Amansan Nhyiamu
Tɛmpol ahodoɔ, Awurade Afie a Ɛrepete Asase so
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Tɛmpol ahodoɔ, Awurade Afie a Ɛrepete Asase so

Sɛ wofata na woba Ne fie kronkron mu wɔ mpaebɔ mu a, wɔde Ne tumi bɛhyɛ wo den.

Wonnɔ nsɛm dɛɛda a yɛtoo no seesei ara no? “Mɛhyɛ wo den, aboa wo, na mama wo agyina, Me tenenee, tumi nsa bɛbɔ wo ho ban.” Awurade rehyɛ N’Ahotefoɔ nyinaa den berɛ a wɔba Ne fie kronkron mu. Ɛfiri Kinshasa kɔsi Zollikofen dekɔ Fukuoka kɔsi Oakland, mmabunu, firi wɔn ankasa pɛ mu, rebu so wɔ tɛmpol asubɔbea ahodoɔ. Mmerɛ a atwam no, na ayɛyɛdeɛ adwumayɛfo adɔfoɔ dodoɔ no ara ti refu dwene—nanso ɛnte saa bio. Asɛmpatrɛfoɔ a wɔafrɛ wɔn, ɔsom asɛmpatrɛfoɔ, ne asɛmpatrɛfoɔ a wɔasan aba wɔ baabiara. Wɔ wiase nyinaa, atenka bi rekɔso a ɛretwe yɛn kɔ Awurade fie.

Bɛboro afe kakra a atwam no, abusua adamfo dɔfoɔ bi a wadi mfe 95, a ɔte United States apuei fam mpoano, a asɛmpatrɛfoɔ akyerɛkyerɛ no mfeɛ 70, ka kyerɛɛ ne babaa sɛ, “Mepɛ sɛ me ne wo kɔ tɛmpol.

Ne babaa no buaa sɛ, “Ɛyɛ, Maame, ɛsɛ sɛ wɔdi kan bɔ wo asu.”

Mfoni
Onuabaa panin asubɔ.

Obuaa sɛ: “Ɛyɛ, ɛnneɛ, mepɛ sɛ wɔbɔ me asu.” Wɔbɔɔ no asu. Nna kakra akyi no, ɔde nidie kɔɔ tɛmple asubɔbea. Na bɛyɛ bosome baako akyi kakra a atwam no, ɔgyee n’ankasa akyedeɛ kronkron ne nsɔano. “Onyankopɔn nimdeɛ ne tumi retrɛ; Nkatanim a ɛwɔ asase so no ahyɛ aseɛ repae.”

Mfoni
Onuabaa panin wɔ tɛmpol akyi.

Woadwene deɛ enti a Awurade bɛkyerɛ Ne nkɔnhyɛni sɛ seesei ɔmfa Ne tɛmpol kronkron ahodoɔ mpete asase so ho? Adɛn nti na, wɔ saa berɛ pɔtee yi mu, Ɔde yiedie a ɛhia bɛma N’apam nkorɔfoɔ na wɔnam wɔn ntotosoɔ du kronkron so atumi asisi Awurade afie ɔha-mmɔho pii?

Anɔpa yi, Titenani Dallin H. Oaks de tɛmpol ahodoɔ a wɔresisi wɔ wiase baabiara no ho mfonin fɛɛfɛ bi kyerɛeɛ. Nnansa yi ara na me ne Kathy wɔ Philippines. Susu anwanwade yi ho hwɛ: Wɔhyiraa Manila Tɛmpol no so wɔ 1984 mu. Na ɛbɛdi mfeɛ 26 ansa na wɔawie tɛmpol a ɛtɔ so mmienu wɔ Cebu City wɔ afe 2010. Seesei, mfeɛ 14 akyi, wɔresi, wɔreyɛ nhyehyɛeɛ, anaa wɔresiesie tɛmpol ahodoɔ 11 ama wɔahyira so. Ɛfiri atifi kɔsi anafoɔ: Laoag, Tuguegarao, Santiago, Urdaneta, Alabang, Naga, Tacloban Kuropɔn, Iloilo, Bacolod, Cagayan de Oro, ne Davao. Ɛyɛ anika sɛ wobɛhunu Onyankopɔn nnwuma a ɛyɛ nwanwa!

Mfoni
Tɛmpol ahodoɔ wɔ Philippines.

Wɔ wiase baabiara, Awurade afie rebɛn yɛn. Adɛn nti na yɛn mmerɛ yi mu?

Nna a Ɛtwa toɔ No

Awurade bɔɔ kɔkɔ sɛ nna a ɛtwa toɔ no mu no, amanehunu bɛba amanaman mu, nnipa “bɛyɛ ahopɛfoɔ,” nneɛma nyinaa [bɛyɛ] basabasa,” basabasayɛ bɛdɔɔso, na “nnipa akoma [bɛdi] wɔn hwammɔ.” Yɛahu sɛ mmarima ne mmaa koma adi wɔn hwammɔ ampa ara: wiase nnaadaa, ɛnne a ɛtwetwe adwene, honhom mu aduane a wɔbu ani gu so, ɔbrɛ a ɛfiri asuafoyɛ nnwuma ahodoɔ mu. Ebia woadi awerɛhoɔ berɛ a woahunu obi a wodɔ no, a berɛ bi ɔkaa ne gyedie wɔ Yesu Kristo mu ho asɛm firii n’koma mu, dii Mormon Nwoma no ho adanseɛ, na ɔde ahokeka boaeɛ maa wɔkyekyere Onyankopɔn ahemman no, atwe ne ho mpofirem afiri ne gyidie ahodoɔ ho, wɔ saa berɛ yi mu, akɔ Asɔre no akyi. M’afotuo ne sɛ mma w’aba mu mmu! Ne nyinaa yɛ! Na Onyankopɔn fam no, biribiara bɛtumi ayɛ yie.

Ɛnam basabasayɛ ne annye annie wɔ wiase a wɔhyɛɛ ho nkɔm yi nti, Awurade hyɛɛ bɔ sɛ apam nkorɔfoɔ bi bɛba, nkorɔfoɔ a wɔde ahopereɛ retwɛn Ne mmaeɛ bio; nkorɔfoɔ a wɔgyina mmeaeɛ kronkron na wɔmfiri wɔn beaeɛ. Ɔkaa ateneneefoɔ bi a wɔsɔre tia ɔtamfo no nnaadaa, tene wɔn gyedie, wɔdwene ɔsoro, na wɔde wɔn ho nyinaa to Agyenkwa, Yesu Kristo so ho asɛm.

Adɛn nti na seesei Awurade de Ne tɛmpol ahodoɔ ɔha-mmɔho pii rebɛn yɛn? Botaeɛ baako ne sɛ, wɔ wiase basabasayɛ ne nsɔhwɛ ahodoɔ mu no, Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ N’apam Ahotefoɔ den na wahyira wɔn, na Ne bɔhyɛ ahodoɔ no reba mu!

Bɔhyɛ ahodoɔ a ɛfiri Kirtland Tɛmpol no mu

Sɛn na afie kronkron yi hyɛ yɛn den, kyekye yɛn werɛ, na ɛbɔ yɛn ho ban? Yɛnya mmuaeɛ wɔ Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith adesrɛ mu wɔ Kirtland Tɛmpol no so hyira mu. Saa tɛmpol yi mu na Ahotefoɔ no too dwom, “Yɛbɛto dwom na yɛne ɔsoro asraafoɔ bɛteateam.” Agyenkwa no ankasa yii ne ho adi, na tete nkɔnhyɛfoɔ sane baeɛ, de asɔfodie nsafoa foforɔ kaa asɛmpa a wɔasan de aba no ho.

Wɔ saa berɛ kronkron no mu wɔ Kirtland Tɛmpol mu no, nkɔmhyɛni no bɔɔ mpaeɛ sɛ wɔ Awurade fie kronkron mu no, wɔde Onyankopɔn tumi bɛhyɛ Ahotefoɔ no akodeɛ, na Yesu Kristo din bɛba wɔn so, na N’abɔfoɔ bɛdi wɔn so, na wɔbɛnyini wɔ Awurade mu na “wɔanya Sunsum Kronkron no mahyɛ.” Saa nkotosrɛ a tumi wom yi reba mu wɔ yɛn abrabɔ mu berɛ a yɛde nokorɛdie som wɔ Awurade fie.

Wɔde Tumi ahyɛ akodeɛ

Wɔ Ne fie no, wɔma yɛn ɔsoro tumi ankasa. Yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne ɔdɔ a yɛwɔ ma No no hyɛ den na ɛsi pi. Yɛnya honhom mu ahotosoɔ fa yɛn nnipasu ankasa ne yɛn asetena botaeɛ ahodoɔ ho. Sɛ yɛyɛ anokwafoɔ a, wɔde ahobammɔ hyira yɛn firi nsɔhwɛ ne nneɛma a ɛtwetwe adwene ho. Yɛte yɛn Agyenkwa no dɔ nka berɛ a Ɔpagya yɛn firi yɛn haw ne yɛn awerɛhoɔ mu. Wɔde Onyankopɔn tumi ma yɛn.

Ne Din da Yɛn so

Wɔ Ne fie kronkron mu no, yɛfa Ne din to yɛn so koraa. Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛka yɛn gyedie wɔ Ne mu ne yɛn pɛ sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so. Wɔ tɛmpol mu no, yɛde nidie hyɛ bɔ, wɔ yɛn apam mu sɛ yɛbɛdi N’akyi afebɔɔ.

Mfoni
Wɔde Heber Valley Utah Tɛmpol rema.

Asɔre yi mu mmabunu ho yɛ nwanwa. Wɔ wiase a ɛmu yɛ den mu no, wɔfa Kristo din to wɔn ho so. Wɔ Heber City, Utah no, wɔyɛɛ badwam nhyiamu bi de susuu tɛmpol bi a na wɔayɛ ho nhyehyɛɛ sɛ wɔbɛsi ho. Mmabunu ahasa hyɛɛ agoprama a ɛbɛn hɔ no so ma de kyerɛe sɛ wɔtaa tɛmpol a wɔresusu ho no akyi. Abarimaa bi a ɔrekasa kyerɛ aban mu akannifoɔ wɔ nhyiamu a wɔabue ano no, de akokoɔduro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Mepɛ sɛ meware wɔ tɛmpol yi mu. [Tɛmpol no bɛboa] me ma mate me ho na me ho afi.” Ɔfoforo nso kyerɛɛ mu sɛ tɛmpol no yɛ hann ne anidasoɔ ho sɛnkyerɛnne. Asɔre no mu mmarimaa ne mmayewa a wɔwɔ wiase nyinaa regye Yesu Kristo din no tom.

Mfoni
Mmabunu rehyɛ agoprama a ɛwɔ Heber City ma.

Abɔfoɔ ka Yɛn ho

Wɔ Kirtland Tɛmpol mu no, Nkɔnhyɛnyi Joseph bɔɔ mpaeɛ sɛ “abɔfoɔ [bɛ]hwɛ [N’Ahotefoɔ] so.” Berɛ a yɛkɔ so kɔ tɛmpol kɔyɛ ayɛyɛdeɛ ma yɛn nananom no de nsisodua a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ nokorɛ ba sɛ asetena kɔso wɔ nkatanim no akyi.

Ɛwom sɛ yɛn suahunu pii wɔ Awurade fie yɛ kronkron dodo sɛ yɛbɛkyɛ wɔ badwam deɛ, nanso yɛbɛtumi akyɛ ebinom. Mfeɛ aduanan a atwam, berɛ a na yɛte Florida, me ne Kathy tuu kwan kɔɔ tɛmpol a ɛwɔ Atlanta, Georgia. Wukuada, Kɔtɔnima 9, 1984 anadwo, berɛ a yɛwiee som bi wɔ tɛmpol no, ayɛyɛdeɛ adwumayɛni bi baa me nkyɛn bɛbisaa me sɛ mewɔ berɛ a mɛyɛ nhyɛnmu ahosiesie ayɛyɛdeɛ baako pɛ anaa. Na onipa a megyinaa n’ananmu no din yɛ sononko. Na ne din de Eleazer Cercy.

Adeɛ kyeeɛ no, na Ahotefoɔ ahyɛ tɛmpol hɔ ma. Berɛ a na meresiesie me ho sɛ mɛyɛ m’akyɛdeɛ kronkron a ɛtɔ so mmienu wɔ da no mu no, wɔmaa me onipa a mɛgyina n’ananmu no din. Anwanwasɛm ne sɛ, na edin no yɛ onipa korɔ no ara firi anadwo a ɛdii anim no, Eleazer Cercy. Metee Awurade Honhom nka berɛ a wɔwiee akyɛdeɛ kronkron no. Awiaberɛ, a na yɛda so wɔ tɛmpol no mu no, Kathy hunuu abusua adamfo panin bi, Onuabaa Dolly Fernandez, a na wakɔtena Atlanta. Esiane sɛ na n’abusua mu ɔbarima biara nka ne ho nti, ɔbisaa sɛ mɛtumi aboa ma wɔasɔ n’agya ano ama n’agya ne n’awofoɔ a. Ɛyɛɛ me ahohoahoa ankasa.

Berɛ a mebuu nkotodwe wɔ afɔrebukyia no awieeɛ maa saa ayɛyɛdeɛ kronkron yi no, metee din a seesei aka wɔ m’adwene mu no bio, n’agya, Eleazer Cercy. Megye di yie sɛ wɔ saa asetena yi akyi no, mɛhyia ɔbarima bi a na wɔnim no wɔ ne honam mu asetena mu sɛ Eleazer Cercy na mayɛ no atuu.

Yɛn suahunu pii wɔ Awurade fie de anigyeɛ asomdwoeɛ ne kommyɛ adiyisɛm ba sene dima kɛseɛ. Nanso nya ahotosoɔ: abɔfoɔ hwɛ yɛn so!

Sunsum Kronkron no Mahyɛ

Wɔde Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ma yɛn berɛ a wɔhyɛ yɛn den sɛ yɛyɛ Asɔreba. Nnawɔtwe biara berɛ a yɛdi paanoo ne nsuo sɛdeɛ ɛfata de kae yɛn Agyenkwa no, wɔhyɛ yɛn bɔ sɛ Ne Honhom bɛka yɛn ho berɛ biara. Berɛ a yɛde akoma a ɛwɔ ɔpɛ ba Awurade fie, beaeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara wɔ asase so no, yɛnyini wɔ Awurade mu na yɛbɛtumi “anya Sunsum Kronkron no mahyɛ.” Ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so, asomdwoeɛ ne anigyeɛ ne anidasoɔ a ano ntumi nka hyɛ yɛn ma. Yɛnya ahoɔden de kɔso yɛ N’aasuafoɔ mpo wɔ berɛ a yɛwɔ mmeaeɛ kronkron no akyi.

Titenani Russell M. Nelson apae mu aka sɛ: “Yɛn Agyenkwa ne Gyefoɔ, Yesu Kristo, bɛyɛ N’adwuma akɛseɛ pa ara no bi wɔ seesei ne berɛ a Ɔbɛsan aba bio no ntam. Yɛbɛhunu anwanwasɛm a ɛkyerɛ sɛ Oyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo, di Asɔre yi anim wɔ tumi ne anuonyam mu.” Awurade afie a ɛrepete asase so no yɛ adwuma kɛseɛ a ɛkyerɛ anwanwadeɛ.

Me nnamfonom adɔfoɔ, sɛ yɛbɛtumi na yɛnnya mmaa yɛn tɛmpol kɔ nkɔɔ soro dada a, momma yɛntaa nhwehwɛ berɛ bebree mfa nsom wɔ Awurade fie. Momma yɛmmɔ mpaeɛ mma tɛmpol ahodoɔ a wɔde ato dwa no, sɛ wɔbɛtumi atɔ agyapadeɛ, sɛ aban ahodoɔ bɛpene nhyehyɛeɛ so, sɛ adwumayɛfoɔ a wɔwɔ nimdeɛ bɛhunu sɛ wɔama wɔn akyɛdeɛ ayɛ akɛseɛ, na nhyirasoɔ kronkron no de ɔsoro pene ne abɔfoɔ nsrahwɛ bɛba.

Bɔhyɛ ahodoɔ

Tɛmpol yɛ Awurade fie ankasa. Mehyɛ wo bɔ sɛ berɛ a wode mpaebɔ ba Ne fie kronkron no mu wɔ kwan a ɛfata so no, wobɛnya Ne tumi, Ne din bɛda wo so, N’abɔfoɔ bɛhwɛ wo so, na wobɛnyini wɔ Sunsum Kronkron nhyira mu.

Awurade hyɛɛ bɔ sɛ, “Ɔkra biara a ɔgyae ne bɔne na ɔba me nkyɛn, na ɔbɔ me din, na ɔyɛ setie ma me nne, na ɔdi me mmaransɛm so no, ɔbɛhunu m’anim na wahunu sɛ Mene” Akwan ahodoɔ pii wɔ hɔ a yɛfa so hunu Kristo anim, na baabiara nni hɔ a ɛyɛ papa sene Ne fie kronkron no mu.

Wɔ saa basabasayɛ ne dedeyɛ da yi mu no, medi adanseɛ sɛ tɛmpol yɛ Ne fie na ɛbɛboa akora yɛn, abɔ yɛn ho ban, na asiesie yɛn ama animuonyam da a, N’abɔfoɔ kronkron nyinaa ka ho no, yɛn Agyenkwa no bɛsan aba wɔ kɛseyɛ, tumi, ne animuonyam kɛseɛ mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “How Firm a Foundation,” Nnwom, ɛtɔ so 85.

  2. “The Spirit of God,” Nnwom, ɛtɔ so 2.

  3. Seesei tɛmpol ahodoɔ 182 na ɛwɔ hɔ a ɛreyɛ adwuma. Wɔresiesie nsia. Nson retwɛn nhyirasoɔ, ɛna baako bio retwɛn sɛ wɔbɛsan ahyira so. Wɔgu so resi 45 ɛna wɔde afoforɔ 94 ato dwa anaasɛ wɔreyɛ ɛho nhyehyɛeɛ.

  4. Hwɛ Luka 21:10.

  5. 2 Timoteo 3:2.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:91.

  7. Elder David A. Bednar kaa sɛ: “Asɛmpa nnyinasosɛm yɛ ma me ne wo sɛdeɛ dadeɛ kɔba yɛ ma ɛhyɛn. Nnyinasosɛm a ɛtene ma yɛtumi hunu yɛn kwan na yɛgyina pintinn, a yɛnhinhim, sɛdeɛ yɛrenwatiri na yɛnhwe ase wɔ nna a ɛdi akyire ahum a ano yɛ den na ɛyɛ sum ne basabasa no mu” (“M’asɛmpa no Nnyinasosɛml,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2021, 126).

  8. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:26.

  9. “Sɛ onipa bi bɛdi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi” (Mateo 16:24).

  10. Hwɛ Luka 1:37.

  11. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 87:8.

  12. Nnwom, ɛtɔ so 2.

  13. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110. Ansa na saa berɛ yi reba no, na Nkɔnhyɛni Joseph Smith agye Aaron Asɔfodie no ne ne nsafoa afiri Yohane Subɔni no hɔ, ɛna na wagye Melkisedek Asɔfodie no ne ne nsafoa afiri Asomafoɔ Petro, Yakobo, ne Yohane hɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 13:1; 27:12–13).

  14. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:15; san hwɛ nkyekyɛmu 22.

  15. Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ, “Tɛmpol bɛtumi aboa yɛn wɔ deɛ yɛhwehwɛ mu. Ɛhɔ na wɔma yɛn Onyankopɔn tumi, na ama yɛatumi adi Satan a ɔkanyan akasakasa nyinaa no so nkonim” (“Peacemakers Needed,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2023, 101).

  16. Hwɛ Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (wiase nyinaa som ma mmeranteɛ ne mmabaawa, Kɔtɔnima 15, 2022), Asɛmpa Akoraeɛ.

  17. Elder Colin Stauffer, ankasa krataatwerɛ, Ɔpɛpɔn 30, 2024.

  18. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:22.

  19. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79.

  20. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:15.

  21. Hwɛ Romanfoɔ 15:13.

  22. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, Kɔtɔnima 2018, 96.

  23. Titenani Brigham Young kaa sɛ, “Yɛbɛnya tɛmpol ahodoɔ ɔha-mmɔho pii ne mmarima ne mmaa mpempem pii a wɔbɛyɛ adwuma wɔ mu ama wɔn a wɔadeda, a wɔannya hokwan sɛ wɔbɛte na wɔadi Asɛmpa no so” (Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Brigham Young [1997], 312). Na Titenani Ezra Taft Benson kaa sɛ: “Wɔn a wodii yɛn anim no ahyɛ nkɔm sɛ tɛmpol ahodoɔ bɛpete Amerika Atifi ne Anaafoɔ fam asase so, Pacific nsupɔ, Europe, ne mmea afoforɔ. Sɛ wɔbɛyɛ saa ɔgyeɛ adwuma yi wɔ nsɛnia a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no so a, ɛbɛhia tɛmpol ahodoɔ ɔha-mmɔho” (Ezra Taft Benson Nkyerɛkyerɛ [1988], 247).

  24. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:1.

  25. Elder David B. Haight kaa sɛ:

    “Ɛyɛ nokorɛ sɛ ebinom ahunu Agyenkwa no ampa, nanso sɛ obi hwɛ nsɛmfua nkyerɛaseɛ nwoma mu a, ɔhunu sɛ nkyerɛaseɛ bebree wɔ hɔ ma asɛmfua hunu, te sɛ rebɛhunu No, rete No aseɛ, rehunu Ɔne N’adwuma, rete hia a Ne ho hia ase, anaasɛ rebɛte No aseɛ.

    “Saa ɔsoro nhumu ne nhyira no wɔ hɔ ma yɛn mu biara” (“Temples and Work Therein,” Ensign, Obubuo 1990, 61).