Amansan Nhyiamu
“Monyɛ Komm, na Monhunu Sɛ Meyɛ Onyankopɔn”
Ɔforisuo 2024 amansan nhyiamu


“Monyɛ Komm, na Monhunu Sɛ Meyɛ Onyankopɔn”

Yɛbɛtumi ayɛ komm na yɛahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa.

Wɔ nnansa yi fie a wɔbuee ano ne amanneɛbɔ da a wɔyɛ maa Awurade fie foforɔ mu no, medii nsɛntwerɛfoɔ bi anim kɔhwɛɛ dan kronkron no mu. Mekyerɛɛ tɛmpol ahodoɔ no atirimpɔ wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu na memaa wɔn nsɛmmisa bebree a ɛkyɛn soɔ no ho mmuaeɛ.

Ansa na merewura sɛlɛtia dan no mu no, mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa dan pɔtee yi a ɛwɔ Awurade fie no gyina hɔ ma ɔsoro fie a yɛbɛtumi asane akɔ mu wɔ abrabɔ yi akyi no asomdwoeɛ ne ahoɔfɛ no mfatoho. Mekyerɛɛ yɛn ahɔhoɔ no sɛ yɛrenkasa berɛ a yɛwɔ sɛlɛtia dan no mu, nanso m’ani bɛgye sɛ mɛbua nsɛmmisa biara berɛ a yɛakɔ gyinabea a ɛdi hɔ wɔ nsrahwɛ no mu akyi.

Yɛfirii sɛlɛtia dan no mu ne berɛ a yɛrehyiam wɔ beaeɛ a ɛdi hɔ no, mebisaa yɛn ahɔhoɔ no sɛ wɔwɔ biribi a wɔahunu a wɔpɛ sɛ wɔkyɛ anaa. Nsɛntwerɛfoɔ no mu baako de nkateɛ kaa sɛ, “Menhunuu biribi a ɛte saa da wɔ m’asetena nyinaa mu. Na mennim sɛ kommyɛ a ɛte saa wɔ wiase; Na mennye nni sɛ kommyɛ a ɛte saa bɛtumi awɔ hɔ.”

Sɛdeɛ na onipa yi asɛm no yɛ nokorɛ na ano yɛ hye no pemm me. Na nsɛntwerɛni no mmuaeɛ no sii ade titire baako a ɛfa kommyɛ ho so dua—yɛn abɔntene so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no basabasayɛ a yɛbɛdi so nkonim na yɛasiesie.

Berɛ a akyire yi medwennwenee nsɛntwerɛfoɔ no asɛm no ho na mekaekaee sɛdeɛ yɛn ɛnnɛ asetena mu taa yɛ den no ho—adagyeɛ, dede, nneɛma a ɛtwetwe adwene, ne akwan a ɛtwetwe adwene a ɛtaa hwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so no—twerɛsɛm bi baa m’adwene mu: “Monyɛ komm, na monhunu sɛ Meyɛ Onyankopɔn.”1

Mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛma yɛn mu biara hann berɛ a yɛresusu kommyɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron wɔ yɛn abrabɔ mu —ɔkra no mu honhom mu kommyɛ a ɛma yɛtumi hunu na yɛkae sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Ɔsoro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Saa nhyira a ɛyɛ nwanwa yi wɔ hɔ ma Asɔremma nyinaa a wɔrebɔ mmɔden wɔ nokorɛdie mu sɛ wɔbɛyɛ “Awurade apam nkorɔfoɔ.”2

Yɛ Komm

Wɔ 1833 mu, na Missouri Ahotefoɔ no yɛ deɛ ɔtaeɛ a ano yɛ den ani si soɔ. Na basabasayɛfoɔ atu wɔn afiri wɔn afie mu wɔ Jackson County mu, na na Asɔremma binom abɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho bɛsi hɔ wɔ amansin afoforɔ a ɛbɛn hɔ mu. Nanso ɔtaeɛ no kɔɔ so, na owuo ahunahuna yɛɛ bebree. Wɔ saa tebea a ɛmu yɛ den yi mu no, Awurade daa akwankyerɛ a ɛdidi soɔ yi adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith wɔ Kirtland, Ohio:

“Enti, momma wɔnkyekye mo akoma werɛ wɔ Sion ho; yɛ komm na monhunu sɛ Meyɛ Onyankopɔn”.”3

Megye di sɛ Awurade afotuo a ɛne sɛ “yɛ komm” no hwehwɛ pii sene sɛ worenkasa anaasɛ worennante kɛkɛ. Ebia Ne tirimpɔ ne sɛ yɛbɛkae na yɛde yɛn ho ato Ɔno ne Ne tumi so “berɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu, ne mmeae nyinaa a [yɛ] wɔ.”4 Enti, “yɛ komm” bɛtumi ayɛ ɔkwan a yɛbɛfa so akae sɛ yɛde yɛn adwene si Agyenkwa no so a yɛnni hwammɔ sɛ ɔkra no honhom mu kommyɛ fibea a ɛtwa toɔ a ɛhyɛ yɛn den ma yɛyɛ na yɛdi nneɛma a ɛmu yɛ den so nkonim.

Si wɔ Ɔbotan no so

Nokorɛ gyedie twe adwene si Awurade Yesu Kristo so—Ne mu ne ne so berɛ biara —wɔ Ne mu sɛ Daa Agya no Ɔsoro ne Ɔba Korɔ no ne Ɔno ne ɔgyeɛ asɛmpatrɛ adwuma a Ɔdii so.

“Na wama mmara no awieeɛ ho mmuaeɛ, na ɔgye wɔn a wɔwɔ gyedie wɔ ne mu no nyinaa; na wɔn a wɔwɔ gyedie wɔ ne mu no bɛsɔ adeɛ a ɛyɛ biara mu; ɛno nti ɔka bi ma nnipa mma; na ɔtena ɔsoro hɔ mmerɛ a ɛnniawieeɛ.”5

Yesu Kristo ne yɛn Dimafoɔ,6 yɛn Ntamgyinafoɔ,7 ne yɛn Kasamafoɔ8 ne Agya a Onniawieeɛ no ne yɛn asetena mu honhom botan a ɛwɔ sɛ yɛsi yɛn fapem wɔ so.

Helaman kyerɛɛ mu, Na afei me mmammarima, “Monkae, monkae sɛ ɛnam yɛn Dimafoɔ no, a ɔne Kristo no, Nyankopɔn Ba no, ɔne botan no a ɛwɔ sɛ moto mo fapem wɔ so no; na sɛ ɔbonsam bɔ ne mframa dennen no a, aane, n’agyan nketewa a ɛwɔ kyinhyia mframa mu no a, aane, sɛ n’asukɔkyea nyinaa ne n’ahum kɛseɛ no hwe mo a, ɛrennya tumi biara wɔ mo so sɛ ɛbɛtwe mo ase de mo akɔ mmɔborɔyɛ kuo ne mmusuo a ɛnni awieeɛ mu, ɛnam ɔbotan no a moasi mo dan wɔ so no nti, deɛ ɛyɛ fapem a akyinnyeɛ biara nni ho no, fapem a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrennwiri ngu da no.”9

Kristo ho mfatoho sɛ “ɔbotan” a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asetena fapem si so no yɛ deɛ ɛkyerɛkyerɛ kɛse pa ara. Mɛsrɛ hyɛ no nso wɔ saa nkyekyɛmu yi mu sɛ Agyenkwa no nyɛ fapem. Mmom, wɔtu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn ankasa honhom fam fapem nsi Ne so.10

Fapem yɛ ɛdan bi fa a ɛka ɛne fam bom. Fapem a ɛyɛ den ma ahobammɔ firi abɔdeɛ mu asiane ne tumi afoforɔ pii a ɛsɛe adeɛ ho. Fapem papa nso kyekyɛ ɛdan bi mu duro wɔ beaeɛ kɛseɛ bi na amma asase a ɛwɔ aseɛ no ankɔ soro dodo na ɛma ɛyɛ petee a wobɛtumi asi.

Mfoni
Efie a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den.

Nkutahodie a ɛmu yɛ den na wɔtumi de ho to so a ɛda asase ne fapem ntam ho hia, sɛ ɛdan bi bɛyɛ den na agyina pintinn akyɛre a. Na wɔ adansie ahodoɔ pɔtee bi mu no, wobɛtumi de sɛkyɛ nnadewa ne dadeɛ abaa abata ɛdan bi fapem ho ne “ɔbotan,” ɔbotan a ɛyɛ den na ɛwɔ nneɛma a ɛwɔ soro te sɛ dɔteɛ ne abotan ase no ho.

Mfoni
Efie a wɔde ahyɛ abotan a ɛwɔ fam mu.

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ fapem no bata Kristo botan no ho sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ den na yɛagyina pintinn a. Yɛbɛtumi de Agyenkwa no asɛmpa a wɔasan de aba no apam kronkron ne ayɛyɛdeɛ atoto sɛkyɛ nnadewa ne dadeɛ abaa a wɔde ka ɛdan bi ne abotan ho. Berɛ biara a yɛde nokorɛdie bɛgye, asan ahwehwɛ mu, akae, na yɛayɛ apam kronkron no foforɔ no, wɔde yɛn honhom mu sɛkyɛ no hyɛ Yesu Kristo “botan” no ho denneennen na ɛyɛ pintinn.

“Ɛno nti, obiara a ɔgye Onyankopɔn die no, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔnya anidasoɔ sɛ wiase a ɛyɛ bi wɔ hɔ ma no, aane, baabi a ɛwɔ Onyankopɔn nsa nifa so mpo, anidasoɔ a ɛnam gyedie so ba, de yɛ sɛkyɛ ma nnipa akra, deɛ ɛbɛma wɔanya ahotosoɔ na wɔagyina hɔ pintinn, deɛ ɛbɛma wɔayɛ deɛ ɛyɛ berɛ biara, na ɛbɛma wɔakɔhyɛ Onyankopɔn animuonyam.”11

Nkakrankakra ne nkɔanim “wɔ berɛ nhyehyɛeɛ mu,”12 “suban pa [siesie yɛn] nsusuyɛ a ɛnnyae,” yɛn “ahotosoɔ [yɛ den na ɛyɛ den] wɔ Onyankopɔn anim,” na “Sunsum Kronkron [ne yɛn] yɔnko daa.”13 Yɛbɛtintim, gye nhini, de yɛn ho si hɔ, na yɛtena ase yie.14 Berɛ a wɔkyekyere yɛn abrabɔ fapem wɔ Agyenkwa no so no, wɔhyira yɛn sɛ “yɛbɛyɛ komm”—sɛ yɛbɛnya honhom mu awerɛhyɛmu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo ne yɛn Agyenkwa.

Mmerɛ Kronkron, Mmeaeɛ Kronkron, ne Efie

Awurade de mmerɛ kronkron ne mmeae kronkron nyinaa ma de boa yɛn ma yɛnya suahunu na yɛsua fa yɛn akra mu kommyɛ yi ho.

Sɛ nhwɛsoɔ no, Homeda yɛ Onyankopɔn da, berɛ kronkron a wɔayi asi hɔ sɛ yɛbɛkae na yɛasom Agya no wɔ Ne Ba no din mu, de yɛn ho ahyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ mu, na yɛagye na yɛayɛ apam kronkron foforɔ. Nnawɔtwe biara yɛsom Awurade wɔ yɛn fie adesua mu ɛne sɛ “yɛne yɛn mfɛfoɔ ahotefoɔ nso”15 wɔ adidikronkron ne nhyiamu afoforɔ mu. Wɔ Ne da kronkron mu no, yɛn nsusuiɛ, yɛn nneyɛɛ, ne yɛn suban yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a yɛde ma Onyankopɔn ne ɔdɔ a yɛwɔ ma No no ho sɛnkyerɛnneɛ.16 Kwasida biara, sɛ yɛpɛ a, yɛbɛtumi ayɛ komm na yɛahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa.

Yɛn Homeda som mu ade titire ne sɛ “yɛbɛkɔ mpaebɔ fie na yɛde [yɛn] adidikronkron ama [Awurade] wɔ da kronkron no mu.”17 “Mpaebɔ afie” a yɛhyiam wɔ Homeda no yɛ nhyiam adan ne mmeae afoforɔ a wɔapene so sɛ—mmeaeɛ kronkron ma obuo, ɔsom, ne adesua. Wɔnam asɔfodie tumidie so hyira nhyiamu dan ne beaeɛ biara so sɛ beaeɛ a Awurade Honhom bɛtena na Onyankopɔn mma bɛtumi aba “wɔn Gyefoɔ no nimdeɛ mu.”18 Sɛ yɛpɛ a, yɛbɛtumi “ayɛ komm” wɔ yɛn som mmeaeɛ kronkron na yɛahunu no yie sɛ Onyankopɔn ne yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa.

Tɛmpol yɛ beaeɛ kronkron a wɔde asi hɔ pɔtee ama Onyankopɔn sɔreɛ ne ne som ne daa nokorɛ a ɛnniawieeɛ a yɛbɛsua. Yɛdwene, yɛdi dwuma, na yɛhyɛ ntaadeɛ sononko wɔ Awurade fie firi mmeaeɛ foforɔ biara a yɛtaa kɔ. Wɔ Ne fie kronkron mu, sɛ yɛpɛ a, yɛbɛtumi ayɛ komm na yɛahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa.

Mmerɛ kronkron ne mmeaeɛ kronkron no tirimpɔ titire yɛ ade korɔ pɛpɛɛpɛ: sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi yɛn Soro Agya ne Ne nhyehyɛeɛ, Awurade Yesu Kristo ne Ne Mpata, Sunsum Kronkron tumi a ɛhyɛ den, ne bɔhyɛ ahodoɔ a ɛbata Agyenkwa no asɛmpa a wɔasan de aba no ayɛyɛdeɛ ne apam kronkron no ho.

Ɛnnɛ meti nnyinasosɛm a masi so dua pɛn mu. Ɛsɛ sɛ yɛn afie yɛ ne nyinaa nkabom a ɛfata mmerɛ kronkron ne beaeɛ kronkron a ankorankoro ne mmusua bɛtumi “ayɛ komm” na wɔahunu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yebɛfiri yɛn afie mu akɔsom wɔ Homeda ne Awurade fie ho hia ampa. Nanso berɛ a yɛde honhom mu adwene ne ahoɔden a yɛnya wɔ saa mmeaeɛ kronkron ne dwumadie ahodoɔ no sane kɔ yɛn afie mu nko ara na afei yɛbɛtumi de yɛn adwene asi honam mu asetena atirimpɔ atitirie so na yɛadi sɔhwɛ ahodoɔ a abu so kɛse wɔ yɛn wiase a ahweaseɛ no so nkonim.

Ɛsɛ sɛ yɛn Homeda, tɛmpol, ne fie suahunu a ɛkɔ so no de Sunsum Kronkron tumi hyɛ yɛn den, de apam nkutahodie a ɛrekɔ so na ɛyɛ den ma Agya no ne Ɔba no, ne “anidasoɔ hyerɛn a ɛyɛ pɛ”19 wɔ Onyankopɔn ɛnniawieeɛ bɔhyɛ no mu.

Berɛ a fie ne Asɔre no boaboa wɔn ho ano abom baako wɔ Kristo mu no,20 ebia yɛbɛha wɔ ɔfa biara, nanso yɛrenha wɔ yɛn adwene ne yɛn akoma mu. Ebia yɛn nsɛm tebea ne yɛn haw bɛma yɛn adwene atu afra, nanso yɛrennya abamubuo. Ebia wɔbɛtaa yɛn, nanso yɛbɛhunu nso sɛ yɛnyɛ ankonam da21 Yɛbɛtumi anya honhom mu ahoɔden abɛyɛ na yɛagyina pintinn, yɛrenhinhim na yɛadi nokorɛ.

Bɔhyɛ ne Adansedie

Mehyɛ bɔ sɛ berɛ a yɛsi yɛn abrabɔ fapem wɔ Yesu Kristo “botan” no so no, wɔbɛtumi de Sunsum Kronkron ahyira yɛn ama yɛanya ɔkra no ankorankoro ne honhom mu kommyɛ a ɛma yɛhunu na yɛkae sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa, na wɔbɛtumi ahyira yɛn ama yɛayɛ na yɛadi nneɛma a ɛyɛ den so nkonim.

Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, yɛyɛ Ne mma, na Yesu Kristo yɛ yɛn Gyefoɔ ne yɛn nkwagyeɛ “botan”. Medi adanseɛ wɔ Awurade Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.