Amansan Nhyiamu
Nsakyeraeɛ Tumi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Nsakyeraeɛ Tumi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu

Mormon Nwoma no ma honhom mu aduane-nnuro, kyerɛ anammɔntuo nhyehyeɛ, na ɛde twaka to yɛn ne Honhom Kronkron no ntam.

Berɛ a mehwɛɛ mapomuden nhwehwɛmu krataa mo no, mesuaa sɛ ɛho bɛhia sɛ mɛsesa m’abrabɔ mu kakra. Ɔkyerɛɛ me nnuane ne apomutene nhyehyeɛ a, sɛ medi so a, ɛbɛsesa me ama m’ate apɔ yie.

Sɛ wɔyɛ yɛmu biara honhom mu nhwehwɛm a, deɛ na yɛbɛsua afa yɛn ho? Deɛn nsakraeɛ na yɛn honhom mu ɔduruyɛfoɔ no bɛka sɛ yɛnyɛ? Sɛ yɛbɛtumi abɛyɛ sɛnea ɛwɔ sɛ yɛyɛ a, ɛhia sɛ yɛbɛhunu deɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ na yɛyɛ deɛ yɛnim.

Yesu Kristo yɛ Oduruyɛfoɔ Panyin no.1 Ɛnam Ne Mpatawuo no mu, Ɔkyekyere yɛn kro, fa yɛn mmerɛyɛ to Ne ho so, na Ɔsa yakoma a abubuo no.2 Ɛnam N’adom so, yɛn mmerɛyɛ tumi bɛyɛ ahoɔden.3 Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛdi N’akyi4 nsua No, ntie N’asɛm, na yɛn nante wɔ N’ahobraseɛ Honhom mu.5 W’ahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛboa yɛn6 wɔ abrabɔ nsakyeraeɛ anammɔntuo a, ɛsesa yɛn na ɛde anigyeɛ a ɛni awieɛ ba.7

Agyenkwa no ama yɛn Mormon Nwoma no sɛ tumi akadeɛ a ɛboa wɔ Nsakyeraeɛ mu. Mormon Nwoma no ma honhom mu aduane-nnuro, kyerɛ anammɔntuo nhyehyeɛ, na ɛde twaka to yɛn ne Honhom Kronkron no ntam. Wɔatwerɛ ama yɛn,8 Onyankopɔn asɛm kann na ɛwɔ mu pefee9 ɛkyerɛ nipasu a yɛyɛ, botaeɛ, ne yɛn hyɛbrɛ.10 Ɛka Bible no ho a, Mormon Nwoma no di Yesu Kristo ho adanseɛ11 na ɛkyerɛ sɛdeɛ yɛbɛhunu nokorɛ na yabɛyɛ te sɛ Ɔno.

Mfoni
Onuabarima Saw Polo.

Na onuabarima Saw Polo adi mfeɛ 58 na ɔdiikan tee Yesu Kristo asɛmpa wasan-de-aba. Berɛ a mehyia no, na wasom sɛ branch president mfeɛ bebree, nanso me hunuu sɛ ɔkenkan Mormon Nwoma no da ɛnam sɛ na ɛbi nni ne kurom kasa Burmese mu. Mebisaa no kwan a ɔfaa so hunuu sɛ Mwoma no yɛ nokorɛ aberɛ ɔnkenkan da, na ɔyii ano sɛ ɔsuaa Mormon Nwoma no abasɛm ɔhwɛ mfoni nwoma no dabiara, na ɔde nkyerɛkyerɛm nwoma atotoho akyerɛ brɔfo no ase, na w’atwerɛ deɛ wasua no ato hɔ. Ɔkyerɛɛ mu, “Aberɛ biara a mɛsua no, mebɔ mpaeɛ fa deɛ masua ho, na menya ɔdɛw ne asomdwoeɛ atenka, m’adwene mu te, na m’akoma yɛ mrɛ. Metee Honhom Kronkron no nka a Ɔredi adanseɛ akyerɛ me sɛ ɛyɛ nokorɛ. Menim sɛ Mormon Nwoma no ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.

Tesɛ Onuabarima Saw Polo, yɛmubiara bɛtumi asua Mormon Nwoma no sɛdeɛ yɛn tebea teɛ biara. Sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛgye adi na yasusu ne nkyerɛkyerɛ wɔ yɛn akoma mu a, yɛbɛtumi abisa Nyankopɔn wɔ gyidie mu sɛ nkyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ.12 Sɛ yapɛdeɛ no yɛ nokorɛ mu na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛtuso anammɔn a, Ɔnam Honhom Kronkron no so bɛma yɛn mmuaeɛ wɔ yɛn akoma mu. Ɛnam Honhom Kronkron tumi no so na yɛbɛtumi ahunu nokware a ɛwɔ nneɛma nyina ara mu.13 Sɛ yɛnya adansedie kronkron fa Mormon Nwoma no ho a, yɛnam saa tumi no ara so de bɛhunu sɛ Yesu Kristo ne Wiase Agyenkwa na Joseph Smith yɛ Ne nkɔmhyɛni, na Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no yɛ N’Asɔre a wasan de aba.14

Berɛ a na meyɛ abranteɛ a merehyɛ asɛmpatrɛ som aseɛ no, me foroo wiemhyɛn bi a na ɛrekɔ Australia. Na mayɛ ankonam, ahoɔpre, na abomufia akye me nanso na magye ato mu sɛ mɛsom deda, na mehia paa sɛ mɛnya awerɛhyɛm sɛ deɛ magye adi no yɛ nokware. Mebɔɔ mpaeɛ kenkan me twerɛnsɛm akoma pa mu, nanso berɛ a ɛhyɛn no rekɔ no, m’annyeanni yɛɛ kɛseɛ na meyɛɛ basaa wɔ anisoɔ mu. Medii apenesie dɔnhwere pii akyi no, obi a ɔyɛ adwuma wɔ ɛhyɛn no mu nantee wɔ supɔ no so bɛgyinaa m’akonwa nkyɛn. Ɔgyee Mormon Nwoma no a na merekenkan no frii me nsa mu. Ɔhwɛɛ nwoma no akyi na ɔkaa sɛ, ”Nwoma yi somboɔ!” na ɔsan de nwoma no maa me na ɔtoaa so nanteeɛ. Mannhunu no bio da.

Berɛ a ne nsɛm no gyegyee wɔ m’aso mu no, me teeɛ na menyaa atenka wɔ m’akoma mu, “Me wɔ ha, na menim baabi a wo wɔ. Bɔ wo ho mmɔbɔ kɛkɛ, na mɛyɛ deɛ aka no.“ Wɔ saa wiemhyɛn no mu wɔ Pacifc ɛpo so no, menyaa m’ankasa m’adanseɛ ɛnam Mormon Nwoma no sua mu ne Honhom kronkron nkanyan sɛ m’Agyenkwa nim me na asɛmpa no yɛ nokware.

Ɛlda David A. Bedner akyerɛ: “Sɛyɛbɛhunu sɛ asɛmpa no yɛ nokware yɛ adanseɛ nhini. Sɛyɛbɛdi nokware ama asɛmpa no yɛ Nsakyeraeɛ nhini.”15 Nsakyeraeɛ hia sɛ, “Yɛbɛyɛ asɛm no yɛfoɔ na nyɛ atiefoɔ nko ara.’’16 Wɔ Awurade no nhyehyeɛ ma yɛn mu no--Kristo Nkyerɛkyerɛ no--wakyerɛ no pefee wɔ Mormon Nwoma no mu.17 Yei ka ho:

  • Ɛdi kan, yɛbɛnya gyidie wɔ Yesu Kristo berɛ a yɛde yɛn werɛ hyɛ Ne mu, di Ne mmaransɛm so, na yɛhunu sɛ Ɔbɛboa yɛn.18

  • Ɛtɔ so mmienu, yɛbɛnya nnuhuu daadaa wɔ yɛn mfomsoɔ ho na suahunu anigyeɛ ne asomdwoeɛ berɛ a ɔde kyɛ yɛn. .19 Adwensakyera ho hia sɛ yɛde kyɛ afoforɔ20 na ɛboa yɛn ma yɛkɔ animu. Agyenkwa no ahyɛ bɔ sɛ Ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn mpɛn dodoɔ a yɛbɛ sakyera.21

  • Ɛtɔ so mmeɛnsa, yɛbɛyɛ na yadi apam a yɛne Nyankopɔn ayɛ ɛnam ayɛyɛdeɛ te sɛ asubɔ mu. Wei bɛma yatena apam kwan a ɛde yɛn bɛkɔ Ne nkyɛn.22

  • Ɛtɔ so nan, yɛregye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Saa akyɛdeɛ yi ma yɛnya ɔhokani bi a ɔkyekye werɛ, te yɛn ho na ɔboa yɛn.23

  • Ɛtɔ so num, yɛkɔduro kɔsi awieɛ de pre kɔ anim pintinn berɛ a yɛreto pono daadaa wɔ Kristo nsɛm ho.24 Sɛ yɛyɛ adidikɛseɛ wɔ Mormon Nwoma no mu na yɛsɔ ne nkyerɛkyerɛ mu a, yɛbɛtumi adi nsɔhwɛ so na yɛanya akwankyerɛ ne banbɔ wɔ yɛn nkwa nna nyinaa.25

Sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma wɔ yabrabɔ mu a, yɛbɛdi akwansideɛ tumi ne ehu a ɛsei anammɔntuo so. Yɛbɛnya yankasa yikyerɛ, Honhom Kronkron no “bɛ kyerɛ wo nea yɛ wɔ adeɛ nyinaa mu,”26 na “Kristo nsɛm no bɛ kyerɛ wo adeɛ nyinaa mu nea ɛwɔ sɛ woyɔ.”27

Mfeɛ 20, na Onuabarima Huang Juncong de nom nsa, sigaret, ne kyakya toɔ. Berɛ a ɔhunuu Yesu Kristo ne N’asɛmpa no, Onuabarima Huang nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛsesa ama n’abusua kumaa. Na n’akwasideɛ kɛseɛ paa yɛ sigaret nom. Sigaret nomfoɔ kɛseɛ, ayɔaa sɛ ɔbɛgyai nso ankosi aga. Dakorɔ bi, saa Mormon Nwoma no mu nsɛm yi tɔɔ ne tirim: “mode akoma kann, ne adwene pa.”27 Ɛwom sɛ ne kanee mmɔdemmɔ no anyɛ yie, nanso ɔnyaa atenka sɛ ɛbia ɔbɛtumi anya mmoa afiri Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo hɔ de asesa.

asɛmpatrɛfoɔ no de wɔn gyedie bɔɔ ne deɛ mu na wɔyɛɛ anammɔn nhyehyɛɛ a wɔde bɛgye no, ne mpaeɛ dodoɔ ne Nyankopɔn asɛm mu adesua. Wɔ akoma kann ne adwene pa mu, Onuabarima Huang de nketesie tuu anammɔn na ɔhunuu sɛ mpɛn dodoɔ a ɔde n’adwene bɛsi suban a ɔpɛ sɛ ɔnya tesɛ Mormon Nwoma no sua so no, na n’adwene refiri suban a ɔmpɛ no so.

Ɔreka ne mfeɛ 15 suahunu a atwam no, ɔkaa sɛ, “Menkai berɛ pɔtee a megyai sigaret nom, nanso berɛ a mereyere me ho dabiara sɛ mɛyɛ deɛ ɛwɔ sɛ meyɛ de frɛ Awurade Honhom ba m’abrabɔ mu na mekɔɔ so yɔɔɛ no, na aafei sigaret nom nnɔ me kɔn na ɛnnɔɔ me kɔn bio.“ Ɛnam Mormon Nwoma no nkyerɛkyerɛ a ɔdeyɛɛ adwuma nti, onuabarima Huang abrabɔ asesa, na wabɛyɛ okunu pa ne agya pa.

Mfoni
Huang Juncong ne n’abusua

Titenani Russel M. Nelson ahyɛ bɔ: “Berɛ a yɛde mpaeɛbɔ bɛsua Mormon Nwoma no da biara, wobɛsi agyinaeɛ papa—da biara. Mehyɛbɔ sɛ berɛ a wobɛdwene deɛ wosua ho no, soro mfɛnsene bɛbie, na wobɛnya wo nsɛmmisa ho mmuaeɛ ne wabrabɔ mu akwankyerɛ. Mehyɛbɔ sɛ berɛ a wode wo ho bɛhyɛ Mormon Nwoma no mu no, wobɛhyɛ den atia bɛne a ɛwɔ wiase nɛ, mpo ɔseiɛ adwamammɔ sini ne nneɛma bɔne a ɛkyere adwene.”29

Ayɔnkofoɔ adɔfoɔ, Mormon Nwoma no ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na yɛbɛtwe abɛn No sɛ yɛsua a.30 Berɛ a yɛbɛsɔ ɛmu nsɛm ahwɛ no, yɛbɛnya adanseɛ afa ne nokware ho.31 Sɛ yɛkɔso ara de ne nkyerɛkyerɛ bɔ bra a, yɛnnya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ bɔne.32 Yɛn koma, ahosu, ne bɔbea bɛsesaabɛyɛ tesɛ deɛ Agyenkwa no tea.33 Mene mo kyɛ m’adanseɛ mapa sɛ Yesu yɛ Kristo no, yɛn Agyenkwa, Gyefoɔ ne Yadamfo. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.