Amansan Nhyiamu
Tie No
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Tie No!

Yɛn Agya a ɔwɔ soro nim sɛ, sɛ yɛnhunu deɛ ɛrekɔwie yɛn ne suro a atwa yɛn ho ahyia a, deɛ ɛbɛboa yɛn paa ara ne sɛ yɛbɛtie Ne ba no.

Me nnuammarimma ne nnuammaa a medɔ mo, hwɛ aseda a mewɔ sɛ, ɛnam abɛɛfo nimdeɛ so nti, yɛatumi abɛhyia resom saa Kwasiada anɔpa yi. Hwɛ nhyira a yɛanya sɛ yɛahunu sɛ Yesu Kristo nsɛmpa no asan aba asaase so bio!

Wɔ nnaawɔtwe bebree a atwa mu no, yɛn mu bebree afa nneɛma bi mu a atwintware yɛabrabɔ mu. Asaasewosoɔ, egyahyehyeɛ, nsuyirie, ne wɔn akyire nsunsuansoɔ atwintwane mu ama aduane a yɛdi ne sikadahɔ ho ayɛden.

Yei nyina ara mu no, yɛbɔ mo aba so sɛ moafa sɛ mobɛtie Awurade asɛm wɔ saa mmerɛ yi a ewiase ayɛ huuhuuhu yi berɛ a moaka yɛnho wɔ amansan nhyiamu yi. Esum a ɛrekɔ nanim a amanehunu de ba no ma Yesu Kristo hann no hyerɛn mpo kɛse. Dwene papa a yɛn mu biara bɛtumi ayɛ wɔ saa berɛ yi a ewiase akɔ ɔhaw a ɛmu yɛ den mu no. Wo dɔ ne wo gyedie a wowɔ wɔ Agyenkwa no mu no, bɛtumi paa ara ayɛ nyinasodeɛ ama obi ahunu Yesu Kristo nsɛmpa no a ahyɛma a asan aba no.

Wɔ mfeɛ mmienu a abɛsene yi mu no, onuabaa Nelson ne me ahyia mo mu mpempem wɔ wiase mmeaɛ bebree. Yɛaboaboa mo ano wɔ adihɔ ne ahɔhogyebea anigyebea bebree mu. Wɔ beaeɛ biara no, menyaa atenka sɛ na mewɔ deɛ Awurade apaw wɔn anim na ɛno nti na mehunu Israel anoboaboa wɔ maniso.

Yɛte da no mu a “yɛn nananom ahwɛ anim akyɛre retwɛn biribi .”1 Yɛwɔ nkonwa a ɛsisi-anim a yɛhunu animonoso deɛ Nkɔmhyɛni Nifae no hunuuiɛ wɔ yikyerɛ nko ara mu, sɛ Onyankopɔn adwammaa no tumi bɛsiane wɔ Awurade bɔhyɛ nkurɔfoɔ, “a wɔhwetee asaase so nyina ara no so, na wɔde tenenee ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu ahyehyɛ wɔn ho.“2

Mo, me nnuammarimma ne nnuammaa ka saa mmarimma, mmaa, ne mmɔfra no a Nifae hunuuiɛ no ho. Dwene ɛno ho!

Ɛnfa ho ne baabi a wo teɛ anaa sɛdeɛ wasetena mu nsɛm teɛ, Awurade Yesu Kristo no ne wo Agyenkwa, ne Onyankopɔn nkɔmhyɛni, Joseph Smith, yɛ wo nkɔmhyɛni. Wɔpaa no ansana wɔreto asaase wei fapem sɛ ɔbɛyɛ nkɔmhyɛni wɔ saa mmerɛ yi mu, a ”wɔnfa biribi ara nsuma”3 Ahoteefoɔ no. Adiyisɛm da so siane firi Awurade hɔ wɔ berɛ a mmaeɛ bio nnidisoɔ gu soɔ no.

Wo nteaseɛ ne sɛn sɛ Yesu Kristo nsɛmpa no aba asaase so bio?

Aseɛ ne sɛ, wobɛtumi asɔ wo ne wabusua ano afebɔɔ! Aseɛ ne sɛ, ɛnam sɛ wɔabɔ wo asu nam obi a ɔwɔ tumi firi Yesu Kristo hɔ na wɔnam asɔreba so agye wo ato mu sɛ asɔreba no nti, wobɛtumi anya Honhom Kronkron no daadaa ayɔnkofa. Ɔbɛgye wo abaaba na wabɔ wo ho ban. Aseɛ ne sɛ, wɔrenya wo a ɔrenkyekyere wo werɛ anaasɛ worennya wo sɛ wonya Onyankopɔn tumi ma ɛmmoa woɔ. Aseɛ ne sɛ asɔfodie tumi bɛtumi ahyira wo wɔ berɛ a wogye ayɛyɛdeɛ a ɛhohia na wo ne Onyankopɔn yɛ apam na wodi so. Hwɛ, sɔmugyinafoɔ a saa nokware yi yɛ ma yɛn kraa, nkanka wɔ saa mmerɛ yi mu a asorɔkye rebɔ yi.

Mormon Nwoma No kyerɛkyerɛ mu nnidisoɔ so ɔsɔreɛ ne ahweaseɛ a ɛfa nipakuo akɛseɛ mmienu bi ho. Wɔn abakɔsɛm kyerɛ merɛ a ɛyɛ sɛ nkurɔfoɔ mu dɔmkɛseɛ werɛ tumi firi Onyankopɔn, wɔpo Awurade nkɔmhyɛfoɔ kɔkɔbɔ, na wɔhwehwɛ tumi, edin ne honam mu anigyeɛ.4 Nkɔmhyɛfoɔ a wabɛsene, asi so dua, apaemu aka nneɛma “akɛseɛ a ɛyɛ nwanwa akyerɛ nkurɔfoɔ no, a wɔannye annie .”5

Ɛnyɛ soronko wɔ yɛn da yi mu. Mfeɛ bebree a abɛsene mu no, nneɛma a ɛsoso na ɛyɛ nwanwa na aso ate afiri simpie ahodoɔ a wɔatutu ahyɛ Onyankopɔn nsa wɔ wiase afanan nyina ara. Nanso nkurɔfoɔ bebree nnye saa nokorɛ yinom nto mu—ebia na ɛfirisɛ wɔnnim baabia a wɔbɛhwehwɛ afiri anaasɛ6 wɔretie wɔn a wɔnni nokorɛ no nyina ara sɛdeɛ eteɛ, anaasɛ wɔapo nokorɛ no de agye deɛ wiase hwehwɛ.

Ɔsɛefoɔ no ani ate. Mfeɛ apem ni wakɔso ara ama papa ayɛ bɔne na bɔne nso ayɛ papa.7 Ne nsɛm ayɛ sɛdeɛ ɛgyegye kɛse, akokuoduru so, ne ahommasoɔ so.

Mmom, nsɛm a ɛfiri yɛn Agya ɔwɔ soro hɔ no yɛ soronko. Ɔdi nkitaho sima, brɛɛoo, na ɔma wo sɛdeɛ ɛteɛ no ara wɔ ahomka so kɔsi sɛ yɛrentumi nka sɛ yɛnnte no ase8

Nhwɛsoɔ ne sɛ, berɛ biara a wada Ne ba koro no adi akyerɛ ateasefoɔ wɔ asaase yi so no, Wayɛ saa ara nam nsɛm tiawa a ɛyɛ dɛ so. Wɔ nsakraeɛ bepɔ no so no, Onyankopɔn kakyerɛɛ Petro, Yakobo ne Yohane sɛ, “Yei ne me Dɔba: montie no.“9 Ne nsɛm a ɔkakyerɛɛ Nifaefoɔ no wɔ tete Bountiful no ne sɛ, “Monhwɛ, Me Dɔ Ba a ɔsɔ M’ani, Yei nom na mahyɛ me din animuonyam—mo ntie no. “10 Na erɛkɔ ma Joseph Smith, wɔ saa paemuka a ɛmu yɛ duro no a ɛbuee saa mmerɛ yi mu no, Onyankopɔn kaa no tiawa sɛ, “Yei ne Me Dɔ Ba. Mo ntie No!11

Afei me nnuammarimma ne me nnuammaa, mo nsusu nnyinasoɔ sɛ, wɔ saa mmerɛ mmiɛnsaa m’aka no seesei ara yi mu no, na nkurɔfoɔ a wɔka ho wɔ akomatuo ne, ɛfa baabi nso, abamubuo tebea mu.

Asomafoɔ no bɔɔ hu berɛ a wɔhunu Yesu Kristo sɛ mmununkum atwa ne ho ahyia wɔ Nsakraeɛ Bepɔ no so no.

Nifaefoɔ no surooe efiri sɛ na wɔakɔ ɔsɛeɛ ne esum mu nna bebree.

Na Joseph Smith wɔ esum mu atumfoɔ mpokyerɛ mu ansa na ɔsoro bueeɛ.

Yɛn Agya nim sɛ, sɛ berɛ a yɛnnhunu deɛ erekɔwie, na suro atwa yɛn ho ahyia no, deɛ ɛbɛboa yɛn paa ara ne sɛ yɛbɛtie Ne Ba no.

Efiri sɛ berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛtie—tie nokorɛ mu—Ne Ba no, ɔbɛgye yɛn abaaba ama yɛahunu deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ wɔ tebea bi ara mu.

Asɛm a ɛdi kan wɔ Apam Ne Nkyerɛkyerɛ no mu ne Montie.12 Aseɛ ne sɛ “wode osetie adwene bɛtie sɛ w’obɛdi so.”13 Sɛ woretie ne sɛ wobɛ “Tie No”—sɛ wobɛtie deɛ Agyenkwa no ka na afei wode N’afutuo ayɔ adwuma. Wɔ saa nsɛmfua mmienu— “Tie No“— no mu no, Onyankopɔn ma yɛn ɔkwan a ɛma nkonimdie, anigyeɛ, ne ɛdɛ wɔ saa asetena yi mu. Ɛsɛ sɛ yɛtie Awurade nsɛm no, yɛn nsusu sɛ yɛbɛdi so, na yɛnfa deɛ waka akyerɛ yɛn no nnyɛ adwuma!

Sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn mmɔdenmmɔ sɛ yɛbɛtie no yɛ yɛn tirimupɔ afebɔɔ. Ɛnam anidahɔ ne daadaa mmɔdenmmɔ so na yɛde Ne nsɛm, Ne nkyerɛkyerɛ, ne Ne nokorɛ hyɛ yɛn akoma mu ma dabi ara.

Yɛrentumi mfa yɛn ho nto amanebɔ a yɛhuri si mu wɔ amansan nkitahodie kwantenpɔn so. Nsɛm ɔpepe a ɛnam ahoma-santene so ne ewiase a edwadie atɔ no a berɛ biara dede, ɔbonsam nnaadaa mmɔdenmmɔ abɔ awura mu yi ɛhe na yɛbɛtumi akɔtie No?

Yɛbɛtumi akɔ twerɛnsɛm no mu. Ɛkyerɛkyerɛ yɛn fa Yesu Kristo ne Ne nsɛmpa no, Mmogyahwieguo no kɛseɛ a ɛyɛ, ne yɛn Agya no anigyeɛ ne ɔgyeɛ nhyehyɛɛ kɛseɛ no ho. Sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Onyankopɔn asɛm mu dabiara yɛ ahiadeɛ kɛseɛ ma , honhom mu nkwa titiriw wɔ saa nna yi a nsakraeɛ a ɛmu yɛ den rema ne ho so yi. Berɛ a yɛredidi yie wɔ Kristo nsɛm no bɛka akyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi agyina nneɛma a ɛyɛ den a yɛannwene ho dabi ara sɛ anka yɛbɛhyia no.

Yɛbɛtumi nso Atie No wɔ tɛmpol mu. Awurade fie adesua fie. Ɛhɔ na Awurade nam ɔno ara ne kwan so kyerɛkyerɛ fa Agyenkwa No ho. Ɛhɔ na ayɛyɛdeɛ bi ara kyerɛkyɛrɛ yɛn fa Agyenkwa no ho. Ɛhɔ na yɛsua sɛdeɛ yɛbue nkatanimuu no mu na yɛne ɔsoro di nkitaho pefee. Ɛhɔ na yɛsua sɛdeɛ yɛka ɔsɛefoɔ no anim na yɛtwe Awurade No asɔfodie tumi de hyɛ yɛne wɔn a yɛdɔ wɔn no den. Hwɛ pere a ɛsɛ sɛ yɛn mu bi ara pere sɛ yɛbɛnya dwantenabea wɔ hɔ.

Sɛ saa berɛ tiawa COVID- 19 akwansie no firi hɔ a, mepa wo kyɛw, hyehyɛ mmerɛ nnidisoɔ berɛ ne berɛ ano a wode bɛyɛ ɔsom na wasom afoforɔ wɔ tɛmpol no mu. Sima bi ara wɔ saa berɛ no mu bɛhyira wo ne w’abusua wɔ akwan bebree so a biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ. Nya mmerɛ dwendwene deɛ wote ne deɛ wote nka ho berɛ a wowɔ hɔno. Bisa Awurade sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wo sɛdeɛ wɔbue ɔsoro de hyira w’abrabɔ ne wɔn a wodɔ wɔn na wosom wɔn.

Berɛ a woresom wɔ tɛmpol saa mmerɛ yi rentumi nnyɛ yie no, meto nsa frɛ wo sɛ, ma wo dwumadie wɔ abusua twerɛtohɔ, a abusua twerɛtohɔ nhwehwɛmu ne indɛksin ka ho no nkɔ nanim. Mehyɛ bɔ sɛ, sɛ wode mmerɛ dodoɔ hyɛ tɛmpol ne abusua twerɛtohɔ adwuma mu a , wo ahoɔden a wode bɛtie No no bɛkɔ soro na atu mpɔn.

Afei yɛsan Tie No yie paa ara berɛ a yɛsɔne yɛahoɔden a yɛde hunu Honhom Kronkron No asomukasa so. Ɛho hia paa ara sɛ wohunu sɛdeɛ Honhom no kasa kyerɛ woɔ kyɛn seesei ara yi. Wɔ Nyameti mu no, Honhom Kronkron no ne ɔsomafoɔ. Ɔde nsusuieɛ a Agya no, ne Ɔba no pɛ sɛ wo nya no bɛba w’adwene mu. Ɔno ne ɔwerɛkyekyefoɔ no. Ɔde asomdwoeɛ atenka bɛba w’akoma mu. Ɔdi adanseɛ fa nokorɛ ho na ɔbɛsi deɛ ɛyɛ nokorɛ so dua wɔ berɛ a wotie na wo kenkan Awurade asɛm no.

Me kanyan m’adesrɛdeɛ ma wo sɛ wo bɛyɛ deɛ ɛgyeɛ bi ara, a ɛbɛpagya wo honhom mu ahoɔden a wode bɛnya wo ara w’adiyie.

Woreyɛ saa no bɛboa ama w’ahunu sɛdeɛ wo bɛsi akɔ anim wɔ w’abrabɔ mu, deɛ ɛsɛ sɛ wo yɛ wɔ ahohiahia mmerɛ mu ne sɛdeɛ wobɛtumi ahunu na w’atwe woho afiri ɔsɛefoɔ no nsɔhwɛ ne ne nnaadaa hɔ.

Na, deɛ ɛtwatoɔ no, yɛtie No berɛ a yɛyɛ sotie ma nsɛm a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ hɔ. Yesu Kristo Asomafoɔ a wapa wɔn no di Ne ho adanseɛ berɛ biara. Wɔkyerɛ kwan no wɔberɛ a yɛhwehwɛ yɛn kwan fa akoma-adankyidankyie kwan so wɔ y’asetena yi mu suahunu mu.

Deɛn na ɛbɛsie berɛ a wo hyɛ da pii sɛ wobɛtie, de yɛ adwuma deɛ Agyenkwa no aka ne deɛ ɔnam Ne nkɔmhyɛfoɔ so reka seesei? Me hyɛ wo bɔ sɛ wɔbɛhyira wo ne tumi a ɛka ho a wode bɛgyina nsɔhwɛ, aperapereɛ ne mmerɛyɛ ano. Me hyɛ nsɛnkyerɛne ho bɔ wɔ wo awareɛ, abusua asetena pa, ne daadaa adwuma mu. Na mehyɛ bɔ sɛ w’ahoɔden a wode nya ɔdɛ mu atenka bɛkɔ nkan mpo sɛ abɛbrɛsɛ ba w’abrabɔ mu a.

Saa Oforisuo 2020 amansan nhyiamu yi, yɛkae deɛ ɛsiieɛ a ɛsesaa ewiase. Yɛrehwɛ saa mfeɛ 200 aferenhyiada wɔ Joseph Smith yikyerɛ a ɛdikan anim no, Atitenafoɔ a wɔdikan no ne Asomafoɔ Dumienu abadwakuo no hwehwɛɛ deɛ bɛyɛ de akae saa adeɛ baako pɛ a ɛsiiɛ yi yie.

Saa Onyame adiyie yi na ɛhyɛɛ Yesu Kristo nsɛmpa no a ahyɛ ma no a aba bio no aseɛ ma ɛde mmerɛ a ahyɛ ma no ba mu.

Yɛhwehwɛɛ sɛ ɛbia yɛbɛtumi apagya nkaedum bi asi hɔ. Nanso berɛ a yɛresusu abakɔsɛm soronko ne nsunsuansoɔ a saa yikyerɛ a ɛdikan no wɔ amanaman so no, yɛnyaa adwenemu atenka bi sɛ yɛyɛ—nkaedum bi a yɛnfa granate boɔ anaa ɛboɔ biara na ɛbɛyɛ na mmom yɛde nsɛm—nsɛm a yɛnam ɔdwoɔ kronkron muapaemu aka a ɛnsɛ sɛ wɔdwini gu “ɛboɔ apono” so, na mmom ɛbɛka yɛn akoma “honam pono so”.14

Ɛfiri berɛ a wɔhyɛɛ asɔre no ase no, paemuka ahodoɔ nnum pɛ na wɔde ama a ɛmu deɛ ɛtwatoɔ no ne “Abuasua No: Paemuka ma Ewiase,” a Otitenani Gordon B. Hinckley na ɔde too dwa wɔ afe 1995 mu.

Afei berɛ a yeguso redwendwene saa berɛ yi a ɛho hia paa ara wɔ wiase abakɔsɛm mu ne Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ sɛ yɛnmmoaboa Israel mma Yesu Kristo mmaeɛ a ɛtɔso mmienu no mu yi, yɛn Atitenafoɔ a wɔdi kan ne Asomafoɔ Dumienu kuo no, de saa paemuka nsɛm yi to dwa. N’atifi asɛm ne “Yesu Kristo Nsɛmpa a ahyɛ ma a Aba bio no: Mfeɛ ahaanu Paemuka de ma Ewiase.” Atitenafoɔ A Wɔdikan ne Asomafoɔ Dumienu Kuo a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no na atwerɛ. Wɔyɛɛ no Oforisuo 2020. Sɛdeɛ mɛsiesie me ho ama nnɛ no nti, medii kan twee saa paemuka yi too hɔ wɔ Nnuakuo Kronkron no mu, baabi a Joseph dii kan hunuu Agya no ne Ɔba No.

“Yɛ pae mu ka wɔ ɔdwoɔ mu sɛ Onyankopɔn dɔ ne mma a wɔwɔ ɔman biara so wɔ ewiase mu. Onyankopɔn Agya no ama yɛn kronkron awoɔ no, nkwa a yɛrentumi mfa ntoto biribiara ho, ne Ba Yesu Kristo wuma afɔrebɔ no a ɛtoɔ ntwa da no. Ɛnam Agya no tumi so, Yesu Kristo sɔree bio na ɔdii owuo so nkunim. Ɔno ne yɛn Agyenkwa, yɛn Nhwɛsoɔ ne yɛn Gyefoɔ.

“Mfeɛ ahaanu ni wɔ awɔberɛ anɔpa fɛɛfɛɛfɛ bi wɔ afe 1820 mu no, abarimaa Joseph rehwehwɛ sɛ ɔbɛhunu Asɔre a ɛsɛ sɛ ɔdɔm no, kɔɔ nnuakuo a na ɛbɛn ne fie wɔ New York wɔ USA. Na ɔwɔ nsɛmmisa fa ne kraa ho na na ɔwɔ gyedie sɛ Onyankopɔn bɛma no akwankyerɛ.

Wɔ ahobraseɛ mu, yɛ pae mu ka sɛ, wɔ ne mpaebɔ mmuaeɛ mu no, Onyankopɔn Ne Ne Ba, Yesu Kristo, yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph na ɔdaa ɛneɛma nyinaa adi a‘ɛwɔ sɛ ɛda n’akwan mu’ (Asomafoɔ No Nnwuma No 3:21) sɛdeɛ Twerɛ Kronkron no kaaeɛ no. Wɔ saa yikyerɛ yi mu no, ɔhunuu sɛ, Asomafoɔ a wɔhyɛɛ aseɛ no wuo akyiri no, Kristo Apam Foforɔ Asɔre no yeraa wɔ asaase so. Na Joseph bɛyɛ adwinneɛ wɔ ne mmayɛ bio no mu.

Yɛsi so dua sɛ wɔ Agya No Ne Ɔba no akwankyerɛ so no, ɔsoro asomafoɔ bɛkyerɛkyerɛ Joseph na ɔsan kyekyeree Yesu Kristo Asɔre no. Yohane Osubɔni no a wasɔre awufoɔ mu no san de tumi a wɔnam nsuwura mu bɔ asu de hohoro bɔne no baae. Asomafoɔ Dumienu a wɔhyɛɛ aseɛ no mu mmeɛnsa—Petro, Yakobo ne Yohane—san de Asomafodie ne asɔfodie tumi nsafoa no baae. Afoforɔ nso baae, a Elijah, a ɔsan de tumi a wɔde ka mmusua bɔ mu daapem wɔ enniawieyɛ asetena a ɛtra owuo.

“Yɛsan di adanseɛ sɛ Wɔmaa Joseph Smith Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi sɛ ɔmfa nkyerɛkyerɛ tete twerɛtohɔ bi aseɛ; Mormon Nwoma No—Yesu Kristo Adanseɛ Foforɔ Bi. Nkrataafa a ɛwɔ saa atwerɛ no mu bi yɛ nsɛm a ɛfa Yesu Kristo no ara ahennie wɔ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Atɔeɛ fam wɔ Ne Wusɔreɛ akyiri no mu. Ɛkyerɛ asetena mu botae ne ɛkyerɛkyerɛ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛgyina saa botaeɛ no mfinimfini. Sɛ twerɛnsɛm a ɛka Bible ho no, Mormon Nwoma No di adanseɛ sɛ nnipa nyina ara yɛ Agya dɔfo bi a ɔwɔ ɔsoro mmammarimma ne mmammaa, na ɔwɔ ɔsoro nhyehyɛeɛ bi ma yɛn abrabɔ, na afei Ne Ba, Yesu Kristo, kasa kyerɛ yɛn nnɛ ne tete mmerɛ no mu.

“Yɛpaemu ka sɛ Yesu Kristo Asɔre A ƐwɔHɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Mu Ahoteefoɔ No, a wɔkyekyeree no wɔ Oforisuo 6, 1830, mu no yɛ Kristo Apam Foforɔ Asɔre no a san aba bio no. Asɔre no somugyinafoɔ no ne tweaseboɔ hene, Yesu Kristo ne Ne Mpata-wuo a enniawieɛ ne Ne wusɔreɛ no so. Yesu Kristo asan afrɛ N’asomafoɔ bio an wama wɔn asɔfodie tumi. Ɔto nsa frɛ yɛn nyina ara sɛ yɛmmra Ɔne N’asɔre nkyɛn na yɛmmɛgye Honhom Kronkron no, nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ na yɛadi dɛ a ɛnsa da.

Mfeɛ ahaanu atwa m ɛfiri berɛ a Onyankopɔn ne Ne Dɔ Ba Yesu Kristo hyɛɛ saa Deɛ aba bio yi aseɛ. Mpempem a wɔwɔ ewiase mu nyina ara agye nnimdeɛ a ɛwɔ saa nkɔmhyɛ nneɛma a ɛsisiiɛ yi ato mu.

“Yɛde anigyeɛ pae mu ka sɛ deɛ aba bio no a wɔahyɛ ho bɔ no kɔ n’anim nam adiyie a ɛkɔ soɔ mu. Asaase no nsan nnyɛ sɛdeɛ ɛteɛ, no bio, berɛ a Onyankopɔn ‘bɛ boaboa nneɛma nyina ara ano baako wɔ Kristo mu’ (Efesofoɔ 1:10).

Anidie ne aseda mu no, yɛn N’asuafoɔ to nsa frɛ obiara sɛ ɔhunu—sɛdeɛ yɛhunu— no sɛ ɔsoro abue. Yɛsi so dua sɛ Onyankopɔn reda N’epɛ ma Ne mma mmaa ne mmarima ne Ne no adi. Yɛdi adanseɛ sɛ wɔn a wɔde mpaebɔ sua nkratoɔ a ɛfa deɛ aba bio no na wɔde gyedie tu anammɔn no bɛnya nhyira a ɛbɛma wɔn anya wɔn ara wɔn adansedie a ɛfa ne kronkronyɛ ne ne botaeɛ sɛ ɛsiesie ewiase ma yɛn Awurade ne, Agyenkwa Yesu Kristo mmaeɛ a ɛtɔso mmienu no.”15

Anuanom mmaa ne mmarimaadɔfoɔ, ɛno ne yɛn paemuka ma ewiase a ɛfa Yesu Kristo Nsɛmpa a asan aba bio wɔ ne mmayɛ mu no. W’akyerɛkyerɛ aseɛ wɔ kasa ahodoɔ 12 mu. Kasa afoforɔ no nso bɛtoa so. Ɛnkyɛ biara ɛbɛba seesei ara wɔ, Asɔre Kwantenpɔ no so a mobɛtumi anya bio. Sua no sɛ ankorankorɛ ne w’abusua ne wo nnamfonom. Dwendwene nokorɛ no ho na dwene nsunsuansoɔ a saa nokorɛ no bɛnya wɔ w’abrabɔ mu sɛ wobɛtie na wanante mu na wɔde ahyɛdeɛ ne apam a ɛkekaho no ayɛ adwuma a.

Me nim sɛ Joseph Smith yɛ nkɔmhyɛni a wɔpaa no firi abɔdeɛ ahyɛaseɛ a Awurade yii no sɛ ɔmmɛbue mmerɛ yi a ɛdi akyiri yi. Ɛnam ne so, Awurade Asɔre no san baa asaase so. Joseph Smith de ne mogya sɔɔ n’adansedie ano. Sɛdeɛ Me dɔ no na mehyɛ no animuonyam!

Onyankopɔn te ase! Yesu ne Kristo no! Ɔde N’asɔre no asan aba! Ɔne N’Agya, yɛn Agya a ɔwɔ soro, rehwɛ yɛn so. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.