Amansan Nhyiamu
Yɛne Onyankopɔn ntam Abusuabɔ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Yɛne Onyankopɔn ntam Abusuabɔ

Ɛmfa ho ne deɛ yɛn ɛbɛwuo suahunu bɛtumi de aba, yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn mu na yɛanya anigyeɛ wɔ Ne mu.

Te sɛ Hiob wɔ Apam Dada no mu, wɔ amanehunu berɛ mu no, ebinom tumi te nka sɛ Onyankopɔn agya wɔn. Ɛnam sɛ yɛnim sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔsi kwan anaa ɔyi ahohiahia firi hɔ nti, sɛ wanyɛ a, ɛtumi gyegye yɛn ma yɛnwiinwii, sɛ ebia yɛrebisa sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amma me mmoa a mabɔ ho mpaeɛ a, sɛn na mɛtumi anya gyedie wɔ Ne mu?” Wɔ agyinaeɛ baako wɔ ne sɔhwɛ a ano yɛ den no, ɔteneneeni Hiob kaa sɛ:

“Afei hunu sɛ Onyankopɔn afom me na watwe n’asau atwa me ho.

”Ɛwom sɛ metea mu, Wɔafom me!’ Menya nnyesoɔ; mpo sɛ mɛfrɛ apɛ mmoa, atɛntenenee biara nni hɔ.”1

Ne mmuaeɛ ma Hiob no, Onyankopɔn bisa sɛ, “Wobɛbu me fɔ, sɛdeɛ wobɛyɛ ɔteneneeni anaa?”2 Anaa nsɛm foforɔ mu no, “Wode me mpo bɛto mfomsoɔ mu? Wobɛbu me fɔ ama wɔatumi abu wo bem?”3 Yɛhowa bɔ Hiob nkaeɛ ahoɔden so fa Ne tumi kɛseɛ ne sɛ ɔnim biribiara ho, na Hiob wɔ ahobrɛaseɛ bunu mu gye to mu sɛ ɔnni biribiara a mpo ɛbɛn nimdeɛ, tumi, ne Onyankopɔn teneneeyɛ na ɔrentumi nnyina Otumfoɔ no atemmuo mu:

“Menim sɛ wobɛtumi ayɛ biribiara,” ɔkaae, “na wɔrentumi nnane adwene biara mfiri wo nkyɛn

“… Mekaa sɛ mante aseɛ; nneɛma a ɛyɛ nwanwasoɔ yie ma me, a na mennim. …

Ɛno nti Me kyirii me ho, na me sakyeraae wɔ mfuturo ne nso mu.”4

Awieɛ no, Hiob nyaa akwanya hunuu Awurade, na “Awurade hyiraa Hiob awieɛ a ɛdi akyire no bebree kyɛnee n’ahyɛaseɛ no.”5

Nokorɛ mu ɛyɛ nkwaseadeɛ ma yɛn honam mu a ɛnhunu adeɛ yie yi sɛ yɛbɛbu Onyankopɔn atɛn, adwene sɛ, ebia, “M’ani nnye nti sɛsɛɛ Onyankopɔn reyɛ biribi a ɛnyɛ.” Ɛma yɛn, Ne mma a yɛbɛwuo wɔ wiase a ahweaseɛ yi mu, a yɛnim kakra bi fa deɛ atwam, seesei, ne daakye ho no, Ɔka sɛ, “Nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma me, ɛfiri sɛ menim ne nyinaa.”6 Yakob ka ahwɛyie wɔ nyansa mu sɛ: “Monnhwehwɛ sɛ mobɛtu Awurade fo, mmom monnye afotuo mfiri ne nsa mu. Na hwɛ, mo ankasa monim sɛ ɔtu fo wɔ nyansa mu, ne atɛntenenee, ne ahummɔborɔ kɛseɛ mu, wɔ ne nnwuma nyinaa so.”7

Ebinom nteaseɛ bɔne ma Onyankopɔn bɔhyɛ kyerɛ sɛ, setie ma No no ɛso awieɛ pɔtee ma nhyehyɛeɛ a ɛtim hɔ. Wɔtumi dwene sɛ, “Sɛ mede nsiyɛ som berɛ mu asɛmpatrɛ a, Onyankopɔn de awareɛ a anigyeɛ ne mmɔfra bɛhyira me,” anaa “Sɛ megyae sɛ mɛyɛ sukuu adwuma Homeda a, Onyankopɔn de akontabuo papa bɛhyira me,” anaa “Sɛ metua ntotosoɔ du a, Onyankopɔn de adwuma a mapɛ no bɛhyira me.” Sɛ asetena ankɔ saa kwan yi pɛpɛɛpɛ anaa sɛdeɛ adwuma berɛ nhyehyɛeɛ bi a wɔrehwɛ anim teɛ a, wɔdwene sɛ Onyankopɔn ayi wɔn ama. Nanso nneɛma ɛnyɛ afidie mu saa wɔ nhyehyɛeɛ kronkron mu. Ɛnni ho kwan sɛ yɛdwene Onyankopɔn nhyehyɛeɛ sɛ ɛyɛ amansan afidie a ɛtɔn adeɛ a (i) yɛhwɛ mu yi nhyira a yɛpɛ, (ii) yɛde nnwuma papa ho anobuo a ɛhia ka ho, na (iii) deɛ yɛbisaae no wɔde ama yɛn ntɛm so.8

Ampa ara, Onyankopɔn bɛdi Ne bɔhyɛ ne apam ma yɛn mu biara so. Ɛho nhia sɛ yɛha yɛn ho wɔ saa adeɛ no ho.9 Yesu Kristo mpata tumi no—ɔno a ɔsiane kɔɔ nneɛma nyinaa ase na afei ɔforo kɔɔ soro10 na wanya tumi nyinaa wɔ ɔsoro ne asase so no11—hyɛbɔ sɛ Onyankopɔn bɛtumi na ɔbɛhyɛ Ne bɔ biara ma. Ɛho hia sɛ yɛbu na yɛyɛ setie ma Ne mmara, mmom ɛnyɛ nhyira biara a wɔahyɛ wɔ setie mu ma mmara na12 wɔanwono, ahyehyɛ, de berɛ ato so sɛdeɛ yɛn akwanhwɛ teɛ. Yɛyɛ deɛ ɛyɛ kama pa ara nanso ɛsɛ sɛ yɛgyae nhyira no ho ntotoeɛ ma No, honam ne honhom mu nyinaa.

Titenani Brigham Young kyerɛɛ mu sɛ, wannsi ne gyedie wɔ deɛ ɛfirii nneɛma bi mu baae anaa nhyira, mmom n’adanseɛ wɔ ɔne Yesu Kristo abusuabɔ so. Ɔkaa sɛ: “Memfaa me gyedie nhyɛɛ Awurade nnwuma a ɛwɔ ɛpo mu supɔ mu, ɛnhyɛ nkorɔfoɔ a ɔde wɔn aba ha, … na ɛnyɛ adoma a ɔde kyɛ saa nkorɔfoɔ yi anaa saa nkorɔfoɔ no, ɛnnhyɛ sɛ yɛanya nhyira anaa yɛnyaa nhyira, mmom me gyedie hyɛ Awurade Yesu Kristo mu, ne me nimdeɛ a manya afiri ne hɔ.”13

Yɛn nsakyeraeɛ ne setie, yɛn afɔrebɔ, ne yɛn nnwuma papa ho hia. Yɛpɛ sɛ yɛwɔ wɔn ntam, wɔn a Ether kaa wɔn ho asɛm sɛ “berɛ nyinaa wɔdɔre wɔ nnwuma papa mu.”14 Mmom ɛnyɛ dodoɔ saa, ɛnam ɛbinom a ɛhyia pɛpɛɛpɛ a wɔkora wɔ sɛlɛtia nkonta nnwoma mu. Saa nneɛma yi ho hia ɛnam sɛ ɛde yɛn hyɛ Onyankopɔn adwuma mu na ɛyɛ kwan a yɛfa so Ne no kabom wɔ yɛn ankasa nnaneho firi honam mu nipa bɛyɛ ɔhotefoɔ.15 Deɛ yɛn Soro Agya de ma yɛn yɛ N’ankasa ne Ne Ba, Wɔn abusuabɔ a ɛbɛn na ɛgyina pintinn nam adom ne Yesu Kristo dima so, yɛn Gyefoɔ no.

Yɛyɛ Onyankopɔn mma, a wɔayi yɛn asi hɔ ama honam a ɛnwuo ne daa nkwa. Yɛn hyɛberɛ ne sɛ yɛbɛyɛ N’adedifoɔ, “yɛne Kristo nkabom adedie.”16 Yɛn Agya pɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn mu biara kwan fa apam kwan no so de anammɔn a wɔahyehyɛ ama ankorankorɛ ahiadeɛ na wayɛ tirimpɔ titiriw ato Ne nhyehyɛeɛ so ama yɛne No anigyeɛ a ɛkyɛn adeɛ nyinaa. Yɛbɛtumi ahwɛ anim kwan, awerɛhyɛmu a ɛrenyini ne gyedie wɔ Agya no ne Ɔba no mu, Wɔn dɔ ho atenka a ɛredɔɔso, ne Sunsum Kronkron no awerɛkyekyerɛ ne akwankyerɛ a ɛnsesa no.

Mpo ɛno, saa kwan yi rentumi ɛnyɛ mmerɛ mma yɛn mu biara Nteho a ɛdɔɔso pii wɔhɔ a ɛhia ma enti ɛrenyɛ mmerɛ. Yesu kaa sɛ:

“Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.

“Me ho babaa biara a ɛnso aduaba no [Agya no] yi firi hɔ: na babaa biara a ɛso aduaba no, ɔyiyi ho, sɛ ɛbɛtumi aso aduaba bebree.”17

Ɔkwan a Onyankopɔn ama akwankyerɛ sɛ wɔmfa so nyiyi fi na wɔnte ho no hia sɛ ɛtɔ da a ɛkyinkyim na ɛyɛ yea. Rekae Paulo adwenkyerɛ a ɔdaa no adi no, ɛyɛ “yɛne Kristo nkabom adedie; sɛ ɛbɛba sɛ yɛne no hunu amaneama wɔatumi ahyɛ yɛn nso animuonyam abɔ mu.”18

Ɛno nti, wɔ saa ɔnanefoɔ gya yi mfinfini no, sɛ mo bo bɛfu Onyankopɔn no, montwe mmɛn Onyankopɔn. Frɛ Agya no wɔ Ɔba no din mu. Mone Wɔn nnante wɔ Honhom mu, daa ne daa. Momma Wɔn berɛ foforɔ nka ho sɛ Wɔn nokorɛdie bɛda adi akyerɛ mo. Bra nokorɛ mu bɛhunu Wɔn na nokorɛ mu hunu w’ankasa ho.19 Ma Onyankopɔn nni so.20 Agyenkwa no san ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ:

“Montie ɔno a ɔyɛ dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn no, ɔno a ɔresrɛ mo yiedie wɔ n’anim—

“Reka sɛ: Agya, hwɛ ɔno a wannyɛ bɔne no amanehunu ne ne wuo, ɔno a ɔsɔ w’ani yie no; hwɛ wo Ba no mogya a wɔhwie guuiɛ, ɔno a wode no maae no mogya ama woatumi ahyɛ wo ho animuonyam;

Ɛno nti, Agya, gyae saa me nnuammarima [ne me nnuammaa] yi a wɔgye me din die no, ama wɔatumi aba me nkyɛn na wɔanya daa nkwa.”21

Susu nokwafoɔ mmarima ne mmaa binom a wɔn werɛ hyɛɛ Onyankopɔn mu nhwɛsoɔ, nyaa ahotosoɔ sɛ Ne bɔhyɛ nhyira no bɛgu wɔn so asetena yi mu ne owuo .mu Na wɔn gyedie nnyina deɛ Onyankopɔn ayɛ anaa wannyɛ so wɔ tebea titiri bi mu anaa berɛ tiawa bi mu, mmom wɔ sɛ wɔnim No sɛ wɔn Agya ayamyɛfoɔ ne Yesu Kristo sɛ wɔn Gyefoɔ nokorɛdifoɔ.

Berɛ a Misraimni sɔfoɔ Elkenah reyɛ de Abraham abɔ afɔdeɛ no, ɔsu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnye no, na Onyankopɔn yɛɛe.22 Abraham tenaa ase bɛyɛɛ agya maa nokorɛdifoɔ a ɛnam n’asefoɔ so na mmusua a ɛwɔ wiase nyinaa bɛnya nhyira.23 Adi kan no, wɔ saa afɔrebukyia korɔ no ara so, ɔsɔfoɔ korɔ no ara de mmabunu mmiɛnsa a wɔnhunuu barima da abɔ afɔreɛ “ɛnam wɔn brapa … na wɔrenkoto nsom anyame a wɔyɛ nnua anaa aboɔ nti.”24 Wɔwuu wɔ hɔ sɛ mogyadansefoɔ

Teteni Yosef, a nankasa nuammarima tɔnn no ne mmabunu berɛ mu kɔɔ nkoasom mu, wɔ ahohia mu danee ne ho kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn. Nkakrankakra, ɔpagya kɔɔ animuonyam mu wɔ ne wura fie wɔ Misraim, nanso ne kan kɔ nyinaa suane firi guui ɛnam Potiphar yere atorɔ anototo nti. Na anka Yosef bɛtumi adwene sɛ, “Enti afiase na menya firi sɛ medi ahonidie mmara so” Nanso ananmu no, ɔdanee ne ho bio kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔyɛɛ frɔmfrɔm mpo wɔ afiase. Yosef hunuu hwammɔdie ho amane berɛ a deduani a ɔfaa no adamfoɔ, ɛmmfa ho ne bɔ a ɔhyɛɛ Yosef, werɛ firii no korakora akyire yi a wɔsan de no sii gyedie gyinabea mu wɔ Farao ahenfie no. Awieɛ no, sɛdeɛ monim no, Awurade de ho gyee mu de Yosef kɔsii gyedie mu gyinabea a ɛkorɔn ne tumi a Farao nni hɔ a ɛyɛ ɔno so, a ɛboaa Yosef maa ɔgyee Israel fie ne afoforɔ bebree. Nokorɛ mu Yosef bɛtumi adi adanseɛ “sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no nneɛma nyinaa ka bɔ mu di dwuma papa ma wɔn.”25

Abinadae yɛɛ adwene sɛ ɔbɛhyɛ ne soma kronkron no ma. “Mewie me nkrasɛm,” ɔkaae, “na afei ɛmmfa ho [deɛ ɛbɛyɛ me], sɛ ɛbɛba sɛ wɔbɛgye me nkwa.”26 Wɔannyae no wɔ mogyadensefoɔ wuo mu, nanso nokorɛ mu wɔagye no nkwa wɔ Onyankopɔn ahemman mu, na ne baako a ɔsomboɔ a ɔsakraaeɛ, Alma, sesaa Nifaefoɔ abakɔsɛm kwan a ɛforo kɔɔe kɔsii Kristo mmaeɛ so.

Wɔgyee Alma ne Amulek firii afiase wɔ Ammonihah sɛ mmuaeɛ ma wɔn nkotosrɛ, na wɔn ataeɛfoɔ no wuwuui.27 Adikan no, mmom, saa ataeɛfoɔ korɔ yi ara ato agyedifoɔ mmaa ne wɔn nkwadaa agu ogya a ɛredɛre framfram mu. Alma a ɔrehwɛ abasɛm huuhuu wɔ yea mu no nam Honhom no mu nyaa nhyɛ sɛ mma ɔnnkyerɛ Onyankopɔn tumi sɛ “ɛbɛgye wɔn afiri gyaframa no mu”25 ama wɔatumi agye wɔn akɔ Onyankopɔn animuonyam mu.26

Nkɔmhyɛni Joseph Smith, wɔresiam no wɔ Liberty, Missouri, afiase no, antumi ammoa ahotefoɔ no berɛ a wɔrefom fa na wɔrepamo wɔn afiri wɔn afie mu awɔ berɛ a na awɔ no ano ayɛ den. “O Onyankopɔn, na wowɔ hene?” Joseph suui. “Ɛnkɔsi dabɛn na wobɛsi wo nsa ho kwan?”30 Mmuaeɛ mu no, Awurade hyɛɛ bɔ sɛ, “W’ahohiahia ne w’amanehunu bɛyɛ berɛ tiawa bi pɛ; na afei, sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛma wo so akɔ soro. … Womma mmɛyɛɛ te sɛ Job.”31

Awieɛ no, Joseph bɛtumi ne Job aka sɛ, “Ɛwom [Onyankopɔn] bɛkum me, nanso mɛnya awerɛhyɛmu wɔ ne mu.”32

Ɛlda Brook P. Hales kaa abasɛm faa Onuabaa Patricia Parkinson a wɔwoo no a asɛm nni n’ani ho, nanso ɔdii mfeɛ dubaako no na afira.

Ɛlda Hales bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mehunuu Pat mfeɛ pii nie na ɛnkyɛree na meka kyerɛɛ no sɛ mekamfo no sɛ berɛ nyinaa ɔwɔ adwenpa ne anigyeɛ. Ɔbuaae sɛ, ‘Ɛyɛ, wonkaa me ho wɔ fie, woaka me ho? Mewɔ me mmerɛ. Makɔ ahoyera kɛse pa ara mu, na masu bebree.’ Mmom, ɔde kaa ho sɛ, ’Firi berɛ a mehyɛɛ aseɛ sɛ menhunu adeɛ no, na ɛyɛ nwanwa, nanso na menim sɛ Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no ka me ne m’abusua ho. … Wɔn a wɔbisa me sɛ mebo afu ɛnam sɛ mani afira no, mebua wɔn sɛ, ‘Hwan na ɛwɔ sɛ mebo fu no? Ɔsoro Agya ka me ho wɔ mu; ɛnyɛ me nko ara. Berɛ nyinaa Ɔka me ho.’”33

Awieɛ no, yɛhwehwɛ nhyira a ɛyɛ yɛne Agya no ne Ɔba no abusuabɔ a ɛbɛn na ɛbɛtena hɔ. Yei ne deɛ ɛhia nyinaa na ne boɔ som daapem. Yɛbɛka Paulo ho adi adanseɛ “sɛ amanehunu a ɛwɔ saa seesei [ɛbɛwuo] berɛ yi mu mfata sɛ wɔde toto animuonyam a wɔbɛyi no adi wɔ yɛn mu no.”34 Medi adanseɛ sɛ, ɛmmfa ho ne deɛ yɛn ɛbɛwuo suahunu bɛtumi de aba, yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn mu na yɛanya anigyeɛ wɔ Ne mu.

“Fa w’akoma nyinaa nya awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu; na mfa wo ho nto wo ankasa nteaseɛ so.

”W’akwan nyinaa mu da no ase, na ɔbɛkyerɛ wo w’akwan.”35

Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.