Amansan Nhyiamu
Dɔ, Kyɛ, To Nsa frɛ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Dɔ, Kyɛ, To Nsa frɛ

Berɛ a yɛdɔ, na yɛkyɛ, na yɛto nsa frɛ, na yɛreyɛ yɛn afa mu deɛ wɔ animuonyamhyɛ adwuma kɛseɛ no a ɛresiesie asase no atwɛn Messia no mmaeɛ bio no.

Wo ne me nnwennwene, kakra bi, sɛ wo gyina Galilea bepɔ no so, na yɛrehwɛ anwanwadeɛ ne animuonyam a ɛfa owusɔreɛ Agyenkwa no sɛ ɔkɔsra N’asuafoɔ no. Ne nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yɛbɛhwɛ sɛ yɛn ankasa bɛte, nsɛm a ɔne Asuafoɔ no kyɛeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ “monkɔ amanaman nyinaa na monkyerɛkyerɛ wɔn, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba, ne Honhom Kronkron no din mu.”1 Ampa ara, saa nsɛm yi bɛhyɛ den, akanyan, na ama yɛn mu biara atu anammɔn sɛnea Asuafoɔ no yɛeɛ no. Ampa ara, wɔtuu wɔn ho mmaeɛ wɔ nna nyinaa yɛɛ saa.

Anikasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Asuafoɔ no nko ara na wɔfaa Yesu nsɛm no too akoma soɔ. Asafo mma a na wɔwɔ akandifoɔ Asɔre no, ɛfiri afoforɔ so kɔsi wɔn a wɔdi mu ntintim mman, yɔɔ Agyenkwa no ahyɛdeɛ kɛseɛ no, a ɔne wɔn a ɔnim wɔn ne wɔn a ɔhyiaa wɔn kyɛɛ asɛmpa no. Nwentaasoɔ sɛ wɔbɛkyɛ wɔn adansedie fa Yesu Kristo ho no boa maa N’asɔre foforɔ a Ɔteeɛ no nyiniiɛ.2

Yɛn nso, sɛ Kristo asuafoɔ no, wɔato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ setie mma N’ahyɛdeɛ no ɛnnɛ, mpo te sɛ deɛ na yɛwɔ Galilea bepɔ no so berɛ a ɔhyɛɛ aseɛ kaeɛ no. Saa ahyɛdeɛ yi hyɛɛ aseɛ bio wɔ 1830, berɛ a Joseph Smith paa ne nua Samuel sɛ asɛmpatrɛ kannifoɔ ma Yesu Kristo Asɔre no.3 Ɛfiri saa berɛ no, asɛmpatrɛkafoɔ bɛboro ɔpepe 1.5 na wɔatu akwan wɔ wiase afanaa nyinaa rekyerɛkyerɛ amanaman na wɔabɔ wɔn a wɔgye nnepa a ɛwɔ asɛmpa a asane aba no to mu asu.

Yei ne yɛn nkyerɛkyerɛ. Yɛn pɛ a yɛpɛ.

Ɛfiri yɛn mmɔfra nketewa kɔsi panin pa ara a ɔwɔ yɛn mu so, yɛhwehwɛ berɛ a yɛbɛtumi ayɛ setie amma Agyenkwa no frɛ no na yɛakyɛ asɛmpa no wɔ wiase afanaa nyinaa. Megye di sɛ mo mmarimaa ne mmaayewa nso nyaa atinka korɔ fa denhyɛ akansie a yɛn nkɔmhyɛni too nsa frɛɛ mo nnora sɛ monsiesie mo ho mma asɛmpatrɛka adwuma sɛnea Agyenkwa no ne N’asuafoɔ no yɔeɛ no.

Te sɛ mmirika harefoɔ gyina hyɛaseɛ mmoɔso no, yɛde anigyeɛ twɛn sɛ mpaninfoɔ bɛto nsa afrɛ yɛn, na yɛne nkɔmhyɛni no akɔ bɛnkorɔ, a ɛrekyerɛ mmirika no ahyaseɛ! Saa ɔpɛ yi yɛ animuonyam ne nkuranhyɛ; nanso, yɛnhwɛ saa asɛmmisa yi: adɛn nti na yɛn nyinaa nhyɛ aseɛ seesei?

Wobɛbisa sɛ, “Mɛyɛ dɛn abɛyɛ asɛmpatrɛni a me nni edin agyirae?” Anaa yɛka kyerɛ yɛn ho, “Asɛmpatrɛfoɔ ankasa deɛ wɔapaw wɔn sɛ wɔnyɛ saa adwuma yi. Mɛpɛ sɛ mɛboa, nso gye sɛ nnoɔma mu brɛ ase kakra.”

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ mmrɛ sen saa! Anisɔ mu no, Agyenkwa no adwuma kɛseɛ bɛtumi aba awieeɛ wɔ ɔkwan kakraabi, a nteaseɛ wɔ mu wɔ nnyinasosɛm a wɔakyerɛ yɛn mu biara firi mmɔfra berɛ mu: dɔ, na to nsa frɛ.

Ɔdɔ

Adeɛ a ɛdi kan a yɛbɛtumi ayɛ ne sɛ yɛbɛdɔ sɛnea Kristo dɔeɛ no.

Yɛn werɛ aho wɔ nnipa amanehunu ne basabasayɛ a yɛhu no wiase baabiara wɔ saa mmerɛ a ɛyɛ den yi. Nanso, yɛbɛtumi anya nkanyan ɛnam ahummɔborɔ a yɛnya so ne nnipa adɔyɛ mmoa a ebinom ada no adie babiara ɛnam wɔn mmɔdemmɔ sɛ wɔbɛtumi atrɛ wɔn ahyeɛmu—wɔn a wɔatu wɔn afiri wɔn afie mu, wɔate wɔn afiri abusuafoɔ nkyɛn, anaa wɔrehunu ɔhaw ne akomatuo afoforɔ.

Ɛnkyɛreeɛ, kaseɛbɔ kuo bi de too dwa faa kwan a ɛnanom kuo bi a ɛwɔ Poland, a wɔdwenee mmusua a ahohiahia nti wɔredwane ho, na wɔgyaa aketennwa a biribiara wɔ mu saa so kamakama wɔ keteke gyinabrɛ, a ayɛ krado retwɛn ɛnanom ne mmɔfra a wɔbɛhia no wɔ saa hyeɛ no so berɛ a wɔrefiri keteke mu asi fam no. Ampa ara, yɛn Soro Agya no bɛpɛ saa nneyɔeɛ a ɛyɛ atuwohoakyɛ, adɔeɛ a ɛte sei, na sɛ yɛfa yɛn ho yɛn ho nnesoa a, na ɛno no yɛrema Kristo “mmra no aba mu.”4

Berɛ biara a yɛda Kristo dɔ adi ma yɛ yɔnko no, yɛbɔ nsɛmpa no dawuro—mpo sɛ yɛammue yɛn ano annka asɛmfua baako mpo a.

Ɔdɔ ma afoforɔ yɛ kwan turodoo a yɛkyerɛ deɛ ɛtɔ so mmienu wɔ mmransɛm no a ɛne sɛ dɔ wo yɔnko sɛ wo ho;5 ɛkyerɛ kwan pa a Honhom Kronkron no fa so yɛ adwuma wɔ yɛn kra mu. Sɛ yɛreda Kristo dɔ adi akyerɛ afoforɔ no, yɛbɛma wɔn a wɔhunu yɛn nnwuma pa no “ayi [yɛn] Agya no a ɔwɔ soro no ayɛ.”6

Yɛyɔ yei wɔ berɛ a yɛnnhwehwɛ akatua biara.

Yɛn anidasoɔ, sɛ yɛnim dada no, ne sɛ wɔbɛgye yɛn dɔ ato mu, mmom deɛ wɔbɛyɛ deɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee.

Deɛ yɛyɛ ne sɛnea yɛteɛ na ɛkyerɛ.

Ɛnam Kristo nsɛsoɔ dɔ ma afoforɔ no, yɛde anoteɛ kyerɛkyerɛ deɛ ɛyɛ animuonyam, abrabɔ nsakyeraeɛ su a ɛwɔ Kristo asɛmpa no mu, na yɛyɔ deɛ ɛho hia sɛ N’ahyɛdeɛ kɛseɛ no bɛba mu.

Kyɛ

Adeɛ a ɛtɔ so mmienu a yɛbɛtumi ayɛ ne ɔkyɛ.

Wɔ abosome a ɛdi kan no wɔ COVID-19 amansan yareɛ no, Onuabarima Wisan a ɔfiri Thailand nyaa nkaeɛ sɛ ɔnkyɛ n’atenka ne suahunu fa n’adesua wɔ Mormon Nwoma sua wɔ n’abɛɛfo ntentan tenabea. Wɔ n’ankasa twerɛkɔ nsɛm baako mu no, ɔkyɛɛ asɛm faa Mormon Nwoma asɛmpatrɛfoɔ mmienu bi ho, Amulek ne Alma.

Ne nua, Winai, mpo a wasi gyina wɔ ne som mu no nyaa atenka maa saa nkratoɔ no maa ɔyii ano, n’ani nna ho no bisaeɛ, “Mɛtumi anya saa nwoma no wɔ Thai?”

Wɔ nyansa mu, Wisan yɛɛ nhyehyeɛ sɛ asɛmpatrɛfoɔ mmaa baanu mmrɛ no Mormon Nwoma no baako nkɔma no wɔ berɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ ne nua no.

Wisan kyerɛɛ n’adwene faa atenka a ɔwɔ fa Mormon Nwoma no ho wɔ berɛ a wɔhyiaa mu wɔ abɛɛfo kwansoɔ nhwɛanimu nkɔmmɔdie mu. Winai suaa mpaebɔ ne adesua wɔ nokorɛ kwan so wɔ honhom fam sɛ ɔbɛgye nokorɛ nsɛm no atom. Abosome kakra ntam no, wɔbɔɔ Winai asu!

Wisan kaa no akyire yi sɛ , “Yɛwɔ asodie sɛ yɛbɛyɛ adwinnie wɔ Onyankopɔn nsam, na ɛwɔ sɛ yɛyɛ krado da biara ma no na ɔmfa yɛn nyɛ N’adwuma wɔ ɔno ara Ne kwan so.” Na wei de akwannya baa sɛ wɔbɛdi asɛmpa no ho nkɔmmɔ wɔ kwan pa so, akokoɔduro so, a ɔhyɛ nnim.

Yɛn nyinaa ne afoforɔ kyɛ adeɛ. Yɛtaa yɛ. Yɛne wɔn kyɛ sini ne aduane a yɛpɛ, nnoɔma a ɛyɛ sere a yɛhunu, meamea a yɛkɔ, atwerɛeɛ a ɛyɛ fɛ, ne nsɛm a ɛhyɛ yɛn nkuran.

Yɛbɛyɛ dɛn de aka nnoɔma a yɛahyehyɛ ato hɔ a yɛkyɛ dada, deɛ yɛdɔ fa Yesu Kristo asɛmpa no ho?

Ɛlda Dieter F. Uchtdorf kaeɛ: “Sɛ obi bisa wo fa wo nnawɔtwe mu nsɛm a, mma wo werɛ mfiri nea wohunuu wɔ asɔre nnawɔtwe no mu. Kasa fa nkwadaa nketewa a wɔgyinaa asɔredɔm anim na wɔde ahokeka too dwom wɔ sɛnea wɔbɛtumi ayɛ sɛ Yesu. Kasa fa mmabunu a wɔde wɔn adaagyeɛ boaa mpanimfoɔ maa wɔboaboaa wɔn abusuafoɔ din ano de ayɛ wɔn abusua abakɔsɛm.”7

Yɛrekyɛ no nyɛ sɛ “yɛretɔn” asɛmpa no. Ɛnni sɛ wotwerɛ asɛnka anaa wosiesie obi mfomsoɔ adwenkyerɛ.

Sɛ ɛba asɛmpatrɛ adwuma a, Onyankopɔn nhia wo sɛ bɛyɛ Ne mmara kamafoɔ, Na mmom, Ɔbisa sɛ wobɛyɛ Ne kyɛfoɔ.

Sɛ yɛne afoforɔ kyɛ yɛn suahunu papa no wɔ asɛmpa no ho a, yɛyɔ dwumadie no bi a ɛrema Agyenkwa no adwuma kɛseɛ no aba mu.

Nsa frɛ

Adeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa a wobɛtumi ayɛ ne to nsa frɛ.

Onuabaa Mayra yɛ obi a afei na wasakyera wɔ Ecuador. N’anigyeɛ wɔ asɛmpa no mu rekame akɔyɛ sɛ rockɛte a ɛrekɔ wiem wɔ berɛ a wɔbɔɔ no asu a ɔtoo nsa frɛɛ nnamfonom ne adɔfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia wɔ socia media so. Abusuafoɔ ne namfoɔ pii a wɔhunuu ne nkratoɔ no de nsɛmmisa yii n’ano. Mayra ne wɔn ka bɔɔ mu, na ɔtaa to nsa frɛ wɔn ba ne fie ne asɛmpatrɛfoɔ hyia bom.

Mayra awofoɔ, ne nuanom, ne sewaa, n’abusuafoɔ mmienu ne nnamfoɔ pii nso wɔbɔɔ wɔn asu ɛfiri sɛ ɔde akokoɔduro too nsa frɛɛ wɔn “bra na bɛhwɛ,” “bra na bɛsom,” ne “bra na fa wo ho bɛdom” Ɛnam ɔno ara kwan so ɔfrɛ no, ɛbɛboro nnipa aduonu na wɔagye ne frɛ no atom sɛ wɔbɛbɔ asu abɛyɛ Yesu Kristo Asɔremma. Yei tumi baa mu ɛnam sɛ Onuabaa Mayra too nsa frɛɛ afoforɔ sɛ wɔmmɛsɔ nhwɛ anigyeɛ a ɔnyaeɛ sɛ Asɔreba no.

Mfoni
Onuabaa Mayra ne wɔn a wato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛnya asɛmpa no mu anigyeɛ.

Ɔfrɛ bɛyɛ ɔha so na yɛbɛtumi afrɛ afoforɔ. Yɛbɛtumi ato nsa afrɛ afoforɔ sɛ “bra bɛhwɛ” Awurade adidi kronkron,wɔɔd dwumadie, abɛɛfo ntentan sinihwɛ a ɛrekyerɛkyerɛ Yesu Kristo nsɛmpa aseɛ. “Bra bɛhwɛ” bɛtumi ayɛ nkratoɔ a ɛrema obi akenkan Mormon Nwoma no anaa ɛyɛ nsrahwɛ a ɛrekɔ tɛmpol mmueano a yɛrebɛte ho. Ɛduru mmerɛ bi a yɛn mu no yɛto nsa frɛ yɛn ho—na ɛrema yɛn nkaeɛ ne anisoadehunu akwanya a atwa yɛn ho ahyia, sɛ yɛde bɛyɛ adwuma.

Wɔ abɛɛfo nna yi, asɔremma taa kyɛ nkratoɔ fa social media so. Ɛbɛyɛ ɔhanom, sɛ nnyɛ mpempem a, sɛ wɔrepagya na wɔakyɛ nnoɔma a wobɛhunu sɛ ɛho teɛ. Saa ɛmu nsɛm yi to nsa frɛ sɛ “bra na bɛhwɛ,” “bra na bɛsom,” ne “bra na fa wo ho bɛdɔm.”

Sɛ yɛto nsa frɛ afoforɔ pii nom ma wɔsua Yesu Kristo asɛmpa no a, na yɛreyɛ Agyenkwa no frɛ no sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ N’adwuma no mu.

Awieeɛ

Me nnuanom adɔfoɔ, mmaa ne mmarimma, yɛakasa ɛnnɛ afa nnoɔma nkumaa mmiɛnsa ho—a ɛyɛ fo—na obiara bɛtumi ayɛ. Nnoɔma a a wobɛtumi ayɛ! Ɛbia na wogu so reyɛ dada—wɔ berɛ a wonhunuiɛ sɛ woreyɛ!

Meto nsa frɛ wo sɛ fa w’ani to akwan a wobɛtumi adɔ, akyɛ na woato nsa afrɛ. Sɛ woyɛ saa a, wobɛte nsusuiɛ anigyeɛ na woahunu sɛ ampa ara woreka kɔ nsɛm a Agyenkwa dɔfoɔ no kaeɛ no.

Nea merehyɛ wo sɛ yɛ no nnyɛ ade foforɔ biara. Woate saa nnyinasosɛm yi pɛn. Yei nyɛ “adeɛ a ɛyɛ den a ɛtɔ soɔ” a Asɔre no rebisa wo sɛ yɛ. Saa nnoɔma mmiɛnsa yi yɛ ntoasoɔ a yɛreyɛ dada sɛ Yesu Kristo asuafoɔ.

Ɛnhia edin agyiraeɛ anaa atwerɛdeɛ biara.

Ɛnhia nhyehyɛeɛ kwan so frɛ biara.

Sɛ saa nnoɔma mmiɛnsa yi bɛyɛ yɛn su ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra fa a, na abɛyɛ mpremprem, ɛnyɛ nhyɛ a ɛrekyerɛ ɔdɔ mapa.

Sɛnea Yesu asuafoɔ no twa hyiaeɛ suaa no wɔ Galilea bɛyɛ mfeɛ 2,000 a atwam no, saa ara na yɛn nso yɛbɛtumi asɔ Agyenkwa no ahyɛdeɛ sɛ yɛnkɔ wiase nyinaa na yɛnkɔka asɛmpa no mu.

Wɔ berɛ a yɛdɔ, yɛkyɛ na yɛto nsa afrɛ no, na yɛreyɛ yɛn afa mu deɛ wɔ anuonyamhyɛ adwuma kɛseɛ no a ɛsiesie asase no twɛn Mesiah no.

Sɛ yɛbɛyɛ setie ama Agyenkwa no frɛ no, na yɛapere agyina wɔ N’ahyɛdeɛ kɛseɛ no yɛ me mpaebɔ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mateo 28:19.

  2. Ɛdeɛn na ɛmaa tete Asɔre no nyiniiɛ? Abakɔsɛmkani baako bi susu sɛ: “Adeɛ a ɛdi kan a ɛbɛma ada adi wɔ saa nhwehwɛmu a ɛfa saa esu no ho wɔ gyedie mu no ne wo sɛ ne agyidifoɔ afoforɔ bɛdi nsawɔsoɔ. Sɛ wɔbɛtena na wɔne Yesu akyidifoɔ ayɔ adwuma abom no, sɛ wɔbɛyɛ adansefoɔ wɔ wɔn nneyɔeɛ ankasa ho, na wɔatie wɔ berɛ a ɔkasaeɛ faa asɛmpa no wɔ daadaa asetena dwumadie no ne adeɛ a yɛhwɛ anim a ɛdi adanseɛ sɛ yɛasesa yɛn abrabɔ. Wɔ adwene yei mu no, ɛnni sɛ Akristofoɔ gyidie tumi a wɔde twe no taa yɛ wɔn mpanimfoɔ akukudamfoɔ a wɔde wɔn to dwa pii te sɛ kommyɛ adansedie a Yesu asomfoɔ kɛkɛ di ho adanseɛ pa ara wɔ wɔn ahofama, wɔ wɔn nokorɛdie, daadaa, ne ayamyɛ ma afoforɔ” (Ivor J. Davidson, Asɔre no Awoɔ: Firi Yesu so kɔsi Constantine, A.D. 30–312 [2005], 108–9).

  3. Hwɛ Lucy Mack Smith, Abakɔsɛm, 1845, kratafa 169, josephsmithpapers.org.

  4. Galatiafoɔ 6:2.

  5. Hwɛ Mateo 22:39.

  6. Mateo 5:16.

  7. Dieter F. Uchtdorf, “Asɛmpatrɛ Adwuma: Rekyɛ Deɛ Ɛwɔ W’akoma mu,” Laehona, Kɔtɔnima 2019, 17.