Siesie wo ho ma Awurade Fie

Ma wo suahunu nyɛ ankasa ne nteaseɛ yie

Siesie wo ho ma Wo Tɛmpol Nsra

Tɛmpol Ayɛyɛdeɛ ne Apam Kwan no

”Tɛmpol no si yɛn gyedie denhyɛ ne honhom mu akokoɔduro mfimfini ɛfiri sɛ Agyenkwa no ne Ne nkyerɛkyerɛ na ɛyɛ tɛmpol no ade titire. Biribiara a wɔkyerɛ wɔ tɛmpol fa akwankyerɛ so ne Honhom no so, ma yɛn nteaseɛ wɔ Yesu Kristo mu dɔɔso. N’ayɛyɛdeɛ a ɛhia no nam asɔfodie apam so kyekyere yɛn fam Ne ho. Afei, sɛ yɛkora yɛn apam a, Ɔma yɛn N’ayaresa, denhyɛ tumi.” (Titenani Russell M. Nelson, “Tɛmpol ne Wo Honhom mu Fapem,” Amansan Nhyiamu, Ahinime 2021)

Woregye tɛmpol ayɛyɛdeɛ na worekora apam yɛ w’ahofama sɛ wobɛdi Yesu Kristo akyi no fa a ɛhia yie. Ɛsan boa ma wosiesie wo ho sɛ da bi wobɛsan ne No ne yɛn Soro Agya akɔtena. Wobɛtumi ayɛ pii de asi so dua sɛ woayɛ krado. Ɛwɔ sɛ woresua Yesu Kristo asɛmpa no na wode saa nkyerɛkyerɛ no reyɛ adwuma wɔ w’asetena mu ka ho. Worekora apam a woayɛ no dada no yɛ ade titire ma wo tɛmpol kradoyɛ.

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɔpono teateaa, ne ɛkwan hiahiaa no, ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua” (Mateo 7:14). Saa ɔpono a yɛwura mu no yɛ asubɔ na ɛkwan a yɛfa so no yɛ N’asɛmpa. Asubɔ yɛ asɛmpa no ayɛyɛdeɛ a ɛdi kan ne anammɔn a ɛhia wɔ apam kwan a yɛde san kɔ Onyankopɔn nkyɛn no so.

Ayɛyɛdeɛ afoforɔ nso bɛyɛ akwankyerɛ ama wo wɔ kwan no so. Yeinom bi ne Sunsum Kronkron gyeɛ, wɔrehyɛ wo sɔfoɔ akɔ Melkisedek Asɔfodie mu (ma mmarima), woregye tɛmpol akyɛdeɛ kronkron no, ne wɔresɔ w’ano wɔ tɛmpol mu. Saa asɔfodie ayɛyɛdeɛ kronkron yinom de yɛn kɔ nhyira kɛseɛ pa ara a yɛn Soro Agya de ma Ne mma no ho—anigyeɛ a ɛwɔ hɔ sɛ yɛne No ne yɛn mmusua bɛtena wɔ asase yi so asetena akyi.

Ebia wonnye nni anaasɛ mpo ɛbɛhyɛ wo so berɛ a wosiesie wo ho ma tɛmpol. Ansa na wobɛkɔ deɛ ɛdi kan no, ɛyɛ daa daa adeɛ sɛ wobɛdwene sɛdeɛ tɛmpol dwumadie bɛyɛ. Nneɛma binom bɛyɛ foforɔ ama wo, nanso deɛ ɛkɔ so wɔ tɛmpol mu no dodoɔ no ara bɛyɛ deɛ wonim dada ɛfiri sɛ ne nyinaa gyina Yesu Kristo asɛmpa no so.

Wonhia sɛ wohunu anaasɛ wokae biribiara berɛ a wokɔ tɛmpol. Tɛmpol adwumayɛfoɔ wɔ hɔ berɛ biara sɛ wɔbɛboa wo. Saa atuwohoakyɛfoɔ no wɔ ɔdɔ ne ayamyɛ. Wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa ma woanya anigyeɛ ne ahotɔ wɔ Awurade fie.

Ɛnam sɛ wɔabɔ wo asu nti, wonim nneɛma binom fa ayɛyɛdeɛ ne apam ho dada. Wonim sɛ ɛwowɔ ahyɛnsodeɛ ne honhom mu nteaseɛ. Nhwɛsoɔ, wonim sɛ asubɔ yɛ ahyɛnsodeɛ ma ahodwira ne awofoforɔ. Wohyɛɛ fitaa na wowuraa nsuo mu. Asɔfodie kurafoɔ pagyaa ne nsa na ɔkaa nsɛm a ɛwɔ ayɛyɛdeɛ no mu. Afei wɔsiee wo (de wo hyɛɛ) nsuo no mu na wosɔree sɛ onipa foforɔ. Wo ho fiiɛ na ɛteeɛ na woyɛɛ krado sɛ wobɛbɔ wo bra sɛ Yesu Kristo okyidini nokwafoɔ. Wɔbɔɔ wo asu wieeɛ no, wogyee Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no berɛ a wɔde nsa guu wo tiri so.

Wɔbɔɔ wo asu no, wo ne Onyankopɔn yɛɛ apam. Wohyɛɛ bɔ sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛfa Yesu Kristo din ato wo ho so, akae no berɛ biara, adi Ne mmaransɛm so, na woasom No akɔduru awieeɛ. Woka N’Asɔre ho yi, wonam nsɛnkyerɛnneɛ so yɛ w’asubɔ apam ne apam nkaeɛ nyinaa foforɔ berɛ a wogye adidi kronkron no.

Tɛmpol ayɛyɛdeɛ fa nhyehyɛeɛ a ɛsesɛ so. Wobɛhyɛ fitaa, wɔbɛkyerɛ wo Onyankopɔn nhyehyɛeɛ, na woaka dwumadie ahodoɔ a ɛyɛ kronkron ne nsɛnkyerɛnneɛ ho. Wɔbɛhyɛ wo nhyira ho bɔ nso berɛ a wopam sɛ wobɛdi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne nhwɛsoɔ akyi.

Kae sɛ biribiara a ɛwɔ tɛmpol mu no twe yɛn adwene si Agyenkwa no ne yɛn Soro Agya so. Wɔayɛ biribiara sɛ ɛbɛpagya na ahyɛ nkuran.

Nsa a Ɛnni Efi ne Akoma a Ɛmu Teɛ

Wɔbisa yɛn, wɔ Nnwom nwoma no mu sɛ, “Hwan na ɔbɛforo Awurade bepɔ no? anaasɛ hwan na ɔbɛgyina ne kronkron bea hɔ? Deɛ efi nni ne nsam, na n’akoma mu teɛ” (Nwom 24:3–4). Awurade bepɔ yɛ Ne tɛmpol. Suban mmienu na wɔbɔ din sɛ ɛbɛwura mu—nsa a ɛnni efi ne akoma a ɛmu teɛ.

Ɔrekasa fa saa akenkansɛm yi ho no, Elder David A. Bednar kaa sɛ: “Mesusu sɛ yɛte nsa ho berɛ a yɛnam Yesu Kristo Mpata no so de honam mu onipa no to hɔ na yɛdi bɔne ne bɔne nkɛntɛnsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu so. Akoma mu te berɛ a yɛgye N’ahoɔden tumi de yɛ deɛ ɛyɛ na yɛbɛyɛ papa. Yɛn apɛdeɛ ne nnwuma pa a ɛfata, sɛdeɛ wɔn ho hia biara, rentumi mfa nsa a efi nni ho ne akoma a ɛmu teɛ mma da. Ɛyɛ Yesu Kristo Mpata no na ɛde ahodwira ne ɔgyeɛ tumi a ɛboa yɛn ma yɛdi bɔne so ɛne nteho ne ahoɔden tumi a ɛboa yɛn ma yɛbɛyɛ papa sene deɛ na anka yɛbɛtumi ayɛ wɔ berɛ a yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ahoɔden so nyinaa ba. Mpata a ɛnni ano no wɔ hɔ ma ɔbɔnefoɔ ne ɔhoteni a ɛwɔ yɛn mu biara mu no nyinaa” (“Nsa a Ɛni Efi ne Akoma a Ɛmu Teɛ,” Ensign anaasɛ Liahona, Obubuo 2007, 82).

Berɛ a wosiesie wo ho ma tɛmpol no, wo ne wo bishop bɛhyia. Wo ne wo stake titenanni nso bɛhyia, sɛ woregye w’ankasa akyɛdeɛ kronkron anaasɛ wɔresɔ mo ano a. Wɔn mu biara bɛyɛ tɛmpol nkamfoɔ krataa nsɛmmisa. Wobɛtumi ne wɔn akyɛ wo nsusuiɛne w’atenka, na wɔbɛma wo afotuo a ɛkanyan. Berɛ a wobua wɔn nsɛmmisa no, wobɛsi so dua nso sɛ wo wɔ ”nsa a ɛnni efi ne akoma a ɛmu teɛ.” Nsɛm foforɔ mu no, wobɛka sɛ wofata na wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛwura tɛmpol, ayɛ ayɛyɛdeɛ kronkron, na woakora w’apam ahodoɔ.

Apam Kronkron Yɛ Ankasa ne Tumi

Berɛ a wokɔ anim wɔ apam kwan a ɛkɔ tɛmpol so no, wobɛhyɛ aseɛ abu nhyira a ɛwɔ ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛwɔ w’abrabɔ mu no kɛse. Nneɛma binom a wobɛdwene ho fa sɛdeɛ apam ho hia nie:

1. Apam ma wo ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo abusuabɔ mu dɔ.

Wɔtaa kyerɛ apam ase sɛ bɔhyɛ kronkron a ɛwɔ Onyankopɔn ne Ne mma ntam. Berɛ a nkyerɛaseɛ yi yɛ saa pɛpɛɛpɛ no, ɛnwie pɛyɛ. Apam sene nhyehyɛeɛ. Ɛyɛ ankasa ahofama a ɛkyerɛ na ɛma yɛne Onyankopɔn abusuabɔ mu dɔ. Apam yɛ abusuabɔ kronkron a ɛwɔ Onyankopɔn ne Ne mma ntam. Wɔyɛ yɛn ahonhom foforɔ, sesa yɛn akoma, na wɔboa yɛn ma yɛne No bɛka bom. Sɛ wodi nokorɛ ma w’apam a, w’ahofama ma Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo bɛyɛ kɛse. W’anisɔ atenka bɛyɛ kɛse. Tumi a wode dɔ na wosom afoforɔ bɛnyini. Na nhyira a wɔhyɛ bɔ wɔ tɛmpol mu no bɛtene aba w’abrabɔ mu.

2. Apam boa ma wotwe w’adwene si nneɛma a ɛhia pa ara so.

W’abrabɔ mu no, wobɛhyia nneɛma a ɛhia wo berɛ, w’ahoɔden, ne w’aboadeɛ. Nneɛma papa bebree ne afoforɔ a ɛno nso fata bɛpere. Sɛn na woyi no?

Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ biribi yɛ papa kɛkɛ no nkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Nneɛma binom sene papa, na yeinom ne nneɛma a ɛwɔ sɛ yɛn adwene di kan kɔ so wɔ yɛ abrabɔ mu. Ankorankoro ne abusua berɛ a wɔde di dwuma binom yɛ papa, na afoforɔ yɛ papa pa ara. Ɛwɔ sɛ yɛgyae nneɛma papa binom sɛdeɛ yɛbɛyi afoforɔ a ɛsene saa anaasɛ ɛyɛ papa pa ara ɛfiri sɛ wɔma gyedie nyini wɔ Awurade Yesu Kristo mu na ɛhyɛ yɛn mmusua den” (“Good, Better, Best,” Ensign anaasɛ Liahona, Obubuo 2007, 104, 107).

Ɛnam apam so, Onyankopɔn boa yɛn ma yɛte nnyinasosɛm, nneyɛɛ, ne bɔhyɛ a Ɔnim sɛ ɛyɛ papa pa ara ma yɛn ase. Yɛbɛtumi anya nhunumu bebree wɔ nneɛma a ɛdi kan hia ho na yɛde nyansa ayi berɛ a yɛdi kan de yɛn adwene si saa ahofama kronkron a yɛne Onyankopɔn ayɛ no so.

3. Tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam hyira wo ne afoforɔ.

Sɛ wogye w’ankasa akyɛdeɛ kronkron anaasɛ wɔsɔ wo ano ma wo hokani anaasɛ abusua a, bɔhyɛ a ɛfiri Awurade hɔ brɛ wo tee na wode bɛfiri tɛmpol. Ɛnyɛ bɔhyɛ a wɔyɛ maa tete nkɔmhyɛni anaasɛ nkorɔfoɔ binom, na bɔhyɛ a wɔyɛ maa wo. Ɛwɔ sɛ wohwehwɛ sɛ wobɛte aseɛ ɛne deɛ ɛkyerɛ wɔ w’abrabɔ mu.

Sɛ wogye ayɛyɛdeɛ ma wo ho wie a, wobɛtumi asan akɔ tɛmpol akɔgye ayɛyɛdeɛ ama afoforɔ a wɔawuwu. Wowɔ asodie sononko sɛ wohwehwɛ wo nananom na wohwɛ sɛ wɔgye tɛmpol ayɛyɛdeɛ. Wo som bɛhyira wɔn na akae wo w’ankasa bɔhyɛ ne nhyira.

Bɔ Mmɔden sɛ Wobɛkae na Woasan Akɔ

Berɛ a wosiesie wo ho sɛ wobɛyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ no, kae sɛ Onyankopɔn yɛ wo Onniawieeɛ Agya na Yesu Kristo yɛ wo Gyefoɔ. Wɔnim wo ankasa. Wɔdɔ wo yie. Sɛ wodi w’apam so a, wɔbɛhyira wo wɔ saa asetena yi mu ne deɛ ɛbɛba no.

Wobɛtumi akae berɛ bi a wotee nka sɛ wobɛn Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yie pa ara? Saa atenka no bɛnyini wɔ tɛmpol mu. Wɔate tɛmpol no ho afiri abrabɔ mu akwansideɛ, ɔhaw ahodoɔ, ne nkɛntɛnsoɔ bɔne ho. Wɔ saa kronkron bea yi, wɔkae wo sɛ wo ne w’adɔfoɔ wɔ asase yi so ma botaeɛ kɛseɛ ne animuonyam bi. Wobɛnya asomdwoeɛ kɛseɛ, awerɛkyekyerɛ, akwankyerɛ, ne anidasoɔ.

Wobɛsan ahunu sɛ tɛmpol nhyira no bɛwura w’akoma mu na apagya wo kra. Taa kɔ tɛmpol mprɛ dodoɔ a wobɛtumi. Sɛ wo yɛ a, wobɛnya ɔdɔ a Onyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ ma wo ne nnipa nyinaa no ho nteaseɛ bebree. Mpo berɛ a woafiri tɛmpol no, Sunsum kronkron no bɛkɔso akyerɛkyerɛ wo. Ɔbɛkae wo suahunu a wonyaeɛ, atenka a wonyaeɛ, ne sɛdeɛ wobɛtena ase sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.

Berɛ a wosiesie wo ho ma tɛmpol no, kae sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wobɛn No. Ɔde Ne tɛmpol ama sɛ beaeɛ sononko a wode bɛbɛn No. Wo daapem anigyeɛ yɛ Ɔno nso anigyeɛ. Ɔmaa yɛn tɛmpol nhyira sɛ ɛde yɛn bɛsan akɔ Ne nkyɛn. Bisa Ne mmoa berɛ a wosiesie wo ho na wo ne No nkyɛ w’akwantuo no. Ɔbɛkyerɛ wo kwan. Ɔbɛhyɛ wo nkuran. Na Ɔbɛboa wo wɔ kwan no so.