Amansan Nhyiamu
Wo ne Kristo nyɛ Baako
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Wo ne Kristo nyɛ Baako

Yɛnam ɔdɔ ne gyedie a yɛwɔ ma Yesu Kristo ne Ne Mpata so na yɛka bom. Ade titire a ɛwɔ woreka ho nokorɛ mu ne sɛ yɛne Kristo bɛyɛ baako.

Manya atinka kɛseɛ wɔ Yesu Kristo Mpata no ho firi berɛ a na meyɛ abɔfra koraa, nanso metee Agyenkwa no Mpata no nokwasɛm ase yie berɛ a na madi mfeɛ 25. Na mewiee Stanford Mmranim Sukuu nkyɛree a na meresua adeɛ ama California mmaranimfoɔ sɔhwɛ. Me maame frɛɛ na ɔkaa sɛ me nanabarima Crozier Kimball a ɔte Utah no rewu. Ɔkaa sɛ sɛ mepɛ sɛ mehunu no deɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ mɛba fie. Na me nana adi mfeɛ 86 na na ɔyare pa ara. Menyaa nsrahwɛ a na ɛyɛ nwanwa. N’ani gyee yie sɛ ɔhunuu me na ɔne me kyɛɛ n’adansedie.

Berɛ a Crozier dii mfeɛ mmiɛnsa pɛ no, n’agya, David Patten Kimball, wuiɛ berɛ a na wadi mfeɛ 44. Na Crozier wɔ anidasoɔ sɛ n’agya ne ne nana, Heber C. Kimball, bɛpene n’asetena so na wɔate nka sɛ wadi n’agyapadeɛ ho nokorɛ.

Me nana afotuo titire a ɔde maa me ne sɛ mɛkwati sɛ mɛdwene sɛ mewɔ biribi hokwan anaa akwanya esiane saa nananom anokwafoɔ yi nti. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ m’adwene si Agyenkwa no ne Agyenkwa no Mpata no so. Ɔkaa sɛ yɛn nyinaa yɛ Ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ mma. Ɛmfa ho ne wɔn a yɛn asase so nananom yɛ, yɛn mu biara bɛbɔ amaneɛ akyerɛ Agyenkwa no wɔ sɛdeɛ yɛdii Ne mmaransɛm no so yie ho.

Nana kaa sɛ Agyenkwa no ne “Ɛpono no sohwɛfoɔ,” yɛɛ ntotoho wɔ 2 Nephi 9:41. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔwɔ anidasoɔ sɛ wanu ne ho yie a ɛbɛma no afata Agyenkwa no mmɔborɔhunu.

Ɛka m’koma pa ara. Na menim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni. Na ɔyɛ agya panin na ɔsomm asɛmpatrɛ adwuma pii. Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ obiara ntumi nsan nkɔ Onyankopɔn nkyɛn nam nnwuma pa nko ara so a Agyenkwa no Mpata no so mfasoɔ nka ho. Mɛtumi akae ɔdɔ ne anisɔ kɛseɛ a na Nanabarima wɔ ma Agyenkwa ne Ne Mpata no de bɛsi ɛnnɛ.

Wɔ afe 2019 mu wɔ dwumadie bi mu wɔ Yerusalem, mekɔɔ soro dan bi a ebia na ɛbɛn beaeɛ a Agyenkwa no hohoroo N’Asomafoɔ nan ase dii N’Asɛnnuamubɔ no anim. Menyaa honhom mu atenka na medwennwenee sɛdeɛ Ɔhyɛɛ N’Asomafoɔ no sɛ wɔnnodɔ wɔn ho no ho.

Mekaee Agyenkwa no Ntamgyina adesrɛ Mpaeɛ a ɔbɔ maa yɛn no. Saa mpaebɔ yi sii wɔ nnɔnhwere a ɛtwa toɔ ankasa wɔ Ne honam mu asetena mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yohane Asɛmpa no mu no.

Wɔde mpaebɔ yi kɔmaa Kristo akyidifoɔ, a yɛn nyinaa ka ho. Wɔ Agyenkwa no adesrɛ a ɔde maa N’agya no mu no, Ɔsrɛɛ “sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako; sɛdeɛ wo Agya, wowɔ me mu, na me nso mewɔ wo mu no, na wɔn nso ayɛ baako wɔ yɛn mu.” Afei Agyenkwa no toa so sɛ, “Na animuonyam a wode maa me no, mede ama wɔn; na wɔayɛ baako, sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.” Baakoyɛ ne deɛ Kristo bɔɔ ho mpaeɛ ansa na wɔreyi No ama ne N’asɛnnuamubɔ no. Yɛbɛtumi afa Agyenkwa no Mpata no so ne Kristo ne yɛn Soro Agya anya baakoyɛ.

Awurade nkwagyeɛ mmɔborohunu no nnyina abusua, nwomasua, sikasɛm gyinabea, anaa abusuakuo so. Ɛgyina sɛ yɛne Kristo ne Ne mmaransɛm yɛ baako.

Nkɔnhyɛni Joseph Smith ne Oliver Cowdery nyaa yikyerɛ a ɛfa Asɔre nhyehyɛeɛ ne ɛso die ho wɔ afe 1830 mu, berɛ a wɔhyehyɛɛ Asɔre no akyi pɛɛ. Deɛ seesei ɛyɛ ɔfa 20 no, Nkɔnhyɛni Joseph na ɔkenkanee wɔ Asɔre nhyiamu a ɛdii kan no mu na ɛyɛ yikyerɛ a ɛdi kan a wɔpenee so.

Adiyisɛm yi mu nsɛm yɛ nwanwa ampa. Ɛkyerɛkyerɛ yɛn Agyenkwa no Mpata no hia ne dwumadie ne sɛdeɛ yɛnam Ne mpata adom no so bɛnya Ne tumi ne nhyira. Na Nkɔnhyɛnyi Joseph adi mfeɛ 24 na na wanya adiyisɛm bebree dada na ɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so awie Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ no. Wɔkyerɛ sɛ Joseph ne Oliver nyinaa yɛ Asomafoɔ a wɔayi wɔn, na wɔnam saayɛ so wɔ tumi sɛ wɔdi Asɔre no anim.

Nkyekyɛmu 17 kɔsi 36 kura Asɔre nkyerɛkyerɛ a ɛho hia muabɔ, a Onyankopɔn nokwasɛm, adasamma Mmɔeɛ, Ahweaseɛ, ne Ɔsoro Agya nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ a ɛnam Yesu Kristo Mpata so ka ho. Nkyekyɛmu 37 no kura ahwehwɛde ahodoɔ a ɛho hia ma asubɔ kɔ Awurade Asɔre no mu. Nkyekyɛmu 75 kɔsi 79 de adidikronkron mpaebɔ a yɛde di dwuma Homeda biara no to hɔ.

Nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, adidikronkron, ne nneyɛɛ a Awurade nam Joseph Smith, Mmaeɛ bio Nkɔmhyɛni no so de sii hɔ no yɛ deɛ ɛho hia ampa.

Asubɔ ho ahwehwɛdeɛ ahodoɔ, ɛwom sɛ ɛmu dɔ deɛ, nanso ɛyɛ mmrɛ sononko. Deɛ ɛka ho titire ne ahobrɛaseɛ wɔ Onyankopɔn anim, akoma a abubuo ne ahonu honhom, bɔne nyinaa a yɛbɛsakra afiri ho, Yesu Kristo din a yɛde bɛto yɛn so, agyina akɔduru awieeɛ, na yɛde yɛn nnwuma akyerɛ sɛ yɛanya Kristo Honhom no.

Ɛho hia sɛ ahwehwɛdeɛ ahodoɔ ma asubɔ no nyinaa yɛ honhom fam deɛ. Sikasɛm anaa asetena mu nkɔsoɔ biara ho nhia. Ahiafoɔ ne adefoɔ wɔ honhom fam ahwehwɛdeɛ korɔ.

Abusuakuo, bɔbea, anaa abusuaman biara nni hɔ a wɔhwehwɛ. Mormon Nwoma no ma ɛda adi pefee sɛ wɔto nsa frɛ obiara sɛ wɔnnya Awurade papayɛ mu kyɛfa, “abibifoɔ ne aborɔfoɔ, nkoa ne ahofadiefoɔ, ɔbarima ne ɔbaa; wɔn nyinaa yɛ pɛ ma Onyankopɔn.” “Nnipa nyinaa wɔ ho kwan, sɛdeɛ baako teɛ no saa ara na baako nso teɛ, na wɔnsi obiara kwan.”

Esiane sɛ yɛyɛ “pɛ” wɔ Onyankopɔn anim nti, nteaseɛ nni mu sɛ yɛbɛsi yɛn nsonoe so dua. Ebinom ahyɛ yɛn nkuran wɔ ɔkwan a ɛntene so sɛ “yɛnyɛ yɛn adwene sɛ nnipa yɛ sononko koraa firi yɛn ho ne wɔn ho wɔn ho sene sɛdeɛ wɔteɛ ankasa. [Ebinom] fa nsonoeɛ a ɛwɔ hɔ nanso ɛyɛ nketewa, na wɔma ɛyɛ nkyekyɛmu akɛseɛ.”

Deɛ ɛka ho ne sɛ, ebinom de mfomsoɔ asusu sɛ esiane sɛ wɔto nsa frɛ nnipa nyinaa sɛ wɔnnya Ne papayɛ ne ne daa nkwa nti, abrabɔ ho ahwehwɛde biara nni hɔ.

Nanso, twerɛnsɛm no di adanseɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ nnipa a wɔbu akontaa nyinaa sakyera firi bɔne ho na wɔdi Ne mmaransɛm so. Awurade yɛ no pefee sɛ obiara wɔ abrabɔ pa ho ɔpɛ na “ɔde ne ho sɛ ɔbɛyi ahofadie ne daa nkwa, nam nnipa nyinaa Ntamgyinafoɔ kɛseɛ no so, na ɔyɛ setie ma ne mmaransɛm akɛseɛ; na ɔdi nokorɛ ma ne nsɛm, na ɔyi daa nkwa.” Sɛ yɛbɛnya Agyenkwa no Mpata no nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛpene so de yɛn abrabɔ pa ho ɔpɛ di dwuma de yi Kristo na yɛdi Ne mmaransɛm so.

Wɔ m’asetena mu no, wɔahwehwɛ “ɔpɛ” ne ”ahofadie a wɔde yie” nkyerɛaseɛ mu na wɔagye ho akyinnyeɛ. Wɔagye na wɔgu so gye akyinnyeɛ pii wɔ nimdeɛ mu wɔ saa nsɛmti yi ho.

Wɔ nnansa yi ara suapɔn kɛseɛ bi adesuafoɔ a wɔawie dada dawurubɔ bi anim no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa ho adesua mu ɔbnefoɔ bi ka sɛ “Wɔnnye ɔpɛ ho fahodie ntom.” Ɛnyɛ nwanwa, sɛ wɔafa ɔbenfoɔ no asɛm aka wɔ amanebɔ no mu sɛ, “Biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no Onyankopɔn, na ɔpɛ ho fahodie biara nni hɔ, na wiase yi yɛ tɛtrɛtɛ hunu a hwee nni mu.” Me ne no nyɛ adwene koraa.

Yɛn gyedie ho nkyerɛkyerɛ titire ne sɛ yɛwɔ abrabɔ pa ho ahofadie, a ɔpɛ ho fahodie ka ho. Ahofadie yɛ tumi a yɛde yi na yɛyɛ. Ɛho hia ma nkwagyeɛ nhyehyɛɛ. Sɛ abrabɔ pa ho ahofadie nni hɔ a, anka yɛrentumi nsua, ntu mpɔn, anaa nyi sɛ yɛne Krist bɛyɛ baako. Esiane abrabɔ pa ho ahofadie nti, “yɛwɔ fahodie sɛ yɛbɛyi ahofadie ne daa nkwa.” Wɔ Ɔsoro Agyinatuo mu ansa na yɛreba asase so no, na ahofadie ka Agya no nhyehyɛeɛ ho sɛ adeɛ a ɛho hia. Lusifa tee atua na “ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛsɛe onipa ahofadie.” Ne saa nti, wɔamma Satan ne wɔn a wɔdii n’akyi no akwanya sɛ wɔbɛnya nipadua a ɛwu no.

Ahonhom afoforɔ no de wɔn ahofadie dii Ɔsoro Agya nhyehyeɛ no akyi. Ahonhom a wɔawo wɔn aba ɛwuo asetena yi mu kɔ so nya ahofadie. Yɛwɔ fahodie sɛ yɛbɛyi na yɛayɛ, nanso yɛnni tumi wɔ ne nsunsuansoɔ so. “Papa ne teneneeyɛ yie de anigyeɛ, asomdwoeɛ ne nkwa a ɛniiawieeɛ ba ɛna bɔne a wɔyi nso awieeɛ yɛ amanehunu ne awerɛhoɔ.” Sɛdeɛ Alma kaeɛ no, “Atirimuɔdensɛm anyɛ anigyeɛ da.”

Wɔ wiase a akansie kɛseɛ wom yi mu no, wɔbɔ mmɔden berɛ biara sɛ wɔbɛhyerɛn. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ papa pa ara a yɛbɛtumi ayɛ no yɛ mmɔdemmɔ a ɛtene na mfasoɔ wɔ so. Ɛne Awurade nkyerɛkyerɛ hyia. Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛte afoforɔ so anaa bɛbu wɔn animtiaa anaa wɔbɛyɛ akwansideɛ ama wɔn nkonimdie no ne Awurade nkyerɛkyerɛ bɔ abira. Yɛrentumi mfa soboɔ mmɔ tebea ahodoɔ anaa afoforɔ wɔ gyinaeɛ a yɛsie sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛne Onyankopɔn mmaransɛm bɔ abira.

Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, ɛnyɛ den sɛ yɛde adwene bɛsi honam fam ne adwuma mu nkonimdie so. Ebinom werɛ firi daa nnyinasosɛm ne nneɛma a wɔyi a ɛho hia ma daapem. Yɛbɛyɛ anyansafoɔ sɛ yɛbɛdi Titenani Russell M. Nelson afotuo no so sɛ “dwene ɔsoro ho.”

Ɛkame ayɛ sɛ obiara bɛtumi ayi nneɛma a ɛho hia pa ara a ɔdomakyɛdeɛ, tumi, akwanya, anaa sikasɛm tebea ahodoɔ mfa ho. Abusua yie a wɔde bɛdi kan a wɔbɛsi so dua no ho hia. Yei da adi pefee wɔ twerɛnsɛm no mu nyinaa. Susu amaneɛbɔ a ɛwɔ 1 Nephi a Lehi “firi kɔɔ ɛserɛ so no ho. Na ɔgyaa ne fie ne n’agyapadeɛ asase ne ne sika ne ne dwetɛ ne ne nneɛma a ɛsom boɔ, na wamfa hwee ankɔ, gye sɛ n’abusua nko ara.”

Berɛ a yɛhyia asetena mu nsakraeɛ ahodoɔ no, nneɛma pii sisi a yɛnni so tumi kɛse anaasɛ yɛnni tumi wɔ so koraa. Apɔmuden ho ɔhaw ne akwanhyia ahodoɔ bɛtumi aka saa kuo yi ho pefee. Nnansa yi COVID-19 yaredɔm no anya nsunsuansoɔ kɛseɛ wɔ nnipa a wɔyɛɛ biribiara yie so. Wɔ nneɛma a ɛho hia pa ara a yɛyi ho no, yɛwɔ so tumi. Sɛ yɛsan kɔ m’asɛmpatrɛ nna mu a, Elder Marion D. Hanks, yɛn asɛmpatrɛ titenani, maa yɛn nyinaa kyeree Ella Wheeler Wilcox anwensɛm bi fa bi guu yɛn tirim:

Akwanya biara, nkrabea biara, hyɛbrɛ biara nni hɔ,

Ɛbɛtumi akwati anaasɛ asi kwan anaasɛ adi

Ɔkra a wasi ne bo asi gyinaeɛ.

Wɔ nnyinasosɛm, suban, nyamesom mu amanneɛ, ne tenenee asetena ho nsɛm mu no, yɛwɔ so tumi. Yɛn gyedie wɔ Onyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo mu yɛ ɔpɛ a yɛyie.

Mesrɛ mo monte aseɛ sɛ ɛnyɛ sɛ merekamfo anigyeɛ a ɛsua wɔ nwomasua anaa adwuma ho. Deɛ mereka ne sɛ, sɛ yɛma nwomasua ne adwuma ho mmɔdemmɔ kɔ soro sene abusua anaasɛ yɛne Kristo baakoyɛ a, deɛ ɛfiri mu ba a yɛanhyɛ da no bɛtumi ayɛ deɛ ɛnyɛ koraa.

Nkyerɛkyerɛ a ɛmu da hɔ na ɛnyɛ den a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20 no ka akoma na ɛhyɛ nkuran na ɛma honhom mu nsusuiɛ kronkron yɛ kɛseɛ na ɛma emu da hɔ. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ nkwagyeɛ ba berɛ a Yesu Kristo bu akra a wɔasakyera no bem na ɔte wɔn ho ɛnam Agyenkwa no adom nti. Ɛsiesie kwan ma Ne Mpata no dwumadie a ɛkyɛn so no.

Ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde afoforɔ bɛka yɛn baakoyɛ kuo no ho. Sɛ yɛbɛdi Titenani Russell M. Nelson afotuo sɛ yɛmmoaboa Israel a wɔahwete ano wɔ nkatanim no afanu nyinaa a, ɛhia sɛ yɛde afoforɔ ka yɛn baakoyɛ kuo no ho. Sɛdeɛ Titenani Nelson akyerɛkyerɛ fɛfɛɛfɛ no: “Wɔ asasepɔn ne ɛpo nsupɔ biara so no, wɔreboaboa nnipa anokwafo ano akɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu. Nsonoeɛ a ɛwɔ amammerɛ, kasa, bɔbea, abusuakuo, ne ɔman a obi fi mu no yera yɛ deɛ ɛho nhia berɛ a anokwafoɔ wura apam kwan no mu na wɔba yɛn Gyefoɔ dɔfoɔ no nkyɛn.”

Yɛnam ɔdɔ ne gyedie a yɛwɔ ma Yesu Kristo ɛne sɛ yɛyɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ mma so yɛ baako. Ade titire a ɛwɔ woreka ho nokorɛ mu ne sɛ yɛne Kristo bɛyɛ baako. Asubɔ ne adidi kronkron ayɛyɛdeɛ a wɔakyerɛkyerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20, ne yɛn tɛmpol apam ahodoɔ ka yɛn bom wɔ akwan sononko so na ɛma yɛyɛ baako wɔ ɛkwan biara a ɛho hia ma daapem so na yɛtena ase wɔ asomdwoeɛ ne koroyɛ mu.

Medi m’adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ na akyinnyeɛ nni ho sɛ Yesu Kristo te ase, na ɛnam Ne Mpata no nti, yɛbɛtumi ne Kristo ayɛ baako Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Na David a wadi mfeɛ 17 no aboa ma wɔde Ahotefoɔ no bi atwa Sweetwater Asubɔnten a nsukyenee ahyɛ ma no berɛ a wɔkɔɔ ahohiahia mu wɔ Wyoming asasetam atenten no so (hwɛ Saints: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɛ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Abasɛm, volume 2, Nsa a Ɛho Nteɛ Biara, 1846–1893 [2020], 237).

  2. Hwɛ Moroni 7:27–28.

  3. Me ne Norway Rabi Panin, Rabi Michael Melchior na na yɛyɛ akasafoɔ atitire wɔ Yudafoɔ–Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nwomanimfoɔ nkɔmmɔdie a wɔyɛɛ no ​​Ayɛwohomumɔ 5, 2019, wɔ BYU Jerusalem Center wɔ Israel.

  4. Hwɛ Yohane 17:20.

  5. Yohane 17:21–22.

  6. Hwɛ “Nhyiamu Nsɛm ne Kristo Asɔre ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ Twerɛtohɔ Nwoma, 1838–1839, 1844” (wɔtaa frɛ no Far West Twerɛtohɔ), Ayɛwohomumɔ 9, 1830, Asɔre Abakɔsɛm Nwoma Akoraeɛ, Salt Lake City; Steven C. Harper, Nkyerɛkyerɛ ne Apam Nteaseɛ a Ɛnyɛ Den (2008), 75).

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20 yɛ adiyisɛm a ɛdi kan a wɔtintimm wɔ Asɔre dawurubɔ krataa mu na asɛmpatrɛfoɔ de dii dwuma wɔ nkyerɛkyerɛ ne asubɔ ne adidi kronkron ayɛyɛdeɛ nyinaa ho nhyehyɛeɛ mu (hwɛ Harper, Nkyerɛkyerɛ ne Apam Nteaseɛ a Ɛnyɛ Den, 75).

  8. Hwɛ 2 Nephi 2:7.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37.

  10. 2 Nephi 26:33.

  11. 2 Nephi 26:28.

  12. Peter Wood, Diversity: The Invention of a Concept (2003), 20.

  13. Nehor faa ne diberɛ (hwɛ Alma 1:4).

  14. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29:49–50.

  15. 2 Nephi 2:27–28.

  16. Stanford (Standford Sukuufoɔ a Wɔawie Kuo Dawurubɔ), Ɔpɛnimaa 2023, cover.

  17. Sam Scott, “Te sɛ deɛ Wowɔ Ɔpɛ,” Stanford, Ɔpɛnimaa 2023, 44. Amaneɛbɔ no kyerɛ sɛ ɔbenfoɔ no ne Robert Sapolsky, Stanford ɔbenfoɔ a ɔkyerɛ abɔdeɛ a nkwa wom, ntini mu yareɛ ho adesua, ne ntini mu oprehyɛn, ne abɔdeɛ ho nimdeɛ nwoma a wɔtɔ no kɛse twerɛfoɔ. Amaneɛbɔ no kura adwene ahodoɔ a ɛne no bɔ abira a Alfred Mele, nyansapɛ ho ɔbenfoɔ wɔ Florida State Sukuupɔn mu, a ɔdii John Templeton Fapem Dwumadie kɛse bi a ɛfa ɔpɛ ho ahofadie anim no ka ho. Ɔkaa sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔdeɛ ho animdefoɔ nkyerɛɛ sɛ ɔpɛ ho ahofadie—mpo ɔpɛ ahofadie kɛseɛ—yɛ nnaadaa.” (Scott, “Te Sɛ Deɛ Wowɔ Ɔpɛ bi,” 46).

  18. Hwɛ D. Todd Christofferson, “Moral Agency” (Brigham Young University devotional, Ɔpɛpɔn 31, 2006), speeches.byu.edu.

  19. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:27.

  20. 2 Nephi 2:27.

  21. Moses 4:3.

  22. True to the Faith: A Gospel Reference (2004), 12.

  23. Alma 41:10.

  24. Hwɛ Russell M. Nelson, “Dwene Sɛlɛtia!,” Liahona, Obubuo 2023, 117–20.

  25. 1 Nephi 2:4.

  26. Ella Wheeler Wilcox Anwensɛm Nnwuma (1917), 129.

  27. M’ani gye asɛm bi a Elder Neal A. Maxwell ne yɛn kyɛeɛ a ɛka yei wɔ kwan tiawa so sɛ: “Sɛ wonnii kan nyii Onyankopɔn ahemman no a, awieeɛ no deɛ woayi no remfa nsonoeɛ biara mma” (wɔde ma William Law a ɔyɛ mfe-ha a ɛtɔ so 18 mu Engiresi sɔfoɔ; wɔaka wɔ Neal A. Maxwell, “Response to a Call,” Ensign, Kɔtɔnima 1974, 112).

  28. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:29–31. Calvinsom nyamekyerɛ sii akra a wɔahwe ase bembuo ne nteho a ɛnam Yesu Kristo adom so so dua. Ɛkyerɛkyerɛe sɛ, sɛ Onyankopɔn hyehyɛ ɔkra bi ma nkwagyeɛ wie a, biribiara ntumi nsesa ne nsunsuansoɔ. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20 ne Calvinsom di mpaepaemu. Ɛkenkan sɛ, “Onipa bɛtumi ahwe ase afiri adom mu na watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho” (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:32–34; Harper, Nkyerɛkyerɛ ne Apam Nteaseɛ a Ɛnyɛ Den74).

  29. Russell M. Nelson, “Building Bridges,” Liahona, Ɔpɛnimaa 2018, 51.