Amansan Nhyiamu
Mormon Nwoma No Mmaaɛ
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Mormon Nwoma No Mmaaɛ

Abakɔsɛm ne Mormon Nwoma No ho adansefoɔ di adanseɛ sɛ, nokorɛ, na Mormon Nwoma No mmaɛ yɛ anwanwasɛm.

Berɛ bi a ɔne Asɔre no mpanyimfoɔ reyɛ nhyiamu no, Nkɔmhyɛni Joseph Smith paemu kaa sɛ: “Yi Mormon Nwoma no ne adiyisɛm no firi hɔ, na yɛn som no wɔ he? Yɛnni bi .”1 Menua mmarimma ne mmaa,Yikyerɛ a ɛdikan no akyiri no, anwanwasoɔ kwan a Mormon Nwoma no namso baaeɛ no yɛ kwansin fapem boɔ a ɛtɔso mmienu a ɛde Yesu Kristo nsɛmpa a wasan de aba bio wɔ saa mmerɛ yi mu no baaeɛ. Mormon Nwoma no di Onyankopɔn dɔ a Ɔwɔ ma ne mma ho adanseɛ, Awurade Yesu Kristo atuhoakyɛ ne ne mogyahwieguo afɔrebɔ a ɛfiri soro, ne N’abotire som wɔ Nifaefoɔ no ntam wɔ Ne wusɔreɛ no akyi hɔ ara.2 Ɛsan nso di adanseɛ sɛ Israel fie asefoɔ nam Ne nna a ɛdi akyiri adwuma so bɛyɛ baako na ne saa nti wɔntwaa wɔn ntwenee afebɔɔ3

Berɛ a yɛresua saa twerɛnsɛm nwoma kronkron yi a yi mmaɛ wɔ nna a ɛdi akyire yi mu no, yɛhunu sɛ na dwumadie no nyina ara yɛ anwanwasoɔ—ɛfiri berɛ a Nkɔmhyɛni Joseph regye sika kɔkɔɔ mprɛte afiri ɔbɔfokronkron bi nsam rekɔsi ne nkyeraseɛ a ɛnam Onyankopɔn4 “akyɛdeɛ ne tumi so”. ne kora ne ne tintim a ɛnam Awurade nsa so. ”

Mormon Nwoma no mmaɛ hyɛɛ aseɛ mmerɛ tenten ansana Joseph Smith nsa reka sika mprɛte no afiri ɔbɔfoɔ Moroni nsam. Tete nkɔmhyɛfoɔ a wabɛsen no hyɛɛ nkɔm faa saa nwoma kronkron yi mmaɛ wɔ yɛn mmerɛ yi mu.5 Yesaiah kasa faa nwoma bi a wasɔ ano a ɛbɛpue wɔ berɛ a nkurɔfoɔ regye akyinne fa Onyankopɔn asɛm ho. Saa tebea yi bɛma kwan a ɛnamso ama Onyankopɔn bɛtumi ayɛ “N’adwuma a ɛyɛ ahomka na ɛyɛ nwanwa,“ a ɛbɛma wɔn anyansafoɔ nyansa abɔ ase na ɛbɛma [wɔn] animdefoɔ nteaseɛ ahinta, “berɛ a deɛ ɔdwoɔ no anigyeɛ wɔ Awurade mu no bɛyɛ kɛse na ahiafoɔ a wɔwɔ nipa mu no bɛdi ahurusie wɔ Israel Kronkron Ni no mu.”6 Ezekiel kasa faa Judah abaa (Twerɛkronkron) ne Ephraim abaa (Mormon Nwoma no) a wɔde bɛbɔ mu ama ayɛ baako. Ezekiel (wɔ apam dadaa no mu no) ne Lehi (wɔ Mormon Nwoma No Mu) nyina ara kaa sɛ wɔbɛnyini na wɔako atia atorɔ nkyerɛkyerɛ, wahyehyɛ asomdwoeɛ, na wɔde yɛn aba apamyɛ nimdeɛ mu.7

Ɛbɔ 21, 1823 anwumerɛ no, mfeɛ mmiensa akyiri firi berɛ a Joseph Smith nyaa yikyerɛ a ɛdikan akyiri no, ɔbɔfoɔ Moroni a na ɔyɛ nkɔmhyɛfoɔ no mu deɛ ɔtwatoɔ wɔ Nifaefoɔ no mu wɔ tete America kɔsraa Joseph Smith ɛnam ne nokorɛ mpaeɛ so nti. Wɔ nsrahwɛ no a ɛfaa anadwo no mu no nyina ara no, Moroni kakyerɛɛ Joseph sɛ Onyankopɔn wɔ adwuma —nwanwasoɔ bi ma no a ɛsɛsɛ ɔyɛ asekyerɛ ne atintim a ɛsɛ sɛ ɛnam so de tete nkanyan akɔmhyɛfoɔ a na wɔwɔ America asaase tam so nsɛm ho.8 Ɛda ɛtɔso no, Joseph kɔɔ bea no a na ɛbɛn ne fie a Moroni siee mprɛte no mfeɛ pii akyiri ansana ɔrewuo no. Ɛhɔ na Joseph hunuu Moroni bio, a ɔkyerɛkyerɛ no sɛ ɔnsiesie ne ho sɛ ɔbɛgye mprɛte no daakye.

Wɔ mfeɛ nnan a na ɛdi anim no, wɔ Ɛbɔ bosome biara da a ɛtɔso 22 wɔ afe biara mu no, na Joseph nya nkyerɛkyerɛ foforɔ a ɛyɛ nimdeɛ a ɛfa sɛdeɛ wɔdi Awurade ahennie so wɔ nna a ɛdi akyire no mu. Na Onyankopɔn abɔfoɔ nsrahwɛ ɛka Joseph ahosiesie no ho , ɛnamso dedaa ahenie ne animuonyam a ɛwɔ nneɛma a ɛbɛsisi wɔ ɛne berɛ mu.9

Ɔne Emma Hale awareɛ wɔ afe 1827 mu no ka saa ahosiesie no ho. . Ɔbɔɔ mmɔden a ɛhia de boaa nkɔmhyɛni no wɔ n’asetena ne ne sommu. Nokorɛ, wɔ Ɛbɔ 1827 mu no, Emma kaa Joseph ho kɔɔ bepɔ no so, na ɔtwɛnee no berɛ a na ɔbɔfoɔ Moroni de twerɛtohɔ no rehyɛ Joseph nsam no. Joseph nyaa bɔhyɛ sɛ wɔbɛbɔ mprɛte no ho ban sɛ ɔbɛtu ne ho asihɔ akora no yie kɔpem sɛ ɛbɛsan akɔ Moroni nsam bio a.10

Me nnamfonom pa, ɛnɛmmerɛ yi mu nneɛma bebree a ada adi firi tete no farabae yɛ sɛ wɔretutu fam apɛ abakɔsɛm anaasɛ wanhyɛda apue so berɛ a wɔresi dan bi wɔ asaase so. Mmom, Joseph Smith deɛ ɔbɔfoɔ bi na ɔkyerɛɛ no baabi a mprɛte no hyɛ. Saa farebae yi mpo koraa yɛ annwanwadeɛ.

Kwan a wɔnamso kyerɛkyerɛɛ Mormon Nwoma no ase nso yɛ anwanwasɛm . Wamfa ɔkwan a wɔnamso dabiara no so na wɔde “kyerɛɛ“ saa tete twerɛtohɔ kronkron yi ase sɛdeɛ anka animdefoɔ sua tete kasa bi ansana wɔde akyerɛkyerɛ atwerɛ ase no. Ɛsɛsɛ yɛhwɛ nnidisoɔ no sɛ ɛnam “adiyie” a Awurade de maaɛ ne ho atwerɛdeɛ sen “nkyerɛaseɛ” a obi a ɔwɔ kasahodoɔ ho nimdeɛ bi ayɛ. Joseph Smith paee mu kaa sɛ ɛnam Onyankopɔn tumi so, mekyerɛɛ Mormon Nwoma no ase firii hieroglyphs, atwerɛdeɛ mu, nimdeɛ a na ayera afiri wiase mu, a abranteɛ a mennim nwoma, megyinaa sɛ kɔntɛnkorɔ wɔ saa tebea nwanwasoɔ yi mu na menam adiyie foforɔ so tiaa wiase nyansa ne tibɔnkɔso mmɔhommɔho wɔ mferenhyia 1800.”11 Awurade mmoa wɔ mprɛte no nkyeraseɛ— da adi pefee berɛ a yɛrehwɛ mmerɛ tiawa— nwanwasoɔ no a Joseph Smith de kyerɛkyerɛɛ aseɛ.12

Joseph atwerɛfoɔ dii adanseɛ fa Onyankopɔn tumi a ɛdaadi berɛ a wɔreyɛ Mormon Nwoma nkyeraseɛ ho adwuma no. Oliver Cowdery kaa berɛbi sɛ: “Yeinom yɛ nna a yɛwerɛ renfi da sɛ wote nnyegyeɛ—a ɛfiri ɛne a ɛnam ɔsoro nkanyan ase, nyanee aseda a ɛwɔ saa kokoɔyi mu! Dabiara , metoaa so twerɛ firii nano berɛ a ɔguso rekyerɛkyerɛ Mormon Nwoma no ase a biribiara ammɛtwa mu.“13

Abakɔsɛm da no adi sɛ ɛfiri berɛ a Joseph Smith nsa kaa mprɛte no wɔ 1827 mu no, wɔkekaa wɔn ho sɛ wɔbɛwia afiri ne nkyɛn. Ɔtwerɛɛ sɛ, wɔfaa “akwan ahodoɔ bebree so sɛ wɔn nsa bɛka mprɛte no afiri ne hɔ na ɛno nti ɔkwan biara wɔfaaso no yɛɛ deɛ na ɛgyina saa botae no so.”14 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na watumi ahyɛ nkyeraseɛ adwuma no ase, Joseph ne Emma tu firii Manchester, New York kɔɔ Harmony, Penssylvania aperapereɛso kɔhwehwɛɛ ahobanbɔ firii nipakuo ne ankorankorɛ a na wɔpɛsɛ wɔwia mprɛte no.15 Sɛnea abakɔsɛm twerɛfoɔ baako hyɛɛ nso no “Yei de ɔfa a ɛdikan a ɛmu yɛ den wɔ Joseph ahobanbɔ a ɔde bɔɔ mprɛte no baa awieɛ. Twerɛtohɔ no kɔɔso ara nyaa ahobanbɔ na wɔ n’aperapereɛ mu a na ɔpɛsɛ ɔbɔ ho ban no, Joseph suaa pii faa Onyankopɔn ne nipa akwan a ɛbɛboa no wɔ mmerɛ a na edi anim no.“16

Berɛ a ɔguso rekyerɛkyerɛ Mormon Nwoma no ase no, Joseph hunuu sɛ Awurade bɛyi adansefoɔ ama wabɛhwɛ mprɛte no.17 Saa ɔfa yi yɛ deɛ na Awurade no ara ahyehyɛ berɛ a ɔkaa sɛ, “Wɔ adansefoɔ mmienu anaa mmieɛnsa ano na asɛm biara bɛda adi.”18 Oliver Cowdery, David Whitmer ne Martin Harris yɛ ahyeaseɛ ahokafoɔ wɔ Onyankopɔn anwannwadwuma a ɔde baaeɛ wɔ saa mmerɛ yi mu, na wɔn ne adansefoɔ a wɔdikan dii Mormon Nwoma ho ho adanseɛ. Wɔdii adanseɛ sɛ, ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri Awurade nkyɛn de tete twerɛtohɔ no kyerɛɛ wɔn na afei wɔhunuu atwerɛdeɛ a wakukyere agu mprɛte no mu. Wɔsan nso dii adanseɛ sɛ, wɔtee Onyankopɔn nne firii soro a ɛrepae mu ka sɛ wɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne Ne tumi so na wɔkyerɛɛ aseɛ. Afei wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho adanseɛ nkyerɛ wiase nyina ara.19

Awurade nam anwanwakwan so frɛɛ adansefoɔ foforɔ nnwɔtwe maa wɔbɛhwɛɛ sika kɔkɔɔ mprɛte maa wɔn ho na wɔayɛ adansefoɔ soronko wɔ nokorɛ no ne ɔsoro nsa a ɛwɔ Mormon Nwoma No mu ama ewiase. Wɔn nso hunuui na wɔdanedanee mprɛteno ne n’atwerɛdeɛ a na wadwini agu so. Mpo wɔ ahohia mu, ɔtan mu, nneɛma ahodoɔ a na ɛmu yɛ den mu, ne mpo wɔn mu binom poo wɔn gyedi mu no, saa adansefoɔ dubaako a wɔyii wɔn wɔ Mormon Nwoma No ho no ampa wɔn adansedie akyi sɛ wahunu mprɛte no. Na Joseph Smith nyɛ ankonam bio wɔ nimdeɛ fa Moroni nsra ne sika kɔkɔɔ mprɛte no ho.

Lucy Mack Smith twerɛ too hɔ sɛ, ne babarima no bɛduruu fie wɔ anigyeɛ mu berɛ a wɔde mprɛte no kyerɛɛ adansefoɔ no akyiri no. Joseph kyerɛkyerɛɛmu kyerɛɛ n’awowofoɔ sɛ, “Mete nka sɛdeɛwayi adesoa bi afiri me so a na ɛmu yɛ duru, sen me sɛ mɛsoa, na mekra di ahurisie sɛ afei deɛ ɛnyɛ me nko ara na megyina wɔ wiase mu.”20

Joseph Smith hyiaa nkotia bebree wɔ Mormon Nwoma No tintim mu berɛ a ne nkyeraseɛ adwuma no baa awieɛ. Ɔtumi ne Egbert B. Grandin, nwoma tintimni a na ɔwɔ Palmyra, New York kasaaɛ sɛ ɔntintim berɛ a Martin Harris wɔ gyedi ne atuhoakyɛ mu de n’afuo dii agyinamu maa nwoma no tintim ho ka. Ɛnam nkotia a ɛkɔɔso berɛ a wotintim Mormon Nwoma No akyiri no Martin Harris firi gyedi mu tɔɔn n’afuo mu 151 acres (0.6 km2) acres de tuaa nwoma no ho ka. Awurade nam adiyie a ɔde faa Joseph Smith so kakyerɛɛ Martin Harris sɛ ɔmma n’ani mmere n’agyapadeɛ na ɔntua nwoma no a emu nsɛm yɛ nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm no ka.“21 Wɔ Ɔbenem 1830, Mormon Nwoma no mu 5,000 a ɛdikan no baa abɔnten na ɛnɛ, bɛbro ɔpepe 180 na watintim wɔ kasahodoɔ bɛbro ɔha mu.

Abakɔsɛm ne Mormon Nwoma No ho adansefoɔ di adanseɛ sɛ, nokorɛ, na Mormon Nwoma No mmaɛ yɛ anwanwasɛm. Ne nyinaa ara akyiri no, tumi a ɛwɔ saa nwoma yi mu no nyina n’abakɔsɛm dɛɛdɛ nko ara so na mmom, nkratoɔ a ano yɛ den na ɛnni sɛso a ɛwɔ mu no nti.

Mekenkanee Mormon Nwoma No nyina ara berɛ a ɛdikan wɔ berɛ a na meyɛ abarimmaa a na mekɔ sɛminari. Sɛnea m’akyerɛkyerɛfoɔ kamfo maa me no, Mehyɛɛ aseɛ firii nkrataafa a na ɛreda no adi no mu. Bɔhyɛ a ɛwɔ nkrataafa a ɛdikan no daso ara gyegye wɔ m’adwene mu: “Dwendwene wɔ w’akoma mu nkransɛm a ɛwɔ mu, na afei bisa Onyankopɔn, Agya a ɔnniawieɛ no, wɔ Kristo din mu sɛ nwoma yɛ nokware anaa. Wɔn a wɔfa saa kwan yi so na wɔbisa wɔ gyedie mu nam Honhom Kronkron tumi so bɛnya ne nokorɛ ne ne kronkronyɛ ho adanseɛ.”22

Menya saa bɔhyɛ no wɔ m’adwene mu ne mpaebɔ honhom, na merehwehwɛ nokorɛ mu sɛ mɛhunu bebree afa ne nokwareyɛho no, mesuaa Mormon Nwoma No kakrankakra berɛ a na mekɔso wie sɛminari nnapɛnadesua dwumadie biara a wɔde maa me no. Mekae, tesɛ deɛ ɛyɛ nnora, sɛ abotɔyamu hyɛɛ aseɛ hyɛɛ m’akoma ne me kra mu ma, na ɛrebue me nteaseɛ ani, na ɛbɛyɛɛ me dɛdɛɛdɛ, te sɛ deɛ Alma reka Onyankopɔn asɛm kyerɛ ne nkorɔfoɔ.23 Awieɛ no, saa atenka no dane bɛyɛɛ nimdeɛ a ɛbɛyɛɛ m’adansedie fapem wɔ nneɛma a ɛhohia a ɛsisiiɛ ne nkyerɛkyerɛ a yɛhunu wɔ saa nwoma kronkron yi mu.

Ɛnam yeinom ne me ara me suahunu afoforɔ a ɛnni boɔ so no, Mormon Nwoma No, ampa ara, bɛyɛɛ tweaseboɔ a ɛkuraa me gyedie a mewɔ wɔ Yesu Kristo mu ne m’adansedie a ɛfa nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Ne nsɛmpa no ho no. Ɛbɛyɛɛ nnyinasoɔ a ɛdi adanseɛ kyerɛɛ me fa Kristo mogyahwieguo afɔrebɔ a ɛfiri soro no ho. Ɛbɛyɛɛ kokyɛm wɔ m’abrabɔ mu tiaa ɔsɛefoɔ no anammɔntuo sɛ ɔma me gyedie yɛ mmerɛ na ɔde annnyeadie hyɛ makoma mu, na ɛma me akokoɔduro a mede bɛpae mu adi m’adansedie fa ewiase Agyenkwa no ho.

Me nnamfonom, m’adansedie wɔ Mormon Nwoma No firii nkyerɛkyerɛ so kɔɔ nkyerɛkyerɛ so24 baa m’akoma mu sɛ anwanwadeɛ Rebɛsi nnɛ yi, saa adansedie no kɔso ara nyini berɛ a mekɔso de nokorɛ akoma hwehwɛ sɛ mɛte Onyankopɔn asɛm ase yie paa ara sɛnea ɛwɔ Mormon Nwoma No mu no.

Obiara ɔte me nne ɛnnɛ da yi, meto nsa frɛ no sɛ bɛka Mormon Nwoma mmaɛ nwanwasoɔ no ho wɔ wo ara wabrabɔ mu. Mehyɛ wo bɔ sɛ berɛ a wo bɔ mpaeɛ na wokɔ so sua ne nsɛm no, wobɛtumi anya ne bɔhyɛ ne ne nhyira kɛseɛ no wɔ w’abrabɔ mu. Mɛtu mo fo sɛ momisa Onyankopɔn, Agya a Ɔnniawieɛ no, wɔ Kristo din mu, sɛ saa nneɛma yi nnyɛ nokware a; na sɛ mode akoma kann, ne adwene pa, na mo nya gyedie wɔ Kristo mu a, ɔnam Honhom Kronkron no tumi so bɛda nokware a ɛwɔ mu no adi akyerɛ mo.25 Metumi ama wo awerɛhyɛm sɛ Ɔbɛma wo mmuaeɛ na nam ankorakorɛ kwan so pa ara, sɛdeɛ wayɛ ama me ne afoforɔ bebree a wɔwɔwiase nyina ara mu. Wo suahunu bɛyɛ animuonyam ne kronkron ama wo sɛnea Joseph Smith suahunu yɛ maa no no, ɛne sɛdeɛ ɛyɛ maa adansefoɔ a wɔdikan no ne wɔn a wahwehwɛ sɛ wɔbɛnya adansedie fa nokorɛ ne awerɛhyem a ɛwɔ saa nwoma kronkron yi mu no.

Medi madanseɛ sɛ Mormon Nwoma No, ampa ara ɛyɛ Onyankopɔn asɛm. Ɛda asɛmpa no ne nkyerɛkyerɛ no adi, ɛda nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no adi, na ɛka deɛ ɛsɛ sɛ nnipa yɛ a ɔnam so bɛnya asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu na wanya nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ wɔ asetena a ɛreba no mu.26 Medi adanseɛ sɛ Mormon Nwoma no yɛ adwinneɛ a ɛde Israel anoboaboa no bɛba wɔ yɛn da yi mu na aboa ama nkorɔfoɔ abɛhunu Ne Ba, Yesu Kristo. Medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn tease na ɔdɔ yɛn na ne Ba Yesu Kristo, yɛ wiase Agyenkwa, ne tweaseboɔ ma yɛsom no. Na meka yeinom wɔ yɛ Awurade Yesu Kristo, yɛn dimafoɔ no din kronkron mu, amen.