Yesu Kristo
Nsuo No Nhyirasoɔ


Nsuo No Nhyirasoɔ

O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya,
yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu,
sɛ hyira saa nsuo yi so na te ho ma akra a wɔbɛnom bi no nyina ara;
sɛ wɔbɛnom de akae wo Ba no mogya no a ɔhwie gu maa wɔn no;
sɛ wɔbɛdi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya,
sɛ wɔbɛkae no mmerɛ nyina ara,
ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena.
Amen.