Amansan Nhyiamu
Aduaba a Ɛka hɔ
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Aduaba a Ɛka hɔ

Honhom Kronkron a yɛbɛma wasɔ yɛn ayɛyɛdeɛ ano no ho hia sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no daa nyinaa a.

Berɛ a na meyɛ abarimaa kumaa no, na m’ani gye peaches a wɔayɛ no foforɔ a abereɛ ho. De bɛsi ɛnnɛ, sɛ mekae sɛdeɛ meka apple a abere na nsuo wom ne ne hwam no a, na mekɔn adɔ. Sɛ wɔte apple a anyini awie a, ɛdi nnanu kɔsi nna nan ansa na asɛe. Mewɔ nkaeɛ a ɛyɛ anigyeɛ sɛ me ne me maame ne me nuanom wɔ yɛn gyaade a yɛrekora apple a wɔatete ama awɔberɛ a ɛreba no berɛ a yɛde hyehyɛ nkotokuo mu na yɛkata ano. Sɛ yɛkora apple no yie a, saa aduaba dɛɛdɛ yi bɛdi mfeɛ pii, na ɛnyɛ nnanu kɔsi nna nan pɛ. Sɛ wosiesie no yie na wɔma ɛyɛ hye a, wɔkora nnuaba no so kɔsi sɛ nsɔano no bɛbubu.

Kristo kyerɛɛ yɛn sɛ “monkɔ nkɔso aba, na mo aba no nka hɔ.” Nanso na ɛnyɛ apple ho asɛm na ɔreka. Na ɔreka Onyankopɔn nhyira ma Ne mma ho asɛm. Sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ apam na yɛdi so a, nhyira a ɛbata yɛn apam ho no bɛtumi atrɛ akɔ akyiri asen saa asetena yi na wɔasɔ ano wɔ yɛn so, anaa wɔakora so, afebɔɔ, abɛyɛ aba a ɛbɛtena hɔ daa.

Honhom Kronkron no, wɔ Ne soro dwumadie mu sɛ Bɔhyɛ Honhom Kronkron no, bɛsɔ ahyɛdeɛ biara ano wɔ wɔn a wɔdi nokorɛ ma wɔn apam no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ adwuma wɔ owuo akyi. Sunsum Kronkron a yɛbɛma asɔ yɛn ayɛyɛdeɛ ano no ho hia sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya nhyira a wɔahyɛ ho bɔ ama daapem nyinaa no a, ɛbɛyɛ aduaba a ɛka.

Yei ho hia titiriw sɛ yɛpɛ sɛ wɔma yɛn so a. Sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ “yɛhyɛ aseɛ a awieeɛ no wɔ yɛn adwene mu. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, yɛn mu biara fam no, ‘awieeɛ’ a yɛbɛpɛ sɛ yenya paa ne sɛ yɛne yɛn mmusua bɛtena daa wɔ tebea a ɛkorɔn mu a yɛbɛtena Onyankopɔn, yɛn Soro Agya, ne Ne Ba Yesu Kristo anim.” Titenani Nelson nso aka sɛ: “Ɔsoro awareɛ yɛ adeɛ titire wɔ ahosiesie ma daa nkwa. Ɛhwehwɛ sɛ obi ware onipa a ɔfata, wɔ beaeɛ a ɛfata, de nam tumi a ɛfata so, na ɔde nokorɛdie di saa apam kronkron no so. Afei, obi bɛtumi anya mpagya wɔ Onyankopɔn soro ahemman no mu.”

Deɛn ne mpagya nhyira? Ebi ne sɛ wɔbɛbom atena Onyankopɔn anim afebɔɔ sɛ okunu ne ɔyere, sɛ wɔbɛnya “ahennwa, ahemman, tumidie, ne tumi, ne aba no ntoasoɔ daa daa,” na wɔagye deɛ Onyankopɔn Agya no wɔ nyinaa.

Awurade nam Joseph Smith so daa no adi sɛ:

“Ɔsoro animuonyam mu no, ɔsoro anaa abodin mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ;

“Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a onipa bɛnya deɛ ɔkorɔn pa ara no, ɛsɛ sɛ ɔwura saa asɔfodie nhyehyɛe yi mu [a ɛkyerɛ daapem apam foforɔ awareɛ];

“Na sɛ wanyɛ saa a, ɔrentumi nnya.

“Ɔbɛtumi akɔ ɔfoforɔ mu, nanso ɛno ne n’ahemman awieeɛ;”

Yɛsua wɔ ha sɛ obi bɛtumi awɔ sɛlɛtia ahemman mu, anaa ɔbɛtena Onyankopɔn anim, na wayɛ osigyani. Nanso sɛ obi bɛnya mpagya wɔ sɛlɛtia ahemman no mu deɛ ɛkorɔn pa ara no a, ɛsɛ sɛ ɔnam tumidie a ɛfata so wura awareɛ mu na afei ɔyɛ ɔnokwafoɔ wɔ apam ahodoɔ a wayɛ wɔ saa awareɛ no mu no ho. Sɛ yɛdi nokorɛ ma saa apam yi a, Honhom Kronkron Bɔhyɛ no bɛtumi asɔ yɛn awareɛ apam ano. Nhyira a wɔasɔ ano a ɛte saa no bɛyɛ aba a ɛka.

Deɛn na wɔhwehwɛ na wɔde nokorɛdie adi daapem apam foforɔ awareɛ no so?

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ nhyehyɛeɛ ahodoɔ mmienu na ɛwɔ hɔ berɛ a yɛwura daapem awareɛ apam mu: abusuabɔ a ɛda okunu ne ɔyere ntam, ne abusuabɔ a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam. Sɛ yɛbɛnya mpagya nhyira a wɔasɔ ano wɔ yɛn so na yɛakɔ so wɔ asetena yi akyi a, ɛsɛ sɛ yɛdi nokorɛ wɔ apam nhyehyɛeɛ mmienu no nyinaa ho.

Sɛdeɛ wo ne wo hokafoɔ bɛkɔ so akora abusuabɔ no, Onyankopɔn atu yɛn fo sɛ “fa [wo] koma nyinaa dɔ [wo] yere [anaa kunu], na bata ne ho na ɛnyɛ obi foforɔ.” Wɔn a wɔaware no, sɛ wobɛbata ne ho na ɛnyɛ obi foforɔ kyerɛ sɛ modwene bom wɔ ɔdɔ mu, mododɔ na modwene mo ho mo ho, monya berɛ a mo ahokafoɔ tena no sene abɔnten so anigyeɛ, na mofrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa ma monni mo mmrɛyɛ so. Ɛkyerɛ nso sɛ nkateɛ anaa nna mu abusuabɔ biara nni w’awareɛ akyi, a ɔbarima ne ɔbea nna anaa ayɔnkofa ka ho, na adwamansɛm biara nni hɔ, a ɛma akɔnnɔ ba.

Sɛdeɛ mobɛkora nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a mo ne mo ho wɔ mu no, ɛsɛ sɛ ɔhokafo biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔttena awareɛ no mu. Nnansa yi ara Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Yɛnim nso sɛ Ɔno [Onyankopɔn] renhyɛ obiara mma ɔnkɔ nsɔano abusuabɔ mu a ɛnyɛ ne pɛ. Wɔde nsɔano abusuabɔ ho nhyira ahotosoɔ ma wɔn a wɔkora wɔn apam nyinaa nanso ɛnyɛ nsɔano abusuabɔ a wɔhyɛ obi foforɔ a ɔmfata anaasɛ ɔmpɛ da.”

Deɛn ne soro nhyehyɛeɛ a Titenani Nelson kaa ho asɛm no? Soro nhyehyɛeɛ no yɛ deɛ yɛne Onyankopɔn yɛ.

Sɛ yɛbɛkora soro nhyehyɛeɛ a yɛne Onyankopɔn wɔ a, ɛsɛ sɛ yɛdi nokorɛ wɔ tɛmpol apam ahodoɔ a yɛayɛ a ɛfa setie, afɔrebɔ, asɛmpa no, ahohyɛsoɔ, ne nhyirasoɔ mmara ho no so. Yɛne Onyankopɔn nso yɛ apam sɛ yɛbɛgye yɛn daapem hokafoɔ na yɛayɛ ɔhokafoɔ ne ɔwofoɔ a ɔtene. Berɛ a yɛkora nkyekyereɛ a ɛgyina hɔ no so no, yɛfata ma nhyira a ɛne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abusua no fa ɛnam Abraham apam no so, a asefoɔ nhyira, asɛmpa, ne asɔfodie ka ho. Saa nhyira yi nso ne aba a ɛka.

Berɛ a yɛwɔ anidasoɔ sɛ wɔn a wɔwura daapem apam foforɔ no mu nyinaa bɛkɔ so adi nokorɛ na wɔasɔ nhyira ano wɔ wɔn so ama daapem nyinaa no, ɛtɔ da a ayɛ sɛ saa adepa no boro yɛn so. Me som adwuma nyinaa mu no mahyia asɔremma a wɔyɛ apam na wɔdi so, nanso wɔn hokafoɔ nnyɛ saa. Wɔn a wɔyɛ asigyafoɔ, a wɔannya hokwan anware wɔ honam asetena mu da nso wɔ hɔ. Na ebinom nso a wɔnni nokorɛ wɔ wɔn awareɛ apam mu wɔ hɔ. Deɛn na ɛto ankorankoro wɔ tebea ahodoɔ yi mu biara mu?

  1. Sɛ wokɔ so di nokorɛ ma apam a woyɛeɛ berɛ a wɔmaa wogyee akyɛdeɛ kronkron no a, wobɛnya ankorankoro nhyira a wɔhyɛɛ wo bɔ wɔ akyɛdeɛ kronkron no mu no sɛ mpo wo hokafoɔ abu n’apam so anaasɛ watwe ne ho afiri awareɛ no mu a. Sɛ wɔsɔɔ wo ano na akyire yi wogyaee awareɛ, na sɛ wɔantwa wo nsɔano no mu a, ankasa nhyira a ɛwɔ saa nsɔano no mu da so yɛ adwuma ma wo berɛ a wokɔ so di nokorɛ.

    Ɛtɔ da a, esiane yi a wɔyi obi ma ne yea ankasa atenka nti, ɔhokafoɔ nokwafoɔ bi bɛpɛ sɛ wɔtwa wɔn nsɔano a wɔne wɔn ahokafoɔ a wɔnni nokorɛ no nsɔano no mu na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn ho koraa sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔ asase so ne daapem nyinaa. Sɛ ɛha wo sɛ ɔkwan bi so no wɔbɛkyekyere wo ne kane ɔhokafoɔ bi a ɔnnu ne ho a, kae sɛ, worenyɛ saa! Onyankopɔn renhwehwɛ sɛ obi bɛtena abusuabɔ a wɔasɔ ano mu wɔ daapem nyinaa a ɛnyɛ ne pɛ. Ɔsoro Agya bɛhwɛ sɛ yɛbɛnya nhyira biara a yɛn pɛ ne deɛ yɛyi ma ho kwan.

    Nanso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔtwa nsɔano no mu a, wɔkyerɛ obuo ma ahofadie. Wɔbɛtumi adi nhyehyɛeɛ ahodoɔ bi so. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ yei kwa! Titenafoɔ a Wɔdi Kan no kura nsafoa a wɔde kyekyere wɔ asase so ne ɔsoro. Sɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no ma nsɔano a wɔtwa mu ho kwan wie a, nhyira a ɛfa saa nsɔano no ho no nyɛ adwuma bio; wɔtwam wɔ soro ne fam nyinaa. Ɛho hia sɛ yɛte aseɛ sɛ, sɛ yɛbɛnya mpagya nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛwura saa daapem apam foforɔ yi mu na yɛadi nokorɛ, wɔ saa asetena yi anaa deɛ ɛdi hɔ no mu.

  2. Wɔn a wɔn abusuafoɔ nni Asɔre no mu no, mesrɛ mo monkae sɛ “wɔ Awurade ankasa kwan ne ne berɛ mu no, wɔrensie nhyira biara nkame N’ahotefoɔ anokwafoɔ. Awurade bɛbu ankorankoro biara atɛn na watua no ka sɛdeɛ akoma mu [ɔpɛ] ne nnwuma teɛ.”

  3. Sɛ wonnii nokorɛ wɔ tɛmpol apam ahodoɔ ho a, so anidasoɔ wɔ hɔ? Aane! Yesu Kristo asɛmpa no yɛ anidasoɔ asɛmpa. Saa anidasoɔ no nam Yesu Kristo so ba firi akoma mu adwensakyera ne setie wɔde di Kristo nkyerɛkyerɛ so. Mahunu sɛ ankorankoro yɛ mfomsoɔ kɛseɛ, bu apam kronkron so. Daa, mehunu wɔn a wɔfiri akoma mu sakyera wɔn adwene, wɔde kyɛ wɔn, na wɔsan kɔ apam kwan no so. Sɛ woabu wo tɛmpol apam so a, mehyɛ wo nkuran sɛ kɔ Yesu Kristo nkyɛn, wo ne wo bishop nkasa, sakyera w’adwene, na bue wo mu kra ma ayaresa tumi kɛseɛ a ɛwɔ hɔ esiane Yesu Kristo Mpata no nti.

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛn Ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ama yɛn apam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya kwan akɔ deɛ Ɔde asie ama yɛn nyina ara. Saa nhyira kronkron a ɛfiri Onyankopɔn hɔ yi yɛ dɛ sene asase so aduaba biara. Wobɛtumi akora so ama yɛn afebɔɔ, abɛyɛ aba a ɛka, berɛ a yɛdi nokorɛ ma yɛn apam no.

Medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn asan de tumi a wɔde kyekyere nneɛma wɔ asase so ne ɔsoro no ama. Saa tumi no wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu. Titenafoɔ a Wɔdi Kan ne Dummienu Kuo no na wɔkura mu na wɔde di dwuma wɔ Titenani Russell M. Nelson akwankyerɛ ase. Wɔn a wɔhyɛn awareɛ apam foforɔ ne daapem apam mu na wɔdi saa apam no so no bɛtumi ayɛ pɛ na awieeɛ koraa no wɔanya Agya no animuonyam a ɛyɛ pɛ, ɛmfa ho tebea a wɔntumi nni so.

Saa nhyira a wɔahyɛ ho bɔ yi a ɛfa yɛn apam ho no, wɔbɛtumi de Honhom Kronkron Bɔhyɛ no asɔ yɛn ano na yɛabɛyɛ “aduaba a ɛka hɔ” daa daa. Me di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen

Atwerɛ.

  1. Yohane 15:16.

  2. Hwɛ Dale G. Renlund, “Onyankopɔn Tumi a Wɔnam Apam so Nya,” Liahona, May 2023, 35–38; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:7.

  3. Wɔsɔ ayɛyɛdeɛ bi ano berɛ a wɔma ɛdi mu wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa ɛfiri sɛ obi a ɔwɔ tumi na ɔyɛ na Sunsum Kronkron no gye tom.

    “Yɛtaa dwene nsɔano tumi no ho sɛ ɛfa tɛmpol ayɛyɛdeɛ bi nko ara ho, nanso saa tumidie no ho hia na ama ayɛyɛdeɛ biara ayɛ deɛ ɛdi mu na ɛkyekyere tra owuo. Sɛ nhwɛsoɔ no, nsɔano tumi no de mmra kwan so nsɔano ma w’asubɔ, sɛdeɛ wɔbɛgye atom wɔ ha ne ɔsoro. Ewieeɛ koraa no, wɔyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ nyinaa wɔ Asɔre no Titenani no nsafoa ase, na sɛ deɛ Titenani Joseph Fielding Smith kyerɛkyerɛɛ mu no, ‘Ɔno [Asɔre no Titenani] ama yɛn tumi no, ɔde nsɔano tumi no ahyɛ yɛn asɔfodie mu, ɛfiri sɛ ɔkura saa nsafoa no’ [quoted by Harold B. Lee, in Conference Report, Oct. 1944, 75]” (D. Todd Christofferson, “Nsɔano Tumi No,” Liahona, Nov. 2023, 20).

    “Adeyɛ a wɔde Honhom Kronkron Bɔhyɛ asɔ ano no yɛ deɛ Sunsum Kronkron no gye tom. Obiara ntumi nni atorɔ nkyerɛ Honhom Kronkron no na wafa so a obiara nhu. Saa nnyinasosɛm yi nso fa ayɛyɛdeɛ ne dwumadie foforɔ biara a ɛwɔ Asɔre no mu ho. Enti sɛ nnipa mmienu no nyinaa [wɔ awareɛ mu] ‘ɔtene na wɔyɛ nokwafoɔ’ a. [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:53], sɛ wɔfata a, wɔde nsɔano a ɛgye tom to wɔn tɛmpol mu awareɛ no so; sɛ wɔnfata a, wɔnam Honhom no so mmu wɔn bem na wɔsi Honhom Kronkron no a wɔgye tom no ano. Mfata a edi hɔ no bɛma nsɔano no ayɛ adwuma, na nea ɛnteɛ bɛbubu nsɔano biara” (Bruce R. McConkie, “Bɔhyɛ Honhom Kronkron,” in Ahosiesie a Wɔbɛyɛ ama Daa Awareɛ Asuafoɔ Nwoma [2003], 136).

    Honhom Kronkron Bɔhyɛ no ne Sunsum Kronkron a ɔde pene nsɔano si ayɛyɛdeɛ biara so: asubɔ, denhyɛ, asɔfohyɛ, awareɛ. Bɔhyɛ no ne sɛ wɔbɛfa nokorɛdie so anya nhyira no. Sɛ obi bu apam bi so a, sɛ ɛyɛ asubɔ, asɔfohyɛ, awareɛ anaa biribi foforo biara a, Honhom no twe pene nsɔano no, na wɔrennya nhyira no. Wɔsɔ ayɛyɛdeɛ biara ano, a akatua a ɛgyina nokorɛdie so ho bɔhyɛ ka ho. Honhom Kronkron no twe pene nsɔano no firi baabi a wɔabu apam so” (Joseph Fielding Smith, Doctrines of Salvation, comp. Bruce R. McConkie [1954], 1:45).

  4. Russell M. Nelson, Heart of the Matter: Nea Mfeɛ ɔha Asetena Akyerɛkyerɛ Me (2023), 15. Ɛsɛ sɛ wɔde Bɔhyɛ Honhom Kronkron no sɔ apam nyina ano sɛ wɔbɛnya ahoɔden wɔ awufoɔ wusɔreɛ akyi a (see nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:7).

  5. Russell M. Nelson, “Sɛlɛtia Awareɛ,” Liahona, Nov. 2008, 94.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam132:19.

  7. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:38.

  8. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:1–4.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:19–20. “Saa beaeɛ a ɛkorɔn sen biara no —mpagya wɔ ɔsoro ahennie mu —ne nea Yesu Kristo Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Asɔre no twe adwene si so”(Dallin H. Oaks, “Animuonyam Ahenie ahodoɔ,” Liahona, Nov. 2023, 26).

  10. “Sɛdeɛ awareɛ ne mmusua kyɛ abusuabɔ nhyehyɛeɛ sononko bi a ɛde ɔdɔ soronko ba no, saa ara na abusuabɔ foforɔ a wɔyɛ berɛ a yɛne Onyankopɔn yɛ soro apam de kyekyere yɛn ho berɛ a yɛwura daapem apam foforɔ awareɛ mu no nso teɛ” (Russell M. Nelson, Heart of the Matter, 41–42).

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:22; san hwɛ General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, 38.6.16. Berɛ a mereka awareɛ ho asɛm wɔ ha no, mereka awareɛ a ɛgyina Onyankopɔn mmara so, a ɛkyerɛkyerɛ awareɛ mu sɛ mmara ne mmara kwan so nkabom a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam (hwɛ “Abusua: Paemuka a Wɔde Ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ).

  12. Hwɛ “Abusua: Paemuka a Wɔde Ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  13. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:22–24.

  14. Dallin H. Oaks, “Animuonyam Ahennie Ahodoɔ,” 29; ɔsii so dua.

  15. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 86:8–11; 113:8; Abraham 2:9–11.

  16. Hwɛ General Handbook, 38.4.1.

    Berɛ a na meresom asɛmpatrɛ adwuma wɔ Switzerland no, me ne me hokafoɔ no ne Switzerlandfoɔ awarefoɔ anwanwafo] bi a na wɔadi mfeɛ aduosia kyɛɛ asɛmpa no. Berɛ a yɛrekyerɛkyerɛɛ awarefoɔ yi Yesu Kristo Asɔre a wɔasan de aba no ho asɛm no, ɔbaa no kyerɛɛ anigyeɛ kɛseɛ wɔ deɛ na yɛrekyerɛkyerɛ no ho. Wɔ nnawɔtwe kakra a ɛdi hɔ no mu no, ɔnyaa adanseɛ a ɛfa nokwasɛm a ɛne sɛ wɔsan de Yesu Kristo Asɔre no sii hɔ, wɔ tumi a ɛtene a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, na Yesu Kristo nam nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ ateasefoɔ so kyerɛ N’Asɔre kwan. Yɛhwɛɛ kwan sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ saa awarefoɔ yi afa Mmaeɛbio no nkyerɛkyerɛ a ɛkorɔn pa ara no mu baako ho, hokwan a ɛwɔ hɔ ma daapem awareɛ. Nanso, anwanwasɛm ne sɛ, berɛ a yɛkyerɛkyerɛɛ awarefoɔ yi daapem awareɛ nkyerɛkyerɛ no, Switzerlandni baa no kaa sɛ n’ani nnye ho sɛ ɔne ne kunu bɛtena daapem. Wɔ ne fam no, na ɔsoro nka ne kunu a ɔne no aware mfeɛ aduasa-nsia no ho. Wɔbɔɔ onuabaa yi asu, nanso ne kunu ammɔ asu. Wɔansɔ wɔn ano da wɔ tɛmpol.

    Nanso, wɔ nnipa pii fam no, sɛ ɛnyɛ onipa a wɔne no awareɛ no a, anka ɔsoro renyɛ ɔsoro. Sɛ wo ne ɔhokafoɔ a wodɔ no no bɛbom, afebɔɔ no, te sɛ ɔsoro ampa. Berɛ a Elder Jeffrey R. Holland kaa ne yere a ɔdɔ no, Pat, ho asɛm no, ɔsoro renyɛ ɔsoro sɛ ɔnka ho (hwɛ “Scott Taylor: Sɛ Ɛlda Holland, Ɔsoro a Ne Yere ne Ne Mma nni hɔ a ‘Ɛrenyɛ Ɔsoro mma Me,’” Asɔre Kaseɛbɔ, July 22, 2023, thechurchnews.com).

  17. Hwɛ Dallin H. Oaks, “Animuonyam Ahennie ahodoɔ,” 26.

  18. Russell M. Nelson, “Ɔsoro Awareɛ,” 94.

  19. Hwɛ Yohane 15:16.