Amansan Nhyiamu
Honhom Tumi No Mfitiaseɛ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Honhom Tumi No Mfitiaseɛ

Mepɛ sɛ mesusu dwumadie pɔtee num a yɛbɛtumi afa ama aboa yɛn ma yɛakora honhom mfitiaseɛ.

Menuanom mmarima ne mmaa, medɔ mo. M’anigye saa akwanya yi ho sɛ mene mo kasa nnɛ. Mebɔ mpaeɛ daadaa sɛ mobɛnya banbɔ afiri ɔsɛefoɔ no taeɛ huhu no ho na monya ahoɔden pem wura akwansideɛ biara a ɛbɛto mo mu.

Nsɔhwɛ bi yɛ kokoamu adesoa a obiara ntumi nhunu. Afoforɔ da dwa so wɔ wiase apa so. Akodeɛ pinkyenpinkyen a ɛrekɔ so wɔ Europe apueɛ no yɛ emu baako. Makɔ Ukraine ne Russia mpɛn bebree. Medɔ saa aman no, nnipa no, ne wɔn kasa. Mesu na mebɔ mpaeɛ ma wɔn a ntawantawa yi aka wɔn nyinaa. Sɛ asɔre no yɛreyɛ deɛ yɛbɛtumi biara de aboa wɔn a wɔrehunu amane na wɔrepere apɛ wɔn tiri adidi mu. Yɛto nsa frɛ obiara sɛ ɔnkɔ so nkyene kɔm na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn a atoyerɛnkyɛm yi reha wɔn. Ɔko biara yɛ ɔsɛeɛ a ɛyɛ huhu a ɛtia biribiara a Awurade Yesu Kristo kyerɛɛe na ɔgyina hɔ ma.

Yɛn mu biara ntumi nhyɛ aman so anaa afoforɔ nneyɛɛ anaa mpo yɛn ara yɛn abusuafoɔ so. Nanso yɛbɛtumi ahyɛ yɛn ho so. Me frɛ ɛnnɛ, me nuanom mmarima ne mmaa, ɛne sɛ yɛbɛsi sakasaka a ɛrekɔ so wɔ w’ akoma mu, wo fie, ne wo abrabɔ mu ano. Sie akodeɛ biara a ɛpira afoforɔ—sɛ saa akodeɛ no yɛ abufuo, tɛkrɛma a ano yɛ nam, anaa soboɔ ma obi a wakɔ so aha wo. Nanso, Agyenkwa no hyɛ yɛn sɛ yɛnnane ɛfa baako no nso mma no,1 nnɔ yɛn atamfo, na yɛmmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔbu yɛn animtia.2

Ɛbɛtumi ayɛ yeayeaaya sɛ yɛbɛgyae abufuo a yɛnim sɛ yɛnni ho fɔ mu. Ɛbɛtumi ayɛ sɛ ɛrentumi nyɛ yie sɛ yɛde bɛkyɛ wɔn a wɔn sɛeɛ nneyɛɛ aha deɛ ɔnnim hwee no. Nanso, Agyenkwa no tu yɛn fo sɛ “yɛmfa nnipa nyinaa bɔne nkyɛ.”3

Yɛyɛ Asomdwoeɛ Hene akyidifoɔ. Yɛhia asomdwoeɛ no a gye sɛ Ɔno nko ara na ɔbɛtumi de ama no seesei sene berɛ biara. Yɛbɛyɛ dɛn ahwehwɛ asomdwoeɛ sɛ ɛbɛwɔ wiase berɛ a, sɛ ankorankoro yɛrenhwehwɛ ankasa asomdwoeɛ ne koroyɛ? Anuanom mmarima ne mmaa, menim sɛ deɛ meresusu yi ɛnyɛ bɛtɛɛ. Nanso ɛwɔ sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yɛ nhwɛsoɔ ma wiase nyinaa di soɔ. Mesrɛ mo sɛ monyɛ deɛ mobɛtumi biara nsi ntawantawa a ɛrekɔ so wɔ mo ankasa abrabɔ mu seesei no ano.

Ma mentwe mo adwene nsi saa dwumadie yi so berɛ a meredwene adesua bi a wɔkaee me berɛ a na merehwɛ basket bɔɔl agodie bi.

Wɔ saa agorɔ no mu, ɔfa a na ɛdi kan no yɛɛ adonko, ɛkɔ na aba. Afei, aka simakwaa num wɔ ɔfa a ɛdi kan no mu no, ɔwɛmfoɔ bi a ɔwɔ kuo baako no mu hyɛɛ aba-mmiɛnsa goo bi. Aka simakwaa baako pɛ no, ne nkorɔfoɔ no baako nyaa kwan hyɛɛ goo de aba baako kaa ho! Enti saa kuo no de mma nan kɔɔ ahomegyeɛ mu a na wɔn anigyeɛ mfitiaseɛ ahyɛ aseɛ. Wɔde saa anigyeɛ mfitiaseɛ no kɔɔ ɔfa mmienu no mu na wɔdii nkonim akansie no mu.

Mfitiaseɛ yɛ adwene a tumi wɔ mu. Yɛn nyinaa anya saa suahunu yi pɛn—nhwɛsoɔ, wɔ kaa a ahyɛ mmirika ase mu anaa mente me ho ase bi a prɛkopɛ adane akyinnyegyeɛ.

Enti mebisa sɛ, ɛdeɛn na ɛbɛtumi asɔ honhom mfitiaseɛ ano? Yɛahunu papa ne bɔne mfitiaseɛ nhwɛsoɔ nyinaa bi. Yɛnim Yesu Kristo akyidifoɔ a wɔsakyeraaeɛ na wɔnyinii wɔ gyedie mu. Nanso yɛsane nso nim agyidifoɔ a na wɔwɔ ahofama a wɔhwee aseɛ. Mfitiaseɛ tumi firi kwan biara so.

Yɛnhiaa honhom mu mfitiaseɛ papa sene sɛdeɛ yɛhia no nnɛ yi, sɛ ɛbɛsi mmirika a bɔne ne mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ retu a ano reyɛ den no ano. Honhom mu mfitiaseɛ papa bɛboa ama yɛakɔ soakɔ yɛn anim wɔ ehu ne adwenem naayɛ a nsanyareɛ, nsuyire, gyafirima a eturi, ne akodeɛ nnitan de ba mu. Honhom mfitiaseɛ bɛtumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔsɛefoɔ no atirimoɔden a ɔnnyae da no na yɛasi ne mmɔden a ɔde pepa yɛn akasa honhom fapem ano no.

Nneyɛɛ bebree bɛtumi asɔ honhom mfitiaseɛ papa ano. Setie, ɔdɔ, ahobrɛaseɛ, ɔsom, ne aseda4 yɛ emu bi.

Ɛnnɛ mepɛ sɛ mesusu dwumadie pɔtee num a yɛbɛtumi afa ama aboa yɛn ma yɛakora honhom mfitaseɛ.

Ɛdi kan: Hyɛn apam kwan no so na tena hɔ.

Ɛnkyɛree biara, mesoo daeɛ trodoo bi a emu no mehyiaa nkorɔfokuo kɛseɛ bi. Wɔbisaa me nsɛmmisa bebree, deɛ wɔbisaa ho asɛm dodo no yɛ deɛ ɛfa apam kwan ho ne deɛ nti a ɛho hia saa.

Wɔ me daeɛ no mu, mekyerɛɛ mu sɛ yɛwura apam kwan no mu berɛ a yɛabɔ asu na yɛne Onyankopɔn yɛ yɛn apam a ɛdi kan.5 Berɛ biara a yɛfa adidi kronkron no, yɛhyɛ bɔ bio sɛ yɛde Agyenkwa no din bɛto yɛn ho so, akae No, na yɛadi Ne mmaransɛm so.6 Ɛno akyi, Onyankopɔn bɔ yɛn anohoba sɛ ebia yɛbɛ taa anya ne honhom no wɔ yɛnkyɛn.

Akyire yi, yɛyɛ apam no bi ka ho wɔ tɛmpol, beaeɛ a yɛgye bɔhyɛ akɛseɛ. Ayɛyɛdeɛ ne apam ma yɛn kwan nya nyamesu tumi. Apam kwan no yɛ ɔkwan korɔ a ɛde yɛn kɔ mpagya ne nkwa a ɛnni awieɛ mu.

Wɔ me daeɛ no mu, ɔbaa bi bisaa sɛdeɛ obi a wasɛe n’apam no bɛtumi asane aba saa kwan no so. Me mmuaeɛ wɔ asɛmmisa yi ho de me kɔ me nsusuiɛ a ɛtɔ so mmienu so:

Hunu anigyeɛ a ɛwɔ daadaa nsakyeraeɛ no mu.

AdwenNsakyeraeɛ ho mfasoɔ ne sɛn? Alma kyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛ “ka adwensakyeraeɛ ne gyedie wɔ Awurade mu nko ara.”7 Obiara a waso nkontabuo a ne kɔn dɔ ɛnni awieɛ animuonyam hia adwensakyeraeɛ.8 Wɔnnyi ɔtwe nnyi adowa. Wɔ Nkɔmhyɛni Joseph Smith yikerɛ bi mu, Awurade kaa Asɔre akannifoɔ anim sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma asɛmpa no.9 Adwensakyera nkɔsoɔ safoa. Gyedie pa ma yɛkɔ anim wɔ apam kwan no so.

Mesrɛ nsuro anaa ntwentwɛn wonan ase wɔ adwensakyera ho. Satan anigye wɔ w’awerɛhoɔ mu. Twa no tiawa. Pam ne nsunsuansoɔ firi w’abrabɔ mu! Hyɛ aseɛ nnɛ nya suahunu wɔ anigyeɛ a ɛwɔ deɛ ɔpo nneɛma a ɛwɔ honam mu no.10 Agyenkwa no dɔ yɛn berɛ biara mmom titire berɛ a yɛsakyera. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɛwɔ mu sɛ “ mmepɔ bɛtwe akɔ, na nkokoɔ bɛtutu“, madɔeɛ deɛ ɛrentwe mfiri wo so.”11

Sɛ wote nka sɛ woafiri apam kwan no so akɔ akyirikyiri anaa akyɛre na wonhunu kwan nsane a, tiawa ɛnyɛ nokorɛ.12 Mesrɛ hunu wo hwɛfoɔ anaa nkorabata titenani. Ɔyɛ Awurade ananmusini na ɔbɛboa wo ama woanya adwensakyera mu anigyeɛ ne ɔgyeɛ suahunu.

Afei, kɔkɔbɔ: Woresane aba apam kwan so nkyerɛ sɛ abrabɔ bɛyɛ bɛtɛɛ. Saa kwan yi mu yɛ den, na ɛduru baabi a ɛte sɛ deɛ woreforo bepɔ.13 Saa ɔsoro foro yi, mmom, wɔyɛɛe sɛ wɔde resɔ yɛn ahwɛ na wɔakyerɛkyerɛ yɛn, ate yɛn su ho, na wɔaboa yɛn ama yɛayɛ Ahotefoɔ. Ɛno ne ɔkwan koro a ɛkɔ mpagya mu. Nkɔmhyɛni baako14 kyerɛkyerɛɛ “nhyira ne anigyeɛ tebea a wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so no wɔ mu. Na hwɛ, wɔahyira wɔn wɔ adeɛ nyinaa mu, wɔ honam ne honhom mu; na sɛ wɔgyina pintinn wɔ gyedie mu kɔsi awieeɛ a wɔbɛgye wɔn akɔ soro [na] ama wɔne Onyankopɔn akɔtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieeɛ mu.”15

Renante apam kwan no so, na daadaa adwensakyera ka ho, kanyan honhom mfitiaseɛ papa no.

Me nsusuiɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa: Sua Onyankopɔn ho asɛm ne sɛdeɛ Ɔyɛ adwuma.

Yɛn haw kɛseɛ baako ɛnnɛ ne sɛ yɛbɛhunu nsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn ne Satan deɛ no ntam. Saa nti na Awurade bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ “yɛmmɔ mpaeɛ berɛ biara, sɛ [yɛ] bɛdi Satan so nkonim, na yɛnnwane mfiri Satan nkoa nsam wɔn a wɔma ne nnwuma so no.”16

Mose maa nhwɛsoɔ sɛdeɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn ne Satan ntam nsonoeɛ. Berɛ a Satan bɛsɔɔ Mose hwɛeɛ no, ɔhunuu nnaadaa no ɛfiri sɛ na ɔne Onyankopɔn anya nkutahodie wɔ anim ne anim. Mose yɛɛ ntɛm kaee onipa a Satan yɛ na ɔhyɛɛ no sɛ ɔmfiri hɔ nkɔ.17 Berɛ a Satan yɛɛ asoɔden no, Mose hunuu sɛdeɛ ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn apɛ mmoa bebree. Mose nyaa ɔsoro ahoɔden na ɔkaa ɔbɔnefoɔ no anim bio, kaa sɛ, “Firi menkyɛn, Satan, na saa Onyankopɔn baako yi na mɛsom no.”18

Ɛwɔ sɛ yɛdi saa nhwɛsoɔ no so. Pam Satan nsunsuansoɔ firi w’abrabɔ mu. Mesrɛ nni n’akyi nkɔ ne “mmɔborɔwa kuru a ɛnni awieɛ no mu.”19

Wɔ ehu mmirika so, adansedie a daadaa wɔmmfa “Onyankopɔn asɛm” ntete no no20 bɛtumi abubu. Enti, Satan nhyehyɛeɛ ano aduro yɛ pefee: Yɛhia daada asuahunu de asom Awurade ne N’asɛmpa no ho adesua. Mesrɛ mo sɛ mobɛma Onyankopɔn adi mo abrabɔ anim. Fa wo mmerɛ no mu fa papa ma No. Berɛ a woreyɛ saa no, hwɛ deɛ ɛsi honhom mfitiaseɛ papa mu.

Nsusuiɛ a ɛtɔ so nan: Hwehwɛ na twɛn anwanwadeɛ.

Moronae bɔɔ yɛn anohoba sɛ “Onyankopɔn nnyaee sɛ ɔyɛ anwanwadeɛ Nyankopɔn.”21 Twerɛnsɛm nwoma biara kyerɛ Awurade pɛ a ɔdi ma Ne mma a wɔgye No die.22 Ɔpaee Po Kɔkɔɔ mu maa Mose, boaa Nifae kɔgyee kɔbere mprɛte no, na ɔsane de N’Asɔre maae nam Nkɔmhyɛni Joesph Smith so. Anwanwadeɛ yi mu biara faa berɛ na ebia annyɛ deɛ ankorankoro bisa firii Awurade hɔ pɔtee no.

Saa ara, Awurade bɛhyira wo wɔ anwanwadeɛ a wohia wogye No di, “a wonnyɛ w’adwene ntanta.”23 Twerɛnsɛm no yɛ adwuma de hwehwɛ anwanwadeɛ? Bɔ mpaeɛ bisa Onyankopɔn ma ɔmmoa wo na fa saa gyedie no yɛ adwuma. Mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛtumi anya saa suahunu yi ama wo ho sɛ Yesu Kristo “ma deɛ watɔ piti ahoɔden; na wɔn a wɔnni ahoɔden no ɔto wɔn ahoɔden mu.”24 Nneɛma kakra bi bɛtumi apia wo honhom mfitiaseɛ no bebree sene sɛ wobɛhunu sɛ Awurade reboa wo atutu bepɔ bi wɔ w’abrabɔ mu.

Nsusuiɛ a ɛtɔ so 5: Si ntawantawa ano wɔ w’abrabɔ mu.

Meti me frɛ mu sɛ si ntawantawa ano wɔ w’ abrabɔ mu. Fa ahobrɛaseɛ, akokoɔduro, ne ahoɔden hwehwɛ sɛ wode bɔne bɛkyɛ na woahwehwɛ bɔnefakyɛ nyinaa. Agyenkwa no ahyɛ bɔ sɛ “sɛ [yɛ]de nnipa mfomsoɔ kyɛ wɔn a, [yɛn] soro Agya nso de yɛn bɔne bɛkyɛ [yɛn].”25

Nnawɔtwe mmienu sɛ ɛnnɛ yɛbɛdi Yesu Amanehunu. Wɔ ɛnnɛ ne saa berɛ no ntam, meto nsa frɛ mo sɛ monsi ankasa ntawantawa a atwe mo kɔ fam no ano. Anisɔ papa dwumadie bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi de ama Yesu Kristo Mpata no anaa? Sɛ seesei yi ara bɔnefakyɛ ho yɛ den ma wo a, srɛ ahoɔden fa Yesu Kristo mpata mogya no so na ɔmmoa wo. Berɛ a woreyɛ saa no, mehyɛ wo ankasa asomdwoeɛ ne honhom mfitiaseɛ kɛseɛ ho bɔ.

Berɛ a Agyenkwa no di maa adasamma no, Ɔbuee ɔkwan bi sɛ wɔn a wɔdi N’akyi bɛtumi anya kwan wɔ N’ayaresa, denhyɛ, ne dima tumi mu. Saa honhom akwanya yi wɔ hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔtie no na wɔdi N’akyi nyinaa.

Menuanom mmarima ne mmaa, wɔ m’akoma mu adesrɛ nyinaa no, mehyɛ mo nkuran sɛ monhyɛn apam kwan no so na montena hɔ. Nya adwensakyera mu anigyeɛ ne suahunu daadaa. Sua Onyankopɔn ho asɛm ne sɛdeɛ Ɔyɛ adwuma. Hwehwɛ na twɛn anwanwadeɛ anim. Pere si ntawantawa ano wɔ w’abrabɔ mu

Berɛ a woreyɛ saa botaeɛ yi ho adwuma no, mehyɛ wo bɔ wɔ ahoɔden a wode bɛko akɔ w’anim wɔ apam kwan no so wɔ mfitiaseɛ a ɛdɔɔso mu, ɛmfa ho ne akwansideɛ biara a wohyia. Na mehyɛ wo bɔ wɔ ahoɔden kɛseɛ ho de asi nsɔhwɛ ano, adwene mu asomdwoeɛ bebree, ne fahodie firi osuro mu, ne koroyɛ kɛseɛ wɔ w’abusua mu.

Onyankopɔn te ase! Yesu ne Kristo no! Ɔtease! Ɔdɔ yɛn na ɔbɛboa yɛn. Yei ho na medi adanseɛ wɔ Dimafoɔ,Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ 3 Nifae 12:39.

  2. Hwɛ 3 Nifae 12:44.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:10; hwɛ nso nyiyimu 9.

  4. Sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paulo kaae no, “Wɔ adeɛ nyinaa mu monna ase” (1 Thessalonians 5:18). Awerɛhoɔ, abambuo, ne honhom mu ahoɔden a asa, ano aduro kann yɛ ayɛyie. Nneɛma bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn aseɛ wɔ ho? Da No ase wɔ asase fɛɛfɛ ho, wɔ asɛmpa no Mmaeɛ bi ho, ne akwan a ɛnni ano a Ɔne Ne Ba ma yɛn ho akwanya wɔ wɔn tumi mu wɔ asase yi so ha. Da No ase wɔ twerɛnsɛm no ho, wɔ soroabɔfoɔ a wɔboa wɔ yɛn adesrɛ wɔ Onyankopɔn hɔ mmuae mu, wɔ adiyisɛm ho, ne mmusua a ɛnniawieɛ ho. Na ne nyinaa mu, da Onyankopɔn ase wɔ Ne Ba no akyɛdeɛ ho ne Yesu Kristo Mpata no, a ɛboa ma yɛhyɛ botaeɛ a enti wɔde yɛn baa asase so no.

  5. Sɛ yɛbɛte apam kwan no ase no, ɛho hia sɛ yɛte aseɛ sɛ apam yɛ akwan mmienu ahofama wɔ Onyankopɔn ne Ne mma no baako ntam. Wɔ apam mu no, Onyankopɔn hyehyɛ mmara no, na yɛapene saa mmara no so. Wɔ ne nsesa mu no, Onyankopɔn hyɛ bɔ ma yɛn. Apam no bebree nsɛnkyerɛnneɛ a yɛhunu ka ho—anaa ayɛyɛdeɛ kronkron—a yɛyɛ a adansefoɔ wɔ hɔ. Nhwɛsoɔ, asubɔ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Awurade sɛ onipa no a ɔrebɔ asu no ayɛ apam sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm no so.

  6. Hwɛ Moronae 4:3; 5:2; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79.

  7. Mosaya 18:20.

  8. Hwɛ Mose 6:50–57.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:40–48.

  10. Hwɛ Mosaya 3:19.

  11. Yesaia 54:10, nsisoɔ ka ho; hwɛ nso 3 Nifae 22:10. Ayamyɛ wɔkyerɛ aseɛ firi Hebrifoɔ kasa mu hesed, asɛmfua a ano yɛ den a nkyerɛaseɛ a emu dɔ fa ayamyɛ, ahummɔborɔ, apam ho dɔ, ne bebree ho.

  12. Ɛtumi yɛ yie sɛ yɛhyɛ ananmu ma bɔne no bi nanso ɛnyɛ afoforɔ. Sɛ onipa baako twa adapaa, anaa hwe obi, anaa gye ɔfoforɔ nkwa firi ne nsam a, wɔntumi nhyɛ ananmu pɛpɛɛpɛ . Ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔwɔ saa nsɛm yi mu bɛtumi ayɛ kara bi, nanso ɛka kɛseɛ na aka. Esiane sɛ Awurade pɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ pɛpɛyɛ mu nti, yɛbɛtumi aba Ne nkyɛn ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛafom kwan akɔduru. Sɛ yɛsakyera wɔ nokorɛ mu a, Ɔde bɛkyɛ yɛn. Ɛka biara a ɛwɔ yɛn bɔne ne yɛn ahoɔden a yɛde hyɛ ananmu pɛpɛɛpɛ no, gye sɛ Yesu Kristo Mpata no nko ara na ɔbɛtumi ayɛ ahummɔborɔ akyɛdeɛ no. Ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde yɛn bɔne ka kyɛ no yɛ akyɛdeɛ a yɛrentumi ntua ho ka.

  13. Hwɛ 2 Nifae 31:18–20.

  14. Nifaeni nkɔmhyɛni Ɔhene Benyamin.

  15. Mosaya 2:41.

  16. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:5; nsisoɔ ka ho.

  17. Hwɛ Mose 1:16; hwɛ nso Mose 1:1–20.

  18. Mose 1:20.

  19. Helaman 5:12.

  20. Moronae 6:4.

  21. Mormon 9:15; hwɛ nso nyiyimu 19.

  22. Yohane Ɔsomafoɔ no kaa sɛ ɔtwerɛɛ Agyenkwa no anwanwadeɛ no too hɔ “sɛ [yɛ] bɛtumi agye adi sɛ Yesu yɛ Kristo no” (Yohane 20:31).

  23. Mormon 9:21.

  24. Yesaia 40:29.

  25. Mateo 6:14.