Amansan Nhyiamu
Ogya Fadum ne Hann
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Ogya Fadum ne Hann

Yɛn nso yɛbɛtumi anya yɛn ankasa hann fadum—ahyerɛn baako mmerɛbiara.

Me nkrasɛm yɛ ma wɔn a wɔha wɔn ho wɔ wɔn adansedie ho ɛfiri sɛ wɔnnyaa honhom mu suahunu a ɛboro soɔ. Mebɔ mpaeɛ sɛ mɛtumi de asomdwoeɛ ne awerɛhyemu bi ama.

Yesu Kristo asɛmpa no Sanba no hyɛɛ aseɛ wɔ hann ne nokorɛ a ɛpaeeɛ mu! Abarimaa bi a onii mfeɛ aduonu a ɔwɔ New York atifi fam, a ne din a ɛyɛ mmerɛ koraa ne Joseph Smith, hyɛnee nnua kwaeɛ bi mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Ɔdii yaw wɔ ne kra ne ne gyinabea wɔ Onyankopɔn anim. Ɔhwehwɛ ne bɔne fafiri. Na n’adwene ayɛ basaa wɔ asɔre korɔ a ɔbɛkɔ mu no ho. Ohia nteaseɛ ne asomdwoeɛ—ohia hann ne nimdeɛ.

Berɛ a Yosef kotoeɛ bɔɔ mpaeɛ na “ɔde [ne] koma mu nsɛm too Onyankopɔn anim” no, ɛsum kabii kataa ne so. Biribi bɔne, nhyɛsoɔ, na ɛyɛ nokorɛ pa ara bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛsi no kwan—sɛ ɛbɛkyekyere ne tɛkrɛma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔntumi nkasa. Ɛsum tumi no mu yɛɛ den ara a nti Yosef susuu sɛ ɔbɛwu. Nanso “ɔde [ne] tumi nyinaa di dwuma de frɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnye [no] mfiri ɔtamfo a [wagye [no] yi tumi mu.” Na afei, “berɛ a [wayɛ] krado sɛ ɔbɛkɔ abasambuo mu na wagyaeɛ [ne] ho akɔ ɔsɛeɛ mu,” berɛ a ɔnnim sɛ ebia ɔbɛtumi asɛn so bio no, animuonyam hann bi hyɛnee kwaeɛ no ma, na ɛbɔɔ ɛsum ne ne kra tamfo no peteeɛ.

Na “hann fadum” a ɛhyerɛn sene owia no siane baa ne so nkakrankakra. Onipa baako puee, na afei ɔfoforɔ nso pueeɛ. Wɔn “hyerɛn ne animuonyam ntumi nkyerɛ nkyerɛkyerɛmu nyinaa.” Nea odi kan, yɛn Soro Agya no, bɔ ne din, “ɔde ne nsa kyerɛ ɔfoforɔ no—[Yosef!] Yei ne Me Dɔba. Tie No!

Na ɛnam saa hann ne nokorɛ a ɛpaee kɛseɛ no so no, Sanba no afiri aseɛ. Ɔsoro nyikyerɛ ne nhyira ankasa bɛdi akyire: twerɛsɛm foforɔ, asɔfodie tumi a wɔasan de aba, asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, ayɛyɛdeɛ ne apam, ne Awurade nokorɛ ne ateasefoɔ Asɔre no a wɔbɛsan de asi hɔ bio, a da bi ɛde Yesu hann ne ne adanseɛ bɛhyɛ asase so ma.

Ɛno nyinaa, ne nea ɛkeka ho pii, firii aseɛ ɛnam abarimaa bi mpaebɔ a emu yɛ den ne hann fadum so.

Yɛn nso yɛwɔ yɛn ankasa ahiadeɛ a ɛmu yɛ den. Yɛn nso yehia ahofadie afiri honhom mu basabasayɛ ne wiase sum mu. Ɛsɛ sɛ yɛhunu ma yɛn ho. Ɛno yɛ adeɛ baako nti a Titenani Russell M. Nelson ato nsa afrɛ yɛn sɛ “yɛmfa yɛn ho nhyɛ Sanba no animuonyam hann no mu.”

Sanba no mu adekɛseɛ baako ne sɛ ɔsoro bue—na yɛn nso anya hann ne nimdeɛ afiri soro. Medi adanseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ

Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie wɔ honhom fam afidie bi ho. Ɛtɔ da bi a Asɔremma anokwafoɔ abam bu na mpo wɔtwe wɔn ho kɔ ɛfiri sɛ wɔnnyaa honhom mu suahunu a ɛboro soɔ—esiane sɛ wɔnnyaa wɔn ankasa hann fadum no mu suahunu. Titenani Spencer W. Kimball bɔɔ kɔkɔ sɛ, “Berɛ nyinaa a wɔrehwɛ nea ɛyɛ nwanwa no kwan no, pii bɛpa nkutahodie a wɔada no adi a ɛsene daa no koraa.”

Titenani Joseph F. Smith kaee sɛ “Awurade siee me anwanwadeɛ [berɛ a na meyɛ abɔfra], na ɔkyerɛɛ me nokorɛ no,firi nkyerɛkyerɛ so kɔ nkyerɛkyerɛ so, ɛha kakra ɛna ɛhɔ kakra.”

Ɛno ne Awurade nhwɛsoɔ a ɛtaa ba, anuanom mmarima ne mmaa. Sɛ anka ɔbɛsoma yɛn hann fadum no, Awurade soma yɛn hyerɛn hann, na afei foforɔ, ne foforɔ.

Wɔrehwie saa hyerɛn hann no agu yɛn so berɛ nyinaa. Twerɛsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo ne “wiase hann ne nkwa,” Na Ne “Honhom ma ɔbarima [ne ɔbaa] biara a ɔba wiase no hann,” Na Ne hann “hyɛ ahunmu kɛseyɛ ma,” na ɛma “nneɛma nyinaa nkwa.” Kristo Hann no atwa yɛn ho ahyia ankasa.

Sɛ yɛanya Honhom Kronkron akyɛdeɛ na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛda gyedie adi, asakyera, na yɛadi yɛn apam no ni a, ɛneɛ yɛfata sɛ yɛgye saa ɔsoro hann yi daa. Wɔ Ɛlda David A. Bednar kasasin a wɔkae no mu no, “yɛte ase wɔ adiyisɛm mu.’”

Na nanso, ɛsono yɛn mu biara. Nnipa mmienu biara nni hɔ a wohu Onyankopɔn hann ne ne nokorɛ wɔ adeɛ koro pɛpɛɛpɛ mu Gye berɛ kakra susu sɛnea wonya Awurade hann ne Honhom no ho.

Ebia woanya adansedie hann yi mu suahunu sɛ “asomdwoeɛ [ka] w’adwene mu wɔ asɛm [bi] ho” a ɛha wo.

Anaasɛ sɛ adwene—ɛnne ketewa bi a ɛyɛ komm—a ɛtena “w’adwene ne wo akoma mu” na ɔhyɛɛ wo nkuran sɛ yɛ biribi pa te sɛ obi a wobɛboa no.

Ebia woakɔ adesua bi mu wɔ asɔre mu —anaa mmabunu nsraban bi mu—na woanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛdi Yesu Kristo akyi na woakɔ so adi nokorɛ. Ebia mpo wogyinaa hɔ na wokyekyɛɛ adansedie bi a na wowɔ anidasoɔ sɛ ɛyɛ nokorɛ na afei wotee nka sɛ ɛyɛ nokorɛ.

Anaasɛ ebia woabɔ mpaeɛ na woanya awerɛhyemu a ɛyɛ anigyeɛ sɛ Onyankopɔn dɔ wo.

Ebia woate sɛ obi redi Yesu Kristo ho adanseɛ na ɛkaa wo akoma na ɛmaa anidasoɔ hyɛɛ wo ma.

Ebia na worekenkan wɔ Mormon Nwoma no mu na nkyekyɛmu bi kasa kyerɛɛ wo kra, te sɛ nea Onyankopɔn de too hɔ maa wo nko ara —na afei wohunuu sɛ Ɔyɛɛ saa.

Ebia wotee ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma afoforɔ nka berɛ a wosom wɔn no.

Anaasɛ ebia wopere sɛ wobɛte Honhom no nka wɔ saa berɛ yi mu ɛsiane adwenemu haw anaa dadwene nti nanso wowɔ akyɛdeɛ a ɛsom bo ne gyidie a wode bɛhwɛ w’akyi na woahu “Awurade mmɔborohunu a ɛyɛ dɛ” a atwam.”

M’asɛm ne sɛ akwan pii wɔ hɔ a yɛbɛfa so anya ɔsoro hann a ɛkyerɛ adansedie. Yeinom yɛ kakraa bi pɛ. Ebia ɛnyɛ nwanwa, nanso ne nyinaa yɛ yɛn adansedie no fa

Anuanom mmarima ne mmaa, menhunuu hann fadum, nanso te sɛ mo no, mahunu ɔsoro hann pii. Mfeɛ a pii a atwam no, m’abɔ mmɔden sɛ mɛma suahunu ahodoɔ a ɛtete saa ayɛ adeɛ a ɛsom bo. Mɛhu sɛ berɛ a meyɛ saa no, mehu wɔn na mekae wɔn pii mpo. Nhwɛsoɔ ahodoɔ bi a ɛfiri m’ankasa m’asetena mu ni. Ebia ɛbinom nyɛ wɔn nwanwa kɛse, nanso ɛsom bo ma me.

Mekae sɛ na meyɛ ɔbabunu a ɔyɛ basabasa wɔ asubɔ bi ase. Berɛ a na nhyiamu no reyɛ ahyɛ aseɛ no, metee nka sɛ Honhom no rehyɛ me sɛ mentena ase na mennya obuo. Metenaa ase yɛɛ komm wɔ nhyiamu no fa a aka no.

Ansa na m’asɛmpatrɛ adwuma no reba no, na mesuro sɛ m’adansedie no mu nyɛ den sɛnea ɛsɛ. Na obiara nni m’abusua mu a wasom sɛ asɛmpatrɛ ni da, na na minnim sɛ metumi ayɛ anaa. Me kae sɛ meresua adeɛ na mebɔɔ mpaeɛ dendenden no sɛ mɛnya adansedie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo ho no. Afei da bi, berɛ a meresrɛ Ɔsoro Agya no, metee hann ne ɔhyeɛ ho atinka a tumi wom. Na menim. Na menim ara kwa.

Mekae sɛ “nyansa kronn” ho atenka bi nyanee me anadwo bi a ɛka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛfrɛ me sɛ memmɛsom wɔ Ɛlders quorum no mu. Nnawɔtwe mmienu akyi no, wɔfrɛɛ me.

Mekae amansan nhyiamu bi a Asomafoɔ Dumienu Kuo no muni bi kaa adansedie nsɛm pɛpɛɛpɛ a meka kyerɛɛ m’adamfo bi a na mewɔ anidasoɔ sɛ mɛte.

Mekae sɛ me ne anuanom ɔhaha pii kotoeɛ bɔɔ mpaeɛ maa m’adamfo dɔfoɔ bi a na ɔda mframa a wɔde ma so a na ɔnnim hwee wɔ ayaresabea ketewa bi a ɛwɔ akyirikyiri berɛ a n’akoma gyaee bɔ no. Berɛ a yɛkaa yɛn ankasa akoma bɔɔ mu srɛɛ ne nkwa no, ɔsɔree na ɔtwee mframa a wɔde ma no firii ne mene mu. Ɔsom nnɛ sɛ stake titenani.

Na mekae sɛ menyanee a na mewɔ honhom mu atinka a emu yɛ den wɔ m’adamfo ne ɔfotufoɔ dɔfoɔ bi a owuiɛ ntɛm dodo, na ɛgyaa tokuro kɛseɛ bi wɔ m’asetena mu ho wɔ daeɛ a emu da hɔ akyi. Na ɔresere na n’ani agye. Na menim sɛ ne ho YƐ.

Yeinom yɛ me hann no bi. Woanya w’ankasa wo suahu ahodoɔ —w’ankasa adansedie a ɛpae a hann ahyɛ mu ma. Berɛ a yɛhu, kae, na yɛboaboa saa hann yi ano “ka bom yɛ baako,” biribi a ɛyɛ nwanwa na tumi wom firi aseɛ si. “Hann bata hann ho”—“nokorɛ gye nokorɛ tom” Nokwasɛm ne tumi a ɛwɔ adansedie hann baako mu no hyɛ mu den na ɛka bom ne foforɔ, na afei foforɔ, ne foforɔ. Ntrɛmu wɔ nhoma so, ahyɛdeɛ so ahyɛdeɛ so, ha na hann bi ne hann bi wɔ ha—honhom mu berɛ ketewa baako a ɛsom bo wɔ berɛ korɔ mu—ɛhɔ na hann ahyɛ mu ma, honhom mu suahunu ahodoɔ titiriw bi nyini wɔ yɛn mu. Ebia hann baako biara nni hɔ a ɛmu yɛ den a ɛbɛma ayɛ adanseɛ a ɛdi mu, nanso sɛ wɔka bom a, wɔbɛtumi abɛyɛ hann a adwene mu naayɛ sum no ntumi nni so nkonim.

“O ɛneɛ, nti yei nyɛ nokorɛ?” Alma bisa. “Mese mo sɛ, Aane, ɛfiri sɛ ɛyɛ hann.”

“Deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ no yɛ hann,” Awurade kyerɛkyerɛ yɛn, “na deɛ ɔgye hann, na ɔtena Onyankopɔn mu no, ɔnya hann pii na saa hann no hyerɛn kɔsi da a ɛyɛ pɛ.”

Anuanom mmarima ne mmaa, wɔ berɛ mu ne “nsiyɛ kɛseɛ” so,” yɛn nso yɛbɛtumi anya yɛn ankasa hann fadum —ahyerɛn baako berɛbiara. Na wɔ saa fadum no mfimfini no, yɛn nso yɛbɛhunu Ɔsoro Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ, a ɔde ne din frɛ yɛn, ɔkyerɛ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo, na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ “Yɛntie No!”

Medi Yesu Kristo ho adanseɛ, sɛ Ɔyɛ wiase nyina ara hann ne nkwa—ne w’ankasa wo wiase ne me deɛ.

Megye di sɛ Ɔyɛ nokorɛ nɛ ɔteasefoɔ Nyankopɔn no Ba na ɔtease na Ɔgyina hɔ wɔ nokorɛ Asɔre yi ti, ma Nokorɛ nkɔnhyɛfoɔ ne asomafoɔ ateasefoɔ na wɔkyerɛ wɔn kwan.

Momma yɛnhu na yɛnnye N’anuonyam hann no na afei yɛayi No asene wiase sum no —berɛ nyinaa ne daa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm1:10–13.

  2. Hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm1:14–16.

  3. Hwɛ Joseph Smith, Journal, Nov. 9–11, 1835, 24, josephsmithpapers.org.

  4. Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:17.

  5. Hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:20. Berɛ a Joseph Smith san baa fie wɔ Anisoadehunu a Ɛdi Kan no akyi no, ne maame bisaa sɛ ne ho YƐ anaa. Obuaeɛ sɛ, “Me ho atɔ me sɛnea ɛsɛ. M’ankasa masua adeɛ sɛ Presbyteriansom nyɛ nokorɛ” (a wɔsii so dua no).

  6. Russell M. Nelson, “Nsɛm a Wɔde Awie,” Liahona, Nov. 2019, 122.

  7. Spencer W. Kimball, wɔ Nhyiamu Amanneɛbɔ mu, Munich Germany Mpɔtam Nhyiamu, 1973, 77; w’aka no wɔ Graham W. Doxey, “Ɛnne No Da So Yɛ Komm,“Ɛnne no Da so Yɛ Ketekete,” Ensign, Nov. 1991, 25.

  8. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph F. Smith (1998), 201: “Berɛ a me sɛ abarimaa no medii kan firii aseɛ wɔ asɛnka mu no, na metaa firi adi kɔsrɛ Awurade sɛ ɔnkyerɛ me adeɛ a ɛyɛ nwanwa bi, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛnya adanseɛ. Nanso Awurade siee me anwanwadeɛ, na ɔkyerɛɛ me nokorɛ no, nkyeraseɛ so, ahyɛdeɛ so ahyɛdeɛ, ha kakra ne ha kakra, kɔsii sɛ ɔmaa mehunuu nokorɛ no firi me tiri abotiri so kɔsi me nan ase Na ɛnsɛ sɛ ɔsoma ɔbɔfoɔ firi soro ma ɔyɛ yei, na na ɛnsɛ sɛ ɔde ɔbɔfoɔ panyin torobɛnto kasa. Ɔnam Onyankopɔn teasefoɔ no Honhom nne ketewa a ɛyɛ komm no nsɛm a ɛyɛ seresere so de adanseɛ a mewɔ no maa me. Na ɛnam saa nnyinasosɛm ne tumi yi so bɛma nnipa mma nyinaa anya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛbɛtena wɔn nkyɛn, na ɛbɛma wɔahu nokorɛ no, sɛdeɛ Onyankopɔn nim no, na wɔayɛ Agya no apɛdeɛ sɛdeɛ Kristo yɛeɛ no.

  9. Mosiah 16:9.

  10. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:46; hwɛ nso bio John 1:9.

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:12–13.

  12. David A. Bednar, Adiyisɛm Honhom no (2021), 7.

  13. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:23.

  14. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2hwɛ nso Helaman 5:30

  15. Hwɛ Mosiah 5:2; Nkyerɛkyerɛ ne Apam11:12

  16. Hwɛ 2 Nephi 4:21; Helaman 5:44

  17. Awurade akyerɛ sɛ tumi a obi tumi gye afoforɔ adansedie di sɛ honhom mu akyɛdeɛ.(hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 46:13–14).

  18. Nnɛyi adiyisɛm kyerɛkyerɛ sɛ twerɛsɛm mu nsɛm “wɔnam me Honhom so de ama mo, na gye sɛ ɛnam me tumi so na moantumi annya bi enti, mobɛtumi adi adanseɛ sɛ moate me nne, na monim me nsɛm” . (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:35–36).

  19. Hwɛ Mosiah 2:17; Moroni 7:45–48.

  20. 1 Nephi 1:20. Ɛlda Gerrit W. Gong aka “yɛde aniwa bɛhwɛ na yɛadi ahurusie wɔ Awurade mmɔborohunu bebree a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu” ho asɛm” (“Ɔresom,” Liahona, Kotonima 2023, 18) ne sɛnea “Awurade nsa a ɛwɔ yɛn asetena mu taa da adi kɛse wɔ yɛn akyi hwɛ mu” no ho (“Kae No Daa,” Liahona, Kotonima 2016, 108). Akyɛdeɛ a ɛne sɛ yɛde anisɔ bɛhunu na yɛagye Awurade nsa wɔ yɛn abrabɔ mu, sɛ mpo yɛanhunu anaa yɛante nka wɔ saa berɛ no mu mpo a, ɛwɔ tumi. Twerɛsɛm no taa ka honhom mu tumi a ɛma wɔkae (hwɛ Helaman 5:9–12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79), a ɛbɛtumi ayɛ adiyisɛm anim (hwɛ Moroni 10:3–4).

  21. Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Obi bɛtumi anya mfasoɔ ɛnam adiyie honhom no ho nsɛnkyerɛnne a ɛdikan a ɔbɛhu so sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a wote nka sɛ nyansa kronn resene aba wo mu no, ɛbɛtumi ama wo nsusuyɛ ahodoɔ mpofirimu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam sɛ wobɛhyɛ no nnso so no, wobɛtumi ahu ebia mobɛhunu sɛ aba mu da koro no ara anaa ɛrenkyɛ (i.e.) saa nneɛma a Onyankopɔn Honhom de baa mo adwene mu no, bɛba mu na ɛnam saa kwan yi so ɛnam Onyankopɔn Honhom a wobɛsua na woate aseɛ so no, wobɛtumi anyini akɔ nnyinasosɛm a ɛwɔ mu no mu” (Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith 2007], 132).

  22. Efesofoɔ 1:10

  23. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:40:“Na nimdeɛ bata nimdeɛ ho; nyansa gye nyansa; nokorɛ gye nokorɛ tom; papayɛ dɔ papayɛ hann bata hann ho.”

  24. Alma 32:35. Alma sii so dua sɛ saa suahunu ahodoɔ a hann ahyɛ mu ma yi, ɛwom sɛ ɛtaa yɛ nketewa deɛ, nanso ɛyɛ nokorɛ wɔ nteaseɛ biara mu. Wɔn nokwasɛm no yɛ nea tumi wom kɛse mpo berɛ a wɔka bom yɛ adeɛ mu a tumi wom no.

  25. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50:24

  26. Alma 32:41