Ɛfa Tɛmpol Nsɔano ho

Ɛfa Tɛmpol Nsɔano ho

Awareɛ Yɛ Adetitire ma Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ

Abusua: Dawurubɔ ma Wiase” ka sɛ “Onyankopɔn ahyira ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ so na abusua yɛ adetitire wɔ Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛeɛ mu ma Ne mma daapem hyɛberɛ” (Ensign anaasɛ Liahona, Obubuo 2010, 129).

Abrabɔ mu anigyeɛ kɛseɛ pa ara no wɔ abusua a ɔdɔ wɔ mu. Yei te saa ɛmfa ho ne asetena mu akwansideɛ ne ɔhaw bebree no. Worehyehyɛ abusua papa hia mmɔdemmɔ. Nanso saa mmɔdemmɔ no bɛtumi de anigyeɛ aba saa asetena yi mu ne daapem nyinaa mu. Mpo wɔ mmusua a nkutahodie yɛ ɔhaw wɔ mu no, Yesu Kristo asɛmpa no bɛtumi ama anidasoɔ, awerɛkyekyerɛ ne ayaresa.

Wɔ yɛn Soro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ mu no, okunu ne ɔyere bɛtumi atena abom afebɔɔ. Tumidie a wɔde ka mmusua bom afebɔɔ no wɔfrɛ no nsɔano tumi. Ɛyɛ tumi korɔ a Yesu de maa N’asuafoɔ wɔ N’asase so som adwuma mu no (Mateo 16:19). Ne saa nti wɔfrɛ daapem awareɛ sɛ nsɔano. Wɔbɛtumi asɔ mmɔfra a wɔwo wɔn anaasɛ wɔgye wɔn abayɛn kɔ saa daapem awareɛ no mu ano ama wɔn mmusua afebɔɔ.

Ɛnte sɛ awareɛ a ɛtena hɔ “kɔsi sɛ owuo bɛtete mo ntam” kɛkɛ no, tɛmpol nsɔano hwɛ sɛ owuo ntumi ntete adɔfoɔ ntam. Sɛdeɛ awareɛ bɛtoa so wɔ owuo akyi no, ɛsɛ wɔsɔ wɔn ano wɔ beaeɛ a ɛsɛ ne tumidie a ɛsɛ ase. Beaeɛ a ɛsɛ ne tɛmpol ɛna tumidie a ɛsɛ ne Onyankopɔn asɔfodie tumi (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:7, 15–19).

Okunu ne ɔyere a wɔasɔ wɔn ano wɔ tɛmpol mu ne Awurade ne wɔn ho wɔn ho yɛ apam kronkron. Saa apam yinom ma wɔn ahotosoɔ sɛ sɛ wɔyɛ anokwafoɔ ma wɔn ahofama a wɔn abusuabɔ bɛtoa so wɔ saa asetena yi akyi. Wɔnim sɛ biribiara nni hɔ, mpo owuo, a ɛbɛtumi atete wɔn ntam. Ɛwɔ sɛ wɔn a wɔaware hunu wɔn nkabom no sɛ wɔn asase so abusuabɔ a ɛsom boɔ kɛse pa ara. Nokorɛ ne sɛ, ɔhokafoɔ nko ara ne onipa a sɛ Awurade firi hɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn akoma nyinaa nnɔ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:22).

Payson Utah Tɛmpol, Nsɔano Dan mu

Daapem Awareɛ Ho Hia Yie

Titenani Spencer W. Kimball (1895–1985) kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Awareɛ yɛ ebia ade titire pa ara wɔ gyinaesie nyinaa mu na ɛwɔ nsunsuansoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ mprempren anigyeɛ nko ara, na mmom daapem anigyeɛ nso. Ɛmfa nnipa baanu no nko ara no ho, na mmom wɔn mmusua nso, nkanka wɔn mma ne wɔn mma mma, de kɔsi awoɔntoatoasoɔ a ɛyɛ foforɔ koraa” (“Sɛlɛhyia Awareɛ ho Hia a Ɛhia,” Ensign, Obubuo 1979, 3).

Daapem awareɛ apam nso hia ma mpagya. Mpagya yɛ daapem asetena—asetena a Onyankopɔn wɔ mu. Ɔwie pɛyɛ. Ɔte animuonyam kɛseɛ mu. Ɔwɔ nimdeɛ nyinaa, tumi nyinaa, ne nyansa nyinaa. Ɔyɛ ɔdɔ, ayamyɛ, ne ahummɔborɔ. Ɔyɛ Ɔsoro Agya ma onipa biara a ɔwɔ asase so. Yɛbɛtumi abɛyɛ te sɛ Ɔno da bi. Yei ne mpagya.

Mpagya ne akyɛdeɛ kɛseɛ pa ara a Onyankopɔn bɛtumi de ama Ne mma (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7). Ɛyɛ akatua ma wɔn a wɔkyerɛ nokorɛdie ma Awurade. Wɔn a wɔyɛ no bɛtena sɛlɛhyia ahemman no mu kɛseɛ pa ara mu.

Awurade nam Joseph Smith so daa no adi:

“Wɔ sɛlɛhyia animuonyam mu no ɔsoro anaasɛ dibea mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ; na sɛdeɛ onipa bɛnya deɛ ɛkorɔn pa ara no, ɛsɛ sɛ ɔwura saa asɔfodie nhyehyɛeɛ yi mu (a ɛkyerɛ daapem apam foforɔ awareɛ no); na sɛ wanyɛ a, ɔrentumi nnya ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:1–3).

Sɛ yɛdi yɛn apam so a, yɛbɛtumi anya ahotosoɔ sɛ yɛne yɛn adɔfoɔ bɛtena afebɔɔ. Awurade ahyɛ bɔ:

“Sɛ ɔbarima bi nam m’asɛm, a ɛyɛ me mmara so ware ɔyere bi, na ɛnam daapem apam foforɔ no so, ne Honhom Kronkron bɔhyɛ no so wɔsɔ ano ma wɔn, firi deɛ wɔasra no ngo hɔ, a mama no saa tumi yi ne saa asɔfodie yi nsafoa; na sɛ [wɔn] tena m’apam mu a, adeɛ biara a m’akoa de agu wɔn so bɛyɛ hɔ ama wɔn wɔ nneɛma nyinaa mu, wɔ ne berɛ mu, ne daapem nyinaa mu; na wɔbɛnya ahoɔden berɛ a wɔafiri wiase” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:19).

Awurade nim sɛ ɛnyɛ Ne mma nyinaa na wɔbɛnya akwanya aware wɔ saa asetena yi mu. Wahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔgye asɛmpa no tom na wɔbɔ mmɔden kora wɔn apam nyinaa bɛnya akwanya aware na wɔanya mma sɛ ɛyɛ saa astena yi mu anaasɛ deɛ ɛbɛba no.

Awoɔntoatoasoɔ Nyinaa Bɔ Abusua

Abusua dawurubɔ ma wiase ka sɛ “ɔsoro anigyeε nhyehyεeε boa abusua nkutahodie ma no tra damena mu. Ayɛyɛdeɛ kronkron ne apam a ɛwɔ tɛmpol kronkron mu ma ɛyɛ yie sɛ ankorankoro bɛsan akɔ Onyankopɔn anim na ama mmusua aka abom afebɔɔ.”

Nsɔano tumi no nso mu trɛ firi awofoɔ so kɔ mma so, fa awoɔntoatoasoɔ nyinaa mu firi wiase mfitiaseɛ. Titenani Joseph Fielding Smith (1876–1972) kyerɛkyerɛɛ sɛ mmɔfra a wɔwo wɔn wɔ apam no mu—ne wɔn a wɔsɔ wɔn ano ma wɔn awofoɔ wɔ tɛmpol mu—“wɔ asɛmpa no nhyira ho kwan boro deɛ wɔn a wɔanwo wɔn saa no wɔ ho kwan sɛ wɔnya. Wɔbɛtumi anya akwankyerɛ kɛseɛ, banbɔ kɛseɛ, nkanyan kɛseɛ firi Awurade Honhom no hɔ; na afei tumi biara nni hɔ a ɛbɛtumi afa wɔn afiri wɔn awofoɔ nkyɛn” (Nkwagyeɛ Nkyerɛkyerɛ, comp. Bruce R. McConkie [1955], 2:90).

Mmɔfra wɔn awofoɔ yɛ nsɔano wɔ tɛmpol mu ansa na wɔawo wɔn no wɔwo wɔn wɔ apam no mu. Ne saa nti, wɔka daapem abusua bi ho, gyina wɔn nokorɛdie so. Mmɔfra a wɔanwo wɔn wɔ apam no mu nso bɛtumi abɛka daapem abusua ho berɛ a wɔn awofoɔ ankasa anaasɛ wɔn a wɔgyee wɔn abayɛn yɛ nsɔano. Tɛmpol mu nko ara na wɔyɛ mmɔfra a wɔsɔ wɔn ano ma wɔn awofoɔ ayɛyɛdeɛ no. Sɛdeɛ saa nhyira yi bɛtrɛ ama nnipa nyinaa no, yɛbɛtumi nso ayɛ ananmusie nsɔano ama wɔan a wɔawuwuo. Wɔ saa kwan yi so, mmusua nyinaa bɛtumi aka abom afebɔɔ.

Bɔhyɛ sɛ mmusua nyinaa bɛtumi aka abom wɔ owuo akyi ma nteaseɛ bebree wɔ asetena mu. Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ anokwafoɔ ne ahofakyɛ. Ɛma yɛn abusua nkutahodie tu mpɔn na ɛyɛ frɔmfrɔm. Ɛboa ma yɛnya anigyeɛ ne anidasoɔ berɛ a yɛfa asetena mu ɔhaw mu. Na yɛnim sɛ yɛbɛtumi aka abom bio no ma yɛn awerɛkyekyerɛ ne asomdwoeɛ berɛ a yɛfa amanehunu anaasɛ adɔfoɔ wuo mu.

Nsɔano ayɛyɛdeɛ no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ mu kɛseɛ pa ara ma Ne mma. Ɛma yɛn kwan sɛ yɛbɛsan ne No akɔtena ne yɛn adɔfoɔ nyinaa afebɔɔ. Ɛde nhyira nwanwasoɔ ma saa asetena yi ne deɛ ɛbɛba no. Ɛyɛ daa nkaebɔ sɛ mmusua yɛ ade titire ma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne yɛn anigyeɛ wɔ ɛha ne daapem. Ɛde asomdwoeɛ, anidasoɔ, ne anigyeɛ ma obiara a ɔgye no nokorɛ mu.