Amansan Nhyiamu
Yesu ho Adansedie
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Yesu ho Adanseɛ

Me nsatofrɛ ne sɛ yɛ no seesei fa nya wo gyinabea sɛ obi a ɔyɛ ɔkokoɔdurofoɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu.

Wɔ afe 1832 mu no, Joseph Smith ne Sidney Rigdon nyaa anisoadehunu nwanwasoɔ bi fa Onyankopɔn mma daapem hyɛberɛ ho. Saa adiyisɛm yi kaa ɔsoro ahemman mmiɛnsa ho asɛm. Titenani Dallin H. Oaks kaa saa “animuonyam ahemman” yi ho asɛm wɔ Ahinime a atwam no, kyerɛɛ sɛ “ɛnam Adwammaa no nkonimdie ne n’animuonyam so,” awieeɛ koraa no wɔgye wɔn nyinaa kɔ ahemman ahodoɔ yi mu baako mu gye sɛ ankorankoro kakra bi pɛ, “sɛdeɛ ɔpɛ a wɔnam deɛ wɔyie so da no adi teɛ.” Onyankopɔn gyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ amansan akwanya ma Ne mma nyinaa,wɔ berɛ biara ne baabiara a ebia na wɔtaena wɔ asase so.

Berɛ a ahemman mmiɛnsa no mu ketewa koraa, a ɛyɛ telestial no mpo animuonyam “boro nteaseɛ nyinaa so,” yɛn Agya no anidasoɔ ne sɛ yɛbɛyi—na, ɛnam Ne Ba no adom so yɛafata ama—ahemman ahodoɔ yi mu deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ animuonyam pa ara a ɛyɛ sɛlɛtia, baabi a yɛbɛtumi anya daa nkwa mu anigye sɛ “Kristo yɔnko adedifoɔ.” Titenani Russell M. Nelson ahyɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnnwene ɔsoro ho,” na yɛmfa sɛlɛtia ahenman no nyɛ yɛn daa botaeɛ na afei “yɛnsusu ho yie faako a [yɛn] gyinaesie mu biara, berɛ a yɛwɔ asase do, de [yɛn] bɛsi wɔ wiase a ɛdi hɔ no mu.”

Wɔn a wɔwɔ sɛlɛtia ahemman no mu yɛ “wɔn a wɔgyee Yesu adanseɛ, wɔn a wɔyɛ nnipa a wɔtene na wɔnam Yesu a ɔyɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ so ama wɔn awie pɛyɛ.” Wɔka nnipa a wɔwɔ ahemman a ɛtɔ so mmienu, anaa tɛrɛstra ahemman no ho asɛm nokorɛ mu sɛ wɔyɛ papa, a “asase so nnipa animuonyamfoɔ a nnipa aniteɛ maa wɔn ani furaeɛ” ka ho. Wɔn su titire a ɛtɔ sin ne sɛ “wɔnyɛ akokoɔdurofoɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu.” Wode toto ho a, wɔn a wɔwɔ fam, a ɛyɛ tɛlɛtia ahemman no mu no yɛ wɔn a “wɔannye asɛmpa no, anaa Yesu adanseɛ no.”

Hyɛ no nso sɛ su a ɛda nso ma ahemman biara mufoɔ yɛ sɛdeɛ wɔne “Yesu ho adanseɛ” bɔ abusua, ɛfiri (1) akoma nyinaa mu ahofama so kɔsi (2) akokoɔduro a wɔnni so kɔsi (3) po a wɔpo koraa so. Obiara ɛnniawieeɛ daakye gyina ne nneyɛɛ so.

I.

Deɛn ne Yesu ho adanseɛ?

Ɛyɛ Honhom Kronkron no adanseɛ sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔfiri soro, Mesia ne Ɔgyefoɔ. Ɛyɛ Yohane adanseɛ sɛ na Yesu ne Onyankopɔn, ɔsoro ne asase Bɔfoɔ no wɔ hɔ mfitiaseɛ no, na “ne mu na asɛmpa no wɔ, na asɛmpa no yɛ nkwa, na nkwa no yɛ nnipa hann.” Ɛyɛ “Asomafoɔ ne Nkɔmhyɛfoɔ no adanseɛ, sɛ Owuuiɛ, wɔsiee no, na ɔsɔree da a ɛtɔ so mmiɛnsa, na ɔforo kɔɔ ɔsoro.” Ɛyɛ nimdeɛ a ɛne sɛ “wɔmmaa din foforɔ biara a ɛnam so na nkwagye ba.” Ɛyɛ “adanseɛ, deɛ ɛtwa toɔ koraa,” a Nkɔnhyɛni Joseph Smith de maeɛ “sɛ ɔte ase! Sɛ ɔno ne Agya no Ba a Ɔwoo no Koro no—sɛ wɔfaa ne so, na ɛnam so, ne ɔno ara so, na wiase no wɔ hɔ na wɔbɔeɛ, na ɛmufoɔ yɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmamma a wɔawo wɔn.”

II.

Wɔ saa adanseɛ yi akyi yɛ asɛmmisa: deɛn na yɛyɛ wɔ ho?

Sɛlɛtia ahemman no adedifoɔ “gye” Yesu ho adanseɛ no wɔ nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ mu berɛ wɔbɔ asu, gye Sunsum Kronkron no, na wɔnam gyedie so di nkonim. Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm ne nokorɛ na ɛkyerɛ nneɛma a ɛhia yie ne deɛ wɔyi. Yesu ho adanseɛ no da adi wɔ deɛ wɔteɛ ne deɛ wɔrebɛyɛ mu. Deɛ ɛkanyan wɔn yɛ ɔdɔ, “Kristo dɔ kann.” Wɔn botaeɛ ne sɛ wɔbɛdi “Kristo pɛyɛ susudua” akyi.

Anyɛ koraa no, wɔn a wobɛhunu wɔn wɔ tɛrɛtra ahemman no mu no bi nso gye Yesu adanseɛ no tom, nanso wɔde deɛ wɔnyɛ wɔ ho na ɛhyɛ wɔn nso. Akokoɔduro a wɔnni wɔ Agyenkwa no ho adansedie mu no kyerɛ anibiannasoɔ anaa ɛmfa wɔn ho—wɔyɛ “boturobodwo”— sɛ nhwɛsoɔ no, wɔne Ammon nkorɔfoɔ a wɔwɔ Mormon Nwoma no mu, a “wɔda nso wɔ wɔn nsiyɛ wɔ Onyankopɔn ho” no bɔ abira.

Tɛlɛtia ahemman no mufoɔ yɛ wɔn a wɔpo Yesu ho adanseɛ no ka N’asɛmpa, N’apam, ne Ne nkɔnhyɛfoɔ ho. Abinadi ka wɔn ho asɛm sɛ “wɔakɔ sɛdeɛ wɔn ankasa honam apɛde ne wɔn akɔnnɔ teɛ; a wɔamfrɛ Awurade da berɛ a wɔtrɛɛ mmɔborohunu abasa no maa wɔn; ɛfiri sɛ wɔtrɛɛ mmɔborohunu abasa no maa wɔ, nanso wɔmpɛ.”

III.

Yɛreyɛ akokoɔdurofoɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu kyerɛ sɛn?

Nneɛma pii wɔ hɔ a wobɛtumi adwene ho wɔ asɛmmisa yi ho mmuaema mu. Mɛka kakraa bi. Yɛreyɛ akokoɔdurofɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu no bi ne sɛ yɛbɛyɛn saa adanseɛ no na yɛahyɛ mu den. Nokorɛ asuafoɔ mmu wɔn ani ngu nneɛma a ayɛ sɛ nketewa a ɛboa na ɛhyɛ wɔn adanseɛ a ɛfa Yesu ho no mu den, te sɛ mpaebɔ, twerɛnsɛm no sua, Homeda a wɔdi, wɔfa adidi kronkron, nsakyeraeɛ, ɔsom, ne ɔsɔreɛ wɔ Awurade fie. Titenani Nelson kae yɛn sɛ “wɔ ahoɔhare a ɛyɛ hu mu, adanseɛ a wɔmfa ‘Onyankopɔn asɛm pa’ mma no aduane daa daa no [Moroni 6:4] bɛtumi asɛe. Enti, yɛhia daa daa suahunu ahodoɔ a yɛde som Awurade na yɛsua N’asɛmpa no. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mesrɛ mo sɛ mobɛma Onyankopɔn adi mo abrabɔ anim. Fa wo mmerɛ no mu fa papa ma No. Berɛ a woreyɛ saa no, hyɛ deɛ ɛto wo honhom mu ahoɔden pa no nso.”

Yɛreyɛ akokoɔdurofoɔ nso kyerɛ sɛ yɛda yɛn nokorɛ adanseɛ adi wɔ badwam. Wɔ asubɔ mu no, yɛsi ɔpɛ a yɛwɔ sɛ “yɛbɛgyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ ne nneɛma nyinaa mu, ne mmeaeɛ nyinaa a [yɛn] bɛtena, akɔsi owuo mu mpo” no so dua.” Wɔ Easter berɛ yi mu titire no, yɛde anigyeɛ, pae mu ka yɛn adanseɛ pefee wɔ badwam fa Kristo a wɔanyane no, na ɔte ase no ho.

Yɛreyɛ akokoɔdurofoɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu fa baako ne sɛ yɛbɛtie N’asomafoɔ. Onyankopɔn nhyɛ yɛn mma yɛnkɔ ɔkwan pa so, apam kwan no so, na mmom Ɔkyerɛ Ne nkɔnhyɛfoɔ ma wɔma yɛhunu deɛ yɛyi ho nsunsuansoɔ yie. Na ɛnyɛ N’Asɔre no mufoɔ nko ara. Ɔnam Ne nkɔnhyɛfoɔ ne n’asomafoɔ so, de ɔdɔ srɛ wiase nyinaa sɛ wɔntie nokorɛ a ɛbɛma wɔade wɔn ho, agye wɔn afiri amanehunu a ɛho nhia mu, na ɛde anigyeɛ a ɛtena hɔ daa abrɛ wɔn.

Yɛreyɛ akokoɔdurofoɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu kyerɛ sɛ yɛreɛhyɛ afoforɔ nkuran, denam asɛm ne nhwɛsoɔ so, sɛ wɔnyɛ akokoɔdurofoɔ saa ara, titire yɛn ankasa abusuafoɔ. Berɛ bi Elder Neal A. Maxwell kasa kyerɛɛ “[Asɔre] mma ‘animuonyamfoɔ’ atitire a wɔnenam ani sene sɛ wɔde wɔn ho hyɛ asuafoyɛ mu yie, na wɔyɛ boturobodwo sene sɛ ‘wɔbɛyɛ no anibereɛ so’ no [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:75; 58:27]. ” Ɔrekyerɛ sɛ obiara wɔ fahodie sɛ ɔyi deɛ ɔpɛ no, Elder Maxwell dii awerɛhoɔ sɛ: “Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ ebinom yi aniha a, ɛnyɛ wɔn ankasa nko ara ho na wɔyi ma, na mmom awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ ne deɛ ɛdi hɔ. Awofoɔ nsɛnkeka nketenkete bɛtumi ama wɔn mma ayera kɛse! Ebia awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi kan wɔ abusua bi mu no daa ahofama adi, berɛ a ebinom a wɔwɔ ɛnnɛ awoɔ ntoatoasoɔ mu yɛ nsɛnkeka ho adanseɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ deɛ ɛdi hɔ no mu no, ebia ebinom bɛyi mpaapaemu berɛ a ɛresɛe kɛse.”

Mfeɛ bi a atwam, Elder John H. Groberg kaa abusua kumaa bi a na wɔwɔ branch ketewa bi mu wɔ Hawaii wɔ 1900 mfeɛ no mfitiaseɛ mu ho asɛm. Na wɔayɛ Asɔremma bɛyɛ mfeɛ mmienu berɛ a wɔn mmammaa no mu baako yaree yareɛ bi a na wɔnhunu na ɔkɔdaa ayaresabea. Wɔ Asɔre ne Kwasiada a ɛdi hɔ no, agya no ne ne babarima siesiee adidikronkron no sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, nanso berɛ a agya a na ɔnnyiniiɛ no kotoo sɛ ɔrehyira paanoo no so no, mpofirem, branch prɛsidɛnte no hunuu no deɛ ɔwɔ adidikronkron pono no ho no, ɔsɔre gyinaeɛ na ɔteaam sɛ, “Gyae. Wontumi mfa wo nsa nka adidikronkron no. Wo babaa wɔ yareɛ a yɛnnim. Firi ho ntɛm so na obi foforɔ nyɛ adidikronkron paanoo foforɔ. Yɛntumi mma wo ntena ha. Kɔ.” Agya a ne ho adwiri no no hwɛɛ branch prɛsidɛnte no ne afei asafo no, na ɔhunuu dadwene ne aniwuo a ɛmu dɔ a ɛfiri obiara hɔ no, ɔyɛɛ sɛnkyerɛnneɛ kyerɛɛ n’abusua na wɔyɛɛ komm firii asɔredan no mu.

Wɔanka asɛm biara, berɛ a abusua no de abamubuo faa kwan no so kɔɔ wɔn fie ketewa no mu. Ɛhɔ na wɔtena twaa kanko, na agya no kaa sɛ, “Mesrɛ monyɛ komm kɔsi sɛ mɛyɛ krado sɛ mɛkasa.” Ɔbabarima kumaa no dwenee deɛ wɔbɛyɛ de atua aniwuo a wɔahyia no ho ka: wɔbɛkunkum branch prɛsiɛnte no mprako, anaa wɔbɛhye ne fie, anaa wɔbɛkɔ akɔka asɔre foforɔ ho? Simma num, edu, dunum, aduonu-num twaam a na ɛhɔ da so yɛ dinn.

Agya no nsa a na wamoa no mu goeɛ, na nisuo taataee no. Ɛna no hyɛɛ aseɛ suiɛ, na ankyɛ na mmɔfra no mu biara rete nisuo. Agya no danee ne ho kyerɛɛ ne yere kaa sɛ, “Medɔ wo” na afei ɔkaa saa nsɛm no kyerɛɛ wɔn mma no mu biara. “Medɔ mo nyinaa na mepɛ sɛ yɛka bom, afebɔɔ, sɛ abusua. Na kwan baako pɛ a ɛbɛtumi ayɛ ne sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mufoɔ papa na wɔnam asɔfodie kronkron a ɛwɔ tɛmpol no so asɔ ano. Yei nyɛ branch prɛsidɛnte no asɔre. Ɛyɛ Yesu Kristo Asɔre. Yɛremma onipa anaa yea anaa aniwuo anaa ahantan biara nsi yɛn kwan sɛ yɛbɛka abom afebɔɔ. Kwasiada a ɛreba no yɛbɛkɔ asɔre. Yɛbɛte yɛn ho atena kɔsi sɛ wɔbɛhunu yɛn babaa no yareɛ no, nanso yɛbɛsan akɔ.”

Wɔsan kɔɔ asɔre, wɔn babaa no ho tɔɔ no, na wɔsɔɔ abusua no ano wɔ Laie Hawaii Tɛmpol mu berɛ a wɔwieeɛ no. Ɛnnɛ, akra bɛboro 100 frɛ wɔn agya, wɔn nana, ne wɔn nanakansoa sɛ nhyira ɛfiri sɛ ɔde n’ani sii daa nkwa so.

Yɛreyɛ akokoɔdurofoɔ fa baako a ɛtwa toɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu a mɛka yɛ yɛn ankorankoro kronkronyɛ a yɛhwehwɛ. Yesu ne yɛn Gyefo titire, na Ɔsrɛ sɛ, “Monsakyera, mo asase ano nyinaa, na mommra me nkyɛn na wɔmmɔ mo asu wɔ me din mu, ama Sunsum Kronkron no gyeɛ ate mo ho, ama moagyina m’anim a nkekaeɛ biara nni mo ho wɔ da a ɛtwa toɔ no mu.”

Nkɔnhyɛnyi Mormon ka Ahotefoɔ kuo baako a wɔbɔɔ ho ban wɔ saa kwan yi so ɛmfa ho sɛ “wɔfaa amanehunu pii mu” ho asɛm.

“Nanso wɔtaa kyenee kɔm na wɔbɔɔ mpaeɛ, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ den wɔ wɔn ahobrɛaseɛ mu, na wɔkɔɔ so gyinaa pintinn wɔ Kristo gyedie mu, de anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ hyɛɛ wɔn akra ma, aane, mpo de kɔɔ wɔn akoma mu teɛ mu, ahoteɛ ɛba esiane wɔn akoma a wɔde ma Onyankopɔn nti.” Ɛyɛ saa akoma mu nsakraeɛ kɛseɛ yi—yɛde yɛn akoma rema Onyankopɔn na ɛnam Agyenkwa no adom so wɔrewo yɛn foforɔ wɔ honhom mu—na yɛhwehwɛ.

Me nsatofrɛ ne sɛ yɛ no seesei fa nya wo gyinabea sɛ obi a ɔyɛ ɔkokoɔduruooɔ wɔ Yesu ho adanseɛ mu. Sɛdeɛ adwensakyera ho bɛhia no, “mma montu da a mode bɛsakyera no nhyɛ da,” anyɛ saa a “dɔnhwere a monsusu no ahuhuroberɛ no bɛtwam, na otwa berɛ no aba awieeɛ, na mo akra rennya nkwa.” Yɛ nsiyɛ wɔ apam a wo ne Onyankopɔn ayɛ no kora mu. Mma “asɛm no mu den nhyɛ wo abufuo.” “Monkae sɛ mobɛkora [Kristo] din a wɔatwerɛ no mo akoma mu no daa, na moatumi ate na moahunu ɛnne no a wɔde bɛfrɛ mo, na afei nso, edin no a ɔde bɛfrɛ mo.” Ne korakora no, “momfa yei nhyɛ mo akoma mu, sɛ mobɛyɛ nneɛma a [Yesu] bɛkyerɛkyerɛ, na wahyɛ mo.”

Yɛn Agya pɛ sɛ Ne mma nyinaa a wɔpɛ, ne No nya daa nkwa mu anigyeɛ wɔ Ne sɛlɛtia ahemman mu. Yesu hunuu amane, owuiɛ, na wɔnyanee no sɛdeɛ ɛbɛma atumi ayɛ yie. “Waforo kɔ ɔsoro, na watena Onyankopɔn nsa nifa, sɛ ɔbɛgye n’ahummɔborɔ hokwan a ɔwɔ wɔ nnipa mma so no afiri Agya no hɔ.” Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔde Awurade Yesu Kristo ho adanseɛ kɛseɛ bɛhyira yɛn nyinaa, yɛn ani bɛgye na yɛayɛ akokoɔdurofoɔ wɔ saa adanseɛ no mu, na yɛanya N’adom aba no mu anigyeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu daa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.