

Yesu Kristo mu gyedie yɛ tumi kɛseɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn abrabɔ. Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama wɔn a wɔgyedie.20

Wo gyedie a ɛrenyini wɔ Ne mu no bɛtutu mmepɔ—ɛnyɛ abotan mmepɔ a ɛyɛ asase fɛfɛɛfɛ mmom w’abrabɔ mu awerɛhoɔ mmepɔ. Wo gyedie a ɛreyɛ frɔmfrɔm no bɛboa wo adane wo haw akɔ onyini ne akwanya a ɛso bi mmaa da mu.

Wɔ saa Yesu Amanehunu Kwasiada yi mu, wɔ me dɔ ne aseda a ɛmu dɔ a mewɔ ma mo no, mepae mu di m’adanseɛ sɛ nokorɛ mu Yesu Kristo asɔre. Wasɔre rebɛdi N’Asɔre anim. Wasɔre rebɛhyira Onyankopɔn mma abrabɔ, baabi a wɔteɛ biara. Yɛwɔ gyedie wɔ Ne mu a, yɛbɛtumi atutu mmepɔ. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.