Amansan Nhyiamu
“Monsi Saa Dan Yi Ma Me Din”
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


“Monsi Saa Dan Yi Ma Me Din”

(Doctrine and Covenants 124:40)

Apam a yɛgyeɛ ne ayɛdeɛ a wɔyɔ wɔ tɛmpol no yɛ ahiadeɛ a ɛte yɛn akoma ho na ɛde mpagya ba ma Nyankopɔn mma mmaa ne mmarima.

Mfeɛ 200 a atwam wɔ trom kronkron no mu, abranteɛ Joseph Smith hunuu Nyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya no ne Ne Ba, Yesu Kristo na ɔne wɔn kasaaɛ. Joseph sua Nyameti no bɔbea ankasa ne yikyerɛ kɛseɛ ntoasoɔ a ɛhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ahyɛ ma aseɛ wɔ nna a edi akyire yi mu.”1

Bɛyɛ sɛ mfeɛ mmieɛnsa akyi, n’akoma so mpaeɛ ho mmuaɛ baaɛ anwumerɛ bi Ɛbɔ 21, 1823, berɛ a ɛhan a “ɛhyrɛn kyɛn awia baa Joseph piemu.”2 Onipa bi bɛgyinaa ne mpa nkyɛn, bɔɔ abamuwa no din, na ɔkaa sɛ “ɔyɛ somafoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ne din de Moroni.”3 Ɔkakyerɛɛ Joseph ɛfaa sɛdeɛ Mormon Nwoma no bɛsi aba.

Na afei Moroni kaa asɛm a watwerɛ wɔ Malaki nwoma a ɛwɔ Apam Dadaa mu a wadane kasa no kakra kyɛn sɛdeɛ watwerɛ no King James deɛ no mu:

“Monhwɛ, menam Elia ɔkɔmhyɛni no so bɛda Asɔfodie no adi akyerɛ wo, ansaana na Awurade da a ɛyɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu yie no aba.

“Na Ɔde bɛhyɛ mmofra no akoma mu bɔhyɛ a wɔde maa agyanom, na mmofra no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom deɛ ho. Na sɛ ɛnte saa a, wɔbɛsɛi asaase no nyinaa wɔ ne mmaiɛ mu.”4

Ahiasɛm ne sɛ, Moroni nsɛm a ɔkakyerɛɛ Joseph Smith faa Eliya adwuma ho no na ɛhyɛɛ tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma ase wɔ nna a ɛdi akyire mu na na ɛyɛ adeɛ a ɛdimu wɔ san-fama mu sɛ “wɔde deɛ Nyankopɔn nam Ne nkɔmhyɛfoɔ so aka firi wiase ahyɛaseɛ”5

Mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛboa yɛn berɛ a yɛresua adeɛ afa apam, ayɛdeɛ, ne nhyira a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Hɔ Ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ tɛmpol mu.

Ɛliya Mmaaeɛ

Mɛhyɛaseɛ abisa nyinasoɔ asɛmmisa bi adikan: adɛn nti na Ɛliya mmaeɛ no ho hia?

“Yɛsua wɔ nna-ɛdi akyire adiisɛm mu sɛ na Ɛliya na ɔkita nsɔano tumi wɔ Melkisɛdek Asɔfodietumi mu”6 na na ɔno ne nkɔmhyɛni a ɔkita ansa na Yesu Kristo aberɛ so.“7

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛɛ mu, “Honhom, tumi, ne Ɛliya ɔfrɛ ne sɛ, ɔkita tumi a wɔde kita safoa a ɛyɛ Melkisɛdek Asɔfodietumi a ahyɛ ma ; na ɔbɛnya ayɛdeɛ no nyinaa a ɛwɔ Nyankopɔn ahemman mu, mpo sɛ wɔbɛdane agyanom akoma akɔ mmofra no nkyɛn, na mmofra no akoma akɔ agyanom nkyɛn mpo wɔn a wɔwɔ soro.”8

Saa nsɔano tumi kronkron yi hia sɛdeɛ “adeɛ biara a wɔbɛkyekyere wɔ asaase so no, wɔbɛkyekyere wɔ soro: na adeɛ biara a wɔbɛsane wɔ asaase so no wɔbɛsane wɔ soro.”9

Joseph kyerɛɛ mu kɔɔ anim: “Kwan bɛn so na Nyankopɔn bɛgye saa awoɔ ntoatoasoɔ yi? Ɔbɛsoma Ɛliya nkɔmhyɛni no. Ɛliya bɛda no adi apam a ɛbɛsɔ agyanom akoma ano abɔ mmofra no deɛ mu, ne mmofra no adeɛ ama agyanom deɛ mu.”10

Ɛliya ne Mose yii wɔn ho adi wɔ nsesaeɛ bepɔ no so na wɔde saa tumi no maa Peter, James, ne John.11 Ɛliya ne Mose ne Ɛlia nso baa Kirtland Tɛmpol wɔ Oforisuo 3, 1836, de saa asɔfodietumi nsafoa korɔ noara brɛɛ Joseph Smith and Oliver Cowdery.12

Nsɔano tumi a Ɛliya de baaɛ wɔ 1836 mu no hia sɛ yɛdebɛsiesie wiase ama Agyenkwa no mmaaɛ a ɛtɔ so mmienu na ama wiase nyinaa ani ku abusua abakɔsɛm nhwehwɛ mu.

Akoma mu Nsakraeɛ, Adaneeɛ ne Ahoteeɛ

Asɛm akoma wɔde yɛ adwuma bɛboro mprɛ 1,000 wɔ ntwerɛsɛm mu. Saa asɛm ketewa nanso ɛsomboɔ yi taa kyerɛ atenka a nipa nya wɔ ne mu. Yɛn akoma—ɛbɔ yɛapɛdeɛ, atenka, botaeɛ, nsusuiɛ ne suban nyinaa mua—kyerɛ nnipa a yɛyɛ ne deɛ yɛbɛtumi abɛyɛ. Na Awurade adwuma botaeɛ ne sɛ akoma mu nsakraeɛ, adaneeɛ ne ahoteeɛ bɛba wɔ asɛmpa no apam ne asɔfodie ayɛdeɛ mu.

Yɛnnsi anaa yɛnnkɔ tɛmpol sɛ yɛkɔnya ankorɛkorɛ anaa abusua suahunu nwanwasoɔ bi pɛ. Mmom, apam a yɛgyeɛ ne ayɛdeɛ a wɔyɔ wɔ tɛmpol no yɛ ahiadeɛ a ɛte yɛn akoma ho na ɛde mpagya ba Nyankopɔn mma mmaa ne mmarima.

Ɛdua wɔ mmofra no akoma mu bɔhyɛ a wɔde maa agyanom—mpo Abraham, Isaac, ne Jacob—ɛdane mmofra no akoma kɔ wɔn agyanom nkyɛn ma wɔyɛ abusua abakɔsɛm mu nhwehwɛ mu, na tɛmpol ayɛdeɛ a wɔyɔma no yɛ adwuma a ɛhyira nnipa wɔ nkatanim no afa nyinaa. Berɛ a yɛde ahokeka bɛhyɛ adwuma kronkron yi mu no, na yɛredi mmransɛm sɛ dɔ na som Nyankopɔn ne afoforɔ.13 Na saa ahofama som yi boa ma “Yɛtie No!“14 na yɛkɔ Agyenkwa no nkyɛn.15

Apam a ɛyɛ kronkron paa ne asɔfodie ayɛdeɛ yɛ adeɛ a yɛgye no wɔ tɛmpol—Awurade Fie. Adeɛbiara a yɛsua ne deɛ yɛyɛ wɔ tɛmpol nyinaa no si so dua sɛ Yesu Kristo yɛ kronkron ne Ne dwumadie wɔ Soro Agya no anigyeɛ nhyehyeɛ kɛseɛ no.

Ɛfiri emu ba abɔnten

Titenani Ezra Taft Benson kyerɛɛ kwan pa a Ɔdimafoɔ no fa so sɛ “Ɔbɛma onipa ɔnniwieɛ asetena ne nkwagyeɛ aba mu.”16 Ɔkaa sɛ; “Awurade no yɛ adwuma firi emu ba abɔnten. Ɛwiase yɛ adwuma firi abɔnten kɔ emu. Ɛwiase bɛyi nnipa afiri apatadan mu. Kristo yi apatadan no firi nnipa mu, na afei wayi wɔn ankasa ho afiri apatadan mu. Ɛwiase sesa nnipa tebea de dane nnipa. Kristo sesa nnipa, ma wɔtumi dane wɔn tebea. Ɛwiase tumi dane nnipa suban, nanso Kristo tumi sesa nnipa bɔbea.”17

Apam ne asɔfodie ayɛdeɛ di akotene wɔ honhom mu awofoforɔ ne nsakraeɛ a ɛrekɔ so mu; ɛyɛ kwan a Awurade no de yɛn yɛ adwuma firi emu ba abɔnten. Apam a yɛdi so pintin, kai dabiara, na “wɔde Nyankopɔn teasefoɔ no Honhom na atwerɛ wɔ honam akomapon so”18 ma yɛn botaeɛ ne ahotɔsoɔ sɛ nhyira bɛba wɔ asaase so ne daapem mu. Ayɛyɛdeɛ a yɛgye no ahoteɛ mu na yɛkai no dabiara a, ɛbie soro kwan a nyame tumi sane ba yɛn abrabɔ mu.

Yɛnkɔ tɛmpol sɛ yɛde yɛn ho kɔsie anaa sɛ yɛredwane ɛwiase bɔne. mmom, yɛkɔ tɛmpol sɛdeɛ yɛbɛtumi adi wiase bɔne so. Berɛ a yɛrefrɛ aba yɛabrabɔ mu “nyame tumi”19 berɛ a yɛregye asɔfodie ayɛyɛdeɛ na yɛreyɛ na yɛadi apam kronkron no so a, wɔhyira yɛn ne ahoɔden a ɛboro yɛn deɛ so20 sɛ yɛmmfa nni nsɔhwɛ ne akwansideɛ a ɛwɔ asaase so na yɛayɛ papa.

Saa Efie yi Din Bɛtrɛ

Tɛmpol a ɛdikan wɔ saa asɛmpa berɛ yi mu no, wɔsii no wɔ Kirtland, Ohio na wɔbuee ano Ɔbenem 27, 1836.

Wɔ adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith nnawɔtwe a ɛdi mmueano akyi no, Awurade kaa sɛ:

“Moma me nnipa akoma nni ahurusie, wɔn a wɔde wɔn ahoɔden, asi saa dan yi ama me din.

“Yea mpempem ne mpempem bɛdi ahurusie kɛseɛ wɔ nsunsuansoɔ a ɛwɔ nhyira a wɔbɛhwie agu so, ne akyɛdeɛ a mede makyɛ m’asomfoɔ wɔ saa efie yi mu.

“Na saa Efie yi Din Bɛtrɛ akɔ amananɔne; na wei yɛ nhyira mfiaseɛ a wɔbɛhwie agu me nkurofoɔ tiri so.”21

Mesrɛ hyɛ saa kasasin yi nso, mpempem ne mpempem akoma bɛdi ahurusie kɛseɛ, na saa Efie yi Din Bɛtrɛ akɔ amananɔne. Yeinom yɛɛ pae mu ka nwanwasoɔ wɔ Oforisuo 1836, berɛ a na Asɔre no yɛ nnipa kakraa bi na tɛmpol yɛ baako pɛ.

Ɛnɛ wɔ 2020, yɛwɔ 168 tɛmpol a ɛyɛ adwuma. Tɛmpol ahodoɔ Adwuanan-nkron nso wɔ hɔ a wɔre si anaa wɔde ato adwa. Wɔresisi Awurade fie wɔ“ ɛpo so supɔ so“22 ne aman ne nkuro a kanee no na nnipa pii hu no sɛ ɛmfata tɛmpol.

Sesei wɔ yɛ akyɛdeɛ-kronkron ayɛyɛdeɛ no wɔ kasa ahodoɔ 88 mu na wɔbɛyɛ no wɔ kasa ahodoɔ pii nso mu berɛ a wɔresisi tɛmpol a ɛbɛhyira Nyankopɛn mma pii. Wɔ mfie 15 a ɛdi yɛn anim no, Kasa dodoɔ a wɔbɛyɛ Tɛmpol ayɛyɛdeɛ no wɔ mu no bɛyɛ mmɔho mmienu.

Afe wei, yɛde sɔsɔ bɛbɔ fam ahyɛ aseɛ asi tɛmpol ahodoɔ 18. Wɔ abirabɔ mu, wɔde mfie 150 na ɛsii tɛmpol 18 a ɛdikan, firi berɛ a wɔkyekyere Asɔre no wɔ 1830 mu kɔsi berɛ a Titenani Spencer W. Kimball tee Tokyo Japan Tɛmpol ho wɔ 1980.

Mfoni
Tɛmpol Nsia

Susu ho sɛdeɛ tɛmple adwuma no akɔ ntɛm wɔ Titenani Russell M. Nelson abrabɔ berɛ mu. Berɛ a wɔwoo Titenani Nelson wɔ Ɛbɔ 9, 1924 no, na asɔre no wɔ tɛmpol 6 pɛ a ɛyɛ adwuma.

Mfoni
Tɛmpol 26

Berɛ a wɔfrɛɛ no sɛ Ɔsomani wɔ Oforisuo 7, 1984, mfeɛ 60 akyi no na, tɛmpol 26 na na ɛyɛ adwuma, tɛmpol 20 pɛ na ɛbɛkaa ho wɔ mfeɛ 60 mu.

Mfoni
Tɛmpol 159

Berɛ a wɔgyee Titenani Nelson too mu sɛ Asɔre no Titenani no, na tɛmpol 159 na ɛyɛ adwuma, tɛmpol 133 na ɛbɛkaa ho wɔ mfeɛ 34 mu berɛ a na ɔresom sɛ Du Mmienu Kuo no ba.

Mfoni
Tɛmpol a ɛyɛ adwuma ne deɛ watodin

Ɛfiri berɛ a ɔbɛyɛɛ Asɔre Titenani wɔ Ɔpɛpɔn 14, 2018, Titenani Nelson de tɛmpol afoforɔ 35 na ato dwa.

Wɔtee tɛmpol ahodoɔ a ɛyɛ adwuma no mu ɔha nkyɛmu Adwuakron nsia wɔ Titenani Nelson abrabɔ berɛ mu; ɔha nkyɛmu 84 na wɔ tee ho wɔ berɛ a ɔbɛyɛɛ Ɔsomafoɔ.

Berɛ biara ma W’ani Nkɔ Nneɛma a Ɛsomboɔ Paa so

Sɛ Awurade Asɔre a wasan-de aba mma no, ɛyɛ ahodwire ma yɛn wɔ sɛdeɛ N’adwuma no rekɔ so ntɛm wɔ nna ɛdi akyire. Na tɛmpol pii reba.

Brigham Young hyɛɛ nkɔm, “Sɛyɛbɛtumi ayɛ adwuma yi a, ɛbɛhia tɛmpol mpempem ne mpempem, ɛnnyɛ baako, ne mmaa ne mmarima mpempem a wɔbɛkɔ saa tɛmpol no mu na wakɔyɛ ayɛyɛdeɛ ama nnipa a watena asaase yi so nyinaa kɔpem deɛ Awurade no bɛda no adi.”23

Nteaseɛ wɔm sɛ, berɛ biara a wɔde tɛmpol foforɔ bɛtodwa no, ɛde anigyeɛ ba ne nnaaseɛ kɔ ma Awurade. Nanso, ɛwɔsɛ yɛde yɛani to apam ne ayɛyɛdeɛ a ɛbɛtumi asesa yɛakoma na yanya ɔdɔ a ɛmu dɔ ama Agyenkwa no na ɛnnyɛ baabi a ɛdan no si anaa ne fɛ a ɛyɛ kɛkɛ.

Asodie kɛseɛ a ɛda yɛn so sɛ Awurade Asɔre a wasande-aba mma ne sɛ (1) “Yɛbɛtie No!”24 na yakoma bɛsesa wɔ apam ne ayɛyɛdeɛ mu, na (2) yɛbɛdi adwuma kronkron a wɔde ama yɛn sɛ yɛde tɛmpol nhyira bɛma nnipa nyinaa wɔ nkatanim no afa nyinaa. Wɔ Ne mmoa ne N’akwankyerɛ mu no, ampa yɛbɛtumi ayɛ saa adwuuma kronrkon yi.

Yɛbɛkyekyere Zion

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa sɛ:

“Sɛyɛbɛkyekyere Sion yɛ adeɛ a ɛda Nyankopɛn nnipa kuo biara akoma so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ biara mu; ɛyɛ asɛm titiri a nkɔmhyɛfoɔ, asɔfoɔ ne ahemfonom de ɔdɛw yɛɛso adwuma; wɔn de anigyeɛ ahwɛ anim bɛsi berɛ a yɛwɔ yi; na wɔde soro anigyeɛ hwɛɛ anim de too nnwom, twerɛ too hɔ na wɔhyɛɛ nkɔm faa yɛn berɛ yi ho; nanso wɔwuuiɛ a wɔn anhunu; ɛtogye yɛn sɛ yɛbɛhunu, de yɛn ho ahyɛ mu na yaboa ama Nna a Ɛdi Akyere animuonyam no akɔ anim.”25

“Ɔsoro Asɔfodie tumi ne asaase so deɛ bɛka abom, ama saa botaeɛ akɛseɛ yinom aba mu; adwuma a Nyankopɔn ne abɔfoɔ de anigyeɛ asusu ho wɔ awoɔ ntoantoasoɔ pii a atwam mu; a ɛhyɛɛ tete agyanom ne nkɔmhyɛfoɔ no kra mu ma; adwuma a ne hyɛbrɛ ne sɛ ɛbɛsɛei esum tumidie, asiesie asaase no, Onyankopɔn animuonyam, ne nnipa mmusuakuo nkwagyeɛ.”26

Medi adanseɛ sɛ Agya no ne Ɔba no yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph Smith, na Ɛliya de nsɔano tumi no san baeɛ. Tɛmpol apam ne ayɛyɛdeɛ kronkron tumi hyɛ yɛn den na ɛte yakoma ho berɛ a “yɛretie No!”27 na yɛagye nyame tumi wɔ yɛn abrabɔ mu. Na medi adanseɛ sɛ saa nna a ɛdi akyire adwuma yi bɛsɛi esum tumi na ɛde nkwagyeɛ aberɛ nnipa abusua. Wɔ saa nokorɛ yeinom ho na medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.