Yesu Kristo
Paanoo No Nhyirasoɔ


Paanoo No Nhyirasoɔ

O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya,
yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu,
sɛ hyira saa paanoo yi so na te ho ma akra a wɔbɛdi bi no nyina ara;
sɛ wɔbɛdi de akae wo Ba no honamdua,
na wɔadi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya,
na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfa wo Ba no din ato wɔn ho so,
na wɔakae no mmerɛ nyina ara,
na wɔadi ne mmaransɛm a ɔde ama wɔn no so,
ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena mmerɛ nyina ara.
Amen