Amansan Nhyiamu
Ogya a Ahinta a Ɛkanyan
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Ogya a Ahinta a Ɛkanyan

Onyankopɔn tie mpaebɔ biaraa yɛbɔ na ɔbua wɔn mu biara sɛdeɛ ɔkwan a Wakyerɛ ama yɛn pɛyɛ teɛ.

Anuanom mmarima ne mmaa, masua asuadeɛ a ɛyɛ ya firi berɛ a ɛtwa toɔ a metenaa asɛnka adwa yi so wɔ Ahinime afe 2022 mu. Saa asuadeɛ no ne sɛ: Sɛ woamma ɔkasa a wɔgye tom a, wɔbɛtumi abra wo wɔ nhyiamu ahodoɔ pii a ɛdi hɔ no mu. Wobɛtumi ahunu sɛ wɔama me dwumadie ntɛm wɔ som a ɛdi kan no mu anɔpa yi. Nea wontumi nhunu ne sɛ megyina afidie pono bi a ɛwɔ korɔkorɔ a ɛyɛ mmrɛ bi so. Sɛ saa ɔkasa yi ankɔ yie a, mere nhu mo nhyiamu a ɛdi hɔ bio no.

Wɔ saa nnwom fɛɛfɛ a ɛne nnwontofoɔ kuo fɛɛfɛ yi honhom mu no, me asuadeɛ ahoroɔ bi nnansa yi a, ɛnam Awurade mmoa so no, mepɛ sɛ me ne mo kyɛ nnɛ. Ɛno bɛma yei ayɛ m’ankasa kasa yie.

Nea ɛyɛ ankorankoro ne yea pa ara wɔ nansa yi suahunu ahodoɔ yi nyinaa mu ne me yere Pat a medɔ no no wuo. Ɔno ne ɔbaa kɛseɛ a mahunu no wɔ me wiase—ɔyere pa ne ɔbaatan pa, n’ahoteɛ, anoteɛ a ɔwɔ, ne honhom mu anidie nna nkyɛn. Da bi ɔkasa faa asɛnti a ɛne “W’abɔdeɛ Nsusuiɛ a Wobɛma no Aba mu.” Ɛyɛ me sɛ ɔdii susudua a ɛyɛ ɔno adebɔ a ɛdii yie sene sɛnea anka obiara bɛtumi aso daɛ sɛ ɛbɛtumi aba mu. Na ɔyɛ Onyankopɔn babaa a ɔdi mu Kristo ni baa a ɔyɛ nhwɛsoɔ pa Na me ne ɔbarima a meti yɛ sen biara sɛ me ne no dii m’asetra mu mfie 60. Sɛ kyerɛ sɛ me fata a, yɛn nsɔano no kyerɛ sɛ mɛtumi ne no atena sfebɔɔ.

Adesua foforɔ hyɛɛ aseɛ berɛ a wɔsiee me yere dɔnhwere 48 akyi. Saa berɛ no, na wɔagye me ato ayaresabea ɛnam yareɛ bi a na ɛyɛ hu nti. Afei medii nnawɔtwe nan wɔ nnawɔtwe nsia no mu wɔ beaɛ a ɛyɛ den wɔ ayaresabea hɔ a na mayɛ mmrɛ.

Ɛkame ayɛ sɛ me suahunu ayaresabea hɔ wɔ saa berɛ no mu no nyinaa ayera wɔ me tiri mu. Deɛ ɛnyeraeɛ ne akwantuo bi a mekae wɔ ayaresabea no akyi kɔsi deɛ na ɛte sɛ ɛnniawieeɛ hyeɛ. Mentumi nka saa suahunu no nyinaa wɔ ha , nanso mɛtumi aka deɛ menyaeɛ sɛ akwankyerɛ no fa bi—nkuranhyɛ sɛ mɛsan akɔ me som adwuma mu wɔ anibere mu, atuwohoakyɛ kɛseɛ, m’adwene si Agyenkwa no so kɛse, ne gyedie pii wɔ N’asɛm mu.

Na ayɛ sɛ mete nka sɛ merenya m’ankasa adiyisɛm bi a ɛte sɛ deɛ wɔde maa Dumienu no bɛyɛ mfeɛ 200 a atwam ni no:

“Wobɛdi me din ho adanseɛ [na] wo de m’asɛm akɔ wiase afanaa nyinaa.

“Anɔpa ne awia biara ma wo kɔkɔbɔ nne nkɔ; na sɛ ɛduru anadwo a, mma asase sotefoɔ nna, ɛnam wo kasa nti.

“Sɔre[,] fa w’asɛnnua, [na] di m’akyi.”

Menuanom mmaa ne mmarima adɔfoɔ, ɛfiri saa suahunu no, mabɔ mmɔden anibere kɛseɛ mu sɛ mɛfa m’asɛnnua, sɛ mɛhwehwɛ baabi a mɛtumi ama ɔsomafoɔ nne a ɛyɛ ɔdɔ ne kɔkɔbɔ nyinaa so anɔpa, awia, ne anadwo.

Ɛno na ɛde me kɔ nhunumu a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛbaa wɔ saa adehwereɛ, yareɛ, ne ahoyera abosome no mu. Na ɛno yɛ adanseɛ foforɔ ne aseda a ɛnni awieeɛ wɔ asɔfodie nhyira ne ahobrɛaseɛ ankorankoro mpaebɔ a ɛtu mpɔn ho —mo mpaebɔ —a manya so mfasoɔ. M’ani asɔ daa wɔ nnipa mpempem pii a, wɔbɔɔ mpaɛ te sɛ okunafoɔ no nkuranhyɛ mpaebɔ no, . hwehwɛɛ ɔsoro de mo ho gyee mu mpɛn pii gyina maa me. Menyaa asɔfodie nhyira, na mehunuu me ntoasoɔ sukuu adesuakuo mmuada a ɔyɛ maa me,ne sɛdeɛ ward ahodoɔ nso yɛɛ akɔnkyere maa me Na ɛbɛyɛ sɛ na me din wɔ mpaebɔ nwoma a ɛkame ayɛ sɛ tɛmpol biara a ɛwɔ Asɔre no mu no so.

Wɔ m’anisɔ a ɛmu dɔ mu wɔ yeinom nyinaa ho no, meka G. K. Chesterton ho, a ɔkaa berɛ bi “sɛ aseda yɛ adwene a ɛkorɔn pa ara na aseda yɛ anigyeɛ ne anwanwadeɛ a ɛbɔ ho.” Firi m’akoma mu, ne “anigyeɛ ne anwanwadeɛ a ɛbɔ ho,” meda mo nyinaa ase na meda m’Agya a ɔwɔ Soro ase, a ɔtee mo mpaebɔ na ɔhyiraa m’asetena.

Anuanom mmarima ne mmaa, medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ biara a yɛbɔ na ɔbua wɔn mu biara sɛdeɛ ɔkwan a Wakyerɛ ama yɛn pɛyɛ teɛ. Mehunu sɛ bɛyɛ berɛ korɔ no ara a na nnipa pii rebɔ mpaeɛ sɛ m’apɔmuden bɛasan aba no, na dodoɔ saa ara—a meka ho—rebɔ mpaeɛ sɛ me yere apɔmuden bɛasan aba. Medi adanseɛ sɛ wɔtiee saa mpaebɔ mmienu no nyinaa na Ɔsoro Agya buaeɛ wɔ ahummɔbrɔ kwan so, sɛ mpo mpaebɔ a wɔbɔ maa Pat no mmuaeɛ anyɛ sɛnea mepɛ no a. Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ enti a mpaebɔ mmuaeɛ ba kwan sononko soɔ sene deɛ anka yɛsusuo no—nanso ne nyinaa ɔte, na ɔbua ne nyinaa sɛnea Ne dɔ a ɛnni hwammɔ ne berɛ nhyehyeɛ teɛ.

Sɛ “yɛammisa no bɔne a,” ɛnni ano wɔ berɛ, beaɛ, anaa ɛfa deɛ yɛmmɔ mpaeɛ mfa ho. Sɛnea adiyisɛm ahodoɔ no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ “yɛbɔ mpaeɛ daa.” Na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ, Amulek kaa sɛ , ma “wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no,” a gyedie a ɛne sɛ “[nnipa] teneeneefoɔ mpaebɔ a ɛmu yɛ den so wɔ mfasoɔ pii.” Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ kasa berɛ a yɛwɔ kokoam kwan a yɛde bɛbɔ no saa. Sɛ ɛno renyɛ yie a, ɛsɛ sɛ yɛsoa sɛ nsɛm a wɔka komm wɔ yɛn akoma mu. Yɛto nnwom sɛ mpaebɔ yɛ “Ogya a Ahinta a Ɛkanyan,” berɛ nyinaa sɛ wɔde bɛbɔ afɔreɛ, sɛnea Agyenkwa no ankasa kyerɛ no, ama Onyankopɔn Daa Agya no wɔ Ne Ba a Wɔwoo no Koro no din mu.

Me nnamfonom adɔfoɔ, yɛn mpaebɔ yɛ yɛn dɔnhwere a ɛyɛ dɛ sen biara, yɛn “akɔnnɔ a ɛfri akoma mu” sen biara,” yɛn som a ɛyɛ mmerɛ na ɛho te sen biara. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ ankorankoro, yɛn mmusua mu, ne asafo akɛseɛ nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ di dwuma sɛ kyɛm a yɛde ko tia sɔhwɛ, na sɛ berɛ bi wɔ hɔ a yɛtua ho ka a sɛ yɛbɛbɔ mpaɛ a, yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu sɛ yɛ twentwɛn yɛn nan ase yɛ saa a ɛfri Onyankopɔn hɔ, a ɔpɛ sɛ ɔne Ne mma bɛdi nkitaho berɛ biara ne berɛ nyinaa. Nokorɛ mu no, mmɔden ahodoɔ binom a ɛmma yɛmmɔ mpaeɛ no firi ɔtamfo no hɔ tee. Na, sɛ yɛnnim sɛdeɛ yɛbɛyɛ anaa deɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ pɔtee a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ aseɛ, na yɛtoa so, kɔsi sɛ Honhom Kronkron bɛkyerɛ yɛn kwan akɔ mpaebɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mu. Ebia saa kwan yi ne nea ɛsɛ sɛ yɛfrɛ berɛ a yɛrebɔ mpaeɛ ama yɛn atamfo ne wɔn a wɔde yɛn di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so no.

Awieeɛ koraa no, yɛbɛtumi ahwɛ Agyenkwa no nhwɛsoɔ a ɔtaa bɔɔ mpaeɛ pa ara so. Nanso ayɛ me anigyeɛ berɛ nyinaa sɛ Yesu tee nka sɛ ɛho hia sɛ ɔbɔ mpaeɛ koraa. So na Ɔnyɛ pɛ? Ɛfa deɛ na ɛbɛhia sɛ Ɔbɔ mpaeɛ ho? Wiɛ, mabɛhu sɛ Ɔno nso, a ɛka yɛn ho no, pɛe sɛ “ɔhwehwɛ [Agya no] anim, gye n’asɛm di, na ɔde ne ho to n’adom so.” Berɛ ne berɛ mu no, Ɔsan n’akyi firii ɔmanfoɔ mu sɛ ɔno nkutoo bɛtra hɔ ansa na ɔde Ne mpaebɔ rekɔ ɔsoro. Mmerɛ foforɔ nso, Ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ ahokafoɔ kakraa bi kuo mu. Afei na Ɔbɛhwehwɛ ɔsoro ama nnipadɔm a wɔbɛkata koko bi so. Ɛtɔ da bi a mpaebɔ hyɛ N’atadeɛ animuonyam. Ɛtɔ da bi a na ɛhyɛ N’anim animuonyam. Ɛtɔ da bi a Ɔgyina hɔ bɔ mpaeɛ, ɛtɔ da bi nso a Ɔkoto bɔ mpaeɛ, na anyɛ koraa no, ɔde n’anim butuu fam wɔ mpaebɔ mu berɛ bi.

Luka ka sɛnea Yesu siane kɔɔ Ne mpata mu no ho asɛm sɛ ɛhwehwɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ “anibere so kɛse.” Nanso ɔkwan bɛn so na obi a na ɔyɛ pɛ no bɔ mpaeɛ anibere so? Yɛfa no sɛ na Ne mpaebɔ nyinaa yɛ anibere so, nanso wɔ Ne mpata afɔrebɔ no mmamu mu ne yea a ɛbaa n’amansan nsam no so no, Ɔtee nka sɛ ɔbɔ adesrɛ mpaeɛ kɛseɛ, na N’afɔrebɔ no mu duro maa mogya firii honam tokuro biara mu baeɛ.

Wɔ saa akyigyina a ɛfa Kristo nkonimdie a Ɔdii wɔ owuo so ne N’akyɛdeɛ a ɔde maa me nnansa yi a ɛne nna anaa nnawɔtwe anaa abosome kakraa bi bio wɔ honam asetena mu no, medi adanseɛ a ɛmu yɛ den wɔ daa nkwa nokwasɛm ne hia a ɛhia sɛ yɛn ani bere wɔ yɛn nhyehyɛeɛ a yɛyɛ ma no ho.

Medi adanseɛ sɛ, sɛ Kristo ba a, ɛhia sɛ ɔhunu yɛn —ɛnyɛ sɛ asɔremma din mu a wɔatwerɛ wɔn din wɔ asubɔ twerɛtohɔ a ayera mu na mmom sɛ asuafoɔ a wɔde wɔn ho ama yie, wɔgye di nokorɛ mu, wɔdi apam so. Yei yɛ asɛm a ɛgye ntɛmpɛ ma yɛn nyinaa, anyɛ saa a yɛde ahonu a ɛyɛ hu nte da sɛ: “Minnim wo da,” . anaa, sɛnea Joseph Smith kyerɛɛ saa kasasin no ase no, “[Wo] nnim me da.”

Nea ɛyɛ ne sɛ, yɛwɔ ano yie ma saa asɛm yi—muaeɛ pii. Ɛhia sɛ yɛgye abɔfoɔ ne anwanwadeɛ ne asɔfodie kronkron no bɔhyɛ di. Ɛsɛ sɛ yɛgye Honhom Kronkron akyɛdeɛ, mmusua ne nnamfoɔ pa nkɛntɛnsoɔ, ne Kristo dɔ kronn tumi di. Ɛsɛ sɛ yɛgye adiyifoɔ ne nkɔnhyɛfoɔ, ahunumufoɔ, ne adiyifoɔ ne Titenani Russell M. Nelson di. Ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ ɛnam yɛn mpaebɔ ne adesrɛ ne ankorankoro tenenee so no, saa abɔfoɔ no bɛtumi adi yɛn anim akɔ “Sion Bepɔ so, Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro beaeɛ, kronkron a ɛkyɛn ne nyinaa.”

Anuanom mmarima ne mmaa, berɛ a yɛsakyera yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho na yɛde akokoɔduro ba “adom ahennwa no so,” sɛ yɛgyae yɛn adɔɛ ne yɛn akoma mu nkotosrɛ wɔ N’anim wɔ hɔ a, yɛbɛhunu mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ ne bɔne fafiri wɔ yɛn Daa Agya ne Ne Ba a ɔyɛ ɔsotiefoɔ a ne ho te koraa no nsa a ɛyɛ ayamyɛfoɔ no mu. Afei, yɛne Hiob ne anokwafoɔ a wɔate wɔn ho nyinaa bɛhu wiase bi a “ɛyɛ nwanwa dodo” sɛ yɛbɛte aseɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.